< Daniel 7 >

1 Ɔhene Belsasar adedi afe a edi kan wɔ Babilonia mu no, Daniel soo dae, nyaa anisoadehu ahorow, bere a ɔda ne mpa so no. Ɔkyerɛw dae no mu nsɛm titiriw too hɔ.
בשנת חדה לבלאשצר מלך בבל דניאל חלם חזה וחזוי ראשה על משכבה באדין חלמא כתב ראש מלין אמר
2 Daniel kae se, “Mʼanisoadehu no mu saa anadwo no, mihuu ɔsoro mframa anan a ɛrebobɔw fa po kɛse no so.
ענה דניאל ואמר חזה הוית בחזוי עם ליליא וארו ארבע רוחי שמיא מגיחן לימא רבא
3 Afei mmoa akɛse anan bi pue fii po no mu a ɛsono wɔn mu biara bɔbea.
וארבע חיון רברבן סלקן מן ימא שנין דא מן דא
4 “Na aboa a odi kan no te sɛ gyata a ɔwɔ ɔkɔre ntaban. Mehwɛɛ no ara kosii sɛ wotutuu ne ntaban no, na wɔpagyaw no ma ogyinaa ne nan abien so te sɛ onipa. Na wɔmaa no onipa adwene.
קדמיתא כאריה וגפין די נשר לה חזה הוית עד די מריטו גפיה (גפה) ונטילת מן ארעא ועל רגלין כאנש הקימת ולבב אנש יהיב לה
5 “Afei mihuu aboa a ɔto so abien a na ɔte sɛ sisi. Na ɔda ne nkyɛn mu a na mfe mparow abiɛsa hyɛ ne se ntam wɔ nʼanom. Na wɔka kyerɛɛ no se, ‘Sɔre na we nam a wubetumi!’
וארו חיוה אחרי תנינה דמיה לדב ולשטר חד הקמת ותלת עלעין בפמה בין שניה (שנה) וכן אמרין לה קומי אכלי בשר שגיא
6 “Eyi akyi no, mihuu aboa foforo a ɔte sɛ ɔsebɔ. Na ɔwɔ ntaban anan a ɛte sɛ nnomaa ntaban a etuatua nʼakyi. Saa aboa yi wɔ ti anan, na wɔmaa no tumi kɛse.
באתר דנה חזה הוית וארו אחרי כנמר ולה גפין ארבע די עוף על גביה (גבה) וארבעה ראשין לחיותא ושלטן יהיב לה
7 “Eyi akyi no, mʼanisoadehu anadwo no, mihuu aboa a ɔto so anan a ne ho yɛ hu yiye, na ne ho yɛ den nso. Ɔwɔ se akɛse a ɛyɛ dade na ɔde bubu mmoa a ɔkyere wɔn no na wawe, na afei ɔde ne nʼanan tiatia nkae no so. Ɔda nsow koraa wɔ mmoa nkae no mu. Na ɔwɔ mmɛn du.
באתר דנה חזה הוית בחזוי ליליא וארו חיוה רביעיה (רביעאה) דחילה ואימתני ותקיפא יתירה ושנין די פרזל לה רברבן אכלה ומדקה ושארא ברגליה (ברגלה) רפסה והיא משניה מן כל חיותא די קדמיה (קדמה) וקרנין עשר לה
8 “Bere a migu so redwene mmɛn no ho no, abɛn ketewa foforo bi puee wɔ mmɛn dedaw no ntam, na etutuu mmɛn dedaw no mu abiɛsa. Na saa abɛn ketewa no wɔ aniwa te sɛ onipa, na ɔwɔ ano a ɛkasa ahantan so.
משתכל הוית בקרניא ואלו קרן אחרי זעירה סלקת ביניהון (ביניהן) ותלת מן קרניא קדמיתא אתעקרו (אתעקרה) מן קדמיה (קדמה) ואלו עינין כעיני אנשא בקרנא דא ופם ממלל רברבן
9 “Migu so rehwɛ no, “mihui sɛ, wɔde nhengua besisii hɔ, na Nea ɔwɔ hɔ fi Tete no bɛtenaa ase. Na nʼatade yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; na ne tinwi hoa sɛ oguan nwi. Nʼahengua dɛw sɛ ogyatannaa na nʼahengua nhankare nso dɛwee framfram.
