< 5 Mose 28 >

1 Na sɛ mutie Awurade, mo Nyankopɔn no, na mudi mmara a mede rema mo nnɛ yi so a, Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpagyaw mo wɔ aman a wɔwɔ wiase nyinaa no so.
והיה אם שמוע תשמע בקול יהוה אלהיך לשמר לעשות את כל מצותיו אשר אנכי מצוך היום--ונתנך יהוה אלהיך עליון על כל גויי הארץ
2 Sɛ mutie Awurade, mo Nyankopɔn no, a mubenya saa nhyira yi nyinaa:
ובאו עליך כל הברכות האלה והשיגך כי תשמע בקול יהוה אלהיך
3 Wobehyira mo wɔ mo nkurow ne mo man mu.
ברוך אתה בעיר וברוך אתה בשדה
4 Wobehyira mo yafunu mu aba, ne mo nsase so nnɔbae, ne mo nyɛmmoa, nantwimma ne nguamma.
ברוך פרי בטנך ופרי אדמתך ופרי בהמתך--שגר אלפיך ועשתרות צאנך
5 Wɔde nnuaba nkɛntɛn amaama, ne mmɔre korow a brodo no ahyɛ ma behyira mo.
ברוך טנאך ומשארתך
6 Wobehyira mo fieba mu ne mo adifi mu.
ברוך אתה בבאך וברוך אתה בצאתך
7 Sɛ atamfo tow hyɛ mo so a, Awurade bedi wɔn so. Wobefi baabi atow ahyɛ mo so na wɔafa akwan ason so ahwete, afi mo anim.
יתן יהוה את איביך הקמים עליך נגפים לפניך בדרך אחד יצאו אליך ובשבעה דרכים ינוסו לפניך
8 Biribiara a mobɛyɛ no, Awurade behyira so na obehyira mo asan. Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo wɔ asase a ɔde rema mo no so.
יצו יהוה אתך את הברכה באסמיך ובכל משלח ידך וברכך--בארץ אשר יהוה אלהיך נתן לך
9 Sɛ mudi Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyɛde so na moyɛ osetie ma no a, Awurade begyina mo sɛ ne nnipa kronkron sɛnea ɔhyɛɛ mo bɔ sɛ ɔbɛyɛ no.
יקימך יהוה לו לעם קדוש כאשר נשבע לך כי תשמר את מצות יהוה אלהיך והלכת בדרכיו
10 Afei, asase so nnipa nyinaa behu sɛ, moyɛ nnipa a Awurade de ne din afrɛ mo na wobesuro mo.
וראו כל עמי הארץ כי שם יהוה נקרא עליך ויראו ממך
11 Awurade bɛma mo yiyedi a ɛboro so–mo yafunu mu aba, nyɛmmoa mma ne mo asase so nnɔbae—wɔ asase a ɔhyɛɛ mo agyanom bɔ sɛ ɔde bɛma mo no so.
והותרך יהוה לטובה בפרי בטנך ובפרי בהמתך ובפרי אדמתך--על האדמה אשר נשבע יהוה לאבתיך לתת לך
12 Awurade fi nʼahonya dodow a ɛwɔ soro no mu bɛma osu atɔ wɔ ne bere mu, nam so ahyira mo nnwuma a moyɛ so. Mobɛfɛm aman pii, nanso mo de, moremfɛm hwee mfi wɔn nkyɛn.
יפתח יהוה לך את אוצרו הטוב את השמים לתת מטר ארצך בעתו ולברך את כל מעשה ידך והלוית גוים רבים ואתה לא תלוה
13 Sɛ mutie saa Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyɛde a mede rema mo nnɛ yi na mudi so pɛpɛɛpɛ a, Awurade bɛyɛ mo eti na ɛnyɛ bodua, na moakorɔn daa.
ונתנך יהוה לראש ולא לזנב והיית רק למעלה ולא תהיה למטה כי תשמע אל מצות יהוה אלהיך אשר אנכי מצוך היום--לשמר ולעשות
14 Ɛnsɛ sɛ moman fa benkum anaa nifa fi ahyɛde a mede rema mo nnɛ yi biara ho sɛ morekodi anyame foforo akyi asom wɔn.
ולא תסור מכל הדברים אשר אנכי מצוה אתכם היום--ימין ושמאול ללכת אחרי אלהים אחרים--לעבדם
15 Na sɛ moantie Awurade, mo Nyankopɔn no, anni ne mmara ne nʼahyɛde a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so pɛpɛɛpɛ a, saa nnome yi nyinaa bɛba abebunkam afa mo so.
