< Daniel 1 >
1 Yudahene Yehoiakim dii ade ne mfe abiɛsa mu no, Babiloniahene Nebukadnessar baa Yerusalem de nʼasraafo betuaa ɔman no ano.
Yudahene Yehoiakim dii adeɛ ne mfeɛ mmiɛnsa mu no, Babiloniahene Nebukadnessar baa Yerusalem de nʼakodɔm bɛtuaa ɔman no.
2 Awurade maa no dii Yudahene Yehoiakim so nkonim. Bere a Nebukadnessar resan akɔ Babilonia no, ɔtasee akronkronne bi fii Onyankopɔn asɔredan mu, de kɔɔ nʼabosonnan mu koguu adekorabea hɔ wɔ Babilonia asase so.
Awurade maa no dii Yudahene Yehoiakim so nkonim. Ɛberɛ a Nebukadnessar resane akɔ Babilonia no, ɔtasee akronkronneɛ bi firii Onyankopɔn asɔredan mu, de kɔɔ nʼabosomdan mu kɔguu adekorabea hɔ wɔ Babilonia asase so.
3 Afei ɔhene no ka kyerɛɛ ne piamfohene Aspenas se, ɔmfa mmerante no bi a wofi Yuda adehye abusua mu, ne wɔn a wofi mmusua atitiriw mu a wɔde wɔn aba Babilonia sɛ nnommum no mmra ahemfi hɔ,
Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ nʼapiafoɔhene Aspenas sɛ, ɔmfa mmeranteɛ no bi a wɔfiri Yuda adehyeɛ abusua mu, ne wɔn a wɔfiri mmusua atitire mu a wɔde wɔn aba Babilonia sɛ nneduafoɔ no mmra ahemfie hɔ,
4 mmerante ahoɔdenfo a wɔn ho nni dɛm, na wɔn ho yɛ fɛ. Hwɛ sɛ wɔwɔ nhumu, na wɔadom wɔn osuahu mu akyɛde a wonim nyansa, na wɔwɔ nnyinaso bi a ɛbɛma wɔatumi asom wɔ ahemfi hɔ. Kyerɛ mmerante no Kaldeafo kasa ne ne nhoma.
mmeranteɛ ahoɔdenfoɔ a wɔn ho nni dɛm, na wɔn ho yɛ fɛ. Hwɛ sɛ wɔwɔ nhunumu, na wɔadom wɔn osuahunu mu akyɛdeɛ a wɔnim nyansa, na wɔwɔ nnyinasoɔ bi a ɛbɛma wɔatumi asom wɔ ahemfie hɔ. Kyerɛ mmeranteɛ no Kaldeafoɔ kasa ne ne nwoma.
5 Ɔhene no hyɛe sɛ, daa wɔmfa aduan ne nsa a efi ne didipon so mmrɛ wɔn. Na ɛsɛ sɛ wɔtetew wɔn mfe abiɛsa, na wɔn mu bi abɛyɛ nʼasomfo.
Ɔhene no hyɛɛ sɛ, daa wɔmfa aduane ne nsã a ɛfiri ne didipono so mmrɛ wɔn. Na ɛsɛ sɛ wɔtete wɔn mfeɛ mmiɛnsa, na wɔn mu bi abɛyɛ nʼasomfoɔ.
6 Mmerante baanan bi a woyii wɔn no ne Daniel, Hanania, Misael ne Asaria a wɔn nyinaa fi Yuda abusuakuw mu.
Mmeranteɛ baanan bi a wɔyii wɔn no ne Daniel, Hanania, Misael ne Asaria a wɔn nyinaa firi Yuda abusuakuo mu.
7 Piamfohene no de din foforo totoo wɔn. Ɔtoo Daniel Beltesasar; ɔtoo Hanania Sadrak; ɔtoo Misael Mesak na ɔtoo Asaria Abednego.
Apiafoɔhene no de din foforɔ totoo wɔn. Ɔtoo Daniel Beltesasar; ɔtoo Hanania Sadrak; ɔtoo Misael Mesak ɛnna ɔtoo Asaria Abednego.
8 Na Daniel yɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenni aduan, nnom nsa a ɔhene no de bɛbrɛ wɔn no, ɔsrɛɛ piamfohene no sɛ ɔmma no kwan na wangu ne ho fi.
Na Daniel yɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenni aduane, nnom nsã a ɔhene no de bɛbrɛ wɔn no, ɔsrɛɛ apiafoɔhene no sɛ ɔmma no ɛkwan na wangu ne ho fi.
9 Na Onyankopɔn maa Daniel nyaa piamfohene no anim adɔe ne mmɔborɔhunu.
Na Onyankopɔn maa Daniel nyaa apiafoɔhene no anim adɔeɛ ne mmɔborɔhunu.
