< 5 Mose 24 >
1 Sɛ ɔbarima ware yere na sɛ nʼani nnye ne ho bio, efisɛ wahu ade bɔne bi wɔ ne ho, na sɛ ɔkyerɛw awaregyae krataa de ma no, na ɔpam no fi ne fi,
Si un homme prend une femme et l’épouse, et qu’il arrive qu’elle ne trouve pas grâce à ses yeux, parce qu’il aura trouvé en elle quelque chose de malséant, il écrira pour elle une lettre de divorce, et la lui mettra dans la main, et la renverra hors de sa maison.
2 na ofi fi hɔ na ɔbarima foforo kɔware no,
Et elle sortira de sa maison et s’en ira, et elle pourra être à un autre homme.
3 na ne kunu a ɔto so abien no gyaa no anaasɛ owu a,
Et si le dernier mari la hait, et qu’il lui écrive une lettre de divorce et la lui mette dans la main, et la renvoie de sa maison, ou si le dernier mari qui l’avait prise pour sa femme vient à mourir:
4 ne kunu a odi kan a ogyaa no no nni ho kwan sɛ ɔware no bio, bere a ne ho agu fi akyi no. Ɛyɛ akyiwade wɔ Awurade ani so. Mommfa afɔbu mma asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo sɛ agyapade no so.
alors son premier mari, qui l’a renvoyée, ne pourra pas la reprendre pour être sa femme, après qu’elle aura été rendue impure; car c’est une abomination devant l’Éternel: tu ne chargeras pas de péché le pays que l’Éternel, ton Dieu, te donne en héritage.
5 Sɛ ɔbarima aware foforo a, ɛnsɛ sɛ wɔde no kɔ ɔko anaasɛ wɔde dwuma bi di to no so. Ɛsɛ sɛ ɔtena fie afe a ɔnyɛ adwuma biara sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔbɛma ne yere foforo a waware no no anya ahotɔ.
Si un homme a nouvellement pris une femme, il n’ira point à l’armée, et il ne sera chargé d’aucune affaire: il en sera exempt, pour sa maison, pendant une année, et il réjouira sa femme qu’il a prise.
6 Monnnye adeyam bo ne ne boba anaa ne ba no nko ara nsi ka ano, ɛba saa a na moagye ne wura no ano aduan sɛ akagyinamde.
On ne prendra point en gage les deux meules, ni la meule tournante, car ce serait prendre en gage la vie.
7 Sɛ obi kyere ne yɔnko Israelni na odi no nya sɛ ɔdɔnkɔ anaa ɔtɔn no a, ɛsɛ sɛ owifo no wu. Ɛsɛ sɛ mutu bɔne ase fi mo mu.
Si on trouve un homme qui ait volé l’un d’entre ses frères, les fils d’Israël, et qui l’ait traité en esclave et l’ait vendu, ce voleur mourra; et tu ôteras le mal du milieu de toi.
8 Monhwɛ ɔhonam ani nsanyare nyinaa yiye na munni ho mmara a Lewifo asɔfo bɛkyerɛ mo no so. Munni ahyɛde a mede ama wɔn no so pɛpɛɛpɛ.
Prends garde à la plaie de la lèpre, afin de bien observer et de faire selon tout ce que les sacrificateurs, les Lévites, vous enseigneront; vous prendrez garde à faire comme je leur ai commandé.
9 Monkae nea bere a mufi Misraim reba no Awurade, mo Nyankopɔn no, yɛɛ Miriam.
Souviens-toi de ce que l’Éternel, ton Dieu, fit à Marie dans le chemin, quand vous sortiez d’Égypte.
10 Sɛ wode biribi fɛm wo yɔnko a, nkɔ wo yɔnko fi nkogye akagyinamde.
Lorsque tu feras à ton prochain un prêt quelconque, tu n’entreras pas dans sa maison pour recevoir son gage;
11 Gyina afikyiri na ma ɔyɔnko a ɔfɛm wʼade no mfa akagyinamde no mmrɛ wo.
tu te tiendras dehors, et l’homme à qui tu prêtes t’apportera le gage dehors.
