< 5 Mose 31 >

1 Bere a Mose kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfo wiee no,
When Moses had finished speaking these words to all Israel,
2 ɔkaa bio se, “Mprempren madi mfe ɔha ne aduonu, nti merentumi nni mo anim bio. Awurade aka akyerɛ me sɛ merentwa Asubɔnten Yordan.
he said to them, “I am now a hundred and twenty years old; I am no longer able to come and go, and the LORD has said to me, ‘You shall not cross the Jordan.’
3 Nanso Awurade, mo Nyankopɔn no, ankasa bedi mo anim atwa. Ɔbɛsɛe aman a wɔte hɔ na mobɛfa wɔn asase no. Yosua ne onipa foforo a obedi mo anim sɛnea Awurade hyɛɛ mo bɔ no.
The LORD your God Himself will cross over ahead of you. He will destroy these nations before you, and you will dispossess them. Joshua will cross ahead of you, as the LORD has said.
4 Awurade bɛsɛe aman aman a wɔte asase no so no sɛnea ɔsɛee Sihon ne Og a na wɔyɛ Amorifo ahemfo no.
And the LORD will do to them as He did to Sihon and Og, the kings of the Amorites, when He destroyed them along with their land.
5 Awurade de nnipa a wɔte hɔ no bɛhyɛ mo nsa na ɛsɛ sɛ mo ne wɔn di no sɛnea mahyɛ mo no.
The LORD will deliver them over to you, and you must do to them exactly as I have commanded you.
6 Monyɛ den na mo bo nyɛ duru! Munnsuro wɔn! Awurade, mo Nyankopɔn no, bedi mo anim. Ɔrenni mo huammɔ na ɔrennyaw mo nso.”
Be strong and courageous; do not be afraid or terrified of them, for it is the LORD your God who goes with you; He will never leave you nor forsake you.”
7 Afei, Mose frɛɛ Yosua ka kyerɛɛ no wɔ Israelfo no nyinaa anim se, “Yɛ den na yɛ nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a Awurade kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so; na wo na wobɛkyɛ ama wɔn.
Then Moses called for Joshua and said to him in the presence of all Israel, “Be strong and courageous, for you will go with this people into the land that the LORD swore to their fathers to give them, and you shall give it to them as an inheritance.
8 Awurade na ɔredi wʼanim. Ɔbɛka wo ho; ɔrenni wo huammɔ na ɔrennyaw wo nti nsuro na mma wo koma ntu!”
The LORD Himself goes before you; He will be with you. He will never leave you nor forsake you. Do not be afraid or discouraged.”
9 Afei, Mose kyerɛw mmara yi too hɔ; ɔde maa Lewifo asɔfo a wɔsoaa Awurade apam adaka no ne Israel mpanyimfo nyinaa.
So Moses wrote down this law and gave it to the priests, the sons of Levi, who carried the ark of the covenant of the LORD, and to all the elders of Israel.
10 Mose hyɛɛ wɔn se, “Mfe ason biara awiei, Asese Afahyɛ mu no, wɔmfa obiara ka a ɔde no nkyɛ no.
Then Moses commanded them, “At the end of every seven years, at the appointed time in the year of remission of debt, during the Feast of Tabernacles,
11 Israelfo nyinaa nhyia wɔ Awurade mo Nyankopɔn no, anim wɔ faako a ɔbɛkyerɛ no, na moakenkan saa mmara yi wɔ wɔn anim ama wɔate.
when all Israel comes before the LORD your God at the place He will choose, you are to read this law in the hearing of all Israel.
12 Frɛ nnipa no nyinaa, mmarima, mmea, mmofra ne ahɔho a wɔte mo nkurow so nso sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte na wobesua sɛ, ɛsɛ sɛ wosuro Awurade, mo Nyankopɔn no, na wobedi mmara no so pɛpɛɛpɛ
Assemble the people—men, women, children, and the foreigners within your gates—so that they may listen and learn to fear the LORD your God and to follow carefully all the words of this law.
13 na ama wɔn mma a wonnim mmara no ate na wɔasua sɛnea ɛsɛ sɛ wosuro Awurade, mo Nyankopɔn no, mmere dodow a mote asase a moretwa Yordan akɔfa sɛ agyapade no so.”
Then their children who do not know the law will listen and learn to fear the LORD your God, as long as you live in the land that you are crossing the Jordan to possess.”
14 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Wo wu bere aso. Frɛ Yosua na fa no kɔ Ahyiae Ntamadan no mu, faako a mede nʼadwuma bɛhyɛ ne nsa no.” Enti Mose ne Yosua kɔdaa wɔn ho adi wɔ Ahyiae Ntamadan no mu.
Then the LORD said to Moses, “Behold, the time of your death is near. Call Joshua and present yourselves at the Tent of Meeting, so that I may commission him.” So Moses and Joshua went and presented themselves at the Tent of Meeting.
15 Na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn wɔ omununkum fadum mu, na omununkum no gyinaa ntamadan no abobow ano.
Then the LORD appeared at the tent in a pillar of cloud, and the cloud stood over the entrance to the tent.
16 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ɛrenkyɛ wubewu na woakɔka wʼagyanom ho, na ɛrenkyɛ na saa nnipa yi de wɔn ho bɛma anyame hɔho a wɔwɔ asase a wɔrekɔ so no so no. Wobegyaw me na wɔabu apam a me ne wɔn hyehyɛɛ no so.
