< 5 Mose 2 >

1 Afei, yɛsan yɛn akyi de yɛn ani kyerɛɛ sare so wɔ baabi a Po Kɔkɔɔ no da hɔ sɛnea Awurade kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Yɛnantenantew faa Seir bepɔw man no ho nna bebree.
Then we turned and took our journey into the wilderness by the way to the Sea of Reeds, as Yahweh had spoken to me; we went around Mount Seir for many days.
2 Na Awurade ka kyerɛɛ me se,
Yahweh spoke to me, saying,
3 “Moatwa afa saa ɔman a ɛda bepɔw yi so no ho mmere sann, enti monnan mo ani nkyerɛ atifi fam.
'You have gone around this mountain long enough; turn northward.
4 Hyɛ ɔman no se, ‘Morebɛfa mo nuanom Edomfo, a wɔyɛ Esau asefo a wɔte Seir no asase so. Edomfo no besuro mo, nanso monhwɛ yiye.
Command the people, saying, “You are to pass through the border of your brothers, the descendants of Esau, who live in Seir; they will be afraid of you. Therefore be careful
5 Monnhyɛ wɔn abufuw a ɛde ɔko bɛba na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo; mpo, baabi a mode mo anan besisi, efisɛ mede Seir bepɔw kurow ama Esau sɛ nʼatenae.
not to fight with them, for I will not give you any of their land, no, not even enough for the sole of a foot to step on; for I have given Mount Seir to Esau as a possession.
6 Aduan biara a mubedi ne nsu biara a mobɛnom no, momfa dwetɛ ntua wɔn ho ka.’”
You will purchase food from them for money, so that you may eat; you will also buy water from them for money, so that you may drink.
7 Awurade, mo Nyankopɔn, ahyira mo nsa ano nnwuma nyinaa. Wahwɛ mo so wɔ mo akwantu wɔ sare kakraa yi nyinaa so. Saa mfe aduanan yi nyinaa mu no, Awurade aka mo ho na hwee ho anhia mo.
For Yahweh your God has blessed you in all the work of your hand; he has known your walking through this great wilderness. For these forty years Yahweh your God has been with you, and you have lacked nothing.”'
8 Yetwa faa yɛn nuanom a wɔyɛ Esau asefo a wɔte Seir ho no. Yɛfaa Araba subon kwan no a efi Elat ne Esion-Geber no so na yɛbɛfaa Moab sare so kwan no so.
So we passed by our brothers, the descendants of Esau who live in Seir, away from the Arabah road, from Elath and from Ezion Geber. Then we turned and passed by the way of the wilderness of Moab.
9 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Monnhaw Moabfo no anaa monhyɛ wɔn abufuw a ɛde ɔko bɛba, na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo. Efisɛ mede Ar ama Lot asefo sɛ agyapade.”
Yahweh said to me, 'Do not trouble Moab, and do not fight with them in battle. For I will not give you his land for your own possession, because I have given Ar to the descendants of Lot, for their possession.'
10 Kan no na Emifo na wɔte hɔ. Na wɔsoso na wɔdɔɔso a wɔwoware te sɛ Anakfo no.
(The Emites lived there previously, a people as great, as many, and as tall as the Anakim;
11 Wɔn nso, na wɔyɛ abran sɛ Anakfo no ara pɛ, a na wɔfrɛ wɔn Refaitefo, nanso Moabfo de, na wɔfrɛ wɔn Emifo.
these also are considered to be the Rephaim, like the Anakim; but the Moabites call them the Emim.
12 Kan no na Horifo na wɔte Seir, nanso Esau asefo no tuu wɔn fii hɔ. Wɔsɛee Horifo no tenaa wɔn anan mu sɛnea Israel yɛɛ wɔ asase a Awurade de maa wɔn sɛ wɔn agyapade no so no pɛpɛɛpɛ.
The Horites also lived in Seir previously, but the descendants of Esau succeeded them. They destroyed them from before them and lived in their place, like Israel did to the land of his possession that Yahweh gave to them.)
13 Na Awurade kae se, “Afei, sɔre na kotwa Sered bon no.” Enti yekotwaa obon no.
“'Now rise up and go over the brook Zered.' So we went over the brook Zered.
14 Na nna dodow a yɛde nantew fi Kades-Barnea besii sɛ yetwaa Sered bon no yɛ mfirihyia aduasa awotwe. Saa bere no, na mmarima a wɔanyinyin yiye a wobetumi akɔ ɔko no nyinaa awuwu wɔ sare no so sɛnea Awurade kaa ho ntam no.
Now the days from when we came from Kadesh Barnea until we crossed the brook Zered, were thirty-eight years. It was by that time that all that generation of the men fit for fighting were gone from the people, as Yahweh had sworn to them.
15 Na Awurade nsa tiaa wɔn ara kosi sɛ wɔn nyinaa wuwuu wɔ wɔn atenae hɔ.
Moreover, the hand of Yahweh was against that generation in order to destroy them from the people until they were gone.
16 Saa nnipa yi mu akofo a otwa to wuu no pɛ,
So it happened, when all the men fit for fighting were dead and gone from among the people,
17 na Awurade ka kyerɛɛ me se,
that Yahweh spoke to me, saying,
18 “Nnɛ, ɛsɛ sɛ wofa Ar wɔ Moab mantam mu.
'You are today to pass over Ar, the border of Moab.
19 Na sɛ wudu Amonfo mu a, nhaw wɔn anaa nhyɛ wɔn abufuw a ɛde ɔko bɛba, efisɛ meremma mo Amorifo nsase no bi. Mede ama Lot asefo sɛ agyapade.”
When you come near opposite the people of Ammon, do not trouble them or fight them; for I will not give you any of the land of the people of Ammon as a possession; because I have given it to the descendants of Lot as a possession.'”
20 Saa beae hɔ na abran akɛse a na Amonfo frɛ wɔn Samsumifo no te kan no.
(That also is considered to be a land of the Rephaim. The Rephaim lived there previously—but the Ammonites call them Zamzummim—
21 Na wɔyɛ nnipa ahoɔdenfo a wɔdɔɔso na wɔwoware te sɛ Anakfo no. Na Awurade sɛee Samsumifo no wɔ Amonfo anim ma wɔpam wɔn tenaa wɔn anan mu.
a people as great, as many, and as tall as the Anakim. But Yahweh destroyed them before the Ammonites, and they succeeded them and lived in their place.
22 Saa ara na Awurade sɛee Horifo wɔ Esau asefo a na wɔte Seir no anim ma wɔpam wɔn, tenaa wɔn anan mu de besi nnɛ yi.
This Yahweh also did for the people of Esau, who live in Seir, when he destroyed the Horites from before them, and the descendants of Esau succeeded them and have lived in their place even until today.
23 Na Awifo a wɔtenaa nkuraa nkuraa trɛw koduu Gasa no nso, Kaftorfo a wofi Kaftor bɛsɛee wɔn, tenaa wɔn anan mu.
As for the Avvites who lived in villages as far as Gaza, the Caphtorim, who came from Caphtor, destroyed them and settled in their place.)
24 “Sɔre kotwa Arnon Subon. Mede Hesbonhene Sihon a ɔyɛ Amorini no ne man ahyɛ wo nsa. Kɔtow hyɛ ne so, na monko, na fa.
“'Now rise up, go on your journey, and pass over the Valley of the Arnon; look, I have given into your hand Sihon the Amorite, king of Heshbon, and his land. Begin to possess it, and fight with him in battle.
25 Efi nnɛ yi ara, mede mo ho suro ne hu bɛhyɛ aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa mu. Wɔbɛte mo ho nsɛm na wɔn ho bɛpopo na mo nti, wɔanya adwenemhaw esiane mo nti.”
Today I will begin to put the fear and terror of you on the peoples that are under the whole sky; they will hear news about you and will tremble and be in anguish because of you.'
26 Mituu abɔfo fii Kedemot sare so kɔɔ Hesbonhene Sihon nkyɛn asomdwoe so kɔka kyerɛɛ no se,
I sent messengers from the wilderness of Kedemoth to Sihon, king of Heshbon, with words of peace, saying,
27 “Ma yentwa mu mfa wo man mu ha. Yɛbɛfa ɔtempɔn no so tee; yɛremman mfa benkum anaa nifa.
'Let me pass through your land; I will go along the highway; I will turn neither to the right hand nor to the left.
28 Tɔn aduan ma yenni na tɔn nsu nso ma yɛnnom. Nea yɛrehwehwɛ ara ne ɔkwan a wobɛma yɛn ama yɛanantew atwa mu,
You will sell me food for money, so that I may eat; give me water for money, so that I may drink; only let me pass through on my feet;
29 sɛnea Esau asefo a na wɔte Seir ne Moabfo a na wɔte Ar yɛɛ yɛn no akosi sɛ yebetwa Yordan akɔ asase a Awurade, yɛn Nyankopɔn, de rema yɛn no so.”
as the descendants of Esau who live in Seir, and as the Moabites who live in Ar, did for me; until I pass over the Jordan into the land that Yahweh our God is giving us.'
30 Nanso Hesbonhene Sihon amma yɛantwa mu wɔ hɔ. Efisɛ na Awurade, mo Nyankopɔn, ayɛ ne honhom sisirii, apirim ne koma sɛnea ɔnam so de no bɛhyɛ mo nsam, sɛnea wayɛ no nnɛ yi.
But Sihon, king of Heshbon, would not let us pass by him; for Yahweh your God had hardened his mind and made his heart obstinate, that he might defeat him by your might, which he has now done today.
31 Awurade ka kyerɛɛ me se, “Hwɛ, mafi ase de Sihon ne ne man ahyɛ wo nsam. Afei, fi ase na di wɔn so, na fa nʼasase no.”
Yahweh said to me, 'Look, I have begun to deliver up Sihon and his land before you; begin to possess it, in order that you may inherit his land.'
32 Bere a Sihon ne ne dɔm behyiaa yɛn sɛ wɔne yɛn rebɛko wɔ Yahas no,
Then Sihon came out against us, he and all his people, to fight at Jahaz.
33 Awurade, yɛn Nyankopɔn, yii no maa yɛn ma yɛbobɔɔ ɔno, ne mmabarima ne nʼasraafo nyinaa hwehwee.
Yahweh our God gave him over to us and we defeated him and his sons and all his people.
34 Na yɛfaa ne nkurow nyinaa saa bere no sɛee ne mmarima, mmea ne mmofra a yɛannyaw obiara.
We took all his cities at that time and completely destroyed every city—men and the women and the little ones; we left no survivor.
35 Mmom, nyɛmmoa ne asade ahorow a ɛwɔ nkurow a yedii so no mu no de, yɛsoa kɔe.
Only the cattle we took as spoils for ourselves, along with the spoil of the cities that we had taken.
36 Efi Aroer a ɛda Arnon Subon ano ne kurow a ɛda subon no mu no, ne mpo, de kosi Gilead no, kurow biara nni hɔ a na ɛsodi yɛ den ma yɛn; Awurade, yɛn Nyankopɔn de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa.
From Aroer, which is on the edge of the Valley of the Arnon, and from the city that is in the valley, all the way to Gilead, there was not a city too high for us. Yahweh our God gave them into our hands.
37 Nanso, yɛankɔ Amorifo asase ne asase a ɛda Asubɔnten Yabok ho ne mmepɔw no so nkurow no baabiara a Awurade yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn sɛ yɛnnkɔ so no so.
It was only to the land of the descendants of Ammon that you did not go, as well as all the side of the Jabbok River, and the cities of the hill country—wherever Yahweh our God had forbidden us to go.

< 5 Mose 2 >