< 5 Mose 5 >

1 Mose frɛɛ Israelfo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se: Israel, muntie, mmara ne ahyɛde a mede rema mo nnɛ no. Munsua na munni so.
موسی به سخنانش ادامه داده، گفت: ای قوم اسرائیل، اکنون به فرایض و قوانینی که به شما می‌دهم، گوش کنید. آنها را یاد بگیرید و به دقت انجام دهید.
2 Bere a yɛwɔ Horeb no, Awurade yɛn Nyankopɔn ne yɛn yɛɛ apam bi.
یهوه، خدایمان در کوه حوریب عهدی با ما بست.
3 Ɛnyɛ yɛn agyanom na Awurade ne wɔn yɛɛ apam no, na mmom, ɔne yɛn a yɛte ase nnɛ yi nyinaa na ɛyɛe.
این عهد را نه با پدرانمان بلکه با ما که امروز زنده هستیم بست.
4 Awurade fi bepɔw so ogya mu ne mo kasaa anikann.
او در آن کوه از میان آتش رو در رو با شما سخن گفت.
5 Migyinaa mo ne Awurade ntam, na mekaa Awurade asɛm kyerɛɛ mo efisɛ na musuro ogya no nti, moamforo bepɔw no. Nsɛm a ɔkae no ni:
من به عنوان واسطه‌ای بین شما و خداوند ایستادم، زیرا شما از آن آتش می‌ترسیدید و بالای کوه پیش او نرفتید. او با من سخن گفت و من قوانینش را به شما سپردم. آنچه فرمود این است:
6 “Mene Awurade, mo Nyankopɔn, a miyii mo fii nkoasom mu wɔ Misraim no.
«من خداوند، خدای تو هستم، همان خدایی که تو را از اسارت و بندگی مصر آزاد کرد.
7 “Monnsom onyame foforo biara nka me ho.
«تو را خدایان دیگر غیر از من نباشد.
8 Monnyɛ ohoni anaa biribiara a ɛsɛ ade a ɛwɔ wim, anaa nea ɛwɔ asase so, anaa nea ɛwɔ nsu mu, anaa nea ɛwɔ asase ase.
«هیچگونه بُتی به شکل آنچه بالا در آسمان و آنچه بر زمین و آنچه در دریاست برای خود درست نکن.
9 Monnkotow ohoni biara nsom no wɔ ɔkwan biara so, na me, Awurade, mo Nyankopɔn, meyɛ ninkufo a metwe mma a wɔtan me no aso wɔ awofonom bɔne a wɔyɛ no ho kɔ awo ntoatoaso abiɛsa ne anan mu,
در برابر آنها زانو نزن و آنها را پرستش نکن، زیرا من که خداوند، خدای تو می‌باشم، خدای غیوری هستم و کسانی را که از من نفرت دارند مجازات می‌کنم. این مجازات شامل حال فرزندان آنها تا نسل سوم و چهارم نیز می‌گردد.
10 nanso meda ɔdɔ adi kyerɛ awo ntoatoaso mpem a wɔdɔ me na wodi mʼahyɛde so no.
اما بر کسانی که مرا دوست بدارند و دستورهای مرا پیروی کنند، تا هزار پشت رحمت می‌کنم.
11 Mommmɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, din basabasa. Sɛ moyɛ saa a, obebu mo fɔ.
«نام یهوه، خدای خود را نابجا به کار نبر. اگر نام مرا با بی‌احترامی بر زبان بیاوری یا به آن قسم دروغ بخوری، تو را بی‌سزا نخواهم گذاشت.
12 Monkae homeda na munni no sɛ da kronkron.
«روز شَبّات را به یاد داشته باش و آن را مقدّس بدار. من که خداوند، خدای تو هستم این را به تو امر می‌کنم.
13 Nnansia na momfa nyɛ mo nnwuma nyinaa,
در هفته شش روز کار کن،
14 na da a ɛto so ason no yɛ Homeda ma Awurade, mo Nyankopɔn. Saa da no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara; ɛnsɛ sɛ mo mmabarima, mo mmabea anaa mo asomfo anaa mo anantwi ne mo mfurum anaa mo ahɔho yɛ adwuma biara.
ولی در روز هفتم که شَبّات یهوه خدای توست هیچ کاری نکن نه خودت، نه پسرت، نه دخترت، نه غلامت، نه کنیزت، نه مهمانانت و نه حتی چارپایانت. غلام و کنیزت باید مثل خودت استراحت کنند.
15 Monkae sɛ bere bi a atwa mu no na moyɛ nkoa wɔ Misraim na Awurade, mo Nyankopɔn, nam anwonwatumi ne tumi nnwuma so na oyii mo fii hɔ. Ɛno nti na Awurade mo Nyankopɔn hyɛ mo sɛ munni Homeda no.
به یاد آور که در سرزمین مصر غلام بودی و من که خداوند، خدای تو هستم با قدرت و قوت عظیم خود تو را از آنجا بیرون آوردم. به این دلیل است که به تو امر می‌کنم شَبّات را نگه داری.
16 Di wʼagya ne wo na ni sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn, ahyɛ mo no, na ama wo nkwanna aware, na asi wo yiye wɔ asase a Awurade wo Nyankopɔn de rema wo no so.
«پدر و مادر خود را گرامی بدار، زیرا این فرمان خداوند، خدای توست. اگر چنین کنی، در سرزمینی که خداوند، خدایت به تو خواهد بخشید، عمری طولانی و پربرکت خواهی داشت.
17 Nni awu.
«قتل نکن.
18 Nsɛe aware.
«زنا نکن.
19 Mmɔ korɔn
«دزدی نکن.
