< 5 Mose 19 >
1 Sɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, sɛe aman a ɔde wɔn nsase rema mo no, na sɛ mopam wɔn na motena wɔn nkurow mu ne wɔn afi mu a,
When Yahweh thy God, shall cut off the nations whose land Yahweh thy God is giving thee, —and thou shalt dispossess them, and dwell in their cities and in their houses,
2 munyi nkuropɔn abiɛsa a ɛwɔ asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no mfimfini.
three cities, shalt thou set apart for thee, —in the midst of thy land which Yahweh thy God is giving thee to possess.
3 Munyiyi akwan nkɔ hɔ na monkyɛ asase a Awurade, mo Nyankopɔn, de rema mo sɛ agyapade no mu abiɛsa sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ obi kum obi a, obeguan akɔ hɔ.
Thou shalt prepare for thee a way, and shalt divide into three parts the boundary of thy land which Yahweh thy God shall cause thee to inherit, —and it shall be that every manslayer shall flee thither.
4 Sɛ obi anhyɛ da na okum obi a onni ne ho menasepɔw anaa ɔntan no dedaw a, nea ne nsa apa no tumi guan kɔ saa nkuropɔn yi biara so de gye ne ho nkwa.
And, this, is the case of the manslayer, who shall flee thither and live, —Whoso shall smite his neighbour unwittingly, he, not having hated him aforetime;
5 Sɛ ebia, obi ne ne yɔnko bi kɔ wuram sɛ wɔrekobu nnua na sɛ ɛba sɛ ɔbaako him abonnua no sɛ ɔde rebu dua bi na sɛ abonnua no hɔn fi ne dua mu kum ne yɔnko no a, saa onipa no tumi guan kɔ nkuropɔn no baako so de gye ne ho nkwa.
as when one entereth with his neighbour into a forest, to fell trees, and his hand fetcheth a stroke with the axe, to cut down the tree, and the head flieth off from the handle, and lighteth upon his neighbour, that he die, he, shall flee into one of these cities, and live;
6 Sɛ anyɛ saa a ɔweretɔni no de abufuw bɛtaa no. Sɛ ɔkwan no ware dodo a ɔbɛto no akum no bi, a anka ɔmfata owu, esiane sɛ ɔnnam adwemmɔne biara so na okum no.
lest the blood redeemer pursue the manslayer because his heart is hot, and overtake him because the way is long, and he smite him so as to take away his life, —he not being worthy of death, seeing that he had not been hating him aforetime.
7 Eyi nti na merehyɛ mo sɛ munyi nkuropɔn abiɛsa nsi nkyɛn no.
For this cause, am I commanding thee saying, —Three cities, shalt thou set apart for thee.
8 Sɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, trɛw mo man mu sɛnea ɔkaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom no na ɔde asase no nyinaa ma mo sɛnea ɔhyɛɛ wɔn ho bɔ no a,
But, if Yahweh thy God should enlarge thy bounds, as he sware unto thy fathers, —and should give thee all the land, which he spake of giving unto thy fathers;
9 esiane sɛ motɔ mo bo ase di mmara a mehyɛ mo nnɛ yi sɛ monnɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, na daa monnantew nʼakwan so no so nti na, ɛsɛ sɛ muyi nkuropɔn abiɛsa si nkyɛn no.
because thou dost observe all this commandment to do it which I am commanding thee to-day, to love Yahweh thy God and to walk in his paths all the days, then shalt thou add unto thee yet three cities, unto these three;
10 Monyɛ eyi, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhwie mogya a enni fɔ no ngu mo asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo sɛ mo agyapade no so, na moanni mogyahwiegu ho fɔ.
that innocent blood may not be shed in the midst of thy land, which Yahweh thy God is giving unto thee as an inheritance, —and so shed-blood be upon thee.
11 Sɛ obi fi nitan mu hyɛ da kɔtɛw obi pira no, kum no na oguan kɔ nkuropɔn yi mu baako so a,
But, when any man shall be hating his neighbour, and shall lie in wait for him and rise up against him, and smite him so as to take away his life that he dieth, —and shall then flee into one of these cities,
12 ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔwɔ ne kurow no mu hɔ no soma ma wɔkɔfa no fi kuropɔn no mu brɛ ɔweretɔni no ma okum no.
then shall the elders of his city send and fetch him from thence, —and deliver him into the hand of the blood redeemer that he die;
13 Munnya ahummɔbɔ biara. Munyi awudi ho afɔdi biara mfi Israel na ama asi mo yiye.
thine eye shall not look with pity upon him, —so shall thou consume the shedding of innocent blood out of Israel and it shall go well with thee.
14 Sɛ mudu asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo sɛ agyapade no so a, munntutu mo yɔnkonom ntɔmmɛ a mo agyanom asisi no ngu.
Thou shalt not move back the boundary of thy neighbour, by which they set bounds at first, —in thine inheritance which thou shall receive in the land which Yahweh thy God is giving thee to possess.
15 Mummmu obi a ɔdanseni baako pɛ abedi atia no no fɔ. Sobobɔ bedi mu, bere a nnipa baanu anaa baasa abedi adanse atia obi.
One witness, shall not rise up, against a man for any iniquity, or for any sin, with regard to any sin that he may commit, —at the mouth of two witnesses or at the mouth of three witnesses, must a matter be establish.
16 Sɛ atoro danseni bi ba bɛbɔ obi amumɔyɛ bi ho kwaadu a,
When there shall rise up a wrongful witness against a man, —to answer against him perversely,
17 ɛsɛ sɛ nnipa baanu a wodi asɛm no nyinaa ba asɔfo ne atemmufo a wɔreyɛ Awurade adwuma no anim.
then shall the two men who are at variance stand before Yahweh, —before the priests and the judges who shall be in those days;
18 Ɛsɛ sɛ atemmufo no yɛ nhwehwɛmu a emu dɔ yiye, na sɛ ɛda adi sɛ ɔdanseni no retwa atoro, a ɔredi adansekurum agu ne yɔnko Israelni no so a,
and the judges shall make diligent inquisition, —and lo! if the witness be, a false witness and, falsely, have answered against his brother,
19 ɛno de, monyɛ ɔdansekurumni no sɛnea anka ɔpɛe sɛ wɔyɛ ne yɔnko no. Muntu abɔnefo ase mfi mo mu.
then shall ye do unto him as he had thought to de unto his brother, —so shalt thou consume the wicked thing out of thy midst;
20 Nnipa nkae no bɛte na wɔasuro, na wɔrenyɛ saa bɔne no wɔ mo mu bio.
and, they who remain shall hear and fear, —and not go on to do again according to this wicked thing, in thy midst:
21 Munnhu obiara mmɔbɔ! Mo mmara a ɛsɛ sɛ mudi so no yɛ nkwa nsi nkwa anan mu, aniwa nsi aniwa anan mu, ɛse nsi se anan mu, nsa nsi nsa anan mu na nan nsi nan anan mu.
neither shall thine eye pity, —life for life, eye for eye, tooth for tooth, hand for hand, foot for foot.