< 5 Mose 4 >

1 Afei, Israel, muntie mmara ne nhyehyɛe a merebɛkyerɛkyerɛ mo yi. Munni so na moanya nkwa, na moatumi akɔ asase a Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, de rema mo no so akɔtena hɔ.
ועתה ישראל שמע אל החקים ואל המשפטים אשר אנכי מלמד אתכם לעשות--למען תחיו ובאתם וירשתם את הארץ אשר יהוה אלהי אבתיכם נתן לכם
2 Mommfa bi nka ho, na munnyi biribiara nso mmfi ahyɛde a Awurade, mo Nyankopɔn, de ama me se memfa mma mo no mu, na mmom munni so.
לא תספו על הדבר אשר אנכי מצוה אתכם ולא תגרעו ממנו--לשמר את מצות יהוה אלהיכם אשר אנכי מצוה אתכם
3 Mode mo ani huu nea Awurade yɛɛ mo wɔ Baal-Peor no. Ɔsɛee onipa biara a na ɔsom Baal-Peor no.
עיניכם הראות את אשר עשה יהוה בבעל פעור כי כל האיש אשר הלך אחרי בעל פעור--השמידו יהוה אלהיך מקרבך
4 Nanso wɔn a na wodi Awurade mo Nyankopɔn nokware nyinaa da so te ase besi nnɛ.
ואתם הדבקים ביהוה אלהיכם--חיים כלכם היום
5 Sɛ mudu asase a mobɛtena so no so a, eyinom ne mmara ne ahyɛde a makyerɛkyerɛ mo a ɛsɛ sɛ mudi so. Efi Awurade, yɛn Nyankopɔn, nkyɛn. Ɔde ama me se memfa mma mo.
ראה למדתי אתכם חקים ומשפטים כאשר צוני יהוה אלהי לעשות כן--בקרב הארץ אשר אתם באים שמה לרשתה
6 Sɛ mudi so a, ɛbɛda mo nyansa ne ntease a mowɔ no adi akyerɛ aman a wɔbɛte saa ahyɛde yi nyinaa no na wɔaka se, “Ampa, nnipa yi yɛ ɔman kɛse a wonim nyansa na wɔwɔ ntease.”
ושמרתם ועשיתם--כי הוא חכמתכם ובינתכם לעיני העמים אשר ישמעון את כל החקים האלה ואמרו רק עם חכם ונבון הגוי הגדול הזה
7 Ɔman kɛse bɛn na ɔwɔ onyame a ɔbɛn wɔn pɛɛ te sɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn, a yɛfrɛ no a ogye yɛn so yi?
כי מי גוי גדול אשר לו אלהים קרבים אליו כיהוה אלהינו בכל קראנו אליו
8 Na ɔman kɛse bɛn na ɛwɔ trenee ahyɛde ne mmara sɛ saa mmara yi a mede rema mo nnɛ yi?
ומי גוי גדול אשר לו חקים ומשפטים צדיקם ככל התורה הזאת אשר אנכי נתן לפניכם היום
9 Monhwɛ yiye, na mo ani nna hɔ yiye pa ara na nna dodow a mote nkwa mu no, mo werɛ amfi nea moahu, anaa ampa amfi mo koma mu. Monkyerɛkyerɛ mo mma na awo ntoatoaso a ɛbɛba no nhu.
רק השמר לך ושמר נפשך מאד פן תשכח את הדברים אשר ראו עיניך ופן יסורו מלבבך כל ימי חייך והודעתם לבניך ולבני בניך
10 Ka kyerɛ wɔn, ne titiriw no, da a mokogyinaa Awurade, mo Nyankopɔn, anim wɔ bepɔw Horeb so a ɔka kyerɛɛ me se, “Frɛ nnipa no wɔ mʼanim na wontie me nsɛm na wɔasua sɛnea wobedi me ni bere dodow a wɔte asase no so na ama wɔatumi akyerɛkyerɛ wɔn mma.”
יום אשר עמדת לפני יהוה אלהיך בחרב באמר יהוה אלי הקהל לי את העם ואשמעם את דברי אשר ילמדון ליראה אתי כל הימים אשר הם חיים על האדמה ואת בניהם ילמדון
11 Mubegyina bɛnee bepɔw no ase bere a na bepɔw no rehyew na ogyaframa no retu kɔ ɔsoro a omununkum ne esum kabii aduru no.