והיה אם לא תשמע בקול יהוה אלהיך לשמר לעשות את כל מצותיו וחקתיו אשר אנכי מצוך היום--ובאו עליך כל הקללות האלה והשיגוך
16 Nnome bɛka mo wɔ mo nkuropɔn ne mo man mu.
ארור אתה בעיר וארור אתה בשדה
17 Wɔde nkɛntɛn a aduaba biara nni mu ne mmɔre korow a brodo nni mu bɛdome mo.
ארור טנאך ומשארתך
18 Wɔbɛdome wo yafunu aba, ne wʼasase so nnɔbae. Ne wo nyɛmmoa mu nantwimma ne nguamma.
ארור פרי בטנך ופרי אדמתך--שגר אלפיך ועשתרת צאנך
19 Wɔbɛdome wo fieba ne wo adifi.
ארור אתה בבאך וארור אתה בצאתך
20 Awurade bɛma nnome, basabasayɛ ne huammɔdi aba ade biara a moyɛ mu, kosi sɛ awiei no wɔbɛsɛe mo koraa sɛ moayɛ bɔne na moagyaw no nti.
ישלח יהוה בך את המארה את המהומה ואת המגערת בכל משלח ידך אשר תעשה--עד השמדך ועד אבדך מהר מפני רע מעלליך אשר עזבתני
21 Awurade de nyarewa bɛba mo so akosi sɛ ɔbɛsɛe mo nyinaa wɔ asase a morebɛkɔ akɔfa no so.
ידבק יהוה בך את הדבר--עד כלתו אתך מעל האדמה אשר אתה בא שמה לרשתה
22 Awurade de ɔyare a ɛbɛma mo afonfɔn bɛka mo. Ɔbɛma atiridii ne ahonhon abɔ mo na wama ɔhyew a ano yɛ den, nnɔbae nyarewa ne kakawirewire aba mo so na ahaw mo ara akosi sɛ mo ase bɛtɔre.
יככה יהוה בשחפת ובקדחת ובדלקת ובחרחר ובחרב ובשדפון ובירקון ורדפוך עד אבדך
23 Ɔsoro a ɛkata mo ti so no bɛdan sumpii na fam adan dade.
והיו שמיך אשר על ראשך נחשת והארץ אשר תחתיך ברזל
24 Awurade bɛdan osutɔ a ɛwɔ mo man mu no mfutuma; ɛbɛtɔ afi soro agu mo so akosi sɛ mobɛsɛe.
יתן יהוה את מטר ארצך אבק ועפר מן השמים ירד עליך עד השמדך
25 Awurade bɛma mo adi nkogu wɔ mo atamfo anim. Mobɛfa baabi akɔtow ahyɛ mo atamfo so, nanso mobɛfa akwan ahorow ason so aguan afi wɔn anim. Mobɛyɛ atantanne ama ahenni a ɛwɔ asase yi so no nyinaa.
יתנך יהוה נגף לפני איביך--בדרך אחד תצא אליו ובשבעה דרכים תנוס לפניו והיית לזעוה לכל ממלכות הארץ
26 Mo afunu bɛyɛ nnomaa ne wuram mmoa aduan na obiara nso nni hɔ saa bere no a, ɔbɛpam wɔn.
והיתה נבלתך למאכל לכל עוף השמים ולבהמת הארץ ואין מחריד
27 Awurade bɛma mpɔmpɔ a esisii wɔ Misraim no bi asisi mo. Na ɔde mpɔmpɔ, ntutui ne ntwom a wɔrentumi nsa bɛbobɔ mo.
יככה יהוה בשחין מצרים ובעפלים (ובטחרים) ובגרב ובחרס--אשר לא תוכל להרפא
28 Awurade de adammɔ, anifurae ne adwene mu basabasayɛ bɛto mo so.
יככה יהוה בשגעון ובעורון ובתמהון לבב
29 Mode mo nsa bɛkeka awia ketee te sɛnea onifuraefo de ne nsa keka anadwo no. Biribiara a moyɛ no, morenni mu nkonim. Wɔbɛhyɛ mo so, abɔ mo korɔn daa na obiara remmegye mo.
והיית ממשש בצהרים כאשר ימשש העור באפלה ולא תצליח את דרכיך והיית אך עשוק וגזול כל הימים--ואין מושיע
30 Mubesi ɔbea asiwa nso obi bɛhyɛ no ne no ada. Mubesi dan, nanso morentena mu. Mobɛyɛ bobeturo nanso morenni mu aba.
אשה תארש ואיש אחר ישגלנה (ישכבנה)--בית תבנה ולא תשב בו כרם תטע ולא תחללנו
31 Wobekum mo nantwi wɔ mo anim, nanso morennya ne nam bi nwe. Wobegye mo afurum afi mo nsam a wɔrensan mfa mmrɛ mo. Wɔde mo nguan bɛma mo atamfo na morennya ɔboafo a obegye wɔn ama mo.
