< 5 Mose 20 >
1 Sɛ mokɔ ɔko de tia mo atamfo na muhu apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne asraafo a wɔdɔɔso sen mo a, munnsuro wɔn, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, a oyii mo fii Misraim no bɛka mo ho.
Sɛ mokɔ ɔko de tia mo atamfoɔ na mohunu apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne akodɔm a wɔdɔɔso sen mo a, monnsuro wɔn. Awurade, mo Onyankopɔn, a ɔyii mo firii Misraim no bɛka mo ho.
2 Sɛ morebɛkɔ ɔko a, ɔsɔfo no bɛba abɛkasa akyerɛ asraafo no.
Sɛ morebɛkɔ ɔko a, ɔsɔfoɔ no bɛba abɛkasa akyerɛ akodɔm no.
3 Ɔbɛka se, “Muntie me, mo Israel mmarima! Nnɛ, morekɔ ɔsa atia mo atamfo. Mommma mo koma ntutu! Mommma mo aba mu mmu na momma mo ho mpopo.
Ɔbɛka sɛ, “Montie me, mo Israel mmarima! Ɛnnɛ, morekɔ ɔsa yi, mommma mo akoma ntu! Mommma mo abasa mu mmu, na momma mo ho mpopo.
4 Na Awurade, mo Nyankopɔn no, na ɔne mo rekɔ. Ɔbɛko atia mo atamfo no ama moadi nkonim.”
Na Awurade, mo Onyankopɔn, na ɔne mo rekɔ. Ɔbɛko atia mo atamfoɔ no ama mo, na moadi nkonim.”
5 Asraafo mpanyimfo no bebisa asraafo no se, “Mo mu bi asi ɔdan foforo a ɔntenaa mu da? Onii no nsan nkɔ fie! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu na ama obi akɔtena mu.
Akodɔm mpanimfoɔ no bɛbisa akodɔm no sɛ, “Mo mu bi asi ɛdan foforɔ a ɔntenaa mu da? Sɛ obi wɔ ha saa a, ɔnsane nkɔ! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu na ama obi akɔtena mu!
6 Obi wɔ ha a wadɔw bobeturo na onnidii mu da? Onii no nsan nkɔ fie! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu na ama obi akodidi mu.
Obi wɔ ha a wadɔ bobefuo na ɔnnii mu aba da? Sɛ obi wɔ ha saa a, ɔnsane nkɔ! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu, na ama obi akɔdi mu aba.
7 Obi wɔ ha a ɔne ɔbea bi akasa nanso ɔwaree no ana? Onii no nsan nkɔ fie! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu na ama obi akɔware no.”
Obi wɔ ha a wagye ɔbaa bi awadeɛ? Sɛ obi wɔ ha saa a, ɔnsane nkɔ! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu, na ama obi akɔware ne siyere no.”
8 Afei, mpanyimfo no bɛkɔ so abisa se, “So mo mu bi suro anaa ne koma atu ana? Ɛno de, ɔnkɔ fie sɛnea ɛbɛyɛ a, ne nuabarimanom nso koma rentu.”
Afei, mpanimfoɔ bɛkɔ so abisa sɛ, “Mo mu bi suro anaa nʼakoma atu? Ɛnneɛ, ɔnkɔ fie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ne nuammarima nso akoma ntu.”
9 Sɛ mpanyimfo no wie asraafo no kasakyerɛ a, afei wɔbɛpaw asahene adeda wɔn ano.
Sɛ mpanimfoɔ no wie akodɔm no kasakyerɛ a, afei wɔbɛpa asahene asisi wɔn ano.
10 Sɛ mudu kurow bi mu a mo ne wɔn nni kan nka asomdwoesɛm.
Sɛ mobɛn kuro biara a morekɔto ahyɛ wɔn so no ano a, deɛ ɛdi ɛkan no, monkyerɛ nnipa no asomdwoeɛ nhyehyɛeɛ a mowɔ ma wɔn.
