< 5 Mose 11 >
1 Monnɔ Awurade mo Nyankopɔn na munni nʼapɛde, ne mmara ne nʼahyɛde so bere nyinaa.
“[Because of all that] Yahweh your God [has done for you], you must love him and continually obey all his rules and regulations and commandments.
2 Nnɛ, muntie, sɛ ɛnyɛ mo mma na wonyaa osuahu, huu Awurade, mo Nyankopɔn no nteɛso, ne tumi, ne basa kɛse, ne nsa a wateɛ mu;
It was you and your ancestors, not your children, whom he disciplined [by causing all of you to have/experience difficulties]. So, starting today, continue to think about how very great and very powerful he is [DOU, MTY].
3 nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe ne nneɛma a ɔyɛɛ wɔ Misraim pɛɛ maa bi kaa Misraimhene Farao ne ɔman mu no nyinaa no;
Think about the various miracles [DOU] that he performed in Egypt. Think about what he did to the king of Egypt and to his country.
4 dwuma a odii Misraim asraafo, wɔn apɔnkɔ ne wɔn nteaseɛnam no; sɛnea ɔmaa Po Kɔkɔɔ yiri faa wɔn bere a wɔtaa mo no ne sɛnea Awurade sɛee wɔn bere a wɔtaa mo no; ne sɛnea Awurade de ɔsɛe a to ntwa baa wɔn so no.
Think about what he did to the army of Egypt, to their horses and their chariots. Think about how he caused the Red Sea to flood/cover over them while they were pursuing your ancestors, and how the army of Egypt was completely (wiped out/destroyed).
5 Ɛnyɛ mo mma na wohuu nea ɔyɛ maa mo wɔ sare so hɔ de kosii sɛ mubeduu ha yi;
Think about what Yahweh did for your ancestors in the desert before you arrived at this place.
6 ne nea ɔde yɛɛ Eliab a na ɔyɛ Rubenni no mma Datan ne Abiram bere a ɔmma asase buee nʼanom wɔ mo Israelfo no anim menee wɔn ne wɔn afi ne wɔn ntamadan ne biribiara a na ɛyɛ wɔn agyapade a nkwa wɔ mu no.
Think about what he did to Dathan and Abiram, the two sons of Eliab from the tribe of Reuben. While all of your ancestors were watching, the earth split open, and they fell into the opening [and disappeared], along with their families and their tents, their servants, and their animals.
7 Mmom, ɛyɛ mo ankasa mo ani na mode ahu saa nneɛma akɛse a Awurade ayɛ yi nyinaa.
You [SYN] and your ancestors have seen all these miracles that Yahweh performed.
8 Enti munni mmara a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya ahoɔden akɔfa asase a morebetwa Yordan akɔ so akɔfa yi,
So, obey all the commandments that I am giving you today, in order that you will be strong and able to cross the river and occupy the land that you are about to enter,
9 na mo nna aware asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so a Awurade kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefo no so.
and in order that you will live for a long time in that land, the land that Yahweh solemnly promised your ancestors that he would give to them and to their descendants, a land that is very fertile [IDM].
10 Asase a morekɔ so akɔfa no nte sɛ Misraim asase a mufi so bae no a na mudua nnɔbae a mode mo nan twa suka te sɛnea moyɛ atomude turo no.
The land that you are about to enter and occupy is not like the land of Egypt, where your ancestors lived. In Egypt, after they planted seeds, it was necessary for them to work hard [MTY] to water [the plants that grew].
11 Na asase a moretwa Yordan akɔfa no yɛ mmepɔw ne abon a enya osu a efi ɔsoro.
But the land that you are about to enter is a land where there are many hills and valleys, where there is plenty of rain.
12 Ɛyɛ asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, ani wɔ ho. Daa Awurade, mo Nyankopɔn, ani wɔ so fi afe no mfiase de kosi nʼawie.
Yahweh takes care of that land. He [SYN] watches over it every day, from the beginning of each year to the end of each year.
13 Sɛ mufi nokwaredi mu di mmara a merehyɛ ama mo nnɛ yi so sɛ mode mo koma ne mo kra nyinaa bɛdɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, na moasom no a,
Today I am commanding you to love Yahweh our God and to serve him with your entire inner beings. If you do that,
14 ɛno de, ɔbɛtɔ osu agu no asase so ne bere mu ama mo, na moatumi atwa mo awi, nsa foforo ne ngo.
each year he will send rain on your land at the (right times/times when it is needed), (in the autumn/at the end of the dry season) and (in the spring/before the next dry season starts). As a result, you will have grain and [grapes to make] wine and [olives to make olive] oil.
15 Ɔbɛma mo sare pii na mo anantwi awe na mo nso mubedidi amee.
And he will cause grass to grow in your fields for your livestock [to eat]. You will have all the food that you want.
16 Monhwɛ yiye, anyɛ saa a wɔbɛtwetwe mo ama moakɔsom anyame afoforo na moakotow wɔn.
“But I warn you, do not turn away from Yahweh our God and start to worship other gods,
17 Ɛno na ɛbɛma Awurade abufuw ahuru atia mo; na ɔbɛto ɔsoro mu, na osu rentɔ, na asase remmɔ aduan biara, na ɛrenkyɛ na moawuwu afi asase a Awurade de rema mo no so.
because if you do that, Yahweh will become very angry with you. He will prevent any rain from falling. As a result, the crops will not grow, and you will soon die [from hunger] in the good land that Yahweh is about to give to you.