שורך טבוח לעיניך ולא תאכל ממנו--חמרך גזול מלפניך ולא ישוב לך צאנך נתנות לאיביך ואין לך מושיע
32 Wɔde mo mmabarima ne mo mmabea bɛma ɔman foforo na daa mobɛhwɛ wɔn ara ama mo ani atɔ dwe nanso morentumi nyɛ ho hwee.
בניך ובנתיך נתנים לעם אחר ועיניך ראות וכלות אליהם כל היום ואין לאל ידך
33 Nnipa a munnim wɔn na wɔbɛfow mo brɛ so ade adi na daa wɔasan ahyɛ mo so.
פרי אדמתך וכל יגיעך יאכל עם אשר לא ידעת והיית רק עשוק ורצוץ--כל הימים
34 Mo ani so ade a mubehu no bɛbɔ mo dam.
והיית משגע ממראה עיניך אשר תראה
35 Awurade bɛma mpɔmpɔ a ɛyɛ yaw a wɔko a ɛnkɔ abobɔ mo nkotodwe ne mo anan ho na atrɛw afi mo nantin akosi mo mpampam.
יככה יהוה בשחין רע על הברכים ועל השקים אשר לא תוכל להרפא--מכף רגלך ועד קדקדך
36 Awurade bɛpam mo ne mo hene a odi mo so no akɔ ɔman bi a mo ne mo agyanom nnim so so. Ɛhɔ na mobɛsom anyame afoforo, anyame a wɔde nnua ne abo ayɛ.
יולך יהוה אתך ואת מלכך אשר תקים עליך אל גוי אשר לא ידעת אתה ואבתיך ועבדת שם אלהים אחרים עץ ואבן
37 Mobɛyɛ atantanne, akyiwade ne aserewde ama aman a Awurade de mobɛkɔ so no nyinaa so.
והיית לשמה למשל ולשנינה--בכל העמים אשר ינהגך יהוה שמה
38 Mubedua bebree wɔ mo nsase so, nanso mubetwa kakraa bi, efisɛ mmoadabi bɛwe mo nnɔbae.
זרע רב תוציא השדה ומעט תאסף כי יחסלנו הארבה
39 Mobɛyɛ bobe nturo ahwɛ so yiye nanso morennom anaa morenni so aba, efisɛ asunson bedi.
כרמים תטע ועבדת ויין לא תשתה ולא תאגר כי תאכלנו התלעת
40 Mubedua ngonnua afa mo nsase so nyinaa, nanso morennya mu ngo biara, efisɛ ngo aba no bɛtetew agu fam.
זיתים יהיו לך בכל גבולך ושמן לא תסוך כי ישל זיתך
41 Mobɛwo mmabarima ne mmabea, nanso nyɛ mo na mobɛtetew wɔn, efisɛ wɔbɛkɔ nnommum mu.
בנים ובנות תוליד ולא יהיו לך כי ילכו בשבי
42 Mmoadabi kuw bɛfa mo asase so nnua ne nnɔbae.
כל עצך ופרי אדמתך יירש הצלצל
43 Ahɔho a wɔte mo mu no bɛkorɔn abunkam mo so, nanso mobɛkɔ so amem akɔ fam.
הגר אשר בקרבך יעלה עליך מעלה מעלה ואתה תרד מטה מטה
44 Wɔbɛbɔ mo bosea a moremmɔ wɔn bi. Wɔbɛyɛ eti na moayɛ dua.
הוא ילוך ואתה לא תלונו הוא יהיה לראש ואתה תהיה לזנב
45 Sɛ moanyɛ osetie amma Awurade, mo Nyankopɔn no, anni ahyɛde a ɔde ama mo no so a, saa nnome yi nyinaa bɛba mo so na ebedi mo akyi na abunkam afa mo so akosi sɛ wɔbɛsɛe mo.
