< Daniel 4 >

1 Ɔhene Nebukadnessar, de saa nkra yi kɔmaa nnipa ne aman ne kasa ahorow a ɛwɔ wiase se: Ensi mo yiye mmoroso!
拿步高王詔告居於普世的各民族,各邦國及各異語人民說:「願平安豐富地賜予你們!
2 Ɛyɛ me anigye sɛ mo nyinaa ahu biribi a ɛfa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade a Ɔsorosoro Nyankopɔn ayɛ ama me.
至高天主對我所行的神蹟奇事,我以為最好宣布出來。
3 Hwɛ sɛnea ne nsɛnkyerɛnne yɛ kɛse fa!
他的神蹟何其偉大,他的奇事何其可畏! 他的王國是永遠的王國,他的主權世世常存!
4 Na me, Nebukadnessar, mete mʼahemfi, midi me ho so na me koma tɔ me yam.
我拿步高安居在家中,在宮內行樂的時候,
5 Nanso mesoo dae bi a, ɛbɔɔ me hu yiye. Meda me mpa so no, mfoni a ɛfaa mʼani so ne anisoadehu a minyaa no hunahunaa me.
忽然做了一夢,這夢使我害怕;我當時在床上所有的幻想,腦中所有的異象,使我心慌意亂,
6 Ɛno nti, mehyɛ ma wɔfrɛɛ anyansafo a wɔwɔ Babilonia nyinaa sɛ wɔmmɛkyerɛ me dae no ase.
遂下了一道諭令,召巴比倫所有的智者到我面前來,給我解說那夢的意義。
7 Bere a nkonyaayifo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne ntafowayifo no bae no, mekaa dae no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me ase.
巫師、術士、占星者、占卜者都來了,我當面給他們說出了那夢,但他們卻不能給我解說那夢的意義。
8 Akyiri no, Daniel (a wɔtoo no din Beltesasar, a ɛyɛ me nyame din, efisɛ, na anyame kronkron no honhom wɔ ne mu) baa mʼanim, na mekaa dae no kyerɛɛ no.
最後,達尼爾來到我面前,-他按我神的名字,起名叫貝耳特沙匝,這人身上具有至聖神明的精神;我給他講述夢說:「
9 Meka kyerɛɛ no se, Beltesasar, nkonyaayifo panyin, minim sɛ, anyame kronkron no honhom wɔ wo mu, ɛno nti, ɛnyɛ wo den sɛ wobɛkyerɛ ahintasɛm biara ase. Afei, me dae no ni, kyerɛ me ase.
巫師長貝耳特沙匝! 我知道你這個人具有至聖神明的精神,沒有什麼奧秘可以難住你,請聽我夢中所見的異象,給我一個解釋:
10 Bere a meda me mpa so no, dae a mesoe ne sɛ, mihuu dua bi a esi asase mfimfini a ɛware tenteenten.
我在床上腦中所有的異象是這樣:我忽然看見從地中生出一棵樹來,極其高大。
11 Dua no nyin yɛɛ dutan kɛse na ne tenten koduu soro, a wuhu no asase so baabiara.
這棵樹長的非常粗壯,高可摩天,大地四極都可見到;
12 Na ne nhaban yɛ frɔmfrɔm fɛfɛɛfɛ, na asow aba bebree, na so wɔ aduan ma obiara. Na wuram mmoa te ne nwini ase, na wim nnomaa nso yɛ wɔn berebuw wɔ ne mman mu.
樹葉美麗,果實繁多,足以供養一切生靈,田野的走獸安息在它的蔭下,空中的飛鳥棲息在它的枝杈上,一切生物都由它獲得供養。
13 “Meda me mpa so no, mihuu ɔbɔfo kronkron bi a ofi ɔsoro reba fam wɔ mʼanisoadehu no mu.
我在床上,在我腦海所得的異象中,我看見有一位守衛兼聖者自天降下,
14 Ɔbɔfo no teɛɛ mu se, ‘Twa dua no to fam na twitwa ne mman no nyinaa. Porow ne nhaban no, na tow nʼaba no pete. Pam mmoa no fi ne nwini ase, na pam wim nnomaa no fi ne mman so.
他大聲呼喊說:砍倒這棵樹,砍斷它的枝條,搖落它的葉子,打下它的果實,叫走獸離開它下面,叫飛鳥飛離它的枝杈,
15 Nanso gyaw dunsin no ne ne ntin a dade ne kɔbere akyekyere, na sare atwa ho ahyia no. “‘Afei, ma ɔsoro bosu mfɔw no fɔkyee, na ma ɔne mmoa ntena wɔ wuram.
但在地上只留下它根上的餘幹,用鐵索和銅鏈將它捆住,放在田野的青草,
16 Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ sɛ aboa de. Na mfe ason ntwa ne ti so.
