< 5 Mose 23 >

1 Ɔbarima a wɔasa no anaa wɔatwa ne barima akyene no mma Awurade bagua ase.
No one whose testicles are crushed or whose male organ is cut off may enter the assembly of the LORD.
2 Wɔn a wɔyɛ mpenamma ne wɔn aseni biara, mpo enkosi awo ntoatoaso du no, mma Awurade bagua ase.
No one of illegitimate birth shall enter into the assembly of the LORD; even to the tenth generation shall none of his enter into the assembly of the LORD.
3 Amonfo anaa Moabfo anaasɛ wɔn asefo biara, mpo enkosi awo ntoatoaso du no mu biara mma Awurade bagua ase.
An Ammonite or a Moabite shall not enter into the assembly of the LORD; even to the tenth generation shall none belonging to them enter into the assembly of the LORD forever:
4 Saa aman yi annye mo, amma mo aduan anaasɛ nsu, bere a mufi Misraim reba no. Mmom, wɔkɔbɔɔ Beor babarima Balaam a ofi Petor a ɛwɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome mo.
because they did not meet you with bread and with water in the way, when you came forth out of Egypt, and because they hired against you Balaam the son of Beor from Pethor of Aram Naharaim, to curse you.
5 Nanso Awurade, mo Nyankopɔn no, antie Balaam. Ɔdan nnome no maa ɛyɛɛ nhyira maa mo, efisɛ Awurade mo Nyankopɔn no, dɔ mo.
Nevertheless the LORD your God wouldn't listen to Balaam; but the LORD your God turned the curse into a blessing to you, because the LORD your God loved you.
6 Na sɛ mote ase yi, mo ne Amonfo ne Moabfo nnyɛ ayɔnkofa apam koraa.
You shall not seek their peace nor their prosperity all your days forever.
7 Munnkyi Edomfo anaa Misraimfo, efisɛ Edomfo yɛ mo nuanom, na motenaa Misraimfo nso mu sɛ ahɔho.
You shall not abhor an Edomite; for he is your brother: you shall not abhor an Egyptian, because you lived as a foreigner in his land.
8 Wɔn awo ntoatoaso abiɛsa so mma no betumi akɔ Awurade bagua ase.
The children of the third generation who are born to them shall enter into the assembly of the LORD.
9 Sɛ mokɔ ɔko de tia mo atamfo a, montwe mo ho mfi nea ɛho ntew biara ho.
When you go forth in camp against your enemies, then you shall keep yourselves from every evil thing.
10 Sɛ ɔbarima bi ho gu fi esiane anadwo mu ho nsu a ɛsen a, ɛsɛ sɛ ofi atenae hɔ kɔtena baabi da mu no nyinaa.
If there is among you any man who is not clean by reason of that which happens him by night, then shall he go outside of the camp. He shall not come within the camp:
11 Edu anwummere a, ɛsɛ sɛ oguare na owia kɔtɔ a, otumi san ba atenae hɔ.
but it shall be, when evening comes on, he shall bathe himself in water; and when the sun is down, he shall come within the camp.
12 Muntwa asraafo atenae hɔ baabi nto hɔ a mubegya mo anan.
You shall have a place also outside of the camp, where you shall go outside there;
13 Mofa biribi nka ne nneɛma ho a mode betu fam. Bere biara a mubegya mo anan no, momfa sofi no ntu amoa na monkata agyanan no so.
and you shall have a spade among your tools; and it shall be, when you sit down outside, you shall dig therewith, and shall turn and cover that which comes from you:
14 Ɛsɛ sɛ asraafo atenae hɔ yɛ kronkron, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, nam mo atenae no so bɔ mo ho ban na moadi mo atamfo so nkonim. Ɛnsɛ sɛ ohu animguasede biara wɔ mo mu; sɛ ɛba saa a, ɔbɛdan nʼakyi akyerɛ mo.
for the LORD your God walks in the midst of your camp, to deliver you, and to give up your enemies before you; therefore your camp shall be holy, that he may not see an unclean thing in you, and turn away from you.
15 Sɛ nkoa guan ba mo nkyɛn bɛbɔ wɔn ho aguaa a, munnyi wɔn mma wɔn wuranom.
You shall not deliver to his master a servant who is escaped from his master to you:
16 Momma wɔntena mo mu wɔ kurow biara a wɔpɛ so a monnyɛ wɔn ayayade.
he shall dwell with you, in the midst of you, in the place which he shall choose within one of your gates, where it pleases him best: you shall not oppress him.
17 Ɛnsɛ sɛ Israelni barima anaa ɔbea biara yɛ nsɔree so oguamanfo.
There shall be no prostitute of the daughters of Israel, neither shall there be a sacred male prostitute of the children of Israel.
18 Mommfa afɔrebɔde anaa adenya bi a efi oguamanfo nkyɛn, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbea, mma Awurade, mo Nyankopɔn no, fi, efisɛ ɛyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, akyiwade.
You shall not bring the hire of a prostitute, or the wages of a dog, into the house of the LORD your God for any vow: for even both these are an abomination to the LORD your God.
19 Bosea a mobɔ mo yɔnko Israelni no, sɛ ɛyɛ sika, aduan anaa biribi foforo bi a wogye ho mfɛntom no, monnnye ho mfɛntom.
You shall not lend on interest to your brother; interest of money, interest of food, interest of anything that is lent on interest:
20 Mutumi gye bosea ho mfɛntom fi ahɔho nkyɛn na nyɛ Israelfo nkyɛn sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo wɔ biribiara a moyɛ mu wɔ asase a morekɔ so akɔfa no so.
to a foreigner you may lend on interest; but to your brother you shall not lend on interest, that the LORD your God may bless you in all that you put your hand to, in the land where you go in to possess it.
21 Sɛ mohyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, bɔ a, biribiara a mohyɛɛ no ho bɔ no, monyɛ no ntɛm so. Efisɛ ɛdan dɛn ara a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛdan mo ka na mubedi bɔne ho fɔ.
When you shall vow a vow to the LORD your God, you shall not be slack to pay it: for the LORD your God will surely require it of you; and it would be sin in you.
22 Nanso sɛ moanhyɛ biribiara ho bɔ a, monyɛɛ bɔne biara.
But if you shall forbear to vow, it shall be no sin in you.
23 Na sɛ wo ara wufi wo pɛ mu hyɛ bɔ a, hwɛ yiye na di asɛm a woaka no so, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, na woafi wo pɛ mu de wʼano ahyɛ no bɔ.
That which is gone out of your lips you shall observe and do; according as you have vowed to the LORD your God, a freewill offering, which you have promised with your mouth.
24 Wutumi di bobe aba dodow biara a wopɛ wɔ wo yɔnko bobeturo mu, nanso mfa bi ngu kɛntɛn mu nkɔ.
When you come into your neighbor's vineyard, then you may eat of grapes your fill at your own pleasure; but you shall not put any in your vessel.
25 Saa ara na mubetumi de mo nsa abubu atoko kakra wɔ mo yɔnko afum, nanso ɛnsɛ sɛ mode afoa twa.
When you come into your neighbor's standing grain, then you may pluck the ears with your hand; but you shall not move a sickle to your neighbor's standing grain.

< 5 Mose 23 >