חזה הוית עד די כרסון רמיו ועתיק יומין יתב לבושה כתלג חור ושער ראשה כעמר נקא כרסיה שבבין די נור גלגלוהי נור דלק
10 Na ogya a ɛte sɛ asubɔnten sen fii nʼanim bae. Abɔfo mpempem kotow no, na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim. Baguafo no tenaa ase, na wofii ase buebuee nhoma mu.
נהר די נור נגד ונפק מן קדמוהי אלף אלפים (אלפין) ישמשונה ורבו רבון (רבבן) קדמוהי יקומון דינא יתב וספרין פתיחו
11 “Na mekɔɔ so hwɛe, efisɛ na abɛn ketewa no de ahantan rekasa. Mehwɛɛ ara kosii sɛ wokum aboa no, na wɔtow no kyenee ogyatannaa a ɛredɛw framfram no mu.
חזה הוית--באדין מן קל מליא רברבתא די קרנא ממללה חזה הוית עד די קטילת חיותא והובד גשמה ויהיבת ליקדת אשא
12 Mmoa a aka no nso, wogyee wɔn tumi fii wɔn nsam, ma wɔtenaa ase kyɛe kakra.
ושאר חיותא העדיו שלטנהון וארכה בחיין יהיבת להון עד זמן ועדן
13 “Anadwo a minyaa mʼanisoadehu no, mehwɛ huu obi te sɛ onipa ba no a ɔnam ɔsoro omununkum mu reba. Ɔbɛn Nea ɔwɔ hɔ fi Tete no, wodii nʼanim kɔɔ ne nkyɛn.
חזה הוית בחזוי ליליא וארו עם ענני שמיא כבר אנש אתה הוא ועד עתיק יומיא מטה וקדמוהי הקרבוהי
14 Wɔmaa no tumi, anuonyam ne adehyetumi; na aman ne kasa ahorow nyinaa som no. Nʼahenni yɛ daa ahenni a to rentwa da. Nʼaheman yɛ nea wɔrensɛe no da.”
ולה יהב שלטן ויקר ומלכו וכל עממיא אמיא ולשניא לה יפלחון שלטנה שלטן עלם די לא יעדה ומלכותה די לא תתחבל
15 “Me, Daniel, nea mihuu no nyinaa haw me wɔ honhom mu, na mʼanisoadehu no bɔɔ me hu.
אתכרית רוחי אנה דניאל בגו נדנה וחזוי ראשי יבהלנני
16 Enti, mekɔɔ wɔn a wogyinagyina hɔ no mu baako hɔ, kobisaa no saa nneɛma no nyinaa ase. “Ɔkyerɛɛ me ase se:
קרבת על חד מן קאמיא ויציבא אבעא מנה על כל דנה ואמר לי ופשר מליא יהודענני
17 ‘Saa mmoa akɛse anan yi gyina hɔ ma ahemman anan a wɔbɛsɔre wɔ asase so.
אלין חיותא רברבתא די אנין ארבע--ארבעה מלכין יקומון מן ארעא
18 Nanso Ɔsorosoroni no ahotefo no begye ahemman no na wɔafa no afebɔɔ.’
ויקבלון מלכותא קדישי עליונין ויחסנון מלכותא עד עלמא ועד עלם עלמיא
19 “Afei mepɛɛ sɛ mihu aboa a ɔto so anan no a na ɔda nsow wɔ nkae no mu no nkyerɛase. Na ne ho yɛ hu yiye, na ɔde ne se a ɛyɛ dade ne nʼawerɛw a ɛyɛ kɔbere no tetew mmoa a ɔkyere wɔn no we no, na afei ɔde ne nan tiatia nkae no so.
