< 5 Mose 17 >

1 Mommfa anantwi anaa nguan a wɔadi dɛm anaa wonnye mmɔ afɔre mma Awurade, mo Nyankopɔn no, efisɛ ɛyɛ nʼakyiwade.
לא תזבח ליהוה אלהיך שור ושה אשר יהיה בו מום--כל דבר רע כי תועבת יהוה אלהיך הוא
2 Sɛ ɛba sɛ muhu sɛ ɔbarima anaa ɔbea a ɔka mo ho wɔ kurow baako bi a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no mu reyɛ bɔne wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim, atia nʼapam no,
כי ימצא בקרבך באחד שעריך אשר יהוה אלהיך נתן לך איש או אשה אשר יעשה את הרע בעיני יהוה אלהיך--לעבר בריתו
3 na wabu mʼahyɛde so resom anyame afoforo, rekotow wɔn; anaa ɔresom owia, ɔsram anaa wim nsoromma,
וילך ויעבד אלהים אחרים וישתחו להם ולשמש או לירח או לכל צבא השמים--אשר לא צויתי
4 na sɛ mote saa asɛm no a, monhwehwɛ mu yiye. Sɛ ɛyɛ nokware na wɔkɔ mu hu sɛ wɔayɛ saa akyiwade yi wɔ Israel a,
והגד לך ושמעת ודרשת היטב--והנה אמת נכון הדבר נעשתה התועבה הזאת בישראל
5 momfa saa ɔbarima anaa ɔbea a wayɛ saa bɔne no mmra mo kuropɔn pon ano na munsiw saa onipa no abo nkum no.
והוצאת את האיש ההוא או את האשה ההוא אשר עשו את הדבר הרע הזה אל שעריך--את האיש או את האשה וסקלתם באבנים ומתו
6 Nnansefo baanu anaa baasa ano asɛm so na ɛsɛ sɛ wogyina kum saa ɔbarima no. Nanso ɛnsɛ sɛ wogyina ɔdanseni baako pɛ ano asɛm so kum obi.
על פי שנים עדים או שלשה עדים--יומת המת לא יומת על פי עד אחד
7 Ɛsɛ sɛ nnansefo no nsa ano abo na wɔtow di kan na akyiri no, nnipa no nyinaa atotow wɔn de de akum no. Saa ɔkwan yi so na mobɛfa atu amumɔyɛfo ase afi mo mu.
יד העדים תהיה בו בראשנה להמיתו ויד כל העם באחרנה ובערת הרע מקרבך
8 Sɛ wɔde nsɛm bi ba mo asennii a ne di yɛ mo den sɛ mubebu ho atɛn, sɛ ɛyɛ awudi, nnipa bi ntam manso anaa ntɔkwaw a, momfa wɔn nkɔ faako a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw no.
כי יפלא ממך דבר למשפט בין דם לדם בין דין לדין ובין נגע לנגע--דברי ריבת בשעריך וקמת ועלית--אל המקום אשר יבחר יהוה אלהיך בו
9 Monkɔ asɔfo a wɔyɛ Lewifo ne otemmufo a ɔte agua mu saa bere no nkyɛn. Mummisa wɔn na wɔbɛkyerɛ mo atɛn a mummu.
ובאת אל הכהנים הלוים ואל השפט אשר יהיה בימים ההם ודרשת והגידו לך את דבר המשפט
10 Munni gyinae a wobesi wɔ beae a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw no so pɛpɛɛpɛ. Monhwɛ yiye na munni biribiara a wɔbɛkyerɛ mo sɛ monyɛ no so pɛpɛɛpɛ.
ועשית על פי הדבר אשר יגידו לך מן המקום ההוא אשר יבחר יהוה ושמרת לעשות ככל אשר יורוך
11 Munni mmara a wɔkyerɛ mo ne gyinae a wobesi ama mo no so pɛpɛɛpɛ. Monnnan nea wɔka kyerɛ mo no ani. Monnkɔ nifa anaa benkum.
על פי התורה אשר יורוך ועל המשפט אשר יאמרו לך--תעשה לא תסור מן הדבר אשר יגידו לך--ימין ושמאל
12 Ɛsɛ sɛ wokum obiara a obebu otemmufo anaa ɔsɔfo a ogyina hɔ resom Awurade, mo Nyankopɔn no, animtiaa no. Ɛsɛ sɛ motɔre amumɔyɛsɛm ase wɔ Israel.
והאיש אשר יעשה בזדון לבלתי שמע אל הכהן העמד לשרת שם את יהוה אלהיך או אל השפט--ומת האיש ההוא ובערת הרע מישראל
13 Nnipa nyinaa bɛte na wɔasuro na wɔremmu animtiaa bio.
וכל העם ישמעו ויראו ולא יזידון עוד
14 Sɛ mudu asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so na mofa tena so na moka se. “Momma yensi yɛn so hene te sɛ aman a atwa yɛn ho ahyia no nyinaa a,”
כי תבא אל הארץ אשר יהוה אלהיך נתן לך וירשתה וישבתה בה ואמרת אשימה עלי מלך ככל הגוים אשר סביבתי
15 monhwɛ sɛ mobɛfa obi a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw no asi mo so hene. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo nuanom no mu bi. Mommfa ɔhɔho a ɔnyɛ mo nua Israelni nsi mo so hene.
שום תשים עליך מלך אשר יבחר יהוה אלהיך בו מקרב אחיך תשים עליך מלך--לא תוכל לתת עליך איש נכרי אשר לא אחיך הוא
16 Ɛnsɛ sɛ saa ɔhene no pɛ apɔnkɔ dodow sɛ nʼagyapade anaasɛ ɔma nnipa san kɔ Misraim kɔtɔ apɔnkɔ dodow bi, efisɛ Awurade aka akyerɛ mo se. “Ɛnsɛ sɛ mosan kɔ mo akyi bio.”
רק לא ירבה לו סוסים ולא ישיב את העם מצרימה למען הרבות סוס ויהוה אמר לכם לא תספון לשוב בדרך הזה עוד
17 Ɛnsɛ sɛ ɔware yerenom bebree anyɛ saa a, ne koma befi Awurade so. Ɛnsɛ sɛ ɔboaboa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ pii ano.
ולא ירבה לו נשים ולא יסור לבבו וכסף וזהב לא ירבה לו מאד
18 Sɛ ɔtena ahengua no so sɛ ɔhene a, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw saa mmara yi wɔ nhoma mmobɔwee so wɔ Lewifo asɔfo anim na ɔfa.
והיה כשבתו על כסא ממלכתו--וכתב לו את משנה התורה הזאת על ספר מלפני הכהנים הלוים
19 Mmere dodow a ɔte ase no, ɛsɛ sɛ ɔkora mmara a ɛwɔ ne nkyɛn no na ɔkenkan no daa sɛnea ɛbɛyɛ a, obedi mmara no so na wasuro Awurade, ne Nyankopɔn no.
והיתה עמו וקרא בו כל ימי חייו--למען ילמד ליראה את יהוה אלהיו לשמר את כל דברי התורה הזאת ואת החקים האלה לעשתם
20 Kenkan a ɔkenkan no daa no remma ɔnyɛ ahantan, nhoran ne ho nkyerɛ sɛ ɔsen ne manfo no. Ɛremma no ntwe ne ho mfi mmara no ho nkɔ nifa anaa benkum. Na ɔne nʼasefo bedi ade akyɛ wɔ nʼaheman Israel mu.
לבלתי רום לבבו מאחיו ולבלתי סור מן המצוה ימין ושמאול--למען יאריך ימים על ממלכתו הוא ובניו בקרב ישראל

< 5 Mose 17 >