And the LORD said to Moses, “You will soon rest with your fathers, and these people will rise up and prostitute themselves with the foreign gods of the land they are entering. They will forsake Me and break the covenant I have made with them.
17 Na saa da no, me bo befuw wɔn na mapo wɔn; mede mʼanim behintaw wɔn na wɔbɛsɛe wɔn. Ɔhaw a emu yɛ den ahorow pii bɛba wɔn so ama wɔabisa se, ‘So ɛnsɛ sɛ saa ɔhaw yi ba, esiane sɛ Onyankopɔn nni yɛn nkyɛn bio no nti?’
On that day My anger will burn against them, and I will abandon them and hide My face from them, so that they will be consumed, and many troubles and afflictions will befall them. On that day they will say, ‘Have not these disasters come upon us because our God is no longer with us?’
18 Saa bere no mede mʼanim behintaw wɔn esiane wɔn bɔne ahorow a wɔayɛ wɔ anyame afoforo a wɔsom no nti.
And on that day I will surely hide My face because of all the evil they have done by turning to other gods.
19 “Afei, monkyerɛw saa dwom yi mu nsɛm mfa na monkyerɛ Israelfo no, na wɔnto sɛnea ɛbɛyɛ adansede ama me na mede atia wɔn.
Now therefore, write down for yourselves this song and teach it to the Israelites; have them recite it, so that it may be a witness for Me against them.
20 Mede wɔn bɛba asase a nufusu ne ɛwo resen wɔ so sɛnea mekaa ntam hyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Na wodidi mee yɛ akɛse a, afei, wɔbɛdan wɔn ani akɔsom anyame afoforo apo me, nam so abu mʼapam no so.
When I have brought them into the land that I swore to give their fathers, a land flowing with milk and honey, they will eat their fill and prosper. Then they will turn to other gods and worship them, and they will reject Me and break My covenant.
21 Afei, ɔhaw ne akwanside bebree ba wɔn so a, dwom yi bedi adanse atia wɔn, efisɛ wɔn asefo werɛ remfi da. Minim nea wotumi yɛ koraa ansa na mede wɔn bɛba asase a maka ho ntam ahyɛ bɔ no so.”
And when many troubles and afflictions have come upon them, this song will testify against them, because it will not be forgotten from the lips of their descendants. For I know their inclination, even before I bring them into the land that I swore to give them.”
22 Enti Mose kyerɛw dwom no guu hɔ saa da no na ɔkyerɛɛ Israelfo no.
So that very day Moses wrote down this song and taught it to the Israelites.
23 Afei, Awurade hyɛɛ Nun babarima Yosua sɛ, “Yɛ den na yɛ nnam, efisɛ wo na wode Israelfo no bɛba asase a mekaa ntam hyɛɛ ho bɔ no so na mʼankasa mɛka mo ho.”
Then the LORD commissioned Joshua son of Nun and said, “Be strong and courageous, for you will bring the Israelites into the land that I swore to give them, and I will be with you.”
24 Bere a Mose kyerɛw mmara nsɛm no nyinaa fi mfiase kosii awiei no guu nhoma mu wiei no,
When Moses had finished writing in a book the words of this law from beginning to end,
25 ɔde saa ahyɛde yi maa Lewifo a na wɔsoa Awurade apam adaka no:
he gave this command to the Levites who carried the ark of the covenant of the LORD:
26 “Momfa saa Mmara Nhoma yi nkɔto Awurade, mo Nyankopɔn, apam adaka no nkyɛn. Ɛhɔ na ɛbɛda sɛ adansede a etia Israelfo.
“Take this Book of the Law and place it beside the ark of the covenant of the LORD your God, so that it may remain there as a witness against you.
27 Efisɛ minim sɛnea moyɛ atuatewfo ne asoɔden. Mpo, me ne mo da so wɔ hɔ yi, moatew Awurade so atua. Na me wu akyi no, atua bɛn na morentew!
For I know how rebellious and stiff-necked you are. If you are already rebelling against the LORD while I am still alive, how much more will you rebel after my death!
28 Momfrɛ mo mpanyimfo nyinaa ne mo mmusuakuw ntuanofo nyinaa sɛnea metumi akasa akyerɛ wɔn na mafrɛ ɔsoro ne asase de adi adanse atia wɔn.
Assemble before me all the elders of your tribes and all your officers so that I may speak these words in their hearing and call heaven and earth to witness against them.
29 Minim sɛ me wu akyi no, mobɛsɛe koraa na moaman afi ɔkwan a makyerɛ mo sɛ momfa so no so. Mmere a ɛreba no, amanehunu bɛba mo so, efisɛ monam bɔne a mobɛyɛ wɔ Awurade anim no so no bɛhwanyan nʼabufuw.”
For I know that after my death you will become utterly corrupt and turn from the path I have commanded you. And in the days to come, disaster will befall you because you will do evil in the sight of the LORD to provoke Him to anger by the work of your hands.”
30 Enti Mose kaa dwom no mu nsɛm nyinaa fi ti kosi ti kyerɛɛ Israelfo a wɔahyia hɔ no.
Then Moses recited aloud to the whole assembly of Israel the words of this song from beginning to end:

< 5 Mose 31 >