< Daniel 8 >

1 Ɔhene Belsasar adedi mfe abiɛsa so, me, Daniel, minyaa anisoadehu foforo bi a na edi nea ada ne ho adi akyerɛ me dedaw no akyi.
In the third year of the reign of King Belshazzar, a vision appeared to me, even to me, Daniel, after that which appeared to me at the first.
2 Mʼanisoadehu mu no, mihuu sɛ na mewɔ Susa abanwa a ɛwɔ Elam mantam no mu; na mʼanisoadehu mu no, na mewɔ Asuka Ulai ho.
I saw the vision. Now it was so, that when I saw, I was in the citadel of Susa, which is in the province of Elam. I saw in the vision, and I was by the river Ulai.
3 Memaa mʼani so no, mihuu Odwennini a ɔwɔ mmɛn atenten abien na ogyina suka no ho wɔ mʼanim. Na ne mmɛn no woware. Na ne mmɛn no baako ware sen baako, nanso nea ɛware no, akyiri no, enyinii.
Then I lifted up my eyes and saw, and behold, a ram which had two horns stood before the river. The two horns were high, but one was higher than the other, and the higher came up last.
4 Mehwɛɛ Odwennini no sɛ ɔrepempem kɔ atɔe, atifi ne anafo fam. Na aboa biara ntumi nnyina nʼanim, na obiara nni hɔ a obetumi agye obi foforo afi ne nsam. Ɔyɛɛ nea ɔpɛ, na ɔyɛɛ ɔkɛse.
I saw the ram pushing westward, northward, and southward. No animals could stand before him. There wasn’t any who could deliver out of his hand, but he did according to his will, and magnified himself.
5 Bere a migu so redwen eyi ho no, prɛko pɛ, ɔpapo bi a ɔwɔ abɛn kɛse bi a etua nʼani abien no ntam pue fii atɔe fam, twaa mu faa asase no nyinaa so a ne nan mpo nka fam.
As I was considering, behold, a male goat came from the west over the surface of the whole earth, and didn’t touch the ground. The goat had a notable horn between his eyes.
6 Ɔde nʼani kyerɛɛ Odwennini a ɔwɔ mmɛn abien no a mihuu sɛ na ogyina suka no ho no. Na ɔde ahoɔden tuu mmirika kɔɔ ne so.
He came to the ram that had the two horns, which I saw standing before the river, and ran on him in the fury of his power.
7 Ɔpapo no sii ntɔkɔnan a emu yɛ den, na ɔpem Odwennini no bubuu ne mmɛn abien no. Odwennini no yɛɛ mmerɛw na wantumi annyina ɔpapo no anim; enti ɔpapo no pem no hwee fam, tiatiaa no so, na obiara antumi annye no amfi ne nsam.
I saw him come close to the ram, and he was moved with anger against him, and struck the ram, and broke his two horns. There was no power in the ram to stand before him; but he cast him down to the ground and trampled on him. There was no one who could deliver the ram out of his hand.
8 Ɔpapo no bɛyɛɛ oniɔdenfo kɛse. Nanso, nʼaniɔden no duu ne mpɔmpɔnso no, nʼabɛn kɛse no bui, na nʼanan mu no, mmɛn akɛse anan fifii a ɛkyerɛkyerɛ ɔsoro mframa anan no so.
The male goat magnified himself exceedingly. When he was strong, the great horn was broken; and instead of it there came up four notable horns toward the four winds of the sky.
9 Abɛn foforo bi puee wɔ mmɛn akɛse no mu baako ho. Efii ase kakraa bi, na ne tumi yɛɛ kɛse kɔɔ anafo ne apuei fam, de kɔɔ Asase Fɛɛfɛ no so.
Out of one of them came out a little horn which grew exceedingly great—toward the south, and toward the east, and toward the glorious land.
10 Enyinii ara kɔkaa ɔsoro asafo, na ɔtotow asafo no mu bi a wɔyɛ nsoromma guguu fam, tiatiaa wɔn so.
It grew great, even to the army of the sky; and it cast down some of the army and of the stars to the ground and trampled on them.
11 Na ɔmaa ne ho so bɛyɛɛ ne ho ɔkɛse sɛ ɔsoro asafo no Sahene. Ogyee daa daa afɔre fii ne nsam, na ɔsɛee ne kronkron tenabea hɔ.
Yes, it magnified itself, even to the prince of the army; and it took away from him the continual burnt offering, and the place of his sanctuary was cast down.
12 Esiane atuatew no nti, wɔde ahotefo asafo no ne wɔn daa daa afɔre maa no. Na wɔtow nokware kyenee.
The army was given over to it together with the continual burnt offering through disobedience. It cast down truth to the ground, and it did its pleasure and prospered.
