< Daniel 6 >

1 Ɛsɔɔ Ɔhene Dario ani sɛ ɔbɛpa ahenemma ɔha ne aduonu de wɔn atuatua amantam a ɛwɔ ahemman no mu no ano.
Ɛsɔɔ Ɔhene Dario ani sɛ ɔbɛpa ahenemma ɔha ne aduonu de wɔn atuatua amantam a ɛwɔ ahemman no mu no ano.
2 Ɔhene no san yii Daniel ne afoforo baanu bi sɛ mpanyimfo a wɔhwɛ ahenemma no so, sɛnea wɔbɛtoto nneɛma yiye, na ɔhene no ammɔ ka.
Ɔhene no sane yii Daniel ne afoforɔ baanu bi sɛ sohwɛfoɔ mpanimfoɔ a wɔhwɛ ahenemma no so, sɛdeɛ wɔbɛyɛ ahwɛyie, na ɔhene no ammɔ ka.
3 Na Daniel daa ne ho adi sɛ onim de wɔ mpanyimfo ne ahenemma no mu, ɛno nti, Ɔhene yɛɛ nhyehyɛe sɛ, ɔde no besi ɔman no nyinaa so panyin.
Na Daniel daa ne ho adi sɛ ɔnim de wɔ sohwɛfoɔ ne ahenemma no mu, ɛno enti, Ɔhene yɛɛ nhyehyɛeɛ sɛ, ɔde no bɛsi ɔman no nyinaa so panin.
4 Ɛyɛɛ saa maa mpanyimfo no ne ahenemma no hwehwɛɛ sɛ wobenya Daniel ho asɛm wɔ nʼamammui no fam, nanso wɔannya nʼadwumayɛ no ho mfomso biara, efisɛ ɔyɛ ɔnokwafo.
Ɛyɛɛ saa maa sohwɛfoɔ ne ahenemma no hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya Daniel ho asɛm wɔ nʼamammuo no fam, nanso wɔannya nʼadwumayɛ no ho mfomsoɔ biara, ɛfiri sɛ ɔyɛ nokwafoɔ.
5 Na mmarima no kae se, “Yɛrennya Daniel yi ho asɛmmɔne biara gye sɛ yehu biribi a ɛfa ne nyamesom ho de sum no afiri.”
Ɛna mmarima no kaa sɛ, “Yɛrennya Daniel yi ho asɛmmɔne biara gye sɛ yɛhunu biribi a ɛfa ne nyamesom ho de asum no afidie.”
6 Enti mpanyimfo no ne ahenemma no kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Nana wo nkwa so!
Enti, sohwɛfoɔ no ne ahenemma no kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nana wo nkwa so!
7 Yɛn mpanyimfo, ahenemma, afotufo ne mpanyimfo a aka no nyinaa apene so sɛ, ɛsɛ sɛ Nana hyɛ mmara sɛ, adaduasa a edi anim yi, obiara nni ho kwan sɛ ɔbɛbɔ mpae akyerɛ onyame bi anaa onipa bi a ɛnyɛ wo Nana no, wɔde no bɛto gyata amoa mu.
Yɛn sohwɛfoɔ, mpanimfoɔ, ahenemma, afotufoɔ ne mpanimfoɔ a aka no nyinaa apene so sɛ, ɛsɛ sɛ Nana hyɛ mmara sɛ, adaduasa a ɛdi animu yi, obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔbɛbɔ mpaeɛ akyerɛ onyame bi anaa onipa bi a ɛnyɛ wo Nana no, wɔde no bɛto agyata amena mu.
8 Ɛno nti, Nana, kyerɛw na fa wo nsa hyɛ saa mmara yi ase, sɛnea Mediafo ne Persiafo mmara a wontumi nsesa no no te.”
Ɛno enti, Nana, twerɛ na fa wo nsa hyɛ saa mmara yi ase, sɛdeɛ Mediafoɔ ne Persiafoɔ mmara a wɔntumi nsesa no no teɛ.”
9 Ɛno nti, ɔhene Dario kyerɛw mmara no.
Ɛno enti, ɔhene Dario twerɛɛ mmara no.
10 Na Daniel tee sɛ wɔde nsa ahyɛ mmara no ase no, ɔkɔɔ fie kɔhyɛn nʼabansoro dan a ne mfɛnsere anim kyerɛ Yerusalem no. Da biara obuu nkotodwe bɔɔ mpae mprɛnsa daa ne Nyankopɔn ase sɛnea ɔyɛ daa no.
