< 5 Mose 33 >

1 Eyi ne nhyira a Onyankopɔn nipa Mose de hyiraa Israelfo no ansa na ɔrewu:
Voici les bénédictions que donna Moïse, homme de Dieu, aux fils d'Israël avant sa mort.
2 Ose, “Awurade fi Sinai bae ofi Seir baa wɔn so; ɔhran fi Paran bepɔw so. Ɔde akronkronfo pii bae fi anafo fam ne mmepɔw nsian so.
Il dit: Le Seigneur est venu de Sina, et hors de Séir; il s'est manifesté à nous, et il a passé rapidement de la montagne de Pharan à Cadès, avec des myriades d'anges, et ses anges se tenaient à sa droite.
3 Nokware ni, wo na wodɔ nnipa no, akronkronfo nyinaa wɔ wo nsam. Wɔn nyinaa kotow wo nan ase, na wonya nkyerɛkyerɛ fi wo hɔ,
Et il a épargné son peuple, et tous les saints sont sous sa main; ils sont sous lui, et le peuple a reçu de sa bouche
4 mmara a Mose de maa yɛn no; Yakob nkurɔfo agyapade.
La loi que Moïse vous a prescrite, pour être l'héritage de la synagogue de Jacob.
5 Ɔyɛɛ ɔhene wɔ Yeshurun bere a nnipa no ntuanofo hyiae, wɔne Israel mmusuakuw no.
Elle sera comme un prince, avec le bien-aimé, tant que tous les princes du peuple seront unis avec les tribus d'Israël.
6 “Ma Ruben nya nkwa na onwu, na mma ne nkurɔfo so nhuan.”
Que Ruben vive, qu'il ne meure pas, qu'il soit considérable par le nombre.
7 Na ɔkaa eyi faa Yuda ho: “Tie, Awurade, tie Yuda sufrɛ; fa no brɛ ne nkurɔfo. Ɔde nʼankasa nsa bɔ ne ho ban. Ao, yɛ ne boafo tia nʼatamfo!”
Et voici la bénédiction de Juda: Ecoutez, Seigneur, la voix de Juda, vous viendriez parmi son peuple; ses mains décideront pour lui, et vous serez son protecteur contre ses ennemis.
8 Asɛm a ɔka faa Lewi abusuakuw ho: “Awurade, wode ade kronkron ama wʼasomfo nokwafo Lewifo. Wosɔɔ wɔn hwɛe wɔ Masa wɔne wɔn koe wɔ Meriba asu ho.
Et il dit à Lévi: Donnez à Lévi ses manifestations, donnez à l'homme consacré sa VÉRITÉ; il a été éprouvé par les tentations; au sujet de l'eau de contradiction, il a été injurié.
9 Lewifo tiee wʼasɛm bɔɔ wʼapam no ho ban. Wodii wo nokware sen sɛnea wodii wɔn awofo, abusuafo ne wɔn mma nokware.
C'est lui qui dit à son père et à sa mère: Je ne vous ai point vus, et qui ne connaît pas ses frères, et qui ne reconnaît pas ses fils; il garde vos saintes lois, Seigneur, il veille à votre alliance.
10 Afei, ma wɔnkyerɛ Yakob wo mmara no. Ma wɔmfa wo nkyerɛkyerɛ no mma Israelfo. Wɔde aduhuam bɛba wʼanim Abɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka so.
Ils déclareront à Jacob vos ordonnances, et à Israël votre loi; ils apaiseront votre colère avec de l'encens; ils placeront des holocaustes sur votre autel.
11 Hyira Lewifo, Ao Awurade na ma wɔn nsa ano nnwuma nsɔ wʼani. Bubu wɔn atamfo; bɔ wɔn atamfo hwe fam a wɔnsɔre bio.”
Seigneur, bénissez sa force; ayez pour agréables les œuvres de ses mains; brisez les reins des ennemis qui sont près de l'assaillir, et que ceux qui le haïssent n'osent point lever la tête.
12 Asɛm a Mose ka faa Benyamin abusuakuw ho: “Ma Awurade dɔ nnye ntin wɔ Benyamin nkurɔfo mu, efisɛ ɔbɔ wɔn ho ban daa nyinaa, na nea Awurade dɔ no no nhome wɔ ne nwini ase daa.”
Et il dit à Benjamin, bien-aimé du Seigneur: Il a dressé ses tentes avec sécurité, et Dieu, tous les jours, étendra sur lui son ombre, et il s'est reposé entre les épaules de Dieu.
13 Asɛm a Mose ka faa Yosef mmusuakuw ho: “Awurade mfa ne sorosoro bosu a ɛsom bo ne bun mu nsu a efi asase ase no, nhyira wɔn nsase.
Et il dit à Joseph: Sa terre est la terre de la bénédiction du Seigneur; c'est la terre des fruits du ciel et de la rosée, et des sources qui jaillissent de l'abîme,
14 Ɔmfa ne nnepa efi owia mu ba ne adonne a ebetumi apue afi ɔsram so;
Et des récoltes qui mûrissent en leur saison, au gré de la marche du soleil et des phases de la lune,
15 ne nnɔbae pa a efi tete mmepɔw mu ne nea abu so wɔ nkoko a etim hɔ daa mu
Soit sur les sommités des premières collines, soit sur les cimes des monts éternels,
16 ne akyɛde a ɛso nni a efi asase ne ne mayɛ mu, ne adom a efi nea na ɔte nwura a ɛhyew mu no. Saa nhyira yi nyinaa mmra Yosef ti so, nea ɔyɛ ne nuanom mu ɔheneba no anintɔn mu.
