< 5 Mose 15 >
1 Muntwa mo aka mu mfe ason awiei biara.
At the end of [every] seven years shalt thou make a release.
2 Ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so ni: Ɛsɛ sɛ obiara a wabɔ ne yɔnko Israelni bosea no, de kyɛ no. Ɛnsɛ sɛ ɔdan ne yɔnko no anaa ne busuani ka, efisɛ wɔapae mu aka Awurade bere a wɔde ka kyɛ no.
And this is the manner of the release: Every creditor shall release the loan which he hath lent to his neighbor; he shall not exact it of his neighbor, or of his brother; because the release year in honor of the Lord hath been proclaimed.
3 Saa ka a wotwa mu yi ka mo yɔnkonom Israelfo no nko ara. Ahɔho a wɔte mo mu no de, sɛ mopɛ a mobɛma wɔn atua.
Of a foreigner thou mayest exact [payment]; but that which is thine with thy brother shall thy hand release.
4 Mmom, ɛnsɛ sɛ ahiafo ba mo mu efisɛ, Awurade, mo Nyankopɔn no behyira mo wɔ asase a ɔde rema mo sɛ mo agyapade no so,
Although indeed there should be no needy man among thee; for the Lord will greatly bless thee in the land which the Lord thy God giveth thee for an inheritance to possess it:
5 sɛ motɔ mo bo ase di Awurade, mo Nyankopɔn no, mmara a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so a.
Yet only if thou wilt carefully hearken unto the voice of the Lord thy God, to observe to do all this commandment which I command thee this day.
6 Efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo sɛnea wahyɛ mo bɔ no. Mobɛbɔ aman bebree bosea, nanso moremmɔ obiara hɔ bosea da. Mubedi aman bebree so, nanso obiara renni mo so da.
For the Lord thy God blesseth thee, as he hath spoken unto thee; and thou shalt lend unto many nations, but thou shalt not borrow; and thou shalt rule over many nations, but over thee shall they not rule.
7 Sɛ mudu nkurow a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so na sɛ ehia mo yɔnkonom Israelfo no bi a, mummpirim mo koma anaa mommma mo nsam nyɛ den wɔ wɔn so.
If there be among thee a needy man, any one of thy brethren within any of thy gates in thy land which the Lord thy God giveth thee: thou shalt not harden thy heart, nor shut thy hand from thy needy brother.
8 Mmom, mungow mo nsam na momfɛm wɔn nea ehia wɔn biara.
But thou shalt open wide thy hand unto him, and thou shalt surely lend him sufficient for his need, which his want requireth.
9 Monhwɛ na moannya saa adwemmɔne yi wɔ mo tirim sɛ: “Afe a ɛto so ason, afe a wotwa aka mu no, abɛn,” na moannyina so ammɔ mo mfɛfo Israelfo a ahia wɔn no atirimɔden a moremma wɔn hwee. Ɛba saa a, wobesu afrɛ Awurade de atia mo, na ɛbɛma wɔabu mo bɔne ho fɔ.
Beware that there be not a wicked thought in thy heart, saying, The seventh year, the year of release, is at hand; and thy eye be thus evil against thy needy brother, so that thou wouldst give him nought; and if he cry concerning thee unto the Lord, it will be sin in thee:
10 Mumfi koma pa mu mma na Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo wɔ mo nnwuma nyinaa ne biribiara a mode mo nsa bɛka no mu.
Thou shalt surely give him, and thy heart shall not be grieved when thou givest unto him; for because of this thing the Lord thy God will bless thee in all thy work, and in all the acquisition of thy hand.
11 Bere biara, mubehu ahiafo wɔ asase no so. Ɛno nti merehyɛ mo sɛ, biribiara a mowɔ no, mumfi ɔpɛ pa mu mma mo mfɛfo Israelfo a ahia wɔn wɔ asase no so no.
For the needy will not cease out of the land; therefore do I command thee, saying, Thou shalt open wide thy hand unto thy brother, to thy poor, and to thy needy, in thy land.
12 Sɛ wo nua Hebrini, sɛ ɔyɛ barima anaa ɔbea, tɔn ne ho ma wo na ɔsom wo mfirihyia asia a, ɛsɛ sɛ wugyaa no ma ɔde ne ho afe a ɛto so ason no.
If thy brother, the Hebrew, or a Hebrew woman, be sold unto thee, he shall serve thee six years; and in the seventh year shalt thou let him go free from thee.
13 Na sɛ woregya no kwan a, mma no nkɔ nsapan.
And when thou lettest him go out free from thee, thou shalt not let him go away empty:
14 Fa nsa a emu gow so ma no wo nguan no bi, wʼawiporowbea mu ade ne wo nsakyi amoa mu ade bi. Hwɛ sɛnea Awurade, wo Nyankopɔn no, asi ahyira wo no so na ma no.
Thou shalt furnish him liberally out of thy flocks, and out of thy threshing-floor, and out of thy wine-press; wherewith the Lord thy God hath blessed thee, that shalt thou give unto him.
15 Monkae sɛ na moyɛ nkoa wɔ Misraim na Awurade, mo Nyankopɔn, yii mo fii hɔ. Ɛno nti na mede saa mmara yi rema mo nnɛ yi.
And thou shalt remember that thou hast been a bond-man in the land of Egypt, and that the Lord thy God hath redeemed thee; therefore do I command thee this thing today.
16 Na sɛ ɛba sɛ wʼakoa ka kyerɛ wo se, “Merennyaw wo hɔ nkɔ,” efisɛ ɔpɛ wo ne wʼabusuafo asɛm na ne ho tɔ no wɔ wo nkyɛn a,
And it shall be, if he say unto thee, I will not go away from thee; because he loveth thee and thy house, because he is well with thee:
17 ɛno de, fa fitii bɔre nʼaso mu na ɔnyɛ wʼakoa daa. Wo mfenaa nso, yɛ wɔn saa ara.
Then shalt thou take an awl, and thrust it through his ear unto the door, and he shall be unto thee a servant for ever; and also unto thy maid-servant shalt thou do likewise.
18 Momma no nyɛ wo den sɛ mubegyaa mo asomfo no ama wɔafa wɔn ho akodi. Monkae sɛ, mfe asia a wɔasom mo no sɛ wokɔfaa apaafo sɛ wɔnsom mo a, anka mubetua apaafo no sika mmɔho abien na Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo wɔ biribiara a moyɛ ho.
It shall not seem hard unto thee, when thou sendest him away free from thee, that for double the wages of a hired laborer hath he served thee six years; and the Lord thy God will bless thee in all that thou doest.
19 Munyi mo anantwi ne mo nguan mmakan anini no nsi hɔ mma Awurade, mo Nyankopɔn no. Mo anantwi mmakan no, mommfa wɔn nkɔ mo mfuw mu nkɔyɛ adwuma, na munntwitwa mo nguan mmakan ho nwi nso.
All the first-born males that come of thy herds and of thy flocks shalt thou sanctify unto the Lord thy God: thou shalt do no work with the first-born of thy bullock, and not shear the first-born of thy sheep.
20 Mmom, mo ne mo abusuafo na afe biara monwe saa mmoa yi wɔ baabi a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw ama mo no wɔ nʼanim.
Before the Lord thy God shalt thou eat it year by year, in the place which the Lord will choose, thou with thy household.
21 Na sɛ ɛba sɛ abakan no bi adi dɛm, sɛ ebia, ɔtɔ apakye anaa nʼani afura anaa wadi dɛm foforo bi a, mommfa no mmɔ afɔre mma Awurade, mo Nyankopɔn no.
And if there be any blemish thereon, if it be lame, or blind, or have any [other] ill blemish, thou shalt not sacrifice it unto the Lord thy God.
22 Mmom, momfa no nyɛ aduan mma abusuafo wɔ fie. Sɛ obi ho tew o, sɛ ne ho ntew o, otumi di bi sɛnea obiara tumi we ɔtwe anaa ɔdabɔ nam no.
Within thy gates shalt thou eat it, the unclean and the clean together, as the roebuck, and as the hart.
23 Nanso ɛnsɛ sɛ mudi mogya no. Munhwie ngu fam te sɛ nsu.
Only the blood thereof shalt thou not eat: upon the ground shalt thou pour it out as water.