< 5 Mose 7 >

1 Sɛ Awurade, mo Nyankopɔn, de mo ba asase a morebɛkɔ akɔtena so no so, na ɔpam amanaman pii a wɔwɔ mo anim, a wɔyɛ Hetifo, Girgasifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo, aman ason a wɔwɔ so na wɔyɛ den sen mo,
Sɛ Awurade mo Onyankopɔn de mo ba asase a morebɛkɔ akɔtena so no so a, ɔbɛpam amanaman pii a wɔwɔ mo anim no a wɔyɛ Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ. Yeinom yɛ aman nson a wɔsoso na wɔyɛ den sen mo.
2 na Awurade, mo Nyankopɔn, de saa aman yi hyɛ mo nsa na mudi wɔn so a, monsɛe wɔn pasapasa. Mo ne wɔn nhyehyɛ apam biara na munnhu wɔn mmɔbɔ.
Sɛ Awurade mo Onyankopɔn de saa aman yi hyɛ mo nsa na modi wɔn so a, monsɛe wɔn pasapasa. Mo ne wɔn nnhyehyɛ apam biara na monnhunu wɔn mmɔbɔ.
3 Mo ne wɔn nni aware na mommma mo mmabea ne mo mmabarima nware wɔn mmabarima ne wɔn mmabea.
Mo ne wɔn nni awadeɛ na mommma mo mmammaa ne mo mmammarima nnware wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa.
4 Efisɛ wɔbɛma mo mma asan afi mʼakyi akɔsom wɔn anyame foforo. Na Awurade abufuw bɛdɛw atia mo na wasɛe mo ntɛm.
Ɛfiri sɛ, wɔakɔsom wɔn anyame foforɔ. Na Awurade abufuo bɛhuru atia mo na wasɛe mo.
5 Nea ɛsɛ sɛ moyɛ wɔn ne sɛ, mummubu wɔn afɔremuka na munnwiriw wɔn abosom adum no ngu. Muntwitwa wɔn abosompɔw ngu na monhyew wɔn ahoni.
Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ wɔn ne sɛ, mommubu wɔn afɔrebukyia na monnwiri wɔn abosom adum no ngu. Montwitwa wɔn abosompɔ ngu na monhye wɔn ahoni.
6 Na moyɛ nnipa kronkron a moyɛ, Awurade, mo Nyankopɔn no, de. Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa mu no, mo na Awurade, mo Nyankopɔn, ayi mo sɛ nʼagyapade a ɛsom no bo.
Na moyɛ nnipa kronkron a moyɛ Awurade mo Onyankopɔn dea. Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa, mo na Awurade mo Onyankopɔn ayi mo sɛ nʼagyapadeɛ sononko.
7 Ɛnyɛ sɛ modɔɔso sen nnipa a aka no nti na Awurade anya mo ho dɔ no, mo na na musua koraa wɔ nnipa no nyinaa mu.
Ɛnyɛ sɛ modɔɔso sene nnipa a aka no enti na Awurade anya mo ho dɔ no, na mo na mosua koraa wɔ nnipa no nyinaa mu.
8 Na mmom, Awurade dɔɔ mo na odii ne ntam a ɔka kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no beyi wɔn afi nkoasom asase so ne Misraimhene Farao tumi ase no.
Na mmom, ɛyɛ Awurade dɔ a ɔdɔ mo, ne ne ntam a ɔdii so no: ntam a ɔka kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no bɛyi mo afiri nkoasom asase so ne Misraimhene Farao tumi ase no.
9 Enti munhu sɛ, Awurade, mo Nyankopɔn, yɛ Onyankopɔn; ɔyɛ nokware Nyankopɔn a odi wɔn a wɔdɔ no na wodi nʼahyɛde so no dɔ apam so kosi awo ntoatoaso apem so.
Monhunu sɛ Awurade mo Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn; ɔyɛ nokorɛ Onyankopɔn a ɔdi ne dɔ apam so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem a wɔdɔ no na wɔdi nʼahyɛdeɛ so.
