< 5 Mose 10 >
1 Saa bere no, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Twa abo apon no abien te sɛ kan de no na foro bra me nkyɛn wɔ bepɔw no so. Afei, yɛ dua adaka a wobɛkora wɔ mu.
At that time the LORD said to me, “Chisel out two stone tablets like the originals, come up to Me on the mountain, and make an ark of wood.
2 Mɛkyerɛw nsɛm a mekyerɛw guu abo apon abien a edi kan a wububuu mu no bi pɛpɛɛpɛ agu so. Na fa hyɛ adaka no mu.”
And I will write on the tablets the words that were on the first tablets, which you broke; and you are to place them in the ark.”
3 Na mede dua ɔkanto yɛɛ adaka, sen abo apon abien sɛ kan de no, na meforoo bepɔw no a na mikura apon abien no.
So I made an ark of acacia wood, chiseled out two stone tablets like the originals, and went up the mountain with the two tablets in my hands.
4 Awurade kyerɛw nsɛm a wakyerɛw bi dedaw, Mmaransɛm Du, a ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ mo fi ogya mu wɔ bepɔw no so wɔ mo nhyiamu ase no guu apon no so. Na Awurade de maa me.
And the LORD wrote on the tablets what had been written previously, the Ten Commandments that He had spoken to you on the mountain out of the fire on the day of the assembly. The LORD gave them to me,
5 Na misan fii bepɔw no so na mede abo apon no bɛhyɛɛ adaka a mayɛ no mu sɛnea Awurade hyɛɛ me sɛ menyɛ no, na ɛwɔ hɔ besi nnɛ.
and I went back down the mountain and placed the tablets in the ark I had made, as the LORD had commanded me; and there they have remained.
6 Na Israelfo tu fii Beerot-Bene-Yaakan mmura ho kɔɔ Mosera. Ɛhɔ na Aaron wu ma wosiee no. Aaron babarima Eleasar sii nʼanan mu dii sɔfo.
The Israelites traveled from Beeroth Bene-jaakan to Moserah, where Aaron died and was buried, and Eleazar his son succeeded him as priest.
7 Wofi hɔ tu kɔɔ Gudgod. Wofi Gudgod no, wɔkɔɔ Yotbata, asase a nsuten pii wɔ so.
From there they traveled to Gudgodah, and from Gudgodah to Jotbathah, a land with streams of water.
8 Ɛhɔ na Awurade yii Lewifo abusuakuw sɛ wɔnsoa Awurade apam adaka no na wonnyina Awurade anim nsom no na wɔmfa ne din so nhyira, sɛnea wɔyɛ no nnɛ yi.
At that time the LORD set apart the tribe of Levi to carry the ark of the covenant of the LORD, to stand before the LORD to serve Him, and to pronounce blessings in His name, as they do to this day.
9 Ɛno nti na Lewifo no nni agyapade wɔ wɔn mfɛfo Israelfo no mu no. Awurade no ankasa ne wɔn agyapade sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn, ka kyerɛɛ wɔn no.
That is why Levi has no portion or inheritance among his brothers; the LORD is his inheritance, as the LORD your God promised him.
10 Na metenaa bepɔw no so wɔ Awurade anim adaduanan, awia ne anadwo sɛnea meyɛɛ kan no. Na Awurade tiee me bio. Na ɛnyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛsɛe mo.
I stayed on the mountain forty days and forty nights, like the first time, and that time the LORD again listened to me and agreed not to destroy you.
11 Awurade ka kyerɛɛ me se, “Sɔre na di nnipa no anim fa wɔn kɔ asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom no so na wɔmfa no sɛ agyapade.”
Then the LORD said to me, “Get up. Continue your journey ahead of the people, that they may enter and possess the land that I swore to their fathers to give them.”
12 Na afei, Israel, dɛn na Awurade, mo Nyankopɔn, hwehwɛ afi mo nkyɛn? Ɔhwehwɛ sɛ musuro no na moyɛ nʼapɛde, na mode mo koma ne mo kra nyinaa dɔ no na mosom no,
And now, O Israel, what does the LORD your God ask of you but to fear the LORD your God by walking in all His ways, to love Him, to serve the LORD your God with all your heart and with all your soul,
13 na mudi Awurade ahyɛde ne ne mmara a mede rema mo nnɛ yi so, na asi mo yiye.
and to keep the commandments and statutes of the LORD that I am giving you this day for your own good?
14 Ɔsorosoro mu soro ne asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, de.
Behold, to the LORD your God belong the heavens, even the highest heavens, and the earth and everything in it.
15 Nanso Awurade nyaa abadae maa mo agyanom na ɔdɔ wɔn, na ɔpaw mo a moyɛ wɔn asefo gyaa aman nyinaa sɛnea ɛte nnɛ yi.
Yet the LORD has set His affection on your fathers and loved them. And He has chosen you, their descendants after them, above all the peoples, even to this day.
16 Ɛno nti, monhohoro mo koma mu bɔne na munnyae asoɔden no.
Circumcise your hearts, therefore, and stiffen your necks no more.
17 Na Awurade, mo Nyankopɔn, yɛ ahene mu hene ne anyame mu nyame. Ɔyɛ Onyankopɔn kɛse, otumfo ne ɔnwonwani a ɔnkyea nʼaso na onnye adanmude nso.
For the LORD your God is God of gods and Lord of lords, the great, mighty, and awesome God, showing no partiality and accepting no bribe.
18 Ɔko ma nyisaa ne akunafo, na ɔdɔ ahɔho a wɔte mo mu. Ɔma wɔn aduan ne ntama.
He executes justice for the fatherless and widow, and He loves the foreigner, giving him food and clothing.
19 Mo nso, ɛsɛ sɛ modɔ ahɔho, efisɛ bere bi na mo ankasa nso yɛ ahɔho wɔ Misraim asase so.
So you also must love the foreigner, since you yourselves were foreigners in the land of Egypt.
20 Munsuro Awurade, mo Nyankopɔn, na mosom no. Moka mo ho mmata ne ho, na mo ntam a moka nyɛ ne din nko ara.
You are to fear the LORD your God and serve Him. Hold fast to Him and take your oaths in His name.
21 Ɔyɛ mo Nyankopɔn a ɛsɛ sɛ mokamfo no. Ɔno na wayɛ anwonwade akɛse a mo nyinaa ahu bi.
He is your praise and He is your God, who has done for you these great and awesome wonders that your eyes have seen.
22 Na mo agyanom a wɔkɔɔ Misraim no nyinaa dodow yɛ aduɔson. Nanso afei, Awurade, mo Nyankopɔn no ama mo ase adɔ te sɛ soro nsoromma.
Your fathers went down to Egypt, seventy in all, and now the LORD your God has made you as numerous as the stars in the sky.