< 5 Mose 1 >

1 Eyi ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israelfo nyinaa wɔ sare no so wɔ Yordan apuei. Wɔbɔɔ atenae wɔ Yordan bon a ɛbɛn Suf, wɔ Paran, Tofel, Laban, Haserot ne Di-Sahab ntam no.
These are the words which Moses spoke to all Israel beyond the Jordan in the wilderness, in the Arabah opposite Suf, between Paran, Tophel, Laban, Hazeroth, and Dizahab.
2 Efi Horeb de kɔ Kades-Barnea no, ɔkwan a ɛfa bepɔw Seir no, yɛ nnafua dubaako kwan.
It is eleven days’ journey from Horeb by the way of Mount Seir to Kadesh Barnea.
3 Israelfo fii Bepɔw Sinai no, afe a ɛto so aduanan no ɔsram dubaako no da a edi kan no, Mose kaa nsɛm a Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfo no pɛpɛɛpɛ kyerɛɛ wɔn.
In the fortieth year, in the eleventh month, on the first day of the month, Moses spoke to the children of Israel according to all that the LORD had given him in commandment to them,
4 Ɔkaa saa asɛm yi wɔ bere a na wɔadi Amorifo hene Sihon a na odi ade wɔ Hesbon ne Basanhene Og a na odi ade wɔ Astarot ne Edrei so nkonim.
after he had struck Sihon the king of the Amorites who lived in Heshbon, and Og the king of Bashan who lived in Ashtaroth, at Edrei.
5 Yordan apuei fam a ɛwɔ Moab asase so na Mose fii ase kyerɛkyerɛɛ mmara no mu se:
Beyond the Jordan, in the land of Moab, Moses began to declare this law, saying,
6 Awurade ka kyerɛɛ yɛn wɔ Horeb se: “Moatena saa bepɔw yi so akyɛ dodo.
“The LORD our God spoke to us in Horeb, saying, ‘You have lived long enough at this mountain.
7 Muntutu nkɔtena Amorifo nkoko no so; monkɔtena nnipa a wɔbemmɛn Araba mmepɔw no mu ne atɔe mmepɔw ayaase hɔ nyinaa mu; monkɔ Negeb na momfa mpoano nkosi Kanaanfo asase so ne Lebanon nkodu Asubɔnten Eufrate ho.
Turn, and take your journey, and go to the hill country of the Amorites and to all the places near there: in the Arabah, in the hill country, in the lowland, in the South, by the seashore, in the land of the Canaanites, and in Lebanon as far as the great river, the river Euphrates.
8 Muntie! Mede saa asase yi ama mo. Monkɔ na monkɔfa asase a Awurade hyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob ne wɔn asefo no.”
Behold, I have set the land before you. Go in and possess the land which the LORD swore to your fathers—to Abraham, to Isaac, and to Jacob—to give to them and to their offspring after them.’”
9 Saa bere no, meka kyerɛɛ mo se, “Me nko ara merentumi nyɛ mo ho adwuma.
I spoke to you at that time, saying, “I am not able to bear you myself alone.
10 Awurade, mo Nyankopɔn, ama mo ase adɔ enti nnɛ yi, mo ase afɛe te sɛ ɔsoro nsoromma.
The LORD your God has multiplied you, and behold, you are today as the stars of the sky for multitude.
11 Awurade mo agyanom Nyankopɔn mma mo nnɔ mmɔho mpempem na onhyira mo sɛnea wahyɛ mo bɔ no!
May the LORD, the God of your fathers, make you a thousand times as many as you are and bless you, as he has promised you!
12 Na ɛbɛyɛ dɛn na me nko metumi asoa mo haw ne mo nnesoa ne mo ntawntaw?
How can I myself alone bear your problems, your burdens, and your strife?
13 Mompaw mmarima bi a wɔwɔ nyansa, ntease na wɔwɔ din pa mfi abusuakuw biara mu na memfa wɔn ntuatua mo ano.”
Take wise men of understanding who are respected amongst your tribes, and I will make them heads over you.”
14 Mubuaa me se, “Dwuma a woasusuw sɛ wubedi no ye.”
You answered me, and said, “The thing which you have spoken is good to do.”
15 Enti mede mo mmusuakuw mu mmarima atitiriw, anyansafo a wɔn anim wɔ nyam no tuatuaa mo ano apem apem, ɔha ɔha, aduonum aduonum ne du du so mpanyin ne mo mmusuakuw so sɛ ahwɛfo.
So I took the heads of your tribes, wise and respected men, and made them heads over you, captains of thousands, captains of hundreds, captains of fifties, captains of tens, and officers, according to your tribes.