10 Nanso, ɔntwentwɛn na ɔtwe wɔn a wokyi no no aso, sɛe wɔn.
Nanso, ɔntwentwɛn na ɔsɛe. Ɔtwe wɔn a wɔmpɛ nʼasɛm aso, sɛe wɔn.
11 Ɛno nti, monhwɛ yiye na munni ahyɛde ne mmara a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so.
Ɛno enti, monni ahyɛdeɛ ne mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi nyinaa so.
12 Sɛ mutie mmara yi na mudi ne nyinaa so nokware mu a, Awurade, mo Nyankopɔn no, nso bedi nʼapam a ofi ne nokware dɔ mu ne mo agyanom pamee no so.
Sɛ motie mmara yi na modi ne nyinaa so nokorɛm a, Awurade, mo Onyankopɔn, nso bɛdi nʼapam a ɔfiri ne nokorɛ dɔ mu ne mo agyanom pameeɛ no so.
13 Ɔbɛdɔ mo na wahyira mo na wama mo ase afɛe. Obehyira mo yafunu mu ade; mo asase so nnɔbae, mo atoko, nsa foforo ne ngodua, mo nantwimma ne nguamma wɔ asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom se ɔde bɛma mo no so.
Ɔbɛdɔ mo na wahyira mo na wayɛ mo ɔman kɛseɛ. Ɔbɛma mo awo mma bebree na wama mo asase adɔre na mo nyɛmmoa ase ayɛ bebree. Sɛ moduru asase a ɔhyɛɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛma mo agyanom no so a, mobɛnya aburoo, nsã, ngo, anantwie, nnwan ne mpɔnkye bebree.
14 Wobehyira mo akyɛn aman a wɔwɔ asase so no nyinaa. Mo mmarima renyɛ asaadwe na mo mmea nso renyɛ abonin na mo nyɛmmoa nso bɛwowo.
Wɔbɛhyira mo aboro aman a wɔwɔ asase so nyinaa so. Mo mmarima renyɛ saadwe, na mo mmaa nso renyɛ abonini, na mo nyɛmmoa nso bɛwowo.
15 Na Awurade bɛbɔ mo ho ban afi ɔyare nyinaa ho. Ɔremma owuyare a bi bɔɔ mo wɔ Misraim no bi mmɔ mo na ɔde saa ɔyare no nyinaa begu mo atamfo so.
Na Awurade bɛbɔ mo ho ban afiri yadeɛ nyinaa ho. Ɔremma owuyadeɛ a ebi bɔɔ mo wɔ Misraim no bi mmɔ mo, na ɔde saa yadeɛ no nyinaa bɛma mo atamfoɔ.
16 Monsɛe aman a Awurade mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa no nyinaa. Munhu wɔn mmɔbɔ na monnsom wɔn anyame. Sɛ moyɛ saa a, ebesum mo afiri.
Monsɛe aman a Awurade mo Onyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa no nyinaa. Monnhunu wɔn mmɔbɔ na monnsom wɔn anyame. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛsum mo afidie.
17 Mubebisa mo ho se, “Na sɛ saa aman yi yɛ den kyɛn yɛn. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi apam wɔn?”
Mobɛbisa mo ho sɛ, “Na sɛ saa aman yi yɛ den kyɛn yɛn a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi apamo wɔn?”
18 Nanso munnsuro wɔn. Monkae ade a Awurade, mo Nyankopɔn, de yɛɛ Farao ne ne manfo nyinaa wɔ Misraim no.
Nanso, monnsuro wɔn. Monkae adeɛ a Awurade, mo Onyankopɔn, de yɛɛ Farao ne ne manfoɔ nyinaa wɔ Misraim.
