< 5 Mose 29 >
1 Eyinom ne nhyehyɛe a ɛwɔ apam a Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfo no nyɛ wɔ Moab nka apam a ɔne wɔn yɛɛ no wɔ Horeb no mu no ho.
The following are the terms of the agreement that the Lord ordered Moses to make with the Israelites in the country of Moab This was in addition to the agreement he had made with them at Horeb.
2 Mose frɛɛ Israelfo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se: Moahu nea Awurade yɛɛ Farao ne ne mpanyimfo ne ne man nyinaa wɔ Misraim no.
Moses called all the Israelites together and announced to them, You saw with your own eyes everything the Lord did in Egypt to Pharaoh, to all his officials, and to his whole country.
3 Mo ankasa muhuu sɔhwɛ akɛse, nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu ne anwonwade akɛse no.
You saw with your own eyes the amazing tests, and those great signs and miracles.
4 Nanso de besi nnɛ yi, Awurade mmaa mo adwene a ɛte asɛm ase anaa ani a ehu ade anaa aso a ɛte asɛm.
But up to now the Lord has not given you minds that understand, or eyes that see, or ears that hear, saying,
5 Nanso Awurade se, mfe aduanan a midii mo anim faa sare so no mu no, mo ntama antetew, na mo mpaboa a ɛhyehyɛ mo anan nso anhwere.
For forty years I led you through the desert, but your clothes and sandals didn't wear out.
6 Moanni brodo, annom nsa anaa nsa a ano yɛ den. Meyɛɛ saa sɛnea mubehu sɛ mene Awurade, mo Nyankopɔn no.
You didn't have bread to eat, or wine or alcohol to drink in order that you would realize that I am the Lord your God.
7 Yeduu ha no, Hesbonhene Sihon ne Basanhene Og ba bɛko tiaa yɛn, nanso yedii wɔn so.
When we arrived here, Sihon king of Heshbon and Og king of Bashan marched out to fight us in battle, but we defeated them.
8 Yɛfaa wɔn asase de maa Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw no fa sɛ wɔn agyapade.
We took their land and gave it to the tribes of Reuben, Gad, and the half-tribe of Manasseh to own.
9 Ɛno nti, munni saa apam yi so sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara a mobɛyɛ no bɛyɛ yiye.
So make sure you keep and follow the terms of this agreement in order that you may be successful in everything you do.
10 Mo nyinaa—mo mmusuakuw mpanyimfo, mo atemmufo, mo ahwɛfo ne Israel mmarima nyinaa, nnɛ mugyina Awurade, mo Nyankopɔn no, anim;
Every one of you is stand here today before the Lord your God: you tribal leaders, officials, and all the men of Israel,
11 mo ne mo mma ne mo yerenom ne ahɔho a wɔte mo mu a wobu mo nnua, soa mo nsu.
your children and wives, and the foreigners in your camps who cut your firewood and carry your water.
12 Mugyina ha sɛ mo ne Awurade, mo Nyankopɔn no, rebɛyɛ apam; apam a Awurade ne mo reyɛ nnɛ na ɔde ntam resɔw ano
You're here so you can enter into the agreement of the Lord your God, which he is making with you today, and accept his solemn promise,
13 na wasi so gyinae sɛ nnɛ, moyɛ ne nkurɔfo na ɔno nso bɛyɛ mo Nyankopɔn, sɛnea ɔhyɛɛ mo bɔ no na ɔkaa ntam kyerɛɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no.
and so he can confirm you today as his people. He will be your God as he told you and as he promised your forefathers Abraham, Isaac, and Jacob.
14 Mereyɛ saa apam yi a ne ntam bata ho a, ɛnyɛ mo nko a,
It's not only with you that the Lord is making this agreement and solemn promise,
15 mo ne yɛn gyina ha nnɛ wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim na mmom, wɔn a wonni ha nnɛ nso ka ho bi.
those who are standing here with us today in the presence of the Lord our God, but also with those who are not here today.
16 Mo ankasa munim sɛnea yɛtenaa Misraim ne sɛnea yɛreba ha no yɛfaa aman so besii ha.
You know very well what it was like when we lived in the land of Egypt and our experiences as we passed through the nations on the way here.
17 Muhuu akyiwade ahoni a wɔde nnua ne abo ne dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ wɔ wɔn nkyɛn.
You saw their disgusting religious practices and their idols of wood and stone, and silver and gold.