16 Na atemmufo a wɔwɔ hɔ saa bere no nso, mehyɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ akasakasa ba anuanom ntam, sɛ asɛm no yɛ Israelni ne ne nua bi anaa Israelni ne ɔhɔho bi a, monhwɛ na mummu atɛntrenee.
I commanded your judges at that time, saying, “Hear cases between your brothers and judge righteously between a man and his brother, and the foreigner who is living with him.
17 Mo atemmu mu, mummmu ntɛnkyew. Muntie ɔketewa ne ɔkɛse pɛ. Munnsuro onipa biara, efisɛ Onyankopɔn na obu atɛn. Asɛm a ɛyɛ den ma mo no, momfa mmrɛ me na minni.”
You shall not show partiality in judgement; you shall hear the small and the great alike. You shall not be afraid of the face of man, for the judgement is God’s. The case that is too hard for you, you shall bring to me, and I will hear it.”
18 Na saa bere no, mekaa biribiara a ɛsɛ sɛ moyɛ kyerɛɛ mo.
I commanded you at that time all the things which you should do.
19 Na sɛnea Awurade hyɛɛ yɛn no, yefii Horeb de yɛn ani kyerɛɛ Amorifo bepɔw a yɛnam sare pradada a moahu no so koduu Kades-Barnea.
We travelled from Horeb and went through all that great and terrible wilderness which you saw, by the way to the hill country of the Amorites, as the LORD our God commanded us; and we came to Kadesh Barnea.
20 Afei, meka kyerɛɛ mo se, “Moadu Amorifo bepɔw man a Awurade de rema yɛn no so.
I said to you, “You have come to the hill country of the Amorites, which the LORD our God gives to us.
21 Awurade, mo Nyankopɔn, de asase no ama mo. Momforo nkɔfa, sɛnea Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, ka kyerɛɛ mo no. Munnsuro: mommma obi mmu mo aba mu.”
Behold, the LORD your God has set the land before you. Go up, take possession, as the LORD the God of your fathers has spoken to you. Don’t be afraid, neither be dismayed.”
22 Na mo nyinaa baa me nkyɛn bɛkae se, “Momma yɛnsoma mmarima nni yɛn anim na wɔnkɔsra asase no so mma yɛn na wɔmmɛka nea wobehu nkyerɛ yɛn na ɛno na ɛbɛkyerɛ yɛn kwan ne nkurow ko a yɛbɛfa so.”
You came near to me, everyone of you, and said, “Let’s send men before us, that they may search the land for us, and bring back to us word of the way by which we must go up, and the cities to which we shall come.”
23 Na saa nsusuwii yi ye ma me nti mepaw akwansrafo dumien a mo mmusuakuw dumien no mu nnipa biara wɔ mu.
The thing pleased me well. I took twelve of your men, one man for every tribe.
24 Wɔforoo bepɔw no na wokoduu Eskol subon mu sraa hɔ.
They turned and went up into the hill country, and came to the valley of Eshcol, and spied it out.
25 Na wɔfaa asase no so aba bi de brɛɛ yɛn. Na wɔkae se, asase a Awurade yɛn Nyankopɔn de ama yɛn no yɛ asase pa.
They took some of the fruit of the land in their hands and brought it down to us, and brought us word again, and said, “It is a good land which the LORD our God gives to us.”
26 Nanso na mompɛ sɛ moforo kɔ soro. Motew Awurade asɛm so atua.
Yet you wouldn’t go up, but rebelled against the commandment of the LORD your God.
27 Munwiinwii wɔ mo ntamadan mu kae se, “Awurade tan yɛn nti na ɔde yɛn fi Misraim de yɛn abɛhyɛ Amorifo nsam sɛ wonkunkum yɛn no.
You murmured in your tents, and said, “Because the LORD hated us, he has brought us out of the land of Egypt, to deliver us into the hand of the Amorites to destroy us.
28 Yɛrekɔ he? Yɛn akwansrafo no amanneɛbɔ no abu yɛn aba mu. ‘Wɔka se nnipa yɛ atenten ahoɔdenfo sen yɛn. Wɔn nkurow yɛ akɛse a afasu a wɔatoto afa ho no kɔ sorosoro. Na mpo, yehuu Anakfo wɔ hɔ!’”
Where are we going up? Our brothers have made our heart melt, saying, ‘The people are greater and taller than we. The cities are great and fortified up to the sky. Moreover we have seen the sons of the Anakim there!’”
29 Na meka kyerɛɛ mo se, “Mommɔ hu, munnsuro wɔn.
Then I said to you, “Don’t be terrified. Don’t be afraid of them.
