< 5 Mose 34 >
1 Na Mose fi Moab asase tataw so foro kɔɔ Nebo Bepɔw so, san foroo Pisga a etwa Yeriko. Ɛhɔ na Awurade kyerɛɛ no asase no nyinaa, efi Gilead kosi Dan;
Poslije toga ode Mojsije s Moapskih poljana na brdo Nebo, na vrhunac Pisge nasuprot Jerihonu, gdje mu Jahve pokaza svu zemlju: Gilead do Dana,
2 Naftali nsase nyinaa; Efraim ne Manase nsase; Yuda nsase nyinaa kosi Ntam Po no ho;
sav Naftali, kraj Efrajimov i Manašeov, svu Judinu krajinu do Zapadnog mora;
3 Negeb; ne nsase a efi Yeriko Bon, ne Mmɛ Kuropɔn no de kosi Soar tɔnn.
zatim Negeb, područje doline Jerihona - grada palmi - do Soara.
4 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Eyi ne asase a mekaa ntam hyɛɛ ho bɔ kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob se mede bɛma wɔn asefo no. Afei, mama wo de wʼani ahu, nanso worentwa nkɔ so.”
Potom mu reče Jahve: “Ovo je zemlja za koju sam se zakleo Abrahamu, Izaku i Jakovu da ću je dati tvome potomstvu. Dopustio sam da je pogledaš svojim očima, ali ti onamo nećeš prijeći.”
5 Na Mose, Awurade somfo no wuu wɔ Moab asase so sɛnea Awurade kae no.
I Mojsije, sluga Jahvin, umrije ondje u zemlji moapskoj po Jahvinoj zapovijedi.
6 Wosiee no wɔ obon bi a ɛne Bet-Peor di nhwɛanim, nanso ebesi nnɛ, obiara nnim faako a ne da wɔ.
I ukopa ga on u dolini u zemlji nasuprot Bet Peoru. Do dana današnjega nitko nije doznao za njegov grob.
7 Mose dii mfirihyia ɔha ne aduonu na owui, nanso na nʼani hu ade yiye na ne ho nso yɛ den.
Mojsiju bijaše sto dvadeset godina kad umrije. Oko mu nije oslabilo niti mu je snaga popustila.
8 Israelfo suu no nnafua aduasa wɔ Moab tataw so ara kosii sɛ nʼayiyɛ kɔɔ awiei.
Izraelci oplakivahu Mojsija na Moapskim poljanama trideset dana. Potom prođoše i dani oplakivanja - tugovanja za Mojsijem.
9 Afei, Nun babarima Yosua nyaa nyansa honhom, efisɛ Mose de ne nsa guu ne so. Enti Israelfo yɛɛ osetie maa no na wɔyɛɛ biribiara sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no ara pɛ.
A Jošua, sin Nunov, bio je ispunjen duhom mudrosti jer Mojsije bijaše na nj položio svoje ruke. Njega su Izraelci slušali i činili kako je Jahve naredio Mojsiju.
10 Mose akyi no, odiyifo biara mmaa Israel a Awurade nim no anim ne anim
Ne pojavi se više prorok u Izraelu ravan Mojsiju - njega je Jahve poznavao licem u lice! -
11 a Awurade somaa no ma ɔkɔyɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu wɔ Misraim asase so de tiaa Farao ne ne mpanyimfo nyinaa wɔ asase no so nyinaa.
po svim onim znakovima i čudesima u zemlji egipatskoj za koja ga je Jahve slao da ih učini na faraonu, na svim službenicima njegovim i na svoj zemlji njegovoj,
12 Na obiara nnaa tumi kɛse anaa ahodwiriw nneyɛe adi te sɛnea Mose yɛɛ wɔ Israel nyinaa ani so no.
po onoj moćnoj ruci njegovoj i po svim onim velikim zastrašnim djelima koja učini na oči svega Izraela.