ותקרבון ותעמדון תחת ההר וההר בער באש עד לב השמים--חשך ענן וערפל
12 Na Awurade kasa fii ogya no mu kyerɛɛ mo. Motee nsɛm no nanso, moanhu no, nne kɛkɛ na ɛbae.
וידבר יהוה אליכם מתוך האש קול דברים אתם שמעים ותמונה אינכם ראים זולתי קול
13 Ɔdaa nʼapam a ɔkyerɛɛ mo sɛ munni so no adi; Mmaransɛm du a ɔkyerɛw guu abo pon abien so no.
ויגד לכם את בריתו אשר צוה אתכם לעשות--עשרת הדברים ויכתבם על שני לחות אבנים
14 Saa bere no na Awurade kyerɛɛ me sɛ menkyerɛkyerɛ mo ahyɛde ne mmara a ɛsɛ sɛ mudi so wɔ asase a morebetwa Yordan akɔfa no so.
ואתי צוה יהוה בעת ההוא ללמד אתכם חקים ומשפטים לעשתכם אתם--בארץ אשר אתם עברים שמה לרשתה
15 Da a Awurade kasa fii ogya mu kyerɛɛ mo wɔ bepɔw Horeb so no moanhu no. Enti monhwɛ mo akwan yiye,
ונשמרתם מאד לנפשתיכם כי לא ראיתם כל תמונה ביום דבר יהוה אליכם בחרב מתוך האש
16 na porɔwee annidi mo amma moanyɛ ɔbosom, ohoni bi sɛso; sɛ ɛyɛ ɔbarima anaa ɔbea sɛso,
פן תשחתון--ועשיתם לכם פסל תמונת כל סמל תבנית זכר או נקבה
17 anaa nea ɛsɛ asase so aboa bi, anaa anomaa a otu fa wim,
תבנית כל בהמה אשר בארץ תבנית כל צפור כנף אשר תעוף בשמים
18 anaa nea ɛsɛ aboa bi a ɔwea wɔ fam anaa apataa bi a ɔwɔ nsu ase.
תבנית כל רמש באדמה תבנית כל דגה אשר במים מתחת לארץ
19 Na sɛ mohwɛ wim na muhu owia, ɔsram ne nsoromma, wim abɔde nyinaa a, momma ɛnntwetwe mo mma monnkotow nsom nneɛma a Awurade, mo Nyankopɔn, de ama ɔsoro ase aman no nyinaa no.
ופן תשא עיניך השמימה וראית את השמש ואת הירח ואת הכוכבים כל צבא השמים ונדחת והשתחוית להם ועבדתם--אשר חלק יהוה אלהיך אתם לכל העמים תחת כל השמים
20 Na mo de, Awurade yii mo fii ogya framfram a ɛnan dade mu wɔ Misraim sɛ mommɛyɛ nʼadiadefo sɛnea mote nnɛ yi.
ואתכם לקח יהוה ויוצא אתכם מכור הברזל ממצרים להיות לו לעם נחלה כיום הזה
21 Mo nti, Awurade bo fuw me yiye. Ɔkaa ntam se, merentwa Asubɔnten Yordan nkɔ asase pa a Awurade, mo Nyankopɔn, de rema mo sɛ mo agyapade no so.
ויהוה התאנף בי על דבריכם וישבע לבלתי עברי את הירדן ולבלתי בא אל הארץ הטובה אשר יהוה אלהיך נתן לך נחלה
22 Mewu wɔ asase yi so; merentwa Yordan; nanso morebetwa akɔfa asase pa no.
כי אנכי מת בארץ הזאת אינני עבר את הירדן ואתם עברים וירשתם את הארץ הטובה הזאת
23 Monhwɛ yiye na moammu apam a Awurade, mo Nyankopɔn, ne mo ayɛ no so. Monyɛ abosom a ɛyɛ biribiara nsɛso a mo Awurade, mo Nyankopɔn, abra mo no.