En la saison de la plénitude de la terre. Puissent toutes les grâces de Celui qui s'est manifesté dans le buisson ardent, venir sur la tête de Joseph qui a été glorifié au-dessus de ses frères.
17 Yosef sɛ nantwinini a ɔyɛ abakan wɔ ahenni mu. Ne ahoɔden te sɛ ɔtrɔm mmɛn. Ɔde bɛwowɔ aman no, wɔn a wɔwɔ asase ano no mpo. Eyinom ne Efraim mpem du du no; eyinom ne Manase mpempem no.”
Sa beauté est celle du premier-né du taureau, ses cornes sont comme celles de la licorne; avec elles il frappera toutes les nations à la fois, jusqu'aux confins de la terre. Telles seront les myriades d'Ephraïm, tels seront les millions de Manassé.
18 Asɛm a Mose ka faa Sebulon ne Isakar mmusuakuw ho: “Sebulon asefo, munni anigye wɔ mo adifi mu. Isakar asefo, munni anigye wɔ mo ntamadan mu.
Et il dit à Zabulon: Réjouis-toi, Zabulon, par tes excursions, et qu'Issachar se réjouisse sous ses tentes;
19 Wɔbɛfrɛ nnipa ahorow akɔ bepɔw no so kɔbɔ trenee afɔre wɔ hɔ; wobefi po mu adenya mmoroso mu ato pon afi ademude a ahintaw wɔ nwea mu.”
On exterminera des nations, et vous y serez appelés, et en ce lieu vous offrirez les sacrifices de justice, et la richesse de la mer et le commerce des habitants du rivage vous allaiteront.
20 Asɛm a Mose ka faa Gad abusuakuw ho: “Nhyira nka obi a ɔtrɛw Gad mantam mu! Gad te hɔ sɛ gyata a ɔretetew abasa anaa eti.
Et il dit à Gad: Béni soit celui qui dilate Gad; il s'est reposé comme un lion après avoir broyé les bras et la tête.
21 Gad nkurɔfo paw asase pa no maa wɔn ho; ɔkannifo kyɛfa na wɔde maa wɔn. Bere a nkurɔfo no mpanyimfo hyiae no, wɔyɛɛ Awurade atɛntrenee apɛde no, ne nʼatemmu a ɛfa Israelfo ho no.”
Et il a vu ses prémices, parce que, en ce lieu, a été partagée la terre des princes réunis aux chefs du peuple. Le Seigneur a fait justice, et il a été équitable envers Israël.
22 Asɛm a Mose ka faa Dan abusuakuw ho: “Dan yɛ gyata ba a, ɔrepue afi Basan.”
Et il dit à Dan: Dan, lionceau de lion; il s'élancera de Basan.
23 Asɛm a Mose ka faa Naftali abusuakuw ho: “Naftali wɔ adom bebree na Awurade nhyira ayɛ wo ma; ɔtare no anafo fam bɛyɛ wo kyɛfa.”
Et il dit à Nephthali: A Nephthali, plénitude de choses agréables; qu'il soit rempli de la bénédiction du Seigneur; il aura en partage l'Occident et le Midi.
24 Asɛm a Mose ka faa Aser abusuakuw ho: “Mma no mu nea wɔahyira no koraa ne Aser; wɔmma ne nuanom mpɛ nʼasɛm, na ɔmfa ngo nguare nʼanan ase.
Et il dit à Aser: Béni soit Aser en ses enfants; il sera agréable à ses frères, il se baignera les pieds dans l'huile.
25 Wʼapon ho nkyerewa nyɛ dade ne kɔbere mfrafrae; wʼahoɔden ne wo nkwanna bɛsae so.
Le fer et l'airain seront sa chaussure; ta force sera comme tes jours.
26 “Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ Yeshurun Nyankopɔn; a ɔnam ɔsorosoro ne nʼahenni mu mununkum so ba bɛboa wo.
Rien n'est comparable au Dieu du bien-aimé; ton protecteur marche sur le ciel, il à toute la magnificence du firmament.
27 Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa yɛ wo guankɔbea; nea ɛwɔ ase no ne abasa a ɛwɔ hɔ daa no. Ɔbɛpam wʼatamfo afi wʼanim; ɔbɛka se, ‘Sɛe wɔn!’
Et la royauté de Dieu t'abritera, et tu seras protégé par la force de ses bras éternels, et, devant ta face, il chassera ton ennemi, et lui dira: Meurs.
28 Enti, Israel bɛtena ase dwoodwoo; Yakob benya bammɔ wɔ asase a atoko ne nsa foforo wɔ so, faako a ɔsoro bosu gugu.
Et Israël sera seul à dresser ses tentes avec sécurité sur la terre de Jacob, au milieu de l'abondance du blé et du vin; pour toi le ciel se couvrira de nuages qui répandront de la rosée.
29 Nhyira nka mo, Israel! Hena na ɔte sɛ mo, nnipa a Awurade agye mo nkwa. Ɔyɛ mo nkatabo ne boafo ne mo anuonyam afoa! Mo atamfo bɛkotow mo anim, na moatiatia wɔn sorɔnsorɔmmea.”
Heureux Israël! quel peuple est semblable à toi, sauvé par la Seigneur? Ton protecteur te placera sous son bouclier; et son épée sera ta gloire; et tes ennemis chercheront à te tromper par leurs mensonges, et tu leur marcheras sur le cou.

< 5 Mose 33 >