< 5 Mose 26 >
1 Sɛ mudu asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rebɛma mo sɛ mo agyapade no so na moko gye, na motena so a,
Sɛ moduru asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rebɛma mo sɛ mo agyapadeɛ sononko no so, na moko gye tena so a,
2 momfa otwakan wɔ otwabere biara mu no ngu kɛntɛn mu na momfa mmra baabi a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw sɛ wɔnkamfo ne din wɔ hɔ no,
momfa otwakane wɔ otwa berɛ biara mu no ngu kɛntɛn mu na momfa mmra baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi sɛ wɔnkamfo ne din wɔ hɔ no.
3 na monkɔ ɔsɔfo a ɔwɔ hɔ saa bere no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se, “Meda no adi nnɛ akyerɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, sɛ Awurade de me aba asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ yɛn agyanom no so.”
Monkɔ ɔsɔfoɔ a ɔwɔ hɔ saa ɛberɛ no nkyɛn na monka nkyerɛ no sɛ, “Menam saa akyɛdeɛ yi so reda no adi sɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, de me aba asase a ɔhyɛɛ mʼagyanom bɔ no so.”
4 Afei, ɔsɔfo no begye kɛntɛn no afi wo nsam de asi Awurade, mo Nyankopɔn no, afɔremuka no anim.
Afei, ɔsɔfoɔ no bɛgye kɛntɛn no afiri wo nsam de asi Awurade, mo Onyankopɔn afɔrebukyia no anim.
5 Na wobɛka saa nsɛm yi wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim sɛ, “Na me tete agya Yakob yɛ ɔkwantuni Aramni a ɔkɔtenaa Misraim. Nʼabusua no yɛ ketewaa bi, nanso Misraim hɔ no, wɔdɔɔso bebree bɛyɛɛ ɔman kɛse.
Na wobɛka saa nsɛm yi wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim sɛ, “Na me tete agya Yakob yɛ otutenani Aramni a ɔkɔtenaa Misraim. Nʼabusua no yɛ ketewaa bi, nanso Misraim hɔ no, wɔdɔɔso bebree bɛyɛɛ ɔman kɛseɛ.
6 Bere a Misraimfo dii yɛn nya nam so ma yɛyɛɛ wɔn nkoa no,
Ɛberɛ a Misraimfoɔ dii yɛn nya nam so ma yɛyɛɛ wɔn nkoa no,
7 yesu frɛɛ Awurade, yɛn agyanom Nyankopɔn no. Ɔtee yɛn sufrɛ na ohuu yɛn amanehunu, ɔbrɛ ne ɔhyɛ a na yɛwɔ mu.
yɛsu frɛɛ Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn. Ɔtee yɛn sufrɛ na ɔhunuu yɛn amanehunu, ɔbrɛ ne ɔhyɛ a yɛwɔ mu.
8 Enti Awurade nam tumi a ɛyɛ nwonwa, ehu a emu yɛ den, nsɛnkyerɛnne a epusuw nnipa ne anwonwasɛm so gyee yɛn fii Misraim.
Enti, Awurade nam tumi a ɛyɛ nwanwa, ehubɔ a emu yɛ den, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛpusu nnipa ne anwanwasɛm so gyee yɛn firii Misraim.
9 Ɔde yɛn baa ha na ɔde asase yi a nufusu ne ɛwo resen so yi maa yɛn.
Ɔde yɛn baa ha na ɔde asase yi a nufosuo ne ɛwoɔ resene so yi maa yɛn.
10 Afei, Awurade, mede akyɛde a ɛyɛ mʼaduankan a wode fi asase mu maa me no rebrɛ wo.” Afei, fa aduan no si Awurade, mo Nyankopɔn no, anim na sɔre no.
Afei, Ao Awurade, mede akyɛdeɛ a ɛyɛ mʼaduanekan a wode firi asase mu maa me no rebrɛ wo.” Afei, fa aduane no si Awurade, mo Onyankopɔn, anim na sɔre no.
11 Afei, kɔ na wo ne Lewifo ne ahɔho a wɔte mo mu no nkogye mo ani wɔ nneɛma pa a Awurade, mo Nyankopɔn no, de ama wo ne wo fifo no ho.
Afei, kɔ na kɔgye wʼani wɔ nneɛma pa a Awurade, mo Onyankopɔn, de ama wo ne wo fiefoɔ no ho. Wʼanigyeɛ no mu, kae Lewifoɔ ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu no nso.
