< 5 Mose 32 >

1 Monyɛ aso, mo ɔsoro na mɛkasa; tie, wo asase, nsɛm a efi mʼanom.
Give ear, O heavens, and I will speak; hear, O earth, the words of my mouth.
2 Ma me nkyerɛkyerɛ ntɔ sɛ osu; na me nsɛm nsian sɛ obosu, sɛ osu a ɛpete gu sare foforo so, sɛ osu mmoroso wɔ afifide foforo so.
Let my teaching fall like rain and my speech settle like dew, like gentle rain on new grass, like showers on tender plants.
3 Mɛbɔ Awurade din. O, monkamfo yɛn Nyankopɔn kɛseyɛ!
For I will proclaim the name of the LORD. Ascribe greatness to our God!
4 Ɔne Ɔbotan no, ne nnwuma so nni, na nʼakwan nyinaa ye. Onyankopɔn nokwafo a ɔnyɛ mfomso, Ɔtreneeni ne ɔnokwafo ne no.
He is the Rock, His work is perfect; all His ways are just. A God of faithfulness without injustice, righteous and upright is He.
5 Porɔwee adidi wɔn mu na wɔnyɛ ne mma; wɔyɛ awo ntoatoaso akɔntɔnkyefo aniwufo.
His people have acted corruptly toward Him; the spot on them is not that of His children, but of a perverse and crooked generation.
6 Saa ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so tua Awurade ka ni ana, mo nkwaseafo ne adwenharefo? Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya, mo yɛfo no? Ɛnyɛ ɔno na ɔbɔɔ mo na ɔmaa mo nnyinaso?
Is this how you repay the LORD, O foolish and senseless people? Is He not your Father and Creator? Has He not made you and established you?
7 Monkae tete nna; munnwen tete awo ntoatoaso no ho. Mummisa mo agya na ɔbɛkyerɛ mo. Mummisa mo mpanyimfo na wɔbɛkyerɛ mo ase.
Remember the days of old; consider the years long past. Ask your father, and he will tell you, your elders, and they will inform you.
8 Bere a Ɔsorosoroni no maa amanaman no agyapade, na ɔkyekyɛɛ adesamma nyinaa mu no, ɔtotoo ahye maa nnipa no sɛnea Israelmma no dodow te.
When the Most High gave the nations their inheritance, when He divided the sons of man, He set the boundaries of the peoples according to the number of the sons of God.
9 Efisɛ Israelfo yɛ Awurade kyɛfa; Yakob yɛ nʼagyapade wɔde maa no.
But the LORD’s portion is His people, Jacob His allotted inheritance.
10 Ohuu no wɔ sare asase so, asase kesee a hwee nni so so. Ɔde no sie hwɛɛ ne so; ɔbɔɔ ne ho ban sɛ nʼaniwa kurutiayisi,
He found him in a desert land, in a barren, howling wilderness; He surrounded him, He instructed him, He guarded him as the apple of His eye.
11 sɛ ɔkɔre a ɔhwanyan ne berebuw mu na ɔbɔ mfamfia fa ne mma ho, na ɔtrɛw ne ntaban mu buma no, soaa no kɔɔ no.
As an eagle stirs up its nest and hovers over its young, He spread His wings to catch them and carried them on His pinions.
12 Awurade nkutoo na ɔkyerɛɛ no kwan; na ananafo nyame biara nka ne ho.
The LORD alone led him, and no foreign god was with him.
13 Ɔma no nantew faa asase no nkoko so; na ɔde mfuw so nnuaba bɔɔ no akɔnhama; Ɔde ɔbotan mu wo ne ngo a efi abohemaa mu,
He made him ride on the heights of the land and fed him the produce of the field. He nourished him with honey from the rock and oil from the flinty crag,
14 nyɛmmoa mu nufusu ne srade, nguamma ne mmirekyi a wɔadɔ srade, Basan adwennini a wɔpaw ne atoko muhumuhu siesiee no. Monom nsa papa a efi bobe mu.
with curds from the herd and milk from the flock, with the fat of lambs, with rams from Bashan, and goats, with the choicest grains of wheat. From the juice of the finest grapes you drank the wine.
15 Yeshurun dɔɔ srade na onyaa ahoɔden; aduan ma wɔyɛɛ duru, yɛɛ pemee. Wɔtoo Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn no asaworam; wɔpoo wɔn Nkwagye Botan no.
But Jeshurun grew fat and kicked— becoming fat, bloated, and gorged. He abandoned the God who made him and scorned the Rock of his salvation.
16 Wɔma ɔtwee ninkunu wɔ wɔn ananafo anyame no ho na wɔde wɔn abosom a okyi no hyɛɛ no abufuw.
They provoked His jealousy with foreign gods; they enraged Him with abominations.
17 Wɔbɔɔ afɔre maa atoro anyame a wɔnyɛ Onyankopɔn, anyame a na wonnim wɔn, anyame a wɔbaa nnansa yi ara, anyame a na mo agyanom nsuro wɔn.
They sacrificed to demons, not to God, to gods they had not known, to newly arrived gods, which your fathers did not fear.
