< 5 Mose 27 >
1 Mose ne Israel mpanyimfo hyɛɛ ɔmanfo no se, “Munni mmara a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so.
Mose ne Israel mpanimfoɔ hyɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ, “Monni mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi nyinaa so.
2 Sɛ mutwa Yordan kodu asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so a, monhyehyɛ abo akɛse na momfa akaadoo nsra ho.
Sɛ motwa Yordan kɔduru asase a Awurade, mo Onyankopɔn de rema mo no so a, monhyehyɛ aboɔ akɛseɛ na momfa akaadoo nsra ho.
3 Sɛ mutwa Yordan kɔ asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so, asase a ɛwo ne nufusu resen so no so a, monkyerɛw mmara no nyinaa ngu so sɛnea Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, hyɛɛ mo bɔ no.
Sɛ motwa Yordan kɔ asase a Awurade, mo Onyankopɔn de rema mo no so, asase a ɛwoɔ ne nufosuo resene so no so a, montwerɛ mmara no nyinaa ngu so sɛdeɛ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, hyɛɛ mo bɔ no.
4 Na sɛ mutwa Yordan a, monhyehyɛ abo yi wɔ Ebal bepɔw so sɛnea merehyɛ mo nnɛ yi na momfa akaadoo nsra ho.
Na sɛ motwa Yordan a, monhyehyɛ aboɔ no wɔ Ebal bepɔ so sɛdeɛ merehyɛ mo ɛnnɛ yi na momfa akaadoo no mfa ho.
5 Munsi afɔremuka, abo afɔremuka wɔ hɔ mma Awurade, mo Nyankopɔn no. Mommfa dade biribiara nka.
Monsi afɔrebukyia, aboɔ afɔrebukyia wɔ hɔ mma Awurade, mo Onyankopɔn. Mommfa dadeɛ biribiara nka.
6 Momfa abo amuamu nsi Awurade, mo Nyankopɔn no, afɔremuka no na mommɔ ɔhyew afɔre wɔ so mma Awurade, mo Nyankopɔn no.
Momfa aboɔ nkunkuma nsi Awurade, mo Onyankopɔn afɔrebukyia no na mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so mma Awurade, mo Onyankopɔn.
7 Mommɔ asomdwoe afɔre nso wɔ so na momfa anigye nnidi wɔ hɔ wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim.
Mommɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ nso wɔ so na momfa anigyeɛ nnidi wɔ hɔ wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim.
8 Monkyerɛw mmara no mu nhyehyɛe nyinaa pɛpɛɛpɛ ngu abo a wɔde akaadoo asra ho no so.”
Montwerɛ mmara no mu nhyehyɛeɛ nyinaa pɛpɛɛpɛ ngu aboɔ a wɔde akaadoo aka so no so.”
9 Afei, Mose ne Lewifo asɔfo kasa kyerɛɛ Israelfo no se, “Israel, monyɛ komm na muntie! Nnɛ, moabɛyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, manfo.
Afei, Mose ne Lewifoɔ asɔfoɔ kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Ao Israel, monyɛ komm na montie! Ɛnnɛ, moabɛyɛ Awurade, mo Onyankopɔn manfoɔ.
10 Monyɛ osetie mma Awurade, mo Nyankopɔn no, na munni ne mmara ne nʼahyɛde a mede rema mo nnɛ yi so.”
Monyɛ ɔsetie mma Awurade, mo Onyankopɔn, na monni ne mmara ne nʼahyɛdeɛ a mede rema mo ɛnnɛ yi so.”
11 Saa da no ara, Mose hyɛɛ ɔmanfo no se:
Saa ɛda no ara, Mose hyɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ,
12 Sɛ mutwa Asubɔnten Yordan a Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef ne Benyamin mmusuakuw na wonnyina Gerisim bepɔw so nhyira ɔman no.
Sɛ motwa Asubɔnten Yordan a, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef ne Benyamin mmusuakuo na wɔnnyina Gerisim bepɔ so nhyira ɔman no.
13 Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan ne Naftali mmusuakuw nso nnyina Ebal bepɔw so nnome.
Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan ne Naftali mmusuakuo nso nnyina Ebal bepɔ so nnome.
14 Lewifo nteɛteɛ mu nworo ngu nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa so se:
Na afei, Lewifoɔ nteam ngu nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa so sɛ:
15 “Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasen anaa nea wɔagu de ahyɛ kokoa mu. Saa ahoni, adwumfo nsa ano nnwuma yi yɛ Awurade akyiwade.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
“Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasene anaa deɛ wɔagu de ahyɛ kɔkoam. Saa ahoni adwumfoɔ nsaano nnwuma yi yɛ Awurade akyiwadeɛ.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
16 “Nnome nka obiara a obebu nʼagya anaa ne na animtiaa.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
“Nnome nka obiara a ɔbɛbu nʼagya anaa ne maame animtia.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
17 “Nnome nka obiara a opia ɔhye nam so bɔ ne yɔnko korɔn.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
“Nnome nka obiara a ɔsesa hyeɛ nam so bɔ ne yɔnko korɔno.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
18 “Nnome nka obiara a ɔma onifuraefo fom kwan.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
“Nnome nka obiara a ɔma onifirani fom ɛkwan.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
19 “Nnome nka obiara a osisi ahɔho, nyisaa ne akunafo.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
“Nnome nka obiara a ɔsisi ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
20 “Nnome nka obiara a ɔne nʼagya yere bɛda, efisɛ wagu nʼagya mpa ho fi.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
“Nnome nka obiara a ɔne nʼagya yere bɛda, ɛfiri sɛ, wagu nʼagya mpa ho fi.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
21 “Nnome nka obiara a ɔne aboa bɛda.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
“Nnome nka obiara a ɔne aboa bɛda.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
22 “Nnome nka obiara a ɔne ne nuabea bɛda, sɛ ɔyɛ nʼagya babea anaa ne na babea.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
“Nnome nka obiara a ɔne ne nuabaa bɛda, sɛ ɔyɛ nʼagya babaa anaa ne maame babaa.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
23 “Nnome nka obiara a ɔne nʼasebea bɛda.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
“Nnome nka obiara a ɔne nʼase baa bɛda.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
24 “Nnome nka obiara a obekum ɔfoforo wɔ kokoa mu.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
“Nnome nka obiara a ɔbɛkum ɔfoforɔ wɔ kɔkoam.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
25 “Nnome nka obiara a ogye apaade, kum onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
“Nnome nka obiara a ɔgye apaabɔdeɛ na ɔkum onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
26 “Nnome nka obiara a wanni mmara nsɛm yi so na wannye anto mu.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
“Nnome nka obiara a wanni mmaransɛm yi so na wannye anto mu.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”