10 Piamfohene no ka kyerɛɛ Daniel se, “Me wura ɔhene no ahyɛ sɛ munni saa aduan yi, na monnom nsa no. Sɛ mofonfɔn na wɔde mo toto mmabun a wɔyɛ mo tipɛnfo no ho a, ɔhene no bɛma wɔatwa me ti sɛ matoto mʼadwuma ase.”
Apiafoɔhene no ka kyerɛɛ Daniel sɛ, “Me wura ɔhene no ahyɛ sɛ monni saa aduane yi, na monnom nsã no. Sɛ mofonfɔn na yɛde mo toto mmabunu a wɔyɛ mo tipɛnfoɔ no ho a, ɔhene no bɛma wɔatwa me ti sɛ, matoto mʼadwuma ase.”
11 Daniel ka kyerɛɛ ɔsomfo a piamfohene no de no asi ɔno ne Hanania, Misael ne Asaria so no se,
Daniel ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ a apiafoɔhene no de no asi ɔno ne Hanania, Misael ne Asaria so no sɛ,
12 “Ma yɛn nhabamma ne nsu nnadu, na fa sɔ yɛn hwɛ.
“Ma yɛn nhahamma ne nsuo dadu, na fa sɔ yɛn hwɛ.
13 Afei fa yɛn toto mmerante afoforo no a wɔredi ɔhene nnuan pa no ho, na hwɛ sɛnea yɛte. Ɛno akyi, yɛ wo nkoa sɛnea wuhu.”
Afei fa yɛn toto mmeranteɛ afoforɔ no a wɔredi ɔhene nnuane pa no ho, na hwɛ sɛdeɛ yɛte. Ɛno akyi yɛ wo nkoa sɛdeɛ wohunu.”
14 Enti ɔsomfo no penee asɛm a Daniel de too nʼanim no so, sɔɔ wɔn hwɛɛ nnadu.
Enti, ɔsomfoɔ no penee asɛm a Daniel de too nʼanim no so, sɔɔ wɔn hwɛɛ dadu.
15 Nnadu no akyi, wohuu sɛ wɔn anim ayɛ fɛ na wɔwɔ honam sen mmerante a wodii ahennuan no nyinaa.
Dadu no akyi, wɔhunuu sɛ wɔn anim ayɛ fɛ na wɔwɔ honam sene mmeranteɛ a wɔdii ahennuane no nyinaa.
16 Enti ɔsomfo no sii gyinae sɛ ɔbɛtoa so ama wɔn nhabamma nko ara, na wamfa ahennuan amma wɔn.
Enti, ɔsomfoɔ no sii gyinaeɛ sɛ ɔbɛtoa so ama wɔn nhahamma nko ara, na wamfa ahennuane amma wɔn.
17 Na mmerantewa baanan yi Nyankopɔn maa wɔn nhomanim ne nyansahu nyinaa mu nimdeɛ, na Daniel nyaa anisoadehu ne dae nkyerɛase ho nimdeɛ.
Na mmerantewaa baanan yi Onyankopɔn maa wɔn nwomanim ne nyansahu nyinaa mu nimdeɛ, na Daniel nyaa anisoadehunu ne daeɛ nkyerɛaseɛ ho nimdeɛ.
18 Bere a ɔhene no ahyɛ no soe no, ɔpanyin no de mmerante yi nyinaa brɛɛ Nebukadnessar.
Ɛberɛ a ɔhene no ahyɛ no duruiɛ no, ɔpanin no de mmeranteɛ yi nyinaa brɛɛ Nebukadnessar.
19 Ɔhene no ne wɔn nyinaa kasae, na wɔn mu biara ansɔ nʼani gye sɛ, Daniel, Hanania, Misael ne Asaria. Enti wɔde wɔn kaa ɔhene no piamfo no ho.
Ɔhene no ne wɔn nyinaa kasaeɛ, na wɔn mu biara ansɔ nʼani gye sɛ, Daniel, Hanania, Misael ne Asaria. Enti, wɔde wɔn kaa ɔhene no apiafoɔ ho.
20 Asɛm biara a ehia nyansa ne ntease a ɔhene no bisa wɔn no ohu sɛ wɔsen nkonyaayifo ne pɛadeahufo a wɔwɔ nʼaheman mu nyinaa no mpɛn du.
Asɛm biara a ɛhia nyansa ne nteaseɛ a ɔhene no bisa wɔn no ɔhunu sɛ, wɔ sene nkonyaayifoɔ ne pɛadeɛhunufoɔ a wɔwɔ nʼahemman mu nyinaa no mpɛn edu.
21 Daniel tenaa hɔ ara kosii ɔhene Kores adedi afe a edi kan mu.
Daniel tenaa hɔ ara, kɔsii ɔhene Kores adedie afe a ɛdi ɛkan mu.