20 Nni wo yɔnko ho adansekurum
«بر همنوع خود شهادت دروغ نده.
21 Mma wʼani mmere wo yɔnko yere. Mma wʼani mmere wo yɔnko fi anaa nʼasase anaa nʼakoa anaa nʼafenaa, ne nʼanantwi, nʼafurum anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.”
«به زن همسایه‌ات طمع نکن. و حسرت خانۀ همسایه خود، یا مزرعۀ او، یا غلام و کنیزش، یا گاو و الاغش، یا اموالش را نخور.»
22 Eyinom ne mmaransɛm a Awurade de nne kɛse a efi ogyaframa no mu pae mu ka kyerɛɛ mo fii omununkum a esum kabii atwa ho ahyia mu wɔ bepɔw no so a wamfa hwee anka ho. Na ɔkyerɛw guu abo pon abien so de maa me.
این بود قوانینی که خداوند در کوه سینا به شما داد. او این قوانین را با صدای بلند از میان آتش و ابر غلیظ اعلام فرمود و غیر از این قوانین، قانون دیگری نداد. آنها را روی دو لوح سنگی نوشت و به من داد.
23 Motee nne no fii esum mu bere a bepɔw no so redɛw ogya framfram no, mmusuakuw mu ntuanofo no nyinaa baa me nkyɛn.
ولی وقتی که آن صدای بلند از درون تاریکی به گوشتان رسید و آتش مهیب سر کوه را دیدید کلیهٔ رهبران قبایل و مشایخ شما نزد من آمدند
24 Wɔkae se, “Awurade, yɛn Nyankopɔn, akyerɛ yɛn nʼanuonyam ne ne tumi na yɛate ne nne afi ogya no mu. Nnɛ, yɛahu sɛ, sɛ Onyankopɔn ne onipa kasa koraa a, onipa tumi tena ase.
و گفتند: «امروز خداوند، خدایمان جلال و عظمتش را به ما نشان داده است، ما حتی صدایش را از درون آتش شنیدیم. اکنون می‌دانیم که ممکن است خدا با انسان صحبت کند و او نمیرد.
25 Na afei, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yewuwu? Sɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn, kasa kyerɛ yɛn bio a, akyinnye biara nni ho sɛ yebewu na ogya no ahyew yɛn pasaa.
پس چرا جان خود را به خطر بیاندازیم؟ بدون شک اگر یهوه خدایمان دوباره با ما سخن بگوید خواهیم مرد. این آتش هولناک، ما را خواهد سوزانید.
26 Efisɛ ɔkra teasefo bɛn na wate Onyankopɔn teasefo no nne sɛ ɛrekasa fi ogyaframa no mu na watena ase ana?
چه کسی می‌تواند صدای خدای زنده را که از درون آتش سخن می‌گوید، بشنود و زنده بماند؟
27 Kɔ na kotie nea Awurade, yɛn Nyankopɔn no, ka no. Na afei, bra na bɛka biribiara a ɔka kyerɛɛ wo no kyerɛ yɛn, na yebetie na yɛadi so.”
پس تو برو و به تمامی سخنانی که یهوه خدای ما می‌گوید گوش کن، بعد آمده، آنها را برای ما بازگو کن و ما آنها را پذیرفته، اطاعت خواهیم کرد.»
28 Awurade tee mo nne bere a mokasa kyerɛɛ me no, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Mate nsɛm a saa nnipa yi ka kyerɛɛ wo no. Nsɛm a wɔkaa no nyinaa ye.
خداوند درخواستتان را پذیرفت و به من گفت: «آنچه که قوم اسرائیل به تو گفتند شنیدم و آنچه گفتند نیکوست.
29 Ao, sɛ daa wobenya koma sɛnea ɛbɛma wɔasuro me na wɔadi mʼahyɛde nyinaa so a, anka ebeye ama wɔn ne wɔn asefo nyinaa afebɔɔ.
ای کاش همیشه چنین دلی داشته باشند و از من بترسند و تمام اوامر مرا بجا آورند. در آن صورت زندگی خودشان و زندگی فرزندانشان در تمام نسلها با خیر و برکت خواهد گذشت.
30 “Kɔ na kɔka kyerɛ wɔn se, wɔnsan mmra wɔn ntamadan mu.
اکنون برو و به آنها بگو که به خیمه‌هایشان بازگردند.
31 Nanso wo de, wo ne me ntena ha sɛnea ɛbɛyɛ a metumi de mʼahyɛde ne me mmara ama wo. Wobɛkyerɛkyerɛ nnipa no sɛnea wobetie wɔ asase a mede rema wɔn no so sɛ wɔn agyapade no.”
سپس برگشته، اینجا در کنار من بایست و من تمامی اوامرم را به تو خواهم داد. تو باید آنها را به قوم تعلیم دهی تا فرایض و قوانین مرا در سرزمینی که به ایشان می‌دهم اطاعت کنند.»
32 Enti mohwɛ yiye na n monyɛ nea Awurade mo Nyankopɔn ahyɛ mo no; momman mfa nifa anaa benkum.
پس بایستی تمام اوامر یهوه، خدایتان را اطاعت کنید و دستورهای او را به دقت به‌جا آورید
33 Munni nea Awurade, mo Nyankopɔn, ahyɛ mo no nyinaa so na ama moanya nkwa, na asi mo yiye, na no nna aware wɔ asase a morekɔfa no so.
و در طریقی که یهوه خدایتان به شما امر کرده گام بردارید و بمانید. اگر چنین کنید در سرزمینی که به تصرف درمی‌آورید زندگی طولانی و پربرکتی خواهید داشت.

< 5 Mose 5 >