19 Mode mo ankasa mo ani huu amanehunu, nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu ne anwonwasɛm a ɛbaa wɔn so, tumi nsa ne abasa a wɔatrɛw mu a Awurade, mo Nyankopɔn, nam so yii mo fii hɔ no. Nnipa a musuro wɔn mprempren no, Awurade Nyankopɔn de wɔn bɛfa saa ɔkwan koro no ara so.
Mode mo ankasa mo ani hunuu amanehunu, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu ne anwanwasɛm a ɛbaa wɔn so. Mohunuu tumi nsa ne abasa a wɔatrɛ mu a Awurade, mo Onyankopɔn, nam so yii mo firii hɔ no. Nnipa a mosuro wɔn seesei no, Awurade Onyankopɔn de wɔn bɛfa saa ɛkwan korɔ no ara so.
20 Ɛno akyi no, Awurade, mo Nyankopɔn, bɛma mpenaa abɛpam kakra a wɔaka no afi wɔn ahintawee mu kosi sɛ wɔn ase bɛtɔre.
Ɛno akyi, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛma mmɔborɔ abɛpam kakra a aka no afiri wɔn atɛeɛ mu kɔsi sɛ wɔn ase bɛhye.
21 Munnsuro saa aman no, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn, a ɔso na ne ho yɛ nwonwa no wɔ mo afa.
Monnsuro saa aman no, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, a ɔso na ne ho yɛ nwanwa no wɔ mo afa.
22 Nkakrankakra, Awurade, mo Nyankopɔn, bedi mo anim kan apam saa aman no. Ɔrenyi wɔn nyinaa mfi hɔ prɛko pɛ; anyɛ saa a, nkekaboa no ase bɛdɔ ntɛm na wɔaba mo so.
Nkakrankakra, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛpamo saa aman no adi mo anim ɛkan. Ɔrenyi wɔn nyinaa mfiri hɔ prɛko pɛ; anyɛ saa a, nkekaboa no ase bɛdɔre ntɛm na wɔaba mo so.
23 Nanso Awurade, mo Nyankopɔn, de wɔn bɛhyɛ mo nsa, na ɔbɛma wɔn adwene ayɛ basabasa akosi sɛ ɔbɛsɛe wɔn.
Nanso, Awurade, mo Onyankopɔn de wɔn bɛhyɛ mo nsa, na ɔbɛma wɔn adwene ayɛ basabasa kɔsi sɛ ɔbɛsɛe wɔn.
24 Ɔde wɔn ahemfo bɛhyɛ mo nsa na mobɛpepa wɔn din afi ɔsoro ase. Obiara rentumi nsɔre ntia mo; mobɛsɛe wɔn.
Ɔde wɔn ahemfo bɛhyɛ mo nsa na mobɛpepa wɔn din afiri ɔsoro ase. Obiara rentumi nsɔre ntia mo; mobɛsɛe wɔn.
25 Momfa ogya nhyew wɔn anyame ahoni no. Mommma mo ani mmere dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ a egugu so no na mommfa; anyɛ saa a ɛbɛyɛ mfiri ayi mo, efisɛ ɛyɛ Awurade, mo Nyankopɔn, akyiwade.
Wɔn anyame ahoni no, momfa ogya nhye wɔn. Mommma mo ani mmere ɛso dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ no, na mommfa nto mo ho na anyɛ afidie anyi mo, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Awurade, mo Onyankopɔn, akyiwadeɛ.
26 Mommfa akyiwade biara mma mo fi na wɔanyi mo angu nkyɛn amma ɔsɛe sɛ ɛno ara pɛ. Munhu no sɛ enye a wokyi korakora; efisɛ wɔayi ato hɔ ama ɔsɛe.
Mommfa akyiwadeɛ biara mma mo fie, na moankɔyɛ nnome sɛ saa nneɛma no, na amma wɔansɛe mo. Ɛsɛ sɛ mokyi saa nneɛma no korakora, ɛfiri sɛ, ɛyɛ abusudeɛ.

< 5 Mose 7 >