Na Daniel tee sɛ wɔde nsa ahyɛ mmara no ase no, ɔkɔɔ fie kɔhyɛnee nʼaborɔsan dan a ne mpomma anim kyerɛ Yerusalem no. Ɛda biara ɔbuu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ mprɛnsa daa ne Onyankopɔn ase sɛdeɛ ɔyɛ daa no.
11 Mpanyimfo no nyinaa bɔɔ mu kɔɔ Daniel fi kohuu no sɛ ɔrebɔ mpae resrɛ Onyankopɔn mmoa.
Mpanimfoɔ no nyinaa bɔɔ mu kɔɔ Daniel fie kɔhunuu no sɛ ɔrebɔ mpaeɛ resrɛ Onyankopɔn mmoa.
12 Enti wɔsan kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔkaee no ne mmara no se, “Nana, woamfa wo nsa anhyɛ mmara a ɛka se adaduasa a edi anim yi, obiara a ɔbɛbɔ obi mpae, onyame anaa onipa na ɛnyɛ Nana no, wɔde no bɛto gyata amoa mu no ana?” Ɔhene no buae se, “Yiw, saa mmara no wɔ hɔ; ɛyɛ Mediafo ne Persiafo mmara a, wɔrentumi nsesa no.”
Enti, wɔsane kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔkaee no ne mmara no sɛ, “Nana, woamfa wo nsa anhyɛ mmara a ɛka sɛ adaduasa a ɛdi animu yi, obiara a ɔbɛbɔ obi mpaeɛ, onyame anaa onipa na ɛnyɛ Nana no, wɔde no bɛto agyata amena mu no anaa?” Ɔhene no buaa sɛ, “Aane, saa mmara no wɔ hɔ; ɛyɛ Mediafoɔ ne Persiafoɔ mmara a wɔrentumi nsesa no.”
13 Afei wɔka kyerɛɛ ɔhene no se, “Nana, Daniel no a ɔyɛ Yuda nnommum no mu baako no mmu wo, na onni wo mmara no nso so. Ɔda so bɔ ne Nyankopɔn mpae mprɛnsa da koro.”
Afei, wɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Nana, Daniel no a ɔyɛ Yuda atukɔfoɔ no mu baako no mmu wo, na ɔnni wo mmara no nso so. Ɔda so bɔ ne Onyankopɔn mpaeɛ mprɛnsa da koro.”
14 Ɔhene no tee saa no, ɛhaw no yiye, na osusuw ho ara kosii anwummere pɛɛ, ɔkwan bi a ɔbɛfa so agye Daniel nkwa.
Ɔhene no tee saa no, ɛhaa no yie, na ɔdwene ho ara kɔsii anwummerɛ pɛɛ ɛkwan bi a ɔbɛfa so agye Daniel nkwa.
15 Mmarima yi bɔɔ mu kɔɔ ɔhene no anim kɔka kyerɛɛ no se, “Nana, nidi mu, wunim sɛ, Mediafo ne Persiafo mmara mu no, wontumi nsesa mmara biara a ɔhene ahyɛ.”
Mmarima yi bɔɔ mu kɔɔ ɔhene no anim kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nana, anidie mu, wonim sɛ, Mediafoɔ ne Persiafoɔ mmara mu no, wɔntumi nsesa mmara biara a ɔhene ahyɛ.”
16 Ɔhene Dario hyɛe se, wɔnkɔfa Daniel, na wɔntow no nkyene gyata amoa no mu. Ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Daniel, ma wo Nyankopɔn a wosom no daa no, nnye wo.”
Ɔhene Dario hyɛɛ sɛ, wɔnkɔfa Daniel, na wɔnto no ntwene agyata amena no mu. Ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Daniel, wo Onyankopɔn a wosom no daa no, nnye wo.”
17 Wɔde bo bɛtoo amoa no ano. Na Ɔhene no de nʼankasa nsɔwano ne atitiriw nsɔwano susoo ɔbo no sɛnea obiara rentumi nyɛ Daniel ho hwee.
Wɔde boɔ bɛhinii amena no ano. Na Ɔhene no de nʼankasa nsɔano ne atitire nsɔano sosɔɔ ɛboɔ no sɛdeɛ obiara rentumi nyɛ Daniel ho hwee.