11 Sɛ wɔpene mo nhyehyɛe so na wobue wɔn apon ma mo a, mobɛhyɛ nnipa a wɔwɔ mu no nyinaa ama wɔayɛ adwumaden ama mo.
Sɛ wɔpene mo nhyehyɛeɛ no so na wɔbue wɔn apono ma mo a, nnipa a wɔwɔ mu no nyinaa, mobɛhyɛ wɔn ama wɔasom mo.
12 Na sɛ wɔampene asomdwoe nhyehyɛe no so na sɛ wose wɔne mo bɛko a, ɛno de, montow nhyɛ kurow no so.
Na sɛ wɔampene asomdwoeɛ nhyehyɛeɛ no so na sɛ wɔse wɔne mo bɛko a, ɛnneɛ, monto nhyɛ kuro no so.
13 Sɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, dan kurow no hyɛ mo nsa a, munkum kurow no mu mmarima nyinaa.
Sɛ Awurade, mo Onyankopɔn, dane kuro no hyɛ mo nsa a, monkum kuro no mu mmarima nyinaa.
14 Ɛyɛ a momfa kurow no mu mmea, mmofra, nyɛmmoa ne asade a aka nyinaa sɛ agyapade. Mubetumi de mo atamfo no asade a Awurade, mo Nyankopɔn no, de bɛma mo no ayɛ mo ade.
Nanso, ɛyɛ a momfa kuro no mu mmaa, mmɔfra, nyɛmmoa ne asadeɛ a aka nyinaa sɛ agyapadeɛ. Momfa asadeɛ no nyinaa a Awurade de ama mo no.
15 Eyi ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ mode nkuropɔn a ɛwɔ akyiri na wɔnyɛ aman a ɛbemmɛn no fa so.
Saa nhyɛ yi fa nkuro a ɛwɔ akyiri nko ara ho, na ɛnyɛ nkuro a ɛwɔ bɔhyɛ asase no so.
16 Na amanaman nkuropɔn a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo sɛ agyapade no de, monsɛe biribiara a nkwa wɔ mu wɔ hɔ.
Na amanaman nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no deɛ, monsɛe biribiara a nkwa wɔ mu wɔ hɔ no.
17 Monsɛe Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo no pasaa sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyɛ mo no.
Monsɛe Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ pasaa sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn, hyɛɛ mo no.
18 Sɛ ɛba saa a, ɛremma nnipa a wɔte asase no so no nkyerɛ mo akyiwade a wɔyɛ wɔ wɔn abosonsom ho amma mo anyɛ bɔne antia Awurade, mo Nyankopɔn no.
Sɛ ɛba saa a, ɛremma nnipa a wɔte asase no so no nkyerɛ mo akyiwadeɛ ho amanneɛ a wɔnam so somm wɔn anyame a anka ɛbɛma mo ayɛ bɔne a emu yɛ duru atia Awurade, mo Onyankopɔn, no.
19 Sɛ motua kuropɔn bi ano kyɛ, a moreko afa kurow no a, mommfa abonnua ntwitwa mu nnua nsɛe no. Efisɛ mubetumi adi nʼaba. Munntwitwa nnua no ngu. Nnua no nyɛ atamfo a ɛsɛ sɛ motow hyɛ so!
Sɛ moretua kuropɔn bi na ɔko no rekɔ so a, monnsɛe nnua. Monni nnuaba no na monntwitwa nnua no ngu. Nnua no nyɛ atamfoɔ a ɛsɛ sɛ moto hyɛ so!
20 Nanso mutumi twa nnua a munim sɛ ɛnyɛ aduan; na momfa nyɛ ade a ɛho behia mo sɛ mode bɛboa atua kurow a mo ne wɔn reko no ano akosi sɛ mubedi so.
Nanso, motumi twa nnua a monim sɛ ɛnyɛ aduane. Momfa nyɛ deɛ ɛho hia mo mfa ntua kuro no kɔsi sɛ ɛbɛdi nkoguo.