השמרו לכם פן תשכחו את ברית יהוה אלהיכם אשר כרת עמכם ועשיתם לכם פסל תמונת כל אשר צוך יהוה אלהיך
24 Efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, yɛ Onyame ninkufo, ogya a ɔhyew ade.
כי יהוה אלהיך אש אכלה הוא אל קנא
25 Moawowo mma anya nananom akyi no na moatena asase no so akyɛ no, sɛ moma porɔwee didi mo na moyɛ ohoni bi nam so yɛ bɔne wɔ Awurade mo Nyankopɔn ani so hyɛ no abufuw a,
כי תוליד בנים ובני בנים ונושנתם בארץ והשחתם ועשיתם פסל תמונת כל ועשיתם הרע בעיני יהוה אלהיך להכעיסו
26 mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ nnansefo de tia mo saa da yi sɛ, mobɛhyew afi asase a moretwa Yordan akɔfa no so. Morentena hɔ nkyɛ na wɔbɛsɛe mo ampa.
העידתי בכם היום את השמים ואת הארץ כי אבד תאבדון מהר מעל הארץ אשר אתם עברים את הירדן שמה לרשתה לא תאריכן ימים עליה כי השמד תשמדון
27 Na Awurade bɛbɔ mo apansam akɔ aman so a mo mu kakraa bi na ɛbɛka wɔ aman a Awuradebɛpam mo akɔ so no so.
והפיץ יהוה אתכם בעמים ונשארתם מתי מספר בגוים אשר ינהג יהוה אתכם שמה
28 Ɛhɔ na mobɛsom onipa nsa ano ahoni a wɔde nnua ne abo na ayɛ, anyame a wonhu ade na wɔnte asɛm na wonnidi nte hua no.
ועבדתם שם אלהים מעשה ידי אדם עץ ואבן--אשר לא יראון ולא ישמעון ולא יאכלון ולא יריחן
29 Ɛhɔ na mobɛpere bio ahwehwɛ Awurade, mo Nyankopɔn no. Na sɛ mode mo koma ne mo kra nyinaa hwehwɛ no a, mubehu no.
ובקשתם משם את יהוה אלהיך ומצאת כי תדרשנו בכל לבבך ובכל נפשך
30 Sɛ ɔhaw bi to mo na eyinom nyinaa ba mo so a, akyiri no, mobɛsan akɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, nkyɛn na moayɛ osetie ama no.
בצר לך--ומצאוך כל הדברים האלה באחרית הימים ושבת עד יהוה אלהיך ושמעת בקלו
31 Efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn, no yɛ mmɔborɔhunu Nyankopɔn; ɔrennyaw mo na ɔrensɛe mo anaa ne werɛ remfi apam a ɔne mo agyanom pamee a ɔkaa ntam sii so no.
כי אל רחום יהוה אלהיך לא ירפך ולא ישחיתך ולא ישכח את ברית אבתיך אשר נשבע להם
32 Hwehwɛ abakɔsɛm mu fi bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa wɔ asase so besi nnɛ yi; hwehwɛ fi ɔsoro ti de kosi ti. Hwɛ sɛ biribi kɛse a ɛte sɛ eyi asi pɛn anaasɛ woate biribi saa pɛn?
כי שאל נא לימים ראשנים אשר היו לפניך למן היום אשר ברא אלהים אדם על הארץ ולמקצה השמים ועד קצה השמים הנהיה כדבר הגדול הזה או הנשמע כמהו
33 So nnipa foforo bi ate Onyankopɔn nne sɛ ɔrekasa afi ogya mu sɛnea motee no na wɔda so te ase yi ana?
השמע עם קול אלהים מדבר מתוך האש כאשר שמעת אתה--ויחי
34 So onyame foforo bi nam ogye a ɔnam amanehunu, nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ nwonwa, ɔko, tumidi ne ahodwiriwde so agye ɔman bi afi ɔman foforo bi nsam afa sɛ ne de, sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn, yɛ maa mo wɔ Misraim a na mo ani tua no?
או הנסה אלהים לבוא לקחת לו גוי מקרב גוי במסת באתת ובמופתים ובמלחמה וביד חזקה ובזרוע נטויה ובמוראים גדלים ככל אשר עשה לכם יהוה אלהיכם במצרים--לעיניך
35 Ɔdaa eyinom nyinaa adi kyerɛɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a nʼakyi obi nni hɔ.
אתה הראת לדעת כי יהוה הוא האלהים אין עוד מלבדו
36 Ɔma motee ne nne fi ɔsoro nam so teɛteɛɛ mo so. Ɔma muhuu ne gya fadum asase so na motee ne nsɛm fii ogya no mu.