18 Enti momma me nsɛm yi ntim wɔ mo koma ne mo adwene mu. Momfa nkyekyere mo nsa sɛ nkae ade na momfa mmɔ abotiri.
So, keep thinking [IDM] about these commands. Write them [on tiny scrolls] and fasten them to your arms/wrists, and write them on bands that you fasten to your foreheads [to help you to remember them].
19 Monkyerɛkyerɛ mo mma na monka ho asɛm nkyerɛ wɔn bere a mote fie ne bere a monam akwan so; bere a modeda hɔ ne bere a mosɔre.
Teach them to your children again and again. Talk about them [all the time]: When you are in your houses and when you are walking outside; talk about them when you are lying down at night and when you are getting up in the morning.
20 Monkyerɛw ngu mo afi apongua ne mo abobow ano apon so,
Write them on the doorposts and on the gates of your houses.
21 sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔsoro da so kata asase ani yi, mo ne mo mma nkwa bɛware wɔ asase a Awurade kaa ho ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom no so.
Do that in order that you and your children will live for a long time in the land that Yahweh promised to our ancestors that he would give to them. That land will belong to you [and your descendants] as long as there is a sky above the earth.
22 Sɛ mudi ahyɛde ahorow a mede rema mo sɛ munni so; sɛ monnɔ Awurade, mo Nyankopɔn, nyɛ osetie mma no na munni no ni, yi so pɛpɛɛpɛ a,
“Faithfully continue to obey what I am commanding you to do—to love Yahweh our God, and to conduct your lives as he wants you to do, and to (be faithful to/have a close relationship with) him.
23 ɛno de, Awurade bɛpam saa aman yi nyinaa wɔ mo anim, na mubetu aman a ɛsoso na wɔyɛ den sen mo no agu.
If you do that, Yahweh will expel all the people-groups in that land as you advance, people-groups that are more numerous and more powerful than you are.
24 Baabiara a mode mo anan betia no bɛyɛ mo de. Mo ahye bɛtrɛw afi sare so akosi Lebanon, na afi Asubɔnten Eufrate akosi Ntam Po no.
All the ground [in that land] on which you walk will be yours. Your territory will extend from the desert [in the south] to the Lebanon [Mountains in the north], and from the Euphrates River [in the east] to the [Mediterranean] Sea in the west.
25 Obiara rentumi nsɔre ntia mo, efisɛ sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn, ahyɛ bɔ no, ɔde mo ho huboa ne osuro bɛto asase no nyinaa so wɔ baabiara a mobɛkɔ.
Yahweh our God will cause all the people in that land to be afraid of you, which is what he promised, with the result that no people-group will be able to stop you.
26 Hwɛ, nnɛ mede nhyira ne nnome resi mo anim;
“Listen carefully: Today I am telling you [that Yahweh will either] bless [you or he will] curse you.
27 sɛ mudi Awurade, mo Nyankopɔn, mmara a merehyɛ ama mo nnɛ yi so a, ɛbɛyɛ nhyira.
If you obey the commandments of Yahweh our God that I am giving to you today, he will bless you.
28 Na sɛ mopo Awurade, mo Nyankopɔn mmara dan fi nʼakwan a merehyɛ mo nnɛ yi so, kɔsom anyame afoforo a, ɛbɛyɛ nnome.
If you do not obey them, and if you turn away from him to worship other gods that you have never known about before, he will curse you.
29 Na sɛ Awurade, mo Nyankopɔn, de mo du asase a morekɔ so akɔfa no a, monka nhyira nsɛm mfi Gerisim Bepɔw no so na monka nnome nsɛm nso mfi Ebal Bepɔw so.
And when Yahweh brings you into the land that you are about to enter and occupy, [some of you must stand on top of] Gerizim Mountain and proclaim what will cause Yahweh to bless you, and [the others must stand on top of] Ebal Mountain and proclaim [what will cause Yahweh to] curse you.”
30 Sɛnea munim no, mmepɔw abien yi wɔ Asubɔnten Yordan agya wɔ atɔe fam, a ɛkyerɛ owitɔe na ɛbɛn More kwae wɔ Kanaanfo a wɔte Araba no asase so; faako a wɔn ani tua Gilgal no.
(Those two mountains are [RHQ] west of the Jordan [River], west of the Jordan Valley near the huge oak tree at Moreh [village] in the land where the Canaan people-group lives. They live close to the sacred trees near Gilgal.)
31 Moreyɛ atwa Yordan akɔfa asase a Awurade, mo Nyankopɔn, de rema mo no. Sɛ mokɔfa saa asase no kɔtena so a,
“You will soon cross the Jordan [River] to occupy the land that Yahweh our God is giving to you. When you enter that land and start to live there,
32 monhwɛ yiye na munni mmara ne ahyɛde ahorow a mede rema mo nnɛ yi no nyinaa so.
be sure to obey all the rules and regulations that I am giving to you today.”