18 Mopaa Ɔbotan a ɔyɛɛ mo agya no. Mo werɛ fii Onyankopɔn a ɔwoo mo no.
You ignored the Rock who brought you forth; you forgot the God who gave you birth.
19 Awurade huu eyi na ɔpoo wɔn efisɛ ne mmabarima ne ne mmabea hyɛɛ no abufuw.
When the LORD saw this, He rejected them, provoked to anger by His sons and daughters.
20 Ɔkae se, “Mede mʼanim behintaw wɔn na wɔahu sɛnea wɔn awiei bɛyɛ Efisɛ, wɔyɛ awo ntoatoaso akɔntɔnkyefo; mma a wonni nokware.
He said: “I will hide My face from them; I will see what will be their end. For they are a perverse generation— children of unfaithfulness.
21 Wɔde nea ɛnyɛ Onyame ahyɛ me ninkutwe na wɔde wɔn ahoni ahuhuw no ahyɛ me abufuw. Mɛma wɔn ani abere nnipa a wɔnyɛ me nkurɔfo. Mɛma ɔman a wonni ntease no ahyɛ wɔn abufuw.
They have provoked My jealousy by that which is not God; they have enraged Me with their worthless idols. So I will make them jealous by those who are not a people; I will make them angry by a nation without understanding.
22 Efisɛ mʼabufuwhyew befita ogya mu, nea ɛhyew kɔka awufo a wɔwɔ asase ase no. Ɛbɛsɛe asase ne so nnɔbae na ɛpaapae mmepɔw fapem. (Sheol h7585)
For a fire has been kindled by My anger, and it burns to the depths of Sheol; it consumes the earth and its produce, and scorches the foundations of the mountains. (Sheol h7585)
23 “Mɛhɔre amanehunu ahorow no siw wɔ wɔn so na matow me bɛmma awowɔ wɔn.
I will heap disasters upon them; I will spend My arrows against them.
24 Mede ɔkɔm kɛse, atiridiinini ne owuyare a ɛsɛe ade; mɛsoma nkekammoa se aba wɔn so; nhurutoa a wɔtow si wɔ mfutuma mu no ano bɔre.
They will be wasted from hunger and ravaged by pestilence and bitter plague; I will send the fangs of wild beasts against them, with the venom of vipers that slither in the dust.
25 Afoa bɛma wɔahwere wɔn mma wɔ abɔnten so; wɔn afi mu, ehu bɛtɔ wɔn so. Mmerante ne mmabaa, mmofra ne nkwakoraa ase bɛhyew.
Outside, the sword will take their children, and inside, terror will strike the young man and the young woman, the infant and the gray-haired man.
26 Mekae se mɛbɔ wɔn ahwete na mapepa wɔn din afi nnipa adwene mu.
I would have said that I would cut them to pieces and blot out their memory from mankind,
27 Nanso misuroo ɔtamfo fɛwdi, anyɛ a na ɔtamfo ante ase aka se, ‘Yɛn nsa adi nkonim; Ɛnyɛ Awurade na ɔyɛɛ eyinom nyinaa.’”
if I had not dreaded the taunt of the enemy, lest their adversaries misunderstand and say: ‘Our own hand has prevailed; it was not the LORD who did all this.’”
28 Israel yɛ ɔman a wonni adwene. Obi nni wɔn mu a ɔwɔ nhumu.
Israel is a nation devoid of counsel, with no understanding among them.
29 Sɛ anka wɔyɛ anyansafo na wɔbɛte eyi ase, na wɔahu nea wɔn awiei bɛyɛ ɛ!
If only they were wise, they would understand it; they would comprehend their fate.
30 Ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako ataa nnipa apem, na baanu bɛma mpem du aguan, gye sɛ wɔn Botan atɔn wɔn gye sɛ Awurade ayi wɔn ama.
How could one man pursue a thousand, or two put ten thousand to flight, unless their Rock had sold them, unless the LORD had given them up?
31 Efisɛ wɔn botan nte sɛ yɛn Botan, sɛnea yɛn atamfo mpo gye to mu no.
For their rock is not like our Rock, even our enemies concede.
32 Wɔn bobe fi Sodom bobe mu na efi Gomora mfuw mu. Awuduru ahyɛ wɔn bobe aba mma, na bɔnwoma ahyɛ wɔn kasiaw amaama.
But their vine is from the vine of Sodom and from the fields of Gomorrah. Their grapes are poisonous; their clusters are bitter.
33 Wɔn bobesa yɛ awɔ ano bɔre; aprammiri ano bɔrewerɛmfo.
Their wine is the venom of serpents, the deadly poison of cobras.
34 “So menkoraa eyi mmoroso, na mensɔw ano wɔ mʼademude mu ana
“Have I not stored up these things, sealed up within My vaults?
35 Mɛtɔ were; metua so ka. Wɔn nan bɛwatiri bere a ɛsɛ mu; wɔn atoyerɛnkyɛm no abɛn na wɔn sɛe taa wɔn.”
Vengeance is Mine; I will repay. In due time their foot will slip; for their day of disaster is near, and their doom is coming quickly.”
