< 5 Mose 14 >

1 Moyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, mma. Ɛno nti monnsesa mo ho anaa monntworɔtworɔw mo moma so mma awufo,
汝らは汝等の神ヱホバの子等なり汝ら死る者のために己が身に傷くべからずまた己が目の間にあたる頂の髮を剃べからず
2 efisɛ, moyɛ nnipa kronkron ma Awurade, mo Nyankopɔn no. Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa, mo na Awurade ayi mo sɛ nʼagyapade a ɛsom bo.
其は汝は汝の神ヱホバの聖民なればなりヱホバは地の面の諸の民の中より汝を擇びて己の寶の民となし給へり
3 Munnni akyiwade biara.
汝穢はしき物は何をも食ふ勿れ
4 Eyinom ne mmoa a ɛsɛ sɛ mowe: nantwi, oguan, abirekyi
汝らが食ふべき獣畜は是なり即ち牛 羊 山羊
5 ɔforote, adowa, ɔwansan, ewi, ɔtwe, ne ɛko.
牡鹿 羚羊 小鹿 麣 麞 麈 麖など
6 Na munni tɔteboa biara a ne tɔte mu apae abien na opuw wosaw.
凡て獣畜の中蹄の分れ割て二つの蹄を成る反芻獣は汝ら之を食ふべし
7 Nanso ntɔteboa a wopuw wosaw anaa wɔn tɔte mu apae abien no mu no, monnwe yoma, adanko ne atwaboa, efisɛ, wopuw wosaw de, nanso wɔn tɔte mu mpae; wɔn ho ntew mma mo.
但し反芻者と蹄の分れたる者の中汝らの食ふべからざる者は是なり即ち駱駝 兎および山鼠是らは反芻ども蹄わかれざれば汝らには汚れたる者なり
8 Prako nso ho ntew. Ɛwɔ mu sɛ ne tɔte mu apae de, nanso ompuw nwosaw. Ɛnsɛ sɛ mowe ne nam anaa mode mo nsa so ne funu mu koraa.
また豚是は蹄わかるれども反芻ことをせざれば汝らには汚たる者なり汝ら是等の物の肉を食ふべからずまたその死體に捫るべからず
9 Nsumnam a wɔwɔ ntɛtɛ ne abon nyinaa mutumi we.
水にをる諸の物の中是のごとき者を汝ら食ふべし即ち凡て翅と鱗のある者は皆汝ら之を食ふべし
10 Nanso nsumnam a wonni ntɛtɛ ne abon de, monnwe. Wɔn ho ntew mma mo.
凡て翅と鱗のあらざる者は汝らこれを食ふべからず是は汝らには汚たる者なり
11 Anomaa biara a ne ho tew no, monwe.
また凡て潔き鳥は皆汝らこれを食ふべし
12 Nnomaa a ɛnsɛ sɛ mowe ni: ɔkɔre, opete, asu so kɔre,
但し是等は食ふべからず即ち鵰黄鷹鳶
13 ɔkompete, nkorɔma ahorow nyinaa
鸇鷹 黑鷹の類
14 kwaakwaadabi ahorow nyinaa,
各種の鴉の類
15 sohori, anadwo akoroma, ɛpo so asomfena ne akoroma ahorow nyinaa,
駝鳥 梟 鴎 雀鷹の類
16 patu, ɔpatukɛse, bakanoma
鸛 鷺 白鳥
17 nantwinoma, opete ne ɛpo so kwaakwaadabi,
鸅鸕 大鷹 鵜
18 ne asukɔnkɔn ahorow nyinaa, asuɔkwaa ne ampan.
鶴 鸚鵡の類 鷸および蝙蝠
19 Ntummoa a wɔwea nyinaa ho ntew mma mo; monnwe.
また凡て羽翼ありて匍ところの者は汝らには汚たる者なり汝らこれを食ふべからず
20 Nanso aboa a ɔwɔ ntaban a ne ho tew biara no motumi we.
凡て羽翼をもて飛ところの潔き物は汝らこれを食ふべし
21 Monnwe aboa biara a mubehu sɛ wawu. Momfa mma ɔhɔho a ɔne mo te, anaasɛ montɔn ma ɔnanani. Na mo ankasa de, monnwe, efisɛ wɔayi mo asi nkyɛn sɛ ɔman kronkron ama Awurade, mo Nyankopɔn no. Monnnoa abirekyi ba wɔ ne na nufusu mu.
凡そ自ら死たる者は汝ら食ふべからず汝の門の内にをる他國の人に之を與へて食しかべし又これを異邦人に賣も可し汝は汝の神ヱホバの聖民なればなり汝山羊羔をその母の乳にて煮べからず
22 Afe biara monhwɛ na munyi mo mfuw mu nnɔbae nkyɛmu du mu baako.
汝かならず年々に田畝に種蒔て獲ところの產物の什一を取べし
23 Munni mo atoko, nsa, ne ngo, ne mo anantwi ne nguan abakan wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim wɔ faako a ɔbɛpaw sɛ ɛyɛ atenae wɔ ne din mu na ama moasua sɛnea wosi di Awurade, mo Nyankopɔn no ni daa.
而して汝の神ヱホバの前すなはちヱホバのその名を置んとて擇びたまはん處において汝の穀物と酒と油の什一を食ひまた汝の牛羊の首出を食ひ斯して汝の神ヱホバを常に畏るることを學ぶべし
24 Sɛ beae a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛkyerɛ mo sɛ monkamfo ne din no ne nea mote no ntam kwan ware a,
但しその路行に勝がたくして之を携へいたること能はざる時または汝の神ヱホバのその名を置んとて擇びたまへる處汝を離るること餘りに遠き時は汝もし汝の神ヱホバの恩惠に潤ふ身ならば
25 ɛno de, momfa mo ntotoso du du no nsesa dwetɛ na momfa dwetɛ no nkɔ beae a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw no.
その物を金に易へその金を包みて手に執り汝の神ヱホバの擇びたまへる處に往き
26 Sɛ mudu hɔ a, momfa sika no ntɔ biribiara a mo kɔn dɔ, sɛ ebia, nantwi, oguan, bobesa, anaa nsa biara a ɛyɛ den ne ade biara a mo kra pɛ na mo ne mo fifo nni wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim na mo ani nnye.
凡て汝の心の好む物をその金に易べし即ち牛羊葡萄酒濃酒など凡て汝が心に欲する物をもとめ其處にて汝の神ヱホバの前にこれを食ひ汝と汝の家族ともに樂むべし
27 Na mummu mo ani ngu Lewifo a wɔfra mo mu no so, efisɛ wonni wɔn ankasa wɔn agyapade biara.
汝の門の内にをるレビ人を棄る勿れ是は汝の中間に分なく產業なき者なればなり
28 Mfe abiɛsa biara awiei no, momfa mo nnɔbae so ntotoso du du no mmra mmɛkora wɔ mo nkurow mu,
三年の末に到る毎にその年の產物の十分の一を盡く持出してこれを汝の門の内に儲蓄ふべし
29 sɛnea ɛbɛyɛ a Lewifo a wonni agyapade mu kyɛfa wɔ mo mu no ne ananafo a wɔwɔ mo nkurow so ne nyisaa ne akunafo a wɔwɔ mo nkurow so no betumi adidi amee; na ama Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyira mo nsa ano nnwuma nyinaa so.
然る時は汝の中間に分なく產業なきレビ人および汝の門の内にをる他國の人と孤子と寡婦など來りてこれを食ひて飽ん斯せば汝の神ヱホバ汝が手をもて爲ところの諸の事において汝に福祉を賜ふべし

< 5 Mose 14 >