18 Afei ɔhene no san kɔɔ nʼahemfi a anadwo no nyinaa, wannidi. Ɔpoo anigyede biara, na wantumi anna anadwo mu no nyinaa.
Afei, ɔhene no sane kɔɔ nʼahemfie a anadwo no nyinaa, wannidi. Ɔpoo anigyedeɛ biara, na wantumi anna anadwo mu no nyinaa.
19 Ade kyee anɔpatutuutu no, ɔhene no yɛɛ ntɛm kɔɔ gyata amoa no ano.
Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, ɔhene no yɛɛ ntɛm kɔɔ agyata amena no ano.
20 Oduu hɔ no, ɔde awerɛhow frɛe se, “Daniel, Onyankopɔn teasefo somfo. Wo Nyankopɔn a wosom no daa no tumi gyee wo fii gyata no mu ana?”
Ɔduruu hɔ no, ɔde awerɛhoɔ frɛɛ sɛ, “Daniel, Onyankopɔn teasefoɔ ɔsomfoɔ. Wo Onyankopɔn a wosom no daa no tumi gyee wo firii agyata no mu?”
21 Daniel teɛɛ mu se, “Nana wo nkwa so!
Daniel teaam sɛ, “Nana wo nkwa so!
22 Me Nyankopɔn somaa ne bɔfo bɛkataa gyata no ano, sɛnea wɔrentumi nyɛ me bɔne, efisɛ wahu sɛ, midi bem wɔ nʼanim. Na wo, Nana nso, menyɛɛ wo bɔne biara ɛ.”
Me Onyankopɔn somaa ne ɔbɔfoɔ bɛkataa agyata no ano, sɛdeɛ wɔrentumi nyɛ me bɔne, ɛfiri sɛ, wahunu sɛ, medi bem wɔ nʼanim. Na wo, Nana nso, menyɛɛ wo bɔne biara.”
23 Ɔhene no ani gyee mmoroso, na ɔhyɛɛ sɛ wonyi Daniel mfi amoa no mu, enti wuyii no. Wɔanhu kam biara wɔ ne ho, efisɛ ɔde ne ho too ne Nyankopɔn so.
Ɔhene no ani gyee mmorosoɔ, na ɔhyɛɛ sɛ wɔnyi Daniel mfiri amena no mu, enti woyii no. Wɔanhunu etwã biara wɔ ne ho, ɛfiri sɛ, ɔde ne ho too ne Onyankopɔn so.
24 Afei ɔhene no hyɛɛ sɛ wɔnkɔkyere mmarima a wɔnam ntwatoso so ma wɔde Daniel kɔtoo gyata amoa mu no. Ɔma wɔtow wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mma guu gyata amoa no mu. Gyata no huruhuruw sisii wɔn so, tetew wɔn, bobɔɔ wɔn nnompe mu ansa koraa na wɔredu amoa no ase.
Afei, ɔhene no hyɛɛ sɛ, wɔnkɔkyere mmarima a wɔnam ntwatosoɔ so ma wɔde Daniel kɔtoo agyata amena mu no. Ɔmaa wɔtoo wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mma guu agyata amena no mu. Agyata no hurihuri sisii wɔn so, tetee wɔn, bobɔɔ wɔn nnompe mu ansa koraa na wɔreduru amena no ase.
25 Afei Ɔhene Dario de nkra yi kɔmaa nnipa ahorow nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara wɔ wiase mmaa nyinaa se: “Ensi mo yiye mmoroso!
Afei, Ɔhene Dario too nkra yi kɔmaa nnipa ahodoɔ nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara wɔ ewiase afanan nyinaa sɛ: “Ɛnsi mo yie mmoroso!
26 “Mehyɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ obiara a ɔwɔ mʼaheman mu suro, fɛre na ɔde nidi ma Daniel Nyankopɔn.
“Mehyɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ obiara a ɔwɔ mʼahemman mu suro, fɛre na ɔde anidie ma Daniel Onyankopɔn.
27 “Ɔyɛ amanehunu mu gyefo na ogye nkwa nso;
“Ɔyɛ amanehunu mu gyefoɔ na ɔgye nkwa nso;
28 Enti Daniel kɔɔ so dii yiye wɔ Ɔhene Dario ne Persiahene Kores mmere so.
Enti, Daniel kɔɔ so dii yie wɔ Ɔhene Dario ne Persiahene Kores mmerɛ so.

< Daniel 6 >