ובאו עליך כל הקללות האלה ורדפוך והשיגוך עד השמדך כי לא שמעת בקול יהוה אלהיך--לשמר מצותיו וחקתיו אשר צוך
46 Saa nsɛm a ɛyɛ hu yi bɛba sɛ nsɛnkyerɛnne ne kɔkɔbɔ ama mo ne mo asefo daa nyinaa.
והיו בך לאות ולמופת ובזרעך עד עולם
47 Esiane sɛ moamfa anigye ne ahosɛpɛw ansom Awurade, mo Nyankopɔn no, wɔ bere a esii mo yiye no, nti,
תחת אשר לא עבדת את יהוה אלהיך בשמחה ובטוב לבב--מרב כל
48 enti mubefi ɔkɔm ne osukɔm, adagyaw ne ohia buruburoo mu asom mo atamfo a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛsoma wɔn aba mo so no. Wɔbɛhyɛ mo nnade konnua akosi sɛ mobɛsɛe.
ועבדת את איביך אשר ישלחנו יהוה בך ברעב ובצמא ובעירם ובחסר כל ונתן על ברזל על צוארך עד השמידו אתך
49 Awurade de ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri baabi, wɔ asase ano, ɔman a monte wɔn kasa no, bɛba mo so na wɔatow ahyɛ mo so te sɛnea ɔkɔre sian no,
ישא יהוה עליך גוי מרחק מקצה הארץ כאשר ידאה הנשר גוי אשר לא תשמע לשנו
50 ɔman a wɔn ho yɛ hu na wommu ɔpanyin, na wonni ahummɔbɔ mma mmofra.
גוי עז פנים אשר לא ישא פנים לזקן ונער לא יחן
51 Nʼasraafo bɛtow ahyɛ mo nyɛmmoa ne mo asase so nnɔbae so adi no fuu akosi sɛ mubewuwu. Wɔrennyaw atoko, nsa foforo anaa ngo; mo nyɛmmoa nantwimma anaa nguamma kosi sɛ mobɛsɛe.
ואכל פרי בהמתך ופרי אדמתך עד השמדך אשר לא ישאיר לך דגן תירוש ויצהר שגר אלפיך ועשתרת צאנך--עד האבידו אתך
52 Wobetua mo nkuropɔn nyinaa ano akosi sɛ wɔbɛka mo afasu dennen a mode mo ho too so sɛ ɛbɛbɔ mo ho ban wɔ mo asase no so no nyinaa no agu. Wobetua asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so nkuropɔn no nyinaa ano.
והצר לך בכל שעריך עד רדת חמתיך הגבהת והבצרות אשר אתה בטח בהן בכל ארצך והצר לך בכל שעריך בכל ארצך אשר נתן יהוה אלהיך לך
53 Esiane ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a ɔtamfo de bɛba mo so wɔ bere a wɔatua mo ano no mu no nti, mobɛwe mo yafunu mu aba, mo mmabarima ne mmabea a Awurade mo Nyankopɔn no de ama mo no nam.
ואכלת פרי בטנך בשר בניך ובנתיך אשר נתן לך יהוה אלהיך--במצור ובמצוק אשר יציק לך איבך
54 Mpo, mo mu ɔhobrɛaseni a nʼani da hɔ no renhu ɔno ara ne nuabarima anaa ne yere a ɔdɔ no, anaa ne mma a wɔte ase no mmɔbɔ,
האיש הרך בך והענג מאד--תרע עינו באחיו ובאשת חיקו וביתר בניו אשר יותיר
55 na ɔremma wɔn mu biara ne mma no mu bi nam a ɔrewe no. Esiane sɛ ɛno ara ne nea aka a ɔbɛwe wɔ bere a mo atamfo atua mo nkuropɔn no nyinaa ano rehiahia mo ho no nti.
מתת לאחד מהם מבשר בניו אשר יאכל מבלי השאיר לו כל--במצור ובמצוק אשר יציק לך איבך בכל שעריך
56 Mo mu ɔbea a ɔbrɛ ne ho ase na ɔwɔ nkatede wɔ ne mu, a mpo ɔmpɛ sɛ ɔde ne nantin besi fam no benya ne kunu a ɔdɔ no ne ɔno ara ne mmabarima anaa ne mmabea ho menasepɔw.
הרכה בך והענגה אשר לא נסתה כף רגלה הצג על הארץ מהתענג ומרך--תרע עינה באיש חיקה ובבנה ובבתה
57 Ɔbea no de awo akyi ade ne abofra a wawo no foforo no besie wɔn sɛnea obetumi awe ne nyinaa wɔ kokoa mu, esiane ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a mo atamfo de bɛba mo so, bere a wɔatua mo nkuropɔn ano no nti.