12 Sɛ ɔyɔnko no yɛ ohiani a, nkora akagyinamde no nkosi adekyee.
Et si l’homme est pauvre, tu ne te coucheras pas sur son gage;
13 Enkosi owiatɔbere no na wode ntama no akɔma wo yɔnko no na ɔde ada. Na ɔbɛda wo ase, na wɔbɛfa no sɛ ade trenee wɔ Awurade, wo Nyankopɔn no, ani so.
tu ne manqueras pas de lui rendre le gage au coucher du soleil; et il couchera dans son vêtement, et te bénira; et cela te sera justice devant l’Éternel, ton Dieu.
14 Nhyɛ ɔpaani mmɔborɔni a ɔyɛ wo nua Israelni anaa ɔhɔho a ɔte mo nkurow no mu bi mu no so.
Tu n’opprimeras pas l’homme à gages affligé et pauvre d’entre tes frères ou d’entre tes étrangers qui sont dans ton pays, dans tes portes.
15 Tua nʼapaade ma no da biara ansa na owia akɔtɔ, efisɛ ɔyɛ ohiani na nʼani da saa akatua no so. Anyɛ saa a, obesu afrɛ Awurade atia wo, na wubedi bɔne ho fɔ.
En son jour, tu lui donneras son salaire; le soleil ne se couchera pas sur lui, car il est pauvre et son désir s’y porte; afin qu’il ne crie pas contre toi à l’Éternel et qu’il n’y ait pas du péché sur toi.
16 Ɛnsɛ sɛ wokum awofo wɔ wɔn mma bɔne bi a wɔayɛ ho. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wokum mma wɔ awofo bɔne bi a wɔayɛ ho. Ɛsɛ sɛ obiara wu wɔ nʼankasa bɔne ho.
Les pères ne seront pas mis à mort pour les fils, et les fils ne seront pas mis à mort pour les pères: ils seront mis à mort chacun pour son péché.
17 Ɛnsɛ sɛ mubu ahɔho a wɔte mo mu ne nyisaa ntɛnkyew, anaasɛ mugye ɔbea kunafo ntama de di akagyinamu.
Tu ne feras pas fléchir le jugement de l’étranger [ni] de l’orphelin, et tu ne prendras pas en gage le vêtement de la veuve.
18 Daa monkae sɛ, na mo nso moyɛ nkoa wɔ Misraim na Awurade, mo Nyankopɔn no, na ogyee mo. Ɛno nti na mehyɛ mo sɛ monyɛ eyi no.
Et tu te souviendras que tu as été serviteur en Égypte, et que l’Éternel, ton Dieu, t’a racheté de là; c’est pourquoi je te commande de faire cela.
19 Sɛ moretwa mo mfuw mu nnɔbae, na mo ani pa nnɔbae no bi so a, monnsan nkɔfa. Monnyaw ma ahɔho, nyisaa ne akunafo sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo nsa ano nnwuma nyinaa so.
Quand tu feras ta moisson dans ton champ, et que tu auras oublié une gerbe dans ton champ, tu ne retourneras pas pour la prendre; elle sera pour l’étranger, pour l’orphelin, et pour la veuve, afin que l’Éternel, ton Dieu, te bénisse dans toute l’œuvre de tes mains.
20 Sɛ motew wo ngonnua so aba a, monkɔ so mprenu. Monnyaw aba a aka wɔ so no mma ahɔho, nyisaa ne akunafo.
Quand tu battras ton olivier, tu ne reviendras pas cueillir ce qui reste aux branches après toi; ce sera pour l’étranger, pour l’orphelin, et pour la veuve.
21 Saa nso na motew wo bobe nturo so aba a, monkɔ so mprenu; na monnyaw aba a aka wɔ so no mma ahɔho, nyisaa ne akunafo.
Quand tu vendangeras ta vigne, tu ne grappilleras pas après; ce sera pour l’étranger, pour l’orphelin, et pour la veuve.
22 Monkae sɛ, moyɛɛ nkoa wɔ Misraim. Ɛno nti na mehyɛ mo sɛ monyɛ eyi no.
Et tu te souviendras que tu as été serviteur dans le pays d’Égypte; c’est pourquoi je te commande de faire cela.