30 Awurade di mo anim. Ɔbɛko ama mo sɛnea muhuu no sɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim no.
The LORD your God, who goes before you, he will fight for you, according to all that he did for you in Egypt before your eyes,
31 Na muhuu nso sɛnea Awurade kɔɔ so hwɛɛ mo ntoatoaso wɔ sare so ha sɛnea agya hwɛ ne ba no. Moatwa kwan no nyinaa de abedu beae ha.”
and in the wilderness where you have seen how that the LORD your God carried you, as a man carries his son, in all the way that you went, until you came to this place.”
32 Nanso eyi nyinaa akyi no, moannya Awurade, mo Nyankopɔn no, mu awerehyɛmu.
Yet in this thing you didn’t believe the LORD your God,
33 Ɔno na odii mo akwantu no anim, pɛɛ beae pa maa mo tenae, de ogya dum kyerɛɛ mo kwan anadwo de omununkum dum kyerɛɛ mo kwan awia.
who went before you on the way, to seek out a place for you to pitch your tents in: in fire by night, to show you by what way you should go, and in the cloud by day.
34 Awurade tee sɛ morenwiinwii no, ne bo fuw yiye na ɔkaa ntam se,
The LORD heard the voice of your words and was angry, and swore, saying,
35 “Saa awo ntoatoaso bɔne yi mu onipa baako koraa nni hɔ a obehu asase pa a, maka ho ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no,
“Surely not one of these men of this evil generation shall see the good land which I swore to give to your fathers,
36 gye Yefune babarima Kaleb. Ɔno na obehu saa asase yi. Mede asase a ne nan sii so no bɛma ɔne nʼasefo, efisɛ ɔde ne koma nyinaa dii Awurade akyi.”
except Caleb the son of Jephunneh. He shall see it. I will give the land that he has trodden on to him and to his children, because he has wholly followed the LORD.”
37 Me nso, esiane mo nti, Awurade bo fuw me. Ɔka kyerɛɛ me se, “Wo nan rensi Bɔhyɛ Asase no so da.
Also the LORD was angry with me for your sakes, saying, “You also shall not go in there.
38 Na mmom, wo boafo Nun babarima Yosua na obedi ɔmanfo no anim akɔ asase no so. Hyɛ no nkuran, efisɛ obedi Israelfo no anim akɔfa asase no.
Joshua the son of Nun, who stands before you, shall go in there. Encourage him, for he shall cause Israel to inherit it.
39 Mede asase no bɛma wo mma a wonnim biribiara. Wo mma a wonnim papa nnim bɔne no a na wusuro sɛ wɔbɛkyere wɔn nnommum no na mede asase no bɛma wɔn. Wɔn na wɔbɛtena asase no so.
Moreover your little ones, whom you said would be captured or killed, your children, who today have no knowledge of good or evil, shall go in there. I will give it to them, and they shall possess it.
40 Na wo de, dan wʼani kɔ sare so a ɛkeka kɔ Po Kɔkɔɔ no so hɔ.”
But as for you, turn, and take your journey into the wilderness by the way to the Red Sea.”
41 Ɛno na mugye too mu se “Yɛayɛ bɔne atia Awurade. Yɛbɛkɔ asase no so akɔko sɛnea Awurade aka akyerɛ yɛn no.” Enti mo mu biara faa nʼakode hyehyɛe. Na mususuwii sɛ ɔman a ɛda bepɔw so no sokɔ yɛ mmerɛw.
Then you answered and said to me, “We have sinned against the LORD. We will go up and fight, according to all that the LORD our God commanded us.” Every man of you put on his weapons of war, and presumed to go up into the hill country.
42 Nanso Awurade ka kyerɛɛ me se, “Ka kyerɛ wɔn se, ‘Monnkɔ hɔ nkɔko, efisɛ merenka mo ho nkɔ. Mo atamfo no bedi mo so.’”
The LORD said to me, “Tell them, ‘Don’t go up and don’t fight; for I am not amongst you, lest you be struck before your enemies.’”
43 Meka kyerɛɛ mo, nanso moantie. Mosɔre tiaa Awurade ahyɛde no na monam ahomaso so foro kɔɔ asase no so kɔkoe.
So I spoke to you, and you didn’t listen; but you rebelled against the commandment of the LORD, and were presumptuous, and went up into the hill country.
44 Amorifo a wɔte bepɔw no so nso sɔre baa mo so; wɔtaa mo sɛ nnowa, boroo mo fi Seir koduu Horma.
The Amorites, who lived in that hill country, came out against you and chased you as bees do, and beat you down in Seir, even to Hormah.
45 Afei, mosan ba besuu wɔ Awurade anim, nanso osiw nʼaso a wantie mo su no.
You returned and wept before the LORD, but the LORD didn’t listen to your voice, nor turn his ear to you.
46 Ɛno nti, motenaa Kades nna bebree.
So you stayed in Kadesh many days, according to the days that you remained.

< 5 Mose 1 >