ובשליתה היוצת מבין רגליה ובבניה אשר תלד כי תאכלם בחסר כל בסתר--במצור ובמצוק אשר יציק לך איבך בשעריך
58 Sɛ moanni mmara a wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no nyinaa so pɛpɛɛpɛ, na moanni saa onuonyamfo ne ɔnwonwani Awurade, mo Nyankopɔn no, no din ni a,
אם לא תשמר לעשות את כל דברי התורה הזאת הכתבים בספר הזה ליראה את השם הנכבד והנורא הזה--את יהוה אלהיך
59 Awurade de ɔyaredɔm a ɛyɛ hu bɛba mo ne mo asefo. Ɛbɛyɛ atoyerɛnkyɛm a ano yɛ den ne ɔyaredɔm a ano yɛ den na ɛbɛtena hɔ akyɛ.
והפלא יהוה את מכתך ואת מכות זרעך מכות גדלת ונאמנות וחלים רעים ונאמנים
60 Ɔde ɔyaredɔm ahorow a ɛbaa wɔ Misraim a ɛbɔɔ mo hu no bɛba bɛtena mo so.
והשיב בך את כל מדוה מצרים אשר יגרת מפניהם ודבקו בך
61 Awurade de nyarewa ahorow bebree ne atoyerɛnkyɛm a wɔnkyerɛw wɔ Mmara Nhoma yi mu no bɛbrɛ mo akosi sɛ mobɛsɛe.
גם כל חלי וכל מכה אשר לא כתוב בספר התורה הזאת--יעלם יהוה עליך עד השמדך
62 Mo a na modɔɔso te sɛ ɔsoro nsoromma no, mo so bɛtew koraa, efisɛ moantie Awurade, mo Nyankopɔn no.
ונשארתם במתי מעט תחת אשר הייתם ככוכבי השמים לרב כי לא שמעת בקול יהוה אלהיך
63 Sɛnea na ɛyɛ Awurade anisɔ sɛ ɔbɛma mo adi yiye na moadɔɔso no, saa ara nso na ɛbɛyɛ no anisɔ sɛ ɔbɛdwerɛw mo na wasɛe mo. Obetutu mo ase afi asase a morekɔ so akɔfa no so.
והיה כאשר שש יהוה עליכם להיטיב אתכם ולהרבות אתכם--כן ישיש יהוה עליכם להאביד אתכם ולהשמיד אתכם ונסחתם מעל האדמה אשר אתה בא שמה לרשתה
64 Na Awurade bɛbɔ mo apansam afra aman nyinaa afi asase ano akosi asase ano. Ɛhɔ na mobɛsom ahɔho anyame a mo anaa mo agyanom nhuu bi da; anyame a wɔde nnua ne abo ayɛ!
והפיצך יהוה בכל העמים מקצה הארץ ועד קצה הארץ ועבדת שם אלהים אחרים אשר לא ידעת אתה ואבתיך--עץ ואבן
65 Morennya guankɔbea anaa homebea mma mo anantin wɔ saa aman no so. Ɛhɔ na Awurade bɛma mo adwene a ɛpere, aniwa a ayɛ siamoo ne koma a apa abawa.
ובגוים ההם לא תרגיע ולא יהיה מנוח לכף רגלך ונתן יהוה לך שם לב רגז וכליון עינים ודאבון נפש
66 Mo asetena bedi nsensɛnmu daa, na ehu bɛhyɛ mo so anadwo ne awia a munnim nea ɛrekɔ so wɔ mo asetena mu.
והיו חייך תלאים לך מנגד ופחדת לילה ויומם ולא תאמין בחייך
67 Anɔpa mobɛka se, “Sɛ ɛyɛɛ anwummere a!” Na anwummere nso mobɛka se, “Sɛ ɛyɛɛ anɔpa a!” Mobɛka saa, esiane ehu a ɛbɛhyɛ mo koma amaama ne nea atwa mo ho ahyia a mo ani behu no.
בבקר תאמר מי יתן ערב ובערב תאמר מי יתן בקר--מפחד לבבך אשר תפחד וממראה עיניך אשר תראה
68 Na Awurade bɛma mo atenatena ahyɛn mu asan akɔ Misraim, akwantu a mehyɛɛ sɛ ɛnsɛ sɛ mutu bio no. Ɛhɔ na mode mo ho bɛma mo atamfo sɛ wɔntɔ mo sɛ nkoa, nanso obiara rempɛ sɛ ɔbɛtɔ mo.
והשיבך יהוה מצרים באניות בדרך אשר אמרתי לך לא תסיף עוד לראתה והתמכרתם שם לאיביך לעבדים ולשפחות ואין קנה

< 5 Mose 28 >