אדין צבית ליצבא על חיותא רביעיתא די הות שניה מן כלהון (כלהן) דחילה יתירה שניה (שנה) די פרזל וטפריה (וטפרה) די נחש אכלה מדקה ושארא ברגליה (ברגלה) רפסה
20 Afei mepɛɛ sɛ mete mmɛn du a na etuatua ne ti ho ne nea epuee akyi no ase. Ɛbɛsɛee nea na ɛwɔ hɔ dedaw no mu abiɛsa, na eyi yɛ abɛn a edi mu kyɛn nkae no a na ɛwɔ onipa aniwa ne ano a ɛkasa ahantan so no.
ועל קרניא עשר די בראשה ואחרי די סלקת ונפלו (ונפלה) מן קדמיה (קדמה) תלת וקרנא דכן ועינין לה ופם ממלל רברבן וחזוה רב מן חברתה
21 Mehwɛɛ no, na saa abɛn yi atu atreneefo no so sa redi wɔn so nkonim,
חזה הוית--וקרנא דכן עבדא קרב עם קדישין ויכלה להן
22 kosii sɛ, Nea ɔwɔ hɔ fi Tete no ba bebuu atɛn, maa Ɔsorosoroni ahotefo no dii bem. Afei bere duu sɛ wɔfa ahemman no.
עד די אתה עתיק יומיא ודינא יהב לקדישי עליונין וזמנא מטה ומלכותא החסנו קדישין
23 “Afei ɔkyerɛɛ me ase se, ‘Saa aboa a ɔto so anan yi yɛ ahemman a ɛto so anan a ɛbɛba asase so. Ɛbɛda nsow wɔ ahemman a aka no nyinaa mu. Ɛbɛmene asase nyinaa, na atiatia so abubu no asinasin.
כן אמר חיותא רביעיתא מלכו רביעיה (רביעאה) תהוא בארעא די תשנא מן כל מלכותא ותאכל כל ארעא ותדושנה ותדקנה
24 Ne mmɛn du no yɛ ahemfo du a wobefi saa ahemman no mu. Afei ɔhene foforo bɛsɔre a ɔda nsow wɔ du a aka no mu a ɔbɛbrɛ ahemfo no mu baasa ase.
וקרניא עשר--מנה מלכותא עשרה מלכין יקמון ואחרן יקום אחריהן והוא ישנא מן קדמיא ותלתה מלכין יהשפל
25 Ɔbɛkasa atia Ɔsorosoroni no, na wahyɛ ahotefo no so. Ɔbɛbɔ mmɔden sɛ, ɔbɛsesa wɔn afahyɛ kronkron ahorow ne wɔn mmara no, na wɔde wɔn ahyɛ nʼase akosi mmere bi.
ומלין לצד עליא (עלאה) ימלל ולקדישי עליונין יבלא ויסבר להשניה זמנין ודת ויתיהבון בידה עד עדן ועדנין ופלג עדן
26 “‘Nanso baguafo bɛtena ase, na wɔagye ne tumi nyinaa, na wɔasɛe no korakora.
ודינא יתב ושלטנה יהעדון להשמדה ולהובדה עד סופא
27 Afei wɔde ahenni ne tumi ne kɛseyɛ a ɛwɔ nheman a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa bɛma ahotefo, Ɔsorosoroni no nkurɔfo. Na nʼaheman bɛtena hɔ daa, na ahemfo nyinaa bɛsɔre no na wɔayɛ osetie ama no.’
ומלכותא ושלטנא ורבותא די מלכות תחות כל שמיא יהיבת לעם קדישי עליונין מלכותה מלכות עלם וכל שלטניא לה יפלחון וישתמעון
28 “Asɛm no awiei ni. Me, Daniel, mʼadwennwene yi haw me yiye na mʼanim sesae, na mede saa nsɛm yi siee me koma mu.”
עד כה סופא די מלתא אנה דניאל שגיא רעיוני יבהלנני וזיוי ישתנון עלי ומלתא בלבי נטרת

< Daniel 7 >