12 Afe a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ ntotoso du du afe a woayi wo nnɔbae so ntotoso du du awie no ɛsɛ sɛ mode ma Lewifo, ahɔho, nyisaa ne akunafo sɛnea ɛbɛyɛ a wobedidi amee wɔ mo nkurow so.
Mfeɛ mmiɛnsa biara, ɛsɛ sɛ moma mo mfudeɛ ho ntotosoɔ dudu sononko. Ɛsɛ sɛ mode saa ntotosoɔ dudu sononko no ma Lewifoɔ, ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛnya bi adi amee wɔ mo nkuro so.
13 Afei, mompae mu nka wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim se, “Mede akyɛde kronkron a efi me fi ama Lewifo, ahɔho, nyisaa ne akunafo sɛnea wohyɛɛ me no. Mimmuu wʼahyɛde bi so anaa me werɛ mfii wo mmara no mu biara ɛ.
Afei, mompae mu nka wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim sɛ, “Mede akyɛdeɛ kronkron a ɛfiri me fie ama Lewifoɔ, ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ sɛdeɛ wohyɛɛ me no. Memmuu wo mmara no bi so anaa me werɛ mfirii wo mmara no bi.
14 Manni akronkronne no bi bere a meretwa adwo no, na bere a na me ho ntew no nso, mamfa me nsa anka bi; na mamfa mu bi nso amma awufo. Matie Awurade, me Nyankopɔn no, na mayɛ biribiara a wohyɛɛ me sɛ menyɛ no.
Manni bi ɛberɛ a meretwa adwo anaasɛ ɛberɛ a na me ho nte no. Afei nso, mamfa me nsa anka bi, na mamfa mu bi nso amma awufoɔ. Matie Awurade, me Onyankopɔn, na mayɛ biribiara a wohyɛɛ me sɛ menyɛ no.
15 Fi wo soro tenabea kronkron hɔ hwɛ fam na hyira wo nkurɔfo Israel ne asase a wode ama yɛn no—asase a nufusu ne ɛwo resen wɔ so sɛnea wode ntam hyɛɛ yɛn agyanom bɔ no.”
Firi wo soro tenabea kronkron hɔ hwɛ fam na hyira wo nkurɔfoɔ Israel ne asase a wode ama yɛn no—asase a nufosuo ne ɛwoɔ retene wɔ so sɛdeɛ wohyɛɛ yɛn agyanom bɔ no.”
16 Awurade, mo Nyankopɔn no, hyɛ mo nnɛ sɛ, munni saa ahyɛde ne mmara yi nyinaa so; momfa mo koma ne mo kra nyinaa nni so pɛpɛɛpɛ.
Awurade, mo Onyankopɔn, hyɛ mo ɛnnɛ sɛ, monni saa mmara yi nyinaa so; momfa mo akoma ne mo kra nyinaa nni so.
17 Moapae mu aka no nnɛ se, Awurade yɛ, mo Nyankopɔn, na mobɛnantew nʼakwan so na mubedi ne mmara so ayɛ osetie ama no.
Moapae mu aka no ɛnnɛ sɛ, Awurade yɛ, mo Onyankopɔn, na mobɛnante nʼakwan so na mobɛdi ne mmara so ayɛ ɔsetie ama no.
18 Na Awurade aka no nnɛ se, moyɛ ne nkurɔfo, nʼagyapade a ne koma da ho sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no; ɛno nti, ɛsɛ sɛ mudi nʼahyɛde nyinaa so.
Na Awurade aka no ɛnnɛ sɛ, moyɛ ne nkurɔfoɔ, nʼagyapadeɛ a nʼakoma da ho sɛdeɛ ɔhyɛɛ bɔ no; ɛno enti, ɛsɛ sɛ modi ne mmara nyinaa so.
19 Na sɛ moyɛ saa a, ɔbɛyɛ mo kɛse asen ɔman biara. Afei, mubenya nkamfo ne anuonyam a ɛboro aman a wayɛ no nyinaa de so. Mobɛyɛ ɔman a ɛyɛ kronkron ama Awurade, mo Nyankopɔn no, sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no.
Na sɛ moyɛ saa a, ɔbɛyɛ mo kɛseɛ asene ɔman biara. Afei, mobɛnya nkamfoɔ, animuonyam, na mo din bɛhyeta. Mobɛyɛ ɔman a ɛyɛ kronkron ma Awurade, mo Onyankopɔn sɛdeɛ ɔhyɛɛ bɔ no.