< 5 Mose 16 >

1 Daa munni Twam Afahyɛ no wɔ ɔsram Abib no mu mma Awurade, mo Nyankopɔn, efisɛ ɔsram Abib mu da bi anadwo na Onyankopɔn yii mo fii Misraim.
Observe the month of Abib and celebrate the Passover to the LORD your God, because in the month of Abib the LORD your God brought you out of Egypt by night.
2 Munkum anantwi anaa nguan sɛ Twam afɔrebɔde mma Awurade, mo Nyankopɔn no, wɔ faako a Awurade beyi sɛ atenae wɔ ne din mu no.
You are to offer to the LORD your God the Passover sacrifice from the herd or flock in the place the LORD will choose as a dwelling for His Name.
3 Munnni mmɔkaw brodo nka ho; na mmom, nnanson so na munni apiti amanehunu brodo, efisɛ mufii Misraim ɔhare so, sɛnea ɛbɛyɛ a mo nkwanna nyinaa mu no mobɛkae bere a mutu fii Misraim no.
You must not eat leavened bread with it; for seven days you are to eat with it unleavened bread, the bread of affliction, because you left the land of Egypt in haste—so that you may remember for the rest of your life the day you left the land of Egypt.
4 Mommma wonhu sɛ mowɔ mmɔkaw wɔ mo nkyɛn wɔ mo nsase nyinaa so nnanson. Mommma nam a mode bɔɔ afɔre da a edi kan no anwummere no nka gya so nkosi anɔpa.
No leaven is to be found in all your land for seven days, and none of the meat you sacrifice in the evening of the first day shall remain until morning.
5 Mommɔ Twam Afahyɛ afɔre no wɔ nkurow a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no mu biara so,
You are not to sacrifice the Passover animal in any of the towns that the LORD your God is giving you.
6 gye faako a Awurade, mo Nyankopɔn no, beyi sɛ wɔnkamfo ne din wɔ hɔ no. Ɛhɔ na mommɔ Twam afɔre no anwummere mfa nni mo Misraimfi bere no afahyɛ.
You must only offer the Passover sacrifice at the place the LORD your God will choose as a dwelling for His Name. Do this in the evening as the sun sets, at the same time you departed from Egypt.
7 Montoto na monwe no wɔ faako a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw ama mo no. Na ade kye a, monsan nkɔ mo ntamadan mu.
And you shall roast it and eat it in the place the LORD your God will choose, and in the morning you shall return to your tents.
8 Nnansia na momfa nni apiti, na ne nnanson so no, nnipa no nyinaa nhyia wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim. Na saa da no, obiara nyɛ adwuma.
For six days you must eat unleavened bread, and on the seventh day you shall hold a solemn assembly to the LORD your God, and you must not do any work.
9 Mumfi bere a mubefi ase atwa atoko no nkan nnaawɔtwe ason.
You are to count off seven weeks from the time you first put the sickle to the standing grain.
10 Na monhwɛ sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn no, asi ahyira mo no so mfi mo pɛ mu mmɔ afɔre, nnyina so nni Asese Afahyɛ no mma Awurade, mo Nyankopɔn no.
And you shall celebrate the Feast of Weeks to the LORD your God with a freewill offering that you give in proportion to how the LORD your God has blessed you,
11 Na munnye mo ani wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim wɔ faako a ɔbɛpaw sɛ atenae ma ne din no. Mo ne mo mmabarima ne mo mmabea, mo nkoa ne mo mfenaa, Lewifo a wɔwɔ mo nkurow mu ne ahɔho, nyisaa ne akunafo a wɔne mo te nyinaa.
and you shall rejoice before the LORD your God in the place He will choose as a dwelling for His Name—you, your sons and daughters, your menservants and maidservants, and the Levite within your gates, as well as the foreigner, the fatherless, and the widows among you.
12 Monkae sɛ na moyɛ nkoa wɔ Misraim enti monhwɛ yiye na munni saa mmara yi nyinaa so.
Remember that you were slaves in Egypt, and carefully follow these statutes.
13 Sɛ moboaboa mo awiporowbea ne mo nsakyi amoa mu ade ano wie a, momfa nnanson nni Asese Afahyɛ no.
You are to celebrate the Feast of Tabernacles for seven days after you have gathered the produce of your threshing floor and your winepress.
14 Munnye mo ani wɔ mo afahyɛ yi se; mo ne mo abusuafo, mo asomfo ne Lewifo, ahɔho, nyisaa ne akunafo a wofi mo nkurow mu.
And you shall rejoice in your feast—you, your sons and daughters, your menservants and maidservants, and the Levite, as well as the foreigner, the fatherless, and the widows among you.
15 Momfa nnanson nni saa afahyɛ yi mfa nhyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, anuonyam wɔ faako a ɔbɛpaw, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, na ɔma mo nnɔbae bɔ pii na ohyira mo nnwuma nyinaa so; na mo anigye bewie pɛyɛ.
For seven days you shall celebrate a feast to the LORD your God in the place He will choose, because the LORD your God will bless you in all your produce and in all the work of your hands, so that your joy will be complete.
16 Afe biara mu no, ɛsɛ sɛ mo mmarima no nyinaa hyia wɔ mo Awurade, mo Nyankopɔn no, anim faako a ɔbɛpaw no mprɛnsa de ama Apiti Afahyɛ, Otwabere Afahyɛ ne Asese Afahyɛ no. Ɛnsɛ sɛ obiara ba Awurade anim nsapan.
Three times a year all your men are to appear before the LORD your God in the place He will choose: at the Feast of Unleavened Bread, the Feast of Weeks, and the Feast of Tabernacles. No one should appear before the LORD empty-handed.
17 Ɛsɛ sɛ obiara de akyɛde a ɛne nhyira a Awurade, mo Nyankopɔn no, nhyira no no sɛ ba.
Everyone must appear with a gift as he is able, according to the blessing the LORD your God has given you.
18 Munsisi atemmufo ne mpanyimfo mfi mo mmusuakuw biara mu wɔ nkurow a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no mu, na wobebu nnipa no atɛntrenee.
You are to appoint judges and officials for your tribes in every town that the LORD your God is giving you. They are to judge the people with righteous judgment.
19 Mummmu ntɛnkyew anaa monnhwɛ nnipa anim mmu atɛn. Monnnye adanmude, efisɛ adanmude fura onyansafo ani ma ɔdan nea odi bem no asɛm ani.
Do not deny justice or show partiality. Do not accept a bribe, for a bribe blinds the eyes of the wise and twists the words of the righteous.
20 Mummu atɛntrenee nkutoo, na ama moatumi atena asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so.
Pursue justice, and justice alone, so that you may live, and you may possess the land that the LORD your God is giving you.
21 Mummfi afɔremuka a mubesi ama Awurade, mo Nyankopɔn no, akyi nsi abosonnua foforo biara,
Do not set up any wooden Asherah pole next to the altar you will build for the LORD your God,
22 na munnsi ɔbo kronkron, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, kyi eyinom.
and do not set up for yourselves a sacred pillar, which the LORD your God hates.

< 5 Mose 16 >