< 5 Mose 12 >
1 Eyinom ne mmara ne ahyɛde a ɛsɛ sɛ mohwɛ na mudi so, mmere dodow a mote asase a Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, de ama mo no so.
These are the statutes and ordinances, which ye shall observe to do, in the land which the Lord, the God of thy fathers, giveth unto thee to possess it, and all the days that ye live upon the earth.
2 Sɛ mutu aman a wɔtete hɔ no fi hɔ a, mosɛe mmeae ahorow bi sɛ mmepɔw atifi, nkoko so, ne nnua a atrɛtrɛw no ase a wɔsom wɔn anyame no nyinaa.
Ye shall utterly destroy all the places whereon the nations which ye are about to drive out served their gods, upon the high mountains, and upon the hills, and under every green tree;
3 Mummubu wɔn afɔremuka nyinaa na monyam wɔn ɔsom adum no. Momfa ogya nhyew wɔn abosompɔw na mommobɔ wɔn ahoni a wɔayeyɛ no. Mompepa wɔn ahoni no din mfi mmeae ahorow a ɛwɔ no.
And ye shall overthrow their altars, and break their statues, and their groves shall ye burn with fire; and the graven images of their gods shall ye hew down; and ye shall destroy their name out of the same place.
4 Mommfa wɔn akwan no so nsom Awurade, mo Nyankopɔn.
Ye shall not do so unto the Lord your God;
5 Na mmom, monhwehwɛ faako a Awurade, mo Nyankopɔn, beyi afi mo mmusuakuw mu ama mo no na munnyina ne din wɔ hɔ sɛ nʼatenae. Beae hɔ na ɛsɛ sɛ mokɔ.
But unto the place which the Lord your God may choose out of all your tribes to put his name there, even unto his habitation shall ye repair, and thither shalt thou come;
6 Ɛhɔ na momfa mo hyew afɔrebɔde mmra mmɛbɔ a mo ntotoso du du, akyɛde sononko, ade a moaka ho ntam sɛ mode bɛba ne afɔrebɔde a efi mo pɛ mu, mo anantwi ne mo nguan mu mmakan nso nka ho.
And ye shall bring thither your burnt-offerings, and your sacrifices, and your tithes, and the heave-offering of your hand, and your vows, and your freewill-offerings, and the first-born of your herds and of your flocks;
7 Ɛhɔ, Awurade, mo Nyankopɔn no anim hɔ no, na mo ne mo abusuafo bedidi na mo ani agye wɔ biribiara a mode mo nsa aka ho, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn, ahyira mo.
And ye shall eat there before the Lord your God, and ye shall rejoice with all the acquisition of your hand, ye and your households, wherewith the Lord thy God may have blessed thee.
8 Nnɛ yi, nea mopɛ biara na moyɛ, nanso ɛnsɛ sɛ ɛba saa,
Ye shall not do after all the manner that we do here this day, every one whatsoever is right in his own eyes.
9 efisɛ munnuu ahomegyebea ne agyapade a Awurade, mo Nyankopɔn, de rebɛma mo no hɔ ɛ.
For ye are not as yet come to the rest and to the inheritance, which the Lord thy God giveth thee.
10 Nanso mubetwa Asubɔnten Yordan akɔtena asase a Awurade, mo Nyankopɔn, de rema mo sɛ agyapade no so. Na ɔbɛma mo ahomegye ne bammɔ afi mo atamfo a wɔatwa mo ho ahyia no nsam na moatena ase dwoodwoo.
But ye will go over the Jordan, and dwell in the land which the Lord your God causeth you to inherit, and he will give you rest from all your enemies round about, so that ye may dwell in safety.
11 Momfa biribiara a mehyɛ mo sɛ momfa mmra sɛ ɛyɛ mo ɔhyew afɔrebɔde, ntotoso du du, akyɛde sononko ne mo ɔma ahorow no mfa nhyɛ mo ntanka no mu kena wɔ beae a Awurade, mo Nyankopɔn, beyi ama mo a sɛ monsɔre ne din wɔ hɔ no.
And then shall it be, that the place which the Lord your God will choose to cause his name to dwell there, —[even] thither shall ye bring all that I command you: your burnt-offerings, and your sacrifices, your tithes, and the heave-offering of your hand, and all your choice vows which ye may vow unto the Lord;
12 Mo ne mo mmabarima, mo mmabea ne mo nkoa nyinaa nnye mo ani wɔ hɔ wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim. Na monkae Lewifo a wɔtete mo nkurow so no a wonni wɔn ankasa agyapade no.
And ye shall rejoice before the Lord your God, ye, and your sons, and your daughters, and your men-servants, and your maid-servants, and the Levite who is within your gates; because he hath not any portion nor inheritance with you.
13 Monhwɛ yiye na moammɔ mo hyew afɔre wɔ baabiara a mopɛ.
Take heed to thyself that thou offer not thy burnt-offerings in every place which thou mayest see;
14 Mommɔ wɔ baabi pɔtee a Awurade ayi afi mo mmusua asase bi mu ama mo no nkutoo. Ɛhɔ na monyɛ biribiara a mehyɛ mo sɛ monyɛ no.
But in the place which the Lord will choose in one of thy tribes, there shalt thou offer thy burnt-offerings, and there shalt thou do all that I command thee.
15 Nanso kurow biara a mopɛ so no, mutumi kum mmoa we sɛnea mukum atwe ne adabɔ no. Mutumi we nam dodow biara a Awurade, mo Nyankopɔn, de behyira mo no. Wɔn a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew no nyinaa tumi we bi.
Notwithstanding, according to all the longing of thy soul, mayest thou kill and eat flesh, according to the blessing of the Lord thy God which he hath given thee, in all thy gates: the unclean and the clean may eat thereof, as of the roebuck, and as of the hart.
16 Nanso ɛnsɛ sɛ mudi mogya no. Muntwa ngu fam te sɛ nsu.
Only the blood shall ye not eat: upon the earth shall ye pour it out as water.
17 Ɛnsɛ sɛ mudi mo afɔre, ntotoso du du a efi mo atoko mu, mo nsa foforo ne ngo anaa mo anantwi ne mo nguan abakan wɔ mo kurow mu. Biribiara a moaka ho ntam sɛ mode bɛma Awurade anaa nea mufi mo koma mu ahyɛ ho bɔ anaa akyɛde sononko biara no, ɛnsɛ sɛ mudi.
Thou mayest not eat within thy gates the tithe of thy corn, or of thy wine, or of thy oil, nor the first-born of thy herds or of thy flocks, nor any of thy vows which thou mayest vow, nor thy freewill-offerings, and the heave-offering of thy hand;
18 Mmom, ɛsɛ sɛ mudi wɔ Awurade, mo Nyankopɔn, anim wɔ faako a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛkyerɛ mo a mo, mo mmabarima ne mo mmabea, mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewifo a wofi mo nkurow mu ka ho no, munnye mo ani wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim wɔ biribiara a mobɛyɛ no ho.
But before the Lord thy God must thou eat them in the place which the Lord thy God may choose, thou, and thy son, and thy daughter, and thy man-servant, and thy maid-servant, and the Levite who is within thy gates; and thou shalt rejoice before the Lord thy God with all the acquisition of thy hand.
19 Monhwɛ yiye na moanyi Lewifo no mu wɔ mmere dodow a mote mo asase so no.
Take heed to thyself that thou forsake not the Levite as long as thou livest upon thy land.
20 Sɛ Awurade, mo Nyankopɔn, trɛw mo hye mu sɛnea wahyɛ mo ho bɔ no, na sɛ mo kɔn dɔ nam ka se, “Yenya nam bi a anka yɛbɛwe” a, ɛno de, mubetumi awe nam dodow biara a mopɛ.
When the Lord thy God will enlarge thy border, as he hath spoken unto thee, and thou dost say, I wish to eat flesh, because thy soul longeth to eat flesh: then mayest thou, according to all the longing of thy soul, eat flesh.
21 Sɛ faako a Awurade, mo Nyankopɔn no, ayi ama mo sɛ monkamfo ne din hɔ no ne mmeae a mowɔ no ntam ware a, mutumi kum mo anantwi anaa nguan a Awurade de ama mo no dodow biara a mopɛ no wɔ mo afi mu sɛnea mahyɛ mo no.
If the place which the Lord thy God may choose to put his name there be too far for thee: then mayest thou kill of thy herds and of thy flocks, which the Lord hath given thee, as I have commanded thee; and thou shalt eat in thy gates according to all the longing of thy soul.
22 Monwe sɛnea mowe atwe anaa adabɔ. Wɔn a wɔn ho ntew ne wɔn a wɔn ho tew no nyinaa tumi we bi.
But as the roebuck and the hart are eaten, so shalt thou eat the same: the unclean and the clean may eat thereof together.
23 Monhwɛ sɛ morenni mogya no, efisɛ mogya no ne nkwa no, na ɛnsɛ sɛ mudi nkwa no ne nam no.
Only be firm so as not to eat the blood; for the blood is the life; and thou shalt not eat the life with the flesh.
24 Munni mogya no; mmom, munhwie ngu fam sɛ nsu.
Thou shalt not eat it: upon the earth shalt thou pour it out like water.
25 Munnni mogya no na asi mo ne mo mma yiye, efisɛ moyɛ saa a na moayɛ nea ɛteɛ wɔ Awurade ani so.
Thou shalt not eat it; in order that it may go well with thee, and with thy children after thee, when thou wilt do what is right in the eyes of the Lord.
26 Momfa mo nneɛma a moatew ho ne nea moaka ho ntam sɛ mobɛma biara no, na monkɔ beae a Awurade bɛpaw no.
Nevertheless thy holy things which thou mayest have, and thy vows, shalt thou take, and go unto the place which the Lord may choose:
27 Momfa mo ɔhyew afɔre, nam ne mogya no nyinaa, ngu Awurade, mo Nyankopɔn no, afɔremuka so. Ɛsɛ sɛ muhwie mo afɔrebɔde no mogya no gu Awurade, mo Nyankopɔn no, afɔremuka no nkyɛn. Mmom, mubetumi awe nam no.
And thou shalt offer thy burnt-offerings, the flesh and the blood, upon the altar of the Lord thy God; and the blood of thy sacrifices shall be poured out upon the altar of the Lord thy God, and the flesh shalt thou eat.
28 Monhwɛ sɛ mubedi mmara ahorow a mede rema mo yi nyinaa so, na asi mo ne mo mma a wɔbɛba wɔ mo akyi no yiye, efisɛ ɛno na ɛbɛyɛ nea eye ne nea ɛteɛ wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no ani so.
Observe and hear all these words which I command thee; in order that it may go well with thee, and with thy children after thee for ever, when thou wilt do what is good and right in the eyes of the Lord thy God.
29 Na Awurade, mo Nyankopɔn no, bedi mo anim kan akɔsɛe aman a morekɔtoa wɔn no na mopam wɔn. Na sɛ mopam wɔn kɔtena wɔn nsase no so,
When the Lord thy God will cut off the nations, whither thou goest to drive them out from before thee, and thou succeedest them, and dwellest in their land:
30 na sɛ wonya di mo anim sɛe wɔn a, monhwɛ yiye na moammisa wɔn anyame no ase anka se, “Ɔkwan bɛn so na saa aman yi fa som wɔn anyame? Yɛpɛ sɛ yɛyɛ saa bi,” amfa so ankɔtɔ afiri mu.
Then take heed to thyself that thou be not snared by following them, after they have been destroyed from before thee; and that thou inquire not after their gods, saying, How did these nations serve their gods? even so will I do likewise.
31 Mommfa wɔn kwan so nsom Awurade, mo Nyankopɔn no, efisɛ wɔn anyame no som mu no, wɔyɛ akyiwade ahorow a Awurade kyi no nyinaa mpɛ. Mpo, wɔhyew wɔn mmabarima ne wɔn mmabea wɔ ogya sɛ wɔde rebɔ afɔre ama wɔn anyame no.
Thou shalt not do so unto the Lord thy God; for every abomination to the Lord, which he hateth, have they done unto their gods; for even their sons and their daughters have they burnt in the fire to their gods.
32 Monhwɛ sɛ mubedi nea mahyɛ mo no nyinaa so; mommfa bi nka ho na munnyi bi nso mfi mu.
What thing soever I command you, even that shall ye observe to do: thou shalt not add thereto, and thou shalt not diminish therefrom.