36 Awurade bebu ne nkurɔfo atɛn na wasesa nʼadwene wɔ ne nkoa ho, bere a wahu sɛ wɔn ahoɔden asa, na ɛnkaa obiara, akoa anaa ɔdehye.
For the LORD will vindicate His people and have compassion on His servants when He sees that their strength is gone and no one remains, slave or free.
37 Obebisa se, “Afei wɔn anyame no wɔ he, ɔbotan a wɔde yɛɛ wɔn guankɔbea,
He will say: “Where are their gods, the rock in which they took refuge,
38 anyame a wodii wɔn afɔrebɔde mu srade na wɔnom wɔn ɔnom afɔrebɔ mu nsa no? Ma wɔnsɔre mmɛboa mo! Ma womegye mo!
which ate the fat of their sacrifices and drank the wine of their drink offerings? Let them rise up and help you; let them give you shelter!
39 “Afei, munhu sɛ, me ara me ne no! Onyame biara nni hɔ sɛ me! Me na mikum na mema nkwa: Me na mipira, na mɛkyekye, na obi rentumi nnye mfi me nsam.
See now that I am He; there is no God besides Me. I bring death and I give life; I wound and I heal, and there is no one who can deliver from My hand.
40 Mema me nsa so kyerɛ ɔsoro de nidi sua sɛ: Sɛ mete ase daa yi,
For I lift up My hand to heaven and declare: As surely as I live forever,
41 sɛ mesew me afoa a ɛpa yerɛwyerɛw no na mifi atemmu mu so mu kuaw a, mɛtɔ mʼatamfo so were na matua wɔn a wokyi me ka.
when I sharpen My flashing sword, and My hand grasps it in judgment, I will take vengeance on My adversaries and repay those who hate Me.
42 Mɛma me bɛmma anom mogya abow, na mʼafoa adi ɔhonam, atɔfo ne nnommumfo mogya, atamfo ntuanofo no ti.”
I will make My arrows drunk with blood, while My sword devours flesh— the blood of the slain and captives, the heads of the enemy leaders.”
43 Mo aman, mo ne ne nkurɔfo nni ahurusi, efisɛ ɔbɛtɔ ne nkoa mogya so were; ɔbɛtɔ were wɔ nʼatamfo so na wapata ama nʼasase ne ne nkurɔfo.
Rejoice, O heavens, with Him, and let all God’s angels worship Him. Rejoice, O nations, with His people; for He will avenge the blood of His children. He will take vengeance on His adversaries and repay those who hate Him; He will cleanse His land and His people.
44 Mose ne Nun babarima Hosea ba bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ nnipa no.
Then Moses came with Joshua son of Nun and recited all the words of this song in the hearing of the people.
45 Mose woroo saa dwom no mu nsɛm no kyerɛɛ Israelfo no wiee no,
When Moses had finished reciting all these words to all Israel,
46 ɔka kaa ho se, “Momfa nsɛm a maka akyerɛ mo no nyinaa nsie mo koma mu. Monka nkyerɛ mo mma nso, sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi saa mmara yi mu nsɛm nyinaa so pɛpɛɛpɛ.
he said to them, “Take to heart all these words I testify among you today, so that you may command your children to carefully follow all the words of this law.
47 Saa nkyerɛkyerɛ yi nyɛ nsɛm bi a wɔde rema mo kwa, ɛyɛ mo nkwa! Sɛ mudi so a, mubenyin akyɛ wɔ asase a moretwa Asubɔnten Yordan akɔfa no so.”
For they are not idle words to you, because they are your life, and by them you will live long in the land that you are crossing the Jordan to possess.”
48 Da no ara, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
On that same day the LORD said to Moses,
49 “Kɔ Moab, kɔ mmepɔw a ɛwɔ asu no apuei no so, na foro Nebo bepɔw a ɛne Yeriko di nhwɛanim no. To wʼani hwɛ Kanaan asase no, asase a mede rema Israelfo sɛ wɔn agyapade no.
“Go up into the Abarim Range to Mount Nebo, in the land of Moab across from Jericho, and view the land of Canaan, which I am giving to the Israelites as their own possession.
50 Bepɔw a woaforo no so hɔ na wobɛkɔ akɔka wʼagyanom ho, sɛnea wo nua Aaron wuu wɔ Hor bepɔw so kɔkaa nʼagyanom ho no.
And there on the mountain that you climb, you will die and be gathered to your people, just as your brother Aaron died on Mount Hor and was gathered to his people.
51 Efisɛ mo baanu dii me huammɔ wɔ Israelfo mu wɔ Meriba ne Kades asu ho wɔ Sin sare so. Moanni me kronkronyɛ ho adanse ankyerɛ Israelfo no wɔ hɔ.
For at the waters of Meribah-kadesh in the Wilderness of Zin, both of you broke faith with Me among the Israelites by failing to treat Me as holy in their presence.
52 Ɛno nti, mubehu asase no afi akyiri, nanso morenkɔ asase a mede rema Israelfo no so.”
Although you shall see from a distance the land that I am giving the Israelites, you shall not enter it.”

< 5 Mose 32 >