מן השמים השמיעך את קלו ליסרך ועל הארץ הראך את אשו הגדולה ודבריו שמעת מתוך האש
37 Esiane sɛ na ɔpɛ mo agyanom asɛm, na ɔpɛɛ sɛ ohyira wɔn asefo nti na ɔno ara de nʼanim ne ne tumi kɛse no yii mo fii Misraim no.
ותחת כי אהב את אבתיך ויבחר בזרעו אחריו ויוצאך בפניו בכחו הגדל ממצרים
38 Ɔpam aman a na wɔn ho yɛ den sen mo no wɔ mo anim sɛnea ɔde mo bɛba wɔn asase so abɛfa sɛ mo agyapade, sɛnea ɛte nnɛ yi.
להוריש גוים גדלים ועצמים ממך--מפניך להביאך לתת לך את ארצם נחלה--כיום הזה
39 Enti munhu na momma ɛntena mo koma mu nnɛ yi sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro ne asase so. Obi nni hɔ.
וידעת היום והשבת אל לבבך כי יהוה הוא האלהים בשמים ממעל ועל הארץ מתחת אין עוד
40 Munni saa ahyɛde ne mmara yi a mede rema mo nnɛ no so na ama asi mo ne mo mma yiye, na moanyin akyɛ wɔ asase a Awurade mo Nyankopɔn de rema mo afebɔɔ no so.
ושמרת את חקיו ואת מצותיו אשר אנכי מצוך היום אשר ייטב לך ולבניך אחריך--ולמען תאריך ימים על האדמה אשר יהוה אלהיך נתן לך כל הימים
41 Afei, Mose yii nkuropɔn abiɛsa bi wɔ Yordan apuei fam
אז יבדיל משה שלש ערים בעבר הירדן מזרחה שמש
42 a, sɛ ɛba sɛ obi kum obi na wanhyɛ da na onni onipa ko no ho menasepɔw bi a otumi guan kɔ kɔ emu baako so kɔbɔ ne ho aguaa.
לנס שמה רוצח אשר ירצח את רעהו בבלי דעת והוא לא שנא לו מתמל שלשם ונס אל אחת מן הערים האל--וחי
43 Oyii Beser a ɛda sare ne asase tataw so no maa Rubenfo. Ɔde Ramot a ɛwɔ Gilead no maa Gadfo na ɔde Golan a ɛwɔ Basan no nso maa Manase abusuakuw.
את בצר במדבר בארץ המישר לראובני ואת ראמת בגלעד לגדי ואת גולן בבשן למנשי
44 Eyinom ne mmara a Mose de maa Israelfo no.
וזאת התורה אשר שם משה לפני בני ישראל
45 Israelfo no fii Misraim no, akwankyerɛ, mmara ne ahyɛde a Mose de maa wɔn
אלה העדת והחקים והמשפטים--אשר דבר משה אל בני ישראל בצאתם ממצרים
46 bere a na wɔwɔ obon a ɛbɛn Bet-Peor a ɛda Asubɔnten Yordan apuei fam, wɔ Amorifo hene Sihon a odii ade wɔ Hesbon, a na Mose ne Israelfo no fi Misraim ɛreba no, wɔko dii ne so no.
בעבר הירדן בגיא מול בית פעור בארץ סיחן מלך האמרי אשר יושב בחשבון--אשר הכה משה ובני ישראל בצאתם ממצרים
47 Wɔfaa nʼasase no san faa Basanhene Og asase kaa ho. Saa ahemfo baanu yi na wɔyɛ Amorifo ahemfo a wɔte Yordan apuei fam.
ויירשו את ארצו ואת ארץ עוג מלך הבשן שני מלכי האמרי אשר בעבר הירדן--מזרח שמש
48 Saa asase yi na efi Aroer a ɛda Arnon subon no ano kosi Sion bepɔw a ɛyɛ Hermon ho.
מערער אשר על שפת נחל ארנן ועד הר שיאן--הוא חרמון
49 Israelfo no san faa nsase a ɛwɔ Araba po no ano wɔ Yordan apuei fam de kosi Nkyene Po wɔ Pisga mmepɔw no ase.
וכל הערבה עבר הירדן מזרחה ועד ים הערבה--תחת אשדת הפסגה

< 5 Mose 4 >