13 Afei metee ɔkronkronni bi sɛ ɔrekasa, na ɔkronkronni foforo bisaa no se, “Bere bɛn na anisoadehu yi bɛba mu—nea ɛfa daa daa afɔre, atuatew a ɛde ɔsɛe ba, kronkron tenabea a wobegyaa mu ama, ne Awurade asafo a wobetiatia wɔn so no?”
Then I heard a holy one speaking; and another holy one said to that certain one who spoke, “How long will the vision about the continual burnt offering, and the disobedience that makes desolate, to give both the sanctuary and the army to be trodden under foot be?”
14 Obuaa no se, “Ebedi anwummere ne anɔpa ahorow 2,300, ansa na wɔasan atew kronkron tenabea no ho.”
He said to me, “To two thousand and three hundred evenings and mornings. Then the sanctuary will be cleansed.”
15 Bere a me Daniel, merehwɛ anisoadehu na mepɛɛ sɛ mete ase no, obi a ɔte sɛ ɔbarima begyinaa mʼanim.
When I, even I Daniel, had seen the vision, I sought to understand it. Then behold, there stood before me someone with the appearance of a man.
16 Na metee onipa nne a ɛrefrɛ fi Ulai mu se, “Gabriel, kyerɛ saa ɔbarima yi anisoadehu no ase.”
I heard a man’s voice between the banks of the Ulai, which called and said, “Gabriel, make this man understand the vision.”
17 Ɔrebɛn faako a na migyina no, misuroe, na mede mʼanim butuw fam. Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, te ase sɛ anisoadehu no fa awieibere no ho.”
So he came near where I stood; and when he came, I was frightened, and fell on my face; but he said to me, “Understand, son of man, for the vision belongs to the time of the end.”
18 Bere a ɔrekasa akyerɛ me no, medaa nnahɔɔ a mʼanim butuw fam. Na osoo me mu de me gyinaa mʼanan so.
Now as he was speaking with me, I fell into a deep sleep with my face toward the ground; but he touched me and set me upright.
19 Ɔkae se, “Merebɛka nea ebesi akyiri no wɔ abufuwbere mu akyerɛ wo, efisɛ anisoadehu no fa awiei bere a wɔahyɛ no ho.
He said, “Behold, I will make you know what will be in the latter time of the indignation, for it belongs to the appointed time of the end.
20 Odwennini a ɔwɔ mmɛn abien no gyina hɔ ma Media ne Persia ahemfo no.
The ram which you saw, that had the two horns, they are the kings of Media and Persia.
21 Ɔpapo niɔdenfo no yɛ Helahene, na abɛn kɛse a etua nʼani ntam no yɛ ɔhene a odi kan no.
The rough male goat is the king of Greece. The great horn that is between his eyes is the first king.
22 Mmɛn anan a ebesisii mmɛn a ebubuu no anan mu no gyina hɔ ma ahenni anan a ɛbɛsɔre afi ne man no mu, nanso wɔn tumidi renyɛ pɛ.
As for that which was broken, in the place where four stood up, four kingdoms will stand up out of the nation, but not with his power.
23 “Wɔn adedi no rekɔ awiei no, bere a atuatewfo no ayɛ atirimɔden mmoroso no, ɔhene a ɔyɛ den, na odi akɔntɔnkyesɛm bɛsɔre.
“In the latter time of their kingdom, when the transgressors have come to the full, a king of fierce face, and understanding riddles, will stand up.
24 Ɔbɛyɛ den yiye a emfi nʼankasa tumi mu. Ɔbɛsɛe ade ama nnipa ho adwiriw wɔn, na obedi nkonim wɔ biribiara a ɔbɛyɛ mu. Ɔbɛsɛe ahoɔdenfo ne akronkronfo.
His power will be mighty, but not by his own power. He will destroy awesomely, and will prosper in what he does. He will destroy the mighty ones and the holy people.
25 Ɔbɛma nnaadaa agye ntin, na ɔbɛyɛ ahomaso. Ɔbɛsɛe bebree a ɔmmɔ nkae, na ɔbɛsɔre atia ahenemma mu Ɔheneba no, nanso wɔbɛsɛe no a emfi onipa ahoɔden mu.
Through his policy he will cause deceit to prosper in his hand. He will magnify himself in his heart, and he will destroy many in their security. He will also stand up against the prince of princes, but he will be broken without human hands.
26 “Anwummere ne anɔpa anisoadehu a wɔde ama wo no yɛ nokware, nanso, so ano, efisɛ ɛfa daakye bi a ennya mmae ho.”
“The vision of the evenings and mornings which has been told is true; but seal up the vision, for it belongs to many days to come.”
27 Me, Daniel, meyɛɛ mmerɛw, na meyaree nna kakra. Akyiri no, mesɔre kɔyɛɛ ɔhene adwuma. Anisoadehu no yɛɛ me ahodwiriw; na ɛboroo ntease so.
I, Daniel, fainted, and was sick for some days. Then I rose up and did the king’s business. I wondered at the vision, but no one understood it.

< Daniel 8 >