< 5 Mose 25 >
1 Sɛ akasakasa si nnipa bi ntam a, wɔmfa asɛm no nkɔ asennii na atemmufo no nni asɛm no. Wobegyaa nea odi bem no na wɔatwe de odi fɔ no aso.
人と人との間に争い事があって、さばきを求めてきたならば、さばきびとはこれをさばいて、正しい者を正しいとし、悪い者を悪いとしなければならない。
2 Sɛ nea odi fɔ no fata sɛ wotwa no mmaa a, atemmufo no bɛma no ada hɔ na wɔatwa no mmaa dodow a ɛfata ne bɔne no wɔ nʼanim.
その悪い者が、むち打つべき者であるならば、さばきびとは彼を伏させ、自分の前で、その罪にしたがい、数えて彼をむち打たせなければならない。
3 Nanso ɛnsɛ sɛ otemmufo no ma wotwa mmaa boro aduanan. Sɛ wotwa boro saa a, na wɔagu wo yɔnko Israelni anim ase wɔ wʼanim.
彼をむち打つには四十を越えてはならない。もしそれを越えて、それよりも多くむちを打つときは、あなたの兄弟はあなたの目の前で、はずかしめられることになるであろう。
4 Nkyekyere nantwi a ɔreporow atoko ano.
脱穀をする牛にくつこを掛けてはならない。
5 Sɛ nuabarimanom baanu te fie na wɔn mu baako wu a wanwo ɔba a, ɛnsɛ sɛ okunafo no kɔware ɔhɔho. Mmom, ne kunu a wawu no nuabarima na ɛsɛ sɛ ɔware okunafo no ma ɔyɛ okunu nua no asɛde.
兄弟が一緒に住んでいて、そのうちのひとりが死んで子のない時は、その死んだ者の妻は出て、他人にとついではならない。その夫の兄弟が彼女の所にはいり、めとって妻とし、夫の兄弟としての道を彼女につくさなければならない。
6 Wɔde abakan a wɔbɛwo no no bɛto nʼagya a wawu no sɛnea ɛbɛyɛ a owufo no din rempepa mfi Israel.
そしてその女が初めに産む男の子に、死んだ兄弟の名を継がせ、その名をイスラエルのうちに絶やさないようにしなければならない。
7 Na sɛ ɛba sɛ owufo no nuabarima mpɛ sɛ ɔware ne nua no yere no a, ɔbea no bɛkɔ kurow no mpanyimfo nkyɛn wɔ kurow no pon ano akɔka akyerɛ wɔn se, “Me kunu nua no mpɛ sɛ ne nua no din bɛka Israel. Ɔrenyɛ okunu nua asɛde mma me.”
しかしその人が兄弟の妻をめとるのを好まないならば、その兄弟の妻は町の門へ行って、長老たちに言わなければならない、『わたしの夫の兄弟はその兄弟の名をイスラエルのうちに残すのを拒んで、夫の兄弟としての道をつくすことを好みません』。
8 Afei, ɔbarima no kurom mpanyimfo bɛfrɛ no akasa akyerɛ no. Sɛ ose pene ara na ɔrempene nti ɔka se, “Mempɛ sɛ meware no a,”
そのとき町の長老たちは彼を呼び寄せて、さとさなければならない。もし彼が固執して、『わたしは彼女をめとることを好みません』と言うならば、
9 okunafo no bɛkɔ ɔbarima no anim a mpanyimfo no nso wɔ hɔ bi. Ɔbɛworɔw ɔbarima no mpaboa baako, ate ntasu agu nʼanim na waka se, “Sɛɛ na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ɔbarima a ɔmpɛ sɛ ɔtoa ne nua abusua so.”
その兄弟の妻は長老たちの目の前で、彼のそばに行き、その足のくつを脱がせ、その顔につばきして、答えて言わなければならない。『兄弟の家をたてない者には、このようにすべきです』。
10 Wɔbɛfrɛ saa onipa no asefo wɔ Israel se Abusua a Wɔaworɔw wɔn Mpaboa.
そして彼の家の名は、くつを脱がされた者の家と、イスラエルのうちで呼ばれるであろう。
11 Sɛ Israelfo mmarima baanu reko na wɔn mu baako yere pɛ sɛ ɔboa ne kunu nti, oso ɔbarima baako no barima mu a,
ふたりの人が互に争うときに、そのひとりの人の妻が、打つ者の手から夫を救おうとして近づき、手を伸べて、その人の隠し所をつかまえるならば、
12 ɛsɛ sɛ motwa ɔbea no nsa no a ahummɔbɔ biara nni mu.
その女の手を切り落さなければならない。あわれみをかけてはならない。
13 Monnkita nsania ahorow abien a baako yɛ duru na baako yɛ hare.
あなたの袋に大小二種の重り石を入れておいてはならない。
14 Monnkora olonka ahorow abien a baako so na baako su wɔ mo fi.
あなたの家に大小二種のますをおいてはならない。
15 Momfa nsania ne olonka a ɛyɛ pɛpɛ na nokwaredi wɔ mu nsusuw aguade na moanya nkwanna tenten wɔ asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so.
不足のない正しい重り石を持ち、また不足のない正しいますを持たなければならない。そうすればあなたの神、主が賜わる地で、あなたは長く命を保つことができるであろう。
16 Wɔn a wɔfa nsania bɔne ne nkontompo so kari aguade no yɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, akyiwade.
すべてこのような不正をする者を、あなたの神、主が憎まれるからである。
17 Monkae nea Amalekfo yɛɛ mo bere a mufi Misraim reba no.
あなたがエジプトから出てきた時、道でアマレクびとがあなたにしたことを記憶しなければならない。
18 Wɔtow hyɛɛ mo so bere a moabrɛbrɛ na moatotɔ beraw no na wɔn a wɔaka akyi no nso, wɔbobɔɔ wɔn hwehwee fam. Na wonsuro Onyankopɔn.
すなわち彼らは道であなたに出会い、あなたがうみ疲れている時、うしろについてきていたすべての弱っている者を攻め撃った。このように彼らは神を恐れなかった。
19 Sɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, ma mo ahomegye fi mo atamfo nyinaa nsam, wɔ asase a ɔde rema mo sɛ agyapade no so a, ɛsɛ sɛ mosɛe Amalekfo na wɔankae wɔn bio wɔ asase yi so. Mommma mo werɛ mfi eyi da!
それで、あなたの神、主が嗣業として賜わる地で、あなたの神、主があなたの周囲のすべての敵を征服して、あなたに安息を与えられる時、あなたはアマレクの名を天の下から消し去らなければならない。この事を忘れてはならない。