使他的心改變不像人心,給他一個獸心,在他身上要這樣經歷七段時期。
17 “‘Asomafo asi gyinae dedaw; na akronkronfo abu atɛn sɛnea ɛbɛyɛ a ateasefo nyinaa bɛte ase sɛ, Ɔsorosoroni no na odi wiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, mpo, sɛ ɔyɛ onipa teta.’
這是守衛者宣布的定案,這是聖者所出的命令,好使眾生知道:是至高者統治世人的國家,他將國權願意給誰,就給誰;他可以將人間最卑賤的立為最高者。
18 “Beltesasar, saa dae yi na me, Ɔhene Nebukadnessar soe. Afei kyerɛ me ase, efisɛ anyansafo a wɔwɔ mʼahemman mu nyinaa antumi ankyerɛ me ase. Na wo de, wubetumi akyerɛ me, efisɛ anyame kronkron honhom no wɔ wo mu.”
這是我拿步高王所做的夢。現在,貝耳特沙匝! 請你給我說出這夢的意義,因為我國內所有的智者,都不能使我知道這夢的意義,只有你能,因為只有你具有至聖神明的精神。
19 Daniel (a wɔsan frɛ no Beltesasar no) tee dae no, ɔyɛɛ basaa kakra; ne ho dwiriw no na nʼadwene mu haw no. Nti, ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Beltesasar, mma dae no ne ne nkyerɛase mmɔ wo hu.” Beltesasar buae se, “Eyi de, Nana, anka dae no ne ne nkyerɛase no ɛmpare wo na ɛnkɔ wʼatamfo so!
名叫貝特沙匝的達尼爾,一時愕然,他想像的事,使他恐懼;君王於是說道:「貝耳特沙匝! 不要為這夢和這夢的意義心亂! 」貝耳特沙匝回答說:「我的主上! 願這夢應驗在仇恨你的人身上,願這夢的朕兆應驗在你的敵人身上!
20 Nana, wuhuu dua bi a enyin yɛɛ dutan kɛse a ne tenten koduu soro, na wuhu no asase nyinaa so.
你所見的那棵樹,長的非常粗大,高可摩天,大地四極都可見到,
21 Na ne nhaban yɛ frɔmfrɔm fɛfɛɛfɛ a asow aba bebree, na so wɔ aduan ma obiara. Na wuram mmoa te ne nwini ase, na wim nnomaa nso yɛ wɔn berebuw wɔ ne mman mu.
樹葉美麗,果實繁多,足以供養一切生靈,田野的走獸安息在它的蔭下,空中的飛鳥棲息在它的枝條上。
22 Nana, mesrɛ ka, saa dua no yɛ wo. Efisɛ, woanya nkɔso, ahoɔden ne kɛseyɛ mu. Wo kɛseyɛ no kodu ɔsoro, na wʼadedi no kɔ akyirikyiri kodu asase ano.
大王! 那樹就是你,你長得高大強壯,你的偉大高可摩天,你的權勢達於地極。
23 “Afei, Nana, wuhuu ɔbɔfo kronkron a ofi ɔsoro reba fam, na ɔreka se, ‘Twa dua no to fam na sɛe no. Nanso, gyaw dunsin no ne ne ntin a dade ne kɔbere akyekyere, na sare atwa ho ahyia no. Afei ma ɔsoro bosu mfɔw no fɔkyee, na ma ɔne mmoa ntena wɔ wuram. Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ sɛ aboa de. Na mfe ason ntwa ne ti so.’
至於大王所見的那位警衛兼聖者自天降下說:砍倒、毀滅這棵樹! 只在地上留下它根子的餘幹,用鐵索和銅鏈將它捆住,放在田野的青草中,讓他為露水浸濕,與田野的走獸分食,這樣在他身上直到經歷了七段時期。-
24 “Dae no nkyerɛase ni, Nana, atɛn a Ɔsorosoroni no abu atia wo no ni.
大王! 這是那夢的意義,這是要臨到我主,大王身上的至高者的判決:
25 Wɔbɛpam wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa bɛtena wuram. Wobɛwe sare te sɛ nantwi, na ɔsoro bosu afɔw wo fɔkyee. Mfe ason betwa wo ti so akosi sɛ, wubehu sɛ, Ɔsorosoroni no na odi wiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.
你將由人間被驅逐,與田野的走獸為伍,你吃草如同牛一樣,為露水浸濕,要這樣經歷七段時期,直到你承認至高者統治世人的國度,願意給誰,就給誰。
26 Hyɛ a wɔhyɛ ma wogyaw dunsin no ne ne ntin no wɔ asase mu no kyerɛ sɛ, sɛ wuhu sɛ ɔsoro na edi tumi no a, wo nsa bɛsan aka wʼahenni.
