< Daniel 2 >

1 Nebukadnessar adedi mfe abien so, ɔsosoo dae bi ma ɛhaw no ara kosii sɛ, na ontumi nna.
And in the second year of the reign of Nebuchadnezzar Nebuchadnezzar dreamed dreams, wherewith his spirit was troubled, and his sleep brake from him.
2 Ɔfrɛɛ ne nkonyaayifo, pɛadeahufo, ntafowayifo ne Kaldeafo, ka kyerɛɛ wɔn se, wɔnkyerɛ no dae ko no. Wobegyinaa ɔhene no anim no,
Then the king commanded to call the magicians, and the astrologers, and the sorcerers, and the Chaldeans, for to shew the king his dreams. So they came and stood before the king.
3 ɔkae se, “Maso dae bi a ɛhaw me, enti mepɛ sɛ mokyerɛ me dae ko a mesoe no, efisɛ ɛsɛ sɛ mihu.”
And the king said unto them, I have dreamed a dream, and my spirit was troubled to know the dream.
4 Na Kaldeafo no buaa no wɔ Arameike kasa mu se, “Ɔhene nkwa so! Ka dae no kyerɛ yɛn, na yɛbɛkyerɛ ase.”
Then spake the Chaldeans to the king in Syriack, O king, live for ever: tell thy servants the dream, and we will shew the interpretation.
5 Nanso ɔhene no ka kyerɛɛ Kaldeafo no se, “Eyi ne gyinae a masi wɔ asɛm yi ho. Sɛ moantumi anka me dae no, na moankyerɛ me ase a, wobetwitwa mo mu asinasin, na wobebubu mo afi, ama afuw wura.
The king answered and said to the Chaldeans, The thing is gone from me: if ye will not make known unto me the dream, with the interpretation thereof, ye shall be cut in pieces, and your houses shall be made a dunghill.
6 Na sɛ moka me dae no, kyerɛ me ase a, mɛma mo akyɛde a ɛso bi mmaa da, na mabɔ mo aba so. Monka dae no, na monkyerɛ me ase.”
But if ye shew the dream, and the interpretation thereof, ye shall receive of me gifts and rewards and great honour: therefore shew me the dream, and the interpretation thereof.
7 Wɔkaa bio se, “Yɛsrɛ wo, Nana, ka dae no kyerɛ wʼasomfo, na yɛbɛkyerɛ wo ase.”
They answered again and said, Let the king tell his servants the dream, and we will shew the interpretation of it.
8 Ɔhene no buae se, “Mahu mo nnaadaa no. Mahu sɛ, moretwentwɛn bere no so, na munim gyinae a masi wɔ asɛm a mekae no ho.
The king answered and said, I know of certainty that ye would gain the time, because ye see the thing is gone from me.
9 Sɛ moanka dae no ankyerɛ me a, asotwe baako pɛ na ɛda hɔ ma mo. Moapam sɛ mubedi atoro adaadaa me. Mususuw sɛ asɛm no bɛsesa. Monka dae no nkyerɛ me, na ɛbɛma mahu sɛ mubetumi akyerɛ ase.”
But if ye will not make known unto me the dream, [there is but] one decree for you: for ye have prepared lying and corrupt words to speak before me, till the time be changed: therefore tell me the dream, and I shall know that ye can shew me the interpretation thereof.
10 Kaldeafo no buaa Ɔhene no se, “Onipa teasefo biara nni hɔ a obetumi akyerɛ wo, Nana, wo dae a woaso no. Na ɔhene biara nso nni hɔ, sɛ ɔkorɔn anaa ne tumi so, a wabisa nkonyaayifo, pɛadeahufo anaa Kaldeafo saa asɛm yi bi pɛn.
The Chaldeans answered before the king, and said, There is not a man upon the earth that can shew the king’s matter: therefore [there is] no king, lord, nor ruler, [that] asked such things at any magician, or astrologer, or Chaldean.
11 Ɔhene abisade yi yɛ den dodo. Obiara nni hɔ a obetumi aka wo dae no gye anyame. Nanso wɔn tenabea nni wiase yi mu.”
And [it is] a rare thing that the king requireth, and there is none other that can shew it before the king, except the gods, whose dwelling is not with flesh.
12 Ɔhene no tee saa asɛm no, ne bo fuw yiye, enti ɔhyɛɛ sɛ, wonkunkum anyansafo a wɔwɔ Babilonia nyinaa.
For this cause the king was angry and very furious, and commanded to destroy all the wise [men] of Babylon.
13 Na esiane ɔhene no mmaraden sɛ wonkunkum anyansafo no nti, wɔsomaa mmarima sɛ wɔnkɔhwehwɛ Daniel ne ne nnamfonom, na wonkunkum wɔn.
And the decree went forth that the wise [men] should be slain; and they sought Daniel and his fellows to be slain.
14 Bere a, Ariok a ɔyɛ ɔhene no awɛmfo so panyin baa sɛ ɔrebekum wɔn no, Daniel faa nyansakwan so ne no kasae.
Then Daniel answered with counsel and wisdom to Arioch the captain of the king’s guard, which was gone forth to slay the wise [men] of Babylon:
15 Daniel bisaa Ariok se, “Adɛn nti na ɔhene hyɛɛ mmara a ano yɛ den saa?” Na Ariok kaa nea asi nyinaa kyerɛɛ no.
He answered and said to Arioch the king’s captain, Why [is] the decree [so] hasty from the king? Then Arioch made the thing known to Daniel.
16 Daniel kohuu Ɔhene no, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmma no bere kakra na ɔbɛba abɛkyerɛ dae no ase.
Then Daniel went in, and desired of the king that he would give him time, and that he would shew the king the interpretation.
17 Na Daniel kɔɔ ne fi kɔbɔɔ ne nnamfonom Hanania, Misael ne Asaria amanneɛ faa asɛm a asi no ho.
Then Daniel went to his house, and made the thing known to Hananiah, Mishael, and Azariah, his companions:
18 Ɔhyɛɛ wɔn sɛ, wɔnsrɛ ɔsoro Nyankopɔn na ɔnnom wɔn nʼahummɔbɔ sɛnea wɔrenkum wɔn mfra anyansafo nkae a wɔwɔ Babilonia no mu.
That they would desire mercies of the God of heaven concerning this secret; that Daniel and his fellows should not perish with the rest of the wise [men] of Babylon.
19 Anadwo no, ɔdaa kokoamsɛm no adi kyerɛɛ Daniel wɔ anisoadehu mu. Na Daniel kamfoo ɔsoro Nyankopɔn
Then was the secret revealed unto Daniel in a night vision. Then Daniel blessed the God of heaven.
20 se, “Ayeyi nka Onyankopɔn din daa nyinaa, ɔno nko na ɔwɔ nyansa ne tumi.
Daniel answered and said, Blessed be the name of God for ever and ever: for wisdom and might are his:
21 Ɔno na ɔsesa mmere ne nnipa nkrabea; osi ahene, na otu wɔn ade so. Ɔma anyansafo hu nyansa, na ɔma nhumu ho nimdeɛ.
And he changeth the times and the seasons: he removeth kings, and setteth up kings: he giveth wisdom unto the wise, and knowledge to them that know understanding:
22 Ɔda nneɛma a mu dɔ na ɛyɛ nwonwa adi, na onim nea ahintaw wɔ sum mu; hann atwa ne ho ahyia.
He revealeth the deep and secret things: he knoweth what [is] in the darkness, and the light dwelleth with him.
23 Meda wo ase, kamfo wo mