< 5 Mose 8 >

1 Monhwɛ yiye na munni ahyɛde a merema mo nnɛ yi biara so, sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya nkwa na mo ase adɔ dɔɔso na moakɔfa asase a Awurade kaa ntam de hyɛɛ mo agyanom bɔ no atena so.
All the commandment which I command thee this day shall ye observe to do; in order that ye may live, and multiply, and go in and take possession of the land which the Lord hath sworn unto your fathers.
2 Monkae sɛnea Awurade mo Nyankopɔn dii mo anim faa sare so mfe aduanan, nam so brɛɛ mo ase de sɔɔ mo suban hwɛe sɛ mubedi ne mmara so anaasɛ morenni so no.
And thou shalt remember all the way which the Lord thy God hath led thee these forty years in the wilderness, in order to afflict thee, to prove thee, to know what is in thy heart, whether thou wouldst keep his commandments, or not.
3 Nokware, ɔmaa ɔkɔm dee mo nam so brɛɛ mo ase na ɔmaa mo mana, aduan a na anka mo ne mo agyanom nnii bi da, dii. Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo sɛ, ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom, asɛm biara a efi Awurade anom.
And he afflicted thee, and suffered thee to hunger, and he gave thee manna to eat, which thou knewest not, and which thy fathers had not known; in order that he might make thee know that not by bread alone man doth live, but by every thing that proceedeth out of the mouth of the Lord doth man live.
4 Mfe aduanan yi nyinaa mu, mo ntade antetew na mo anan ammɔ mpumpunnya na anhonhon nso.
Thy garment did not fall worn out from thee, and thy foot did not swell, these forty years.
5 Munhu wɔ mo koma mu sɛ, sɛnea ɔbeatan teɛ ne ba no, saa ara nso na Awurade, mo Nyankopɔn, teɛ mo de siesie mo no.
And thou shalt consider in thy heart, that, as a man chasteneth his son, so doth the Lord thy God chasten thee.
6 Munni Awurade, mo Nyankopɔn, ahyɛde so na monnantew nʼakwan so na momfa nidi mma no.
And thou shalt keep the commandments of the Lord thy God, to walk in his ways, and to fear him.
7 Efisɛ mo Awurade de mo rekɔ asase pa so; asase a nsuten, mmura ne nsuti sen wɔ abon ne mmepɔw mu;
For the Lord thy God bringeth thee into a good land, a land of brooks of water, of fountains and depths that spring out of valleys and mountains;
8 asase a atoko, awi, bobe, borɔdɔma, atoaa, ngodua ne ɛwo wɔ so.
A land of wheat, and barley, and of the vine, and the fig-tree, and the pomegranate; a land of the oil-olive, and of honey;
9 Ɛyɛ asase a aduan abu wɔ so a wonni biribiara ho hia wɔ so; asase a ɛso abo yɛ adaban na wobetumi atu kɔbere wɔ ne mmepɔw mu.
A land wherein thou shalt eat bread without scarceness, wherein thou shalt not lack anything; a land the stones whereof are iron, and out of the mountains of which thou canst hew copper.
10 Sɛ mudidi mee a, munhyira Awurade, mo Nyankopɔn, wɔ asase pa a ɔde ama mo no nti.
And when thou hast eaten and art satisfied, then shalt thou bless the Lord thy God for the good land which he hath given thee.
11 Na monhwɛ yiye na mo werɛ amfi Awurade, mo Nyankopɔn, sɛ morenni ne mmara ne nʼahyɛde a merehyɛ mo nnɛ yi so.
Take heed unto thyself that thou forget not the Lord thy God, so as not to keep his commandments, and his ordinances, and his statutes, which I command thee this day;
12 Anyɛ saa na sɛ mudidi na momee na musisi mo afi afɛfɛ, na mokɔtenatena mu
That when thou hast eaten and art satisfied, and hast built goodly houses, and dwelt therein;
13 na mo anantwi ne nguan ase dɔ, na munya dwetɛ ne sika pii, na mo agyapade nyinaa dɔɔso
And when thy herds and thy flocks multiply, and thy silver and thy gold are multiplied, and all that thou hast is multiplied:
14 a, saa bere no na ɛsɛ sɛ mohwɛ yiye. Monnyɛ ahomaso na mommma mo werɛ mmfi Awurade mo Nyankopɔn a oyii mo fii Misraim nkoasom asase so no.
Thy heart be then not lifted up, and thou forget the Lord thy God, who hath brought thee forth out of the land of Egypt, from the house of slavery;
15 Ɔno na odii mo anim yii mo fii sare a na ɛso yɛ hu, asase sakoo a osukɔm wɔ so, na awɔ ne nkekantwɛre a wɔn ano wɔ bɔre wɔ so no so. Ɔmaa mo nsu fi ɔbotan mu.
Who hath led thee through the great and terrible wilderness, wherein are snakes, poisonous serpents, and scorpions, and drought, where there is no water; who hath brought forth for thee water out of the flinty rock;
16 Ɔmaa mo mana aduan a mo agyanom nnim dii wɔ sare so. Ɔyɛɛ eyi de brɛɛ mo ase, de sɔɔ mo hwɛe na wama awiei no asi mo yiye.
Who hath fed thee in the wilderness with manna, which thy fathers knew not; in order to afflict thee, and in order to prove thee, to do thee good at thy latter end;
17 Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo sɛ, ɛnsɛ sɛ modwene sɛ mo ahonya no fi mo ankasa mo ahoɔden mu.
And thou say in thy heart, My power and the strength of my hand have gotten me this wealth.
18 Daa monkae sɛ Awurade, mo Nyankopɔn, a ɔma mo tumi ma moyɛ adefo no, ɔyɛ saa de di apam a ɔne mo agyanom hyɛe no so.
But thou shalt remember the Lord thy God; for it is he that giveth thee power to get wealth; in order that he might fulfill his covenant which he hath sworn unto thy fathers, as it is this day.
19 Sɛ mo werɛ fi Awurade, mo Nyankopɔn, na mokodi anyame afoforo akyi, som wɔn, kotow wɔn a, sɛe na wɔbɛsɛe mo.
And it shall come to pass, that, if thou shouldst forget the Lord thy God, and walk after other gods, and serve them, and bow thyself down to them, I testify against you this day that ye shall surely perish;
20 Sɛnea Awurade asɛe amanaman a na wɔwɔ mo anim no, mo nso sɛ moantie Awurade, mo Nyankopɔn no a, saa ara na wɔbɛsɛe mo.
Like the nations which the Lord destroyeth from before you, so shall ye perish; in recompense of that ye would not hearken unto the voice of the Lord your God.

< 5 Mose 8 >