至於所說在地中只留下樹根的餘幹,是說到你承認上天統治一切時,你的國仍再歸於你。
27 Ne saa nti, Nana Nebukadnessar, mesrɛ wo, tie mʼafotu. Gyae bɔneyɛ, na yɛ nea ɛteɛ. Gyae wʼatirimɔdensɛm na yɛ ahummɔbɔ ma ahiafo, na twe wo ho fi wo tete amumɔyɛ no ho. Ebia, woyɛ saa a, wobɛkɔ so adi yiye.”
為此,大王! 望你接納我的勸告:厲行正義,補贖罪過,憐貧濟困,以抵償不義;如此你的福樂或許可得延長。」
28 Na saa nneɛma yi nyinaa baa Ɔhene Nebukadnessar so.
這一切都臨在拿步高王身上:
29 Asram dumien akyi a na ɔretu mpase wɔ ahemfi no abansoro atifi wɔ Babilonia no,
十二個月以後,王在巴比倫王宮的樓台上散步時,
30 ɔtoo nʼani, hwɛɛ kurow no mu, na ɔkae se, “Ɛnyɛ Babilonia kurow kɛse a mede me tumi akyekyere ayɛ no ɔhempɔn atenae de ahyɛ mʼahenni anuonyam ni ana?”
自言自語說:「這不是我以大能大力,為彰顯我的威榮而建為王都的大巴比倫嗎﹖」
31 Bere a ogu so reka saa nsɛm no, nne bi fi ɔsoro bae se, “Wo, Ɔhene Nebukadnessar, nea wɔahyɛ ato hɔ ama wo ni: Wɔagye wʼahenni tumi no afi wo nsam.
這些話君王還未說出口,便有聲音從天上傳來說:「拿步高王! 現在有話告訴你:你的王位已被人奪去了!
32 Wɔbɛpam wo afi nnipa mu. Wo ne wuram mmoa bɛtena wuram. Na wobɛwe sare te sɛ nantwi. Mfe ason betwa wo ti so kosi sɛ wubehu sɛ, Ɔsorosoroni no di wiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.”
你要由人間被驅逐,與田野的走獸為伍,你要吃草如同牛一樣,這樣,在你身上經歷七段時期,直到你承認至高者統治世人的國度,他願意給誰,就給誰。」
33 Amono mu hɔ ara nkɔmhyɛ no baa mu. Wɔpam Nebukadnessar fii nnipa mu. Ɔwee sare te sɛ nantwi, na ɔsoro bosu fɔw no fɔkyee. Ɔtenaa saa tebea no mu kosii sɛ, ne tinwi yɛɛ atenten te sɛ ɔkɔre ntakra, na nʼawerɛw yɛɛ sɛ anomaa awerɛw.
這話立即在拿步高身上應驗了:他被逐離開了人群,吃草如同牛一樣,他的身體為露水浸濕,直報他的頭髮長得有如鷹的羽翼,指甲有如鳥的爪子。
34 Saa bere yi twaa mu no, me, Nebukadnessar, memaa mʼani so hwɛɛ soro. Mʼani baa me ho so, na mekamfo Ɔsorosoroni no, na metrontrom nea ɔte ase daa no yii no ayɛ se:
這期限過了以後,我拿步高舉目望天,我的理智恢復了常態,我立刻稱謝至高者,讚美頌揚永生者,因為他的主權永遠常存,他的王國世世常在。
35 Asase so nnipa nyinaa,
地上的一切居民為他等於虛無,他對天上的軍旅和地上的居民隨意而行,沒有能阻止他的,或問他說:你作什麼﹖
36 Bere a mʼani baa me ho so no, bere koro no mu ara na me nidi ne me kɛseyɛ a ɛhyɛ me man no anuonyam no bae. Mʼafotufo ne mʼabirɛmpɔn hwehwɛɛ me, na wɔsan de me sii mʼahenni so bio, na mʼanuonyam bɛyɛɛ kɛse kyɛn kan no.
就在那一時刻,我的理智恢復了常態,恢復了我王國的光榮,仍享威嚴富貴,我的朝臣和大官仍前來求見;我的國又歸我所有,並且也給我增加了極大的權勢。
37 Afei me Nebukadnessar, mekamfo ma no so, hyɛ ɔsorohene anuonyam, de nidi ma no. Ne nneyɛe nyinaa yɛ pɛ, na ɛyɛ nokware, na obetumi abrɛ ahantanfo ase.
現在,我拿步高要稱頌、讚揚和光榮天上的君王,因為他的一切作為是真理,他的到路是正義;凡行動傲慢的,他都能壓伏。」

< Daniel 4 >