< 5 Mose 13 >
1 Sɛ odiyifo anaa obi a ɔnam adaeso so ka ahintasɛm sɔre wɔ mo mu na ɔka nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu ne anwonwasɛm kyerɛ mo,
If ever you have among you a prophet or a dreamer of dreams and he gives you a sign or a wonder,
2 na sɛ nsɛnkyerɛnne anaa anwonwasɛm no ba mu na ɔka se, “Momma yenni anyame afoforo akyi (anyame a munnim wɔn) na yɛnsom wɔn” a,
And the sign or the wonder takes place, and he says to you, Let us go after other gods, which are strange to you, and give them worship;
3 ɛnsɛ sɛ mutie saa odiyifo anaa ɔdaesofo no nsɛm. Awurade, mo Nyankopɔn, resɔ mo ahwɛ sɛ mufi mo koma ne mo kra mu nyinaa dɔ no ana.
Then give no attention to the words of that prophet or that dreamer of dreams: for the Lord your God is testing you, to see if all the love of your heart and soul is given to him.
4 Awurade, mo Nyankopɔn no, na ɛsɛ sɛ mudi nʼakyi na ɔno na ɛsɛ sɛ mode obu ne nidi ma no. Munni ne mmara so na monyɛ osetie mma no; monsom no na mommata ne ho den.
But keep on in the ways of the Lord your God, fearing him and keeping his orders and hearing his voice, worshipping him and being true to him.
5 Ɛsɛ sɛ wokum saa odiyifo anaa ɔdaesofo no, efisɛ ɔkasa tia Awurade, mo Nyankopɔn no, a oyii mo fii Misraim nkoasom asase no so no; wayere ne ho sɛ ɔpɛ sɛ ɔtwe mo fi ɔkwan a Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyɛ sɛ momfa so no so. Ɛsɛ sɛ mututu abɔnefo nyinaa fi mo mu.
And that prophet or that dreamer of dreams is to be put to death; for his words were said with the purpose of turning you away from the Lord your God, who took you out of the land of Egypt and made you free from the prison-house; and of forcing you out of the way in which the Lord your God has given you orders to go. So you are to put away the evil from among you.
6 Sɛ wo nuabarima, wo babarima, wo babea, wo yere a wodɔ no anaa wʼadamfo pa bi fa sum ase twetwe wo, ka kyerɛ wo se, “Momma yɛnkɔsom anyame afoforo, anyame a wo anaa wʼagyanom nhuu bi da,”
If your brother, the son of your mother, or your son or your daughter or the wife of your heart, or the friend who is as dear to you as your life, working on you secretly says to you, Let us go and give worship to other gods, strange to you and to your fathers;
7 anyame a ɛyɛ nnipa a atwa wo ho ahyia no de, sɛ wɔbɛn anaa wɔwɔ akyiri, fi asase ano kosi ano no a,
Gods of the peoples round about you, near or far, from one end of the earth to the other;
8 mommfa wo ho mma no anaasɛ ntie no. Nhu no mmɔbɔ. Mfa ne ho nkyɛ no na mmɔ ne ho ban nso.
Do not be guided by him or give attention to him; have no pity on him or mercy, and give him no cover;
9 Kum na ɛsɛ sɛ mukum no. Mo nsa na momma enni kan wɔ ne kum no mu ansa na nnipa nyinaa de wɔn nsa abɛka ho.
But put him to death without question; let your hand be the first stretched out against him to put him to death, and then the hands of all the people.
10 Munsiw no abo nkum no, efisɛ ɔpɛɛ sɛ ɔtwe mo fi Awurade, mo Nyankopɔn no, a oyii mo fii Misraim nkoasom asase so no ho.
Let him be stoned with stones till he is dead; because it was his purpose to make you false to the Lord your God, who took you out of the land of Egypt, out of the prison-house.
11 Afei, Israel nyinaa bɛte na wɔasuro na obiara nni hɔ a obefi mo mu a, ɔbɛyɛ saa ade no bio.
And all Israel, hearing of it, will be full of fear, and no one will again do such evil as this among you.
12 Sɛ ɛba sɛ mote wɔ nkurow a Awurade, mo Nyankopɔn, de rema mo no baako so sɛ
And if word comes to you, in one of the towns which the Lord your God is giving you for your resting-place,
13 nnipa bɔnefo bi asɔre wɔ wɔn mu adi nnipa a wɔwɔ kurow no mu anim de wɔn akosi bɔne mu aka se, “Momma yɛnkɔsom anyame afoforo,” anyame a munhuu bi da a,
That good-for-nothing persons have gone out from among you, turning the people of their town from the right way and saying, Let us go and give worship to other gods, of whom you have no knowledge;
14 ɛsɛ sɛ mubisa mu, hwehwɛ mu yiye. Na sɛ ɛyɛ nokware na sɛ nhwehwɛmu ada no adi sɛ nneyɛe bɔne bi akɔ so wɔ mo mu a,
Then let a full search be made, and let questions be put with care; and if it is true and certain that such a disgusting thing has been done among you;
15 ɛsɛ sɛ wɔde afoa kunkum wɔn a wɔwɔ kurow no mu nyinaa. Monsɛe kurow no pasapasa, emu nnipa ne nyɛmmoa.
Then take up arms against the people of that town and give it up to the curse, with all its cattle and everything in it.
16 Afei, mommoaboa asade no nyinaa ano wɔ kurow no aguabɔbea na monhyew no. Monhyew kurow mu no ne emu nneɛma nyinaa mma ɛnyɛ sɛ ɔhyew afɔre mma Awurade, mo Nyankopɔn no. Saa kurow no nyɛ amamfo daa; ɛnsɛ sɛ wɔsan kyekyere bio.
And take all the goods into the middle of its open space, burning the town and all its property with fire as an offering to the Lord your God; it is to be a waste for ever; there is to be no more building there.
17 Asade a wɔde agu nkyɛn sɛ wɔbɛsɛe no no, mommfa bi. Saayɛ na ɛbɛma Awurade adan afi nʼabufuwhyew no ho na wahu mo mmɔbɔ. Ne yam bɛhyehye no ama mo na wama mo adɔ sɛnea ɔkaa ntam hyɛɛ mo agyanom bɔ no,
Keep not a thing of what is cursed for yourselves: so the Lord may be turned away from the heat of his wrath, and have mercy on you, and give you increase as he said in his oath to your fathers:
18 efisɛ moyɛ osetie ma Awurade, mo Nyankopɔn no, na mudi ne mmara a mede rema mo nnɛ yi so na moyɛ nea ɛsɔ nʼani.
So long as you give ear to the voice of the Lord your God, and keep all his orders which I give you today, and do what is right in the eyes of the Lord your God.