< 5 Mose 30 >

1 Sɛ nhyira ne nnome a mede ato mo anim no nyinaa ba mo so, na mode hyɛ mo koma mu wɔ baabiara a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛfa mo akɔ, wɔ aman no mu,
והיה כי יבאו עליך כל הדברים האלה הברכה והקללה אשר נתתי לפניך והשבת אל לבבך בכל הגוים אשר הדיחך יהוה אלהיך שמה׃
2 na mo ne mo mma san ba Awurade, mo Nyankopɔn no, nkyɛn, na mode mo koma ne mo kra nyinaa yɛ osetie ma no sɛnea merekyerɛ mo nnɛ yi a,
ושבת עד יהוה אלהיך ושמעת בקלו ככל אשר אנכי מצוך היום אתה ובניך בכל לבבך ובכל נפשך׃
3 ɛno de, Awurade, mo Nyankopɔn no, de mo siade bɛma mo, na wahu mo mmɔbɔ, na waboaboa mo ano bio afi amanaman a ɔbɔɔ mo hwete kɔɔ so no nyinaa so, asan de mo aba.
ושב יהוה אלהיך את שבותך ורחמך ושב וקבצך מכל העמים אשר הפיצך יהוה אלהיך שמה׃
4 Sɛ mpo, wɔapam mo kɔ akyirikyiri asase bi a ɛwɔ ɔsoro ase a, efi hɔ no, Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛboaboa mo ano asan de mo aba.
אם יהיה נדחך בקצה השמים משם יקבצך יהוה אלהיך ומשם יקחך׃
5 Ɔde mo bɛba asase a ɛyɛ mo agyanom de no so na moafa sɛ agyapade. Ɔbɛma mo adi yiye na moadɔɔso asen mo agyanom.
והביאך יהוה אלהיך אל הארץ אשר ירשו אבתיך וירשתה והיטבך והרבך מאבתיך׃
6 Awurade, mo Nyankopɔn no, beyi fi a ɛwɔ mo ne mo asefo koma mu no sɛnea ɛbɛyɛ a mode mo koma ne mo kra nyinaa bɛdɔ no na moanya nkwa.
ומל יהוה אלהיך את לבבך ואת לבב זרעך לאהבה את יהוה אלהיך בכל לבבך ובכל נפשך למען חייך׃
7 Awurade, mo Nyankopɔn no, de saa nnome yi nyinaa begu mo atamfo a wɔtaa mo no so.
ונתן יהוה אלהיך את כל האלות האלה על איביך ועל שנאיך אשר רדפוך׃
8 Mobɛsan atie, adi Awurade ahyɛde a mede rema mo nnɛ no nyinaa so.
ואתה תשוב ושמעת בקול יהוה ועשית את כל מצותיו אשר אנכי מצוך היום׃
9 Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛma biribiara a moyɛ no asi mo yiye. Ɔbɛma mo yafunu mu aba asi yiye pii. Mo nyɛmmoa bɛdɔɔso. Na mo mfuw mu nnɔbae nso bebu so, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, ani begye sɛ ɔbɛma mo adi yiye sɛnea na ɔyɛ mo agyanom no.
והותירך יהוה אלהיך בכל מעשה ידך בפרי בטנך ובפרי בהמתך ובפרי אדמתך לטובה כי ישוב יהוה לשוש עליך לטוב כאשר שש על אבתיך׃
10 Sɛ mutie Awurade, mo Nyankopɔn no, nne, na mudi nʼahyɛde ne ne mmara a wɔakyerɛw wɔ saa Mmara Nhoma no mu no so, na mode mo koma ne mo kra dɔ no a, nʼani begye mo yiyedi ho.
כי תשמע בקול יהוה אלהיך לשמר מצותיו וחקתיו הכתובה בספר התורה הזה כי תשוב אל יהוה אלהיך בכל לבבך ובכל נפשך׃
11 Nokware, saa mmara a merehyɛ ama mo nnɛ yi sodi nyɛ den na ɛnyɛ ade a morentumi nyɛ nso.
כי המצוה הזאת אשר אנכי מצוך היום לא נפלאת הוא ממך ולא רחקה הוא׃
12 Enni ɔsoro a enti mobɛka se, “Hena na ɔbɛkɔ ɔsoro ama yɛn na wakogye abrɛ yɛn, na yɛate adi so?”
לא בשמים הוא לאמר מי יעלה לנו השמימה ויקחה לנו וישמענו אתה ונעשנה׃
13 Saa ara nso na enni po agya a enti mobɛka se, “Hena na obetwa akɔ ɛpo fa nohɔ ama yɛn na wakogye abrɛ yɛn, na yɛate adi so?”
ולא מעבר לים הוא לאמר מי יעבר לנו אל עבר הים ויקחה לנו וישמענו אתה ונעשנה׃
14 Dabi, asɛm no abɛn wo. Ɛda wʼano na ɛwɔ wo koma mu sɛ mudi so.
כי קרוב אליך הדבר מאד בפיך ובלבבך לעשתו׃
15 Muntie, nnɛ, mede nkwa ne yiyedi, owu ne ɔsɛe asi mo anim.
ראה נתתי לפניך היום את החיים ואת הטוב ואת המות ואת הרע׃
16 Na Sɛ mutie Awurade, mo Nyankopɔn no, mmara a merehyɛ ama mo nnɛ yi, nam so dɔ Awurade, mo Nyankopɔn, nantew nʼakwan mu, di ne mmara so a, mubenya nkwa na mo ase adɔ, na Awurade, mo Nyankopɔn behyira mo wɔ asase a morekɔ akɔtena so no so.
אשר אנכי מצוך היום לאהבה את יהוה אלהיך ללכת בדרכיו ולשמר מצותיו וחקתיו ומשפטיו וחיית ורבית וברכך יהוה אלהיך בארץ אשר אתה בא שמה לרשתה׃
17 Nanso sɛ mo koma dan, sɛ moanyɛ osetie, na sɛ wɔtwe mo kɔkotow anyame afoforo, na mosom wɔn a,
ואם יפנה לבבך ולא תשמע ונדחת והשתחוית לאלהים אחרים ועבדתם׃
18 mepae mu ka kyerɛ mo nnɛ sɛ, nea ɛte biara no wɔbɛsɛe mo; morentena asase a moretwa Yordan akɔ so akɔfa sɛ agyapade no so nkyɛ.
הגדתי לכם היום כי אבד תאבדון לא תאריכן ימים על האדמה אשר אתה עבר את הירדן לבא שמה לרשתה׃
19 Nnɛ mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome, asi mo anim sɛ munyi nea mopɛ. Mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ nnansefo. Momfa nkwa sɛnea ɛbɛyɛ a mo ne mo asefo benya nkwa!
העידתי בכם היום את השמים ואת הארץ החיים והמות נתתי לפניך הברכה והקללה ובחרת בחיים למען תחיה אתה וזרעך׃
20 Monnɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, monyɛ osetie mma no, na momfa mo ho mma no, efisɛ ɔno ne mo nkwa. Ɛno na mobɛtena ase akyɛ wɔ asase a Awurade kaa ntam sɛ ɔde bɛma mo tete agyanom; Abraham, Isak ne Yakob no.
לאהבה את יהוה אלהיך לשמע בקלו ולדבקה בו כי הוא חייך וארך ימיך לשבת על האדמה אשר נשבע יהוה לאבתיך לאברהם ליצחק וליעקב לתת להם׃

< 5 Mose 30 >