18 Monhwɛ yiye sɛ ɔbarima anaa ɔbea anaa abusua biara a ɛwɔ mo mu nnɛ no mu biara koma rennan mfi Awurade, mo Nyankopɔn no, ho nkɔsom saa aman yi anyame; monhwɛ sɛ ntin biara nni mo mu a epuw bɔre a ɛyɛ nwen saa.
You need to make sure today that there's no man or woman, family or tribe of yours who wants to turn from the Lord our God and go and worship the gods of these nations. Make sure there is nothing like that among you that would produce such poison and bitterness.
19 Sɛ saa onipa no te ntam yi mu nsɛm na ohyira ne ho, na ɔka wɔ ne tirim se, “Me ho sɔnn, ɛmfa ho sɛ menam asoɔden kwan so.” Eyi de atoyerɛnkyɛm bɛba asase a so afɔw ne nea so awo no nyinaa so.
For when someone like that hears the words of this solemn promise, they think they'll still receive a blessing, telling themselves, “I'll be safe, even though I'll go on doing whatever I feel like.” Such an attitude would destroy good and bad alike.
20 Awurade remfa nkyɛ saa onipa no. Nʼabufuw ne ne ninkunu bɛdɛw atia no. Nnome a wɔakyerɛw no saa nhoma yi mu no nyinaa bɛba ne so na Awurade bɛpepa ne din afi ɔsoro ase.
The Lord would never want to pardon them. In fact, his passionate anger will burn against them, and every curse written in this book will fall on them. The Lord will erase their name from the earth,
21 Awurade bɛtwe no afi Israel mmusuakuw nyinaa mu na wahwie apam no mu nnome nyinaa a wɔakyerɛw wɔ saa mmara nhoma no mu no agu ne so.
and punish them as an example of them for all the Israelite tribes, in accordance with all the curses of the agreement written in this Book of the Law.
22 Mo mma a wɔbɛba wɔ daakye awo ntoatoaso mu no ne wɔn a wofi ahɔho ase a wofi akyirikyiri asase so behu asase no sɛe ne nyarewa a Awurade de bɛbrɛ asase no.
Later generations, your descendants and foreigners from far away, will see how the Lord has brought disaster on the country and devastated it.
23 Wobehu sɛ, wɔn asase no nyinaa adan sufre ne nkyene a wonnua so hwee, na hwee mfifi wɔ so na ahabammono biara nnyina so, a ɛnyɛ yiye na hwee nso nnyin wɔ so; sare ahaban mpo. Ɛbɛyɛ sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim a Awurade sɛee no nʼabufuwhyew mu no.
The whole country will be burning wasteland of sulfur and salt. Nothing is sown; it's totally unproductive; no plant grows there—just like the destruction of Sodom and Gomorrah, Admah and Zeboiim, which the Lord destroyed in his furious anger.
24 Aman a atwa ahyia no bebisa se, “Adɛn nti na Awurade ayɛ saa asase yi saa? Adɛn nti na ne bo fu dennen saa?”
Everyone everywhere will ask, “Why did the Lord do this to the country? Why did he get so terribly angry?”
25 Na wɔbɛka akyerɛ wɔn se, “Saa asɛm yi sii, efisɛ nnipa a wɔwɔ asase no so buu apam a wɔne Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no, yɛe bere a oyii wɔn fii Misraim asase so no.
The people will answer, “It's because they abandoned the agreement of the Lord, the God of their forefathers, which he made with them when he led them out of Egypt.
26 Wɔdan kɔsom anyame afoforo wɔkotow wɔn, anyame a wonnim wɔn, anyame a Awurade nkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsom.
They went off and worshiped other gods, bowing down to gods they'd never heard of—gods that the Lord had not given to them.
27 Ɛno nti Awurade abufuw dɛw tiaa saa asase yi, nam so de nnome a wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no nyinaa baa wɔn so no.
That's why the Lord was so angry with this land, and he rained down on it every curse written in this book.
28 Abufuwhyew mu, Awurade tutuu ne nkurɔfo ase fii wɔn asase so twaa wɔn asu de wɔn koguu asase foforo so, sɛnea ɛte mprempren yi.”
The Lord uprooted them from their country in his anger, rage, and fury, and he threw them out, leaving them in another land, where they are to this day.”
29 Kokoamsɛm yɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn no, dea, nanso nneɛma a wɔda no adi no yɛ yɛn ne yɛn asefo dea daa, sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi saa mmara yi mu nsɛm so.
The Lord our God has secrets that belong to him, but what has been revealed belong to us and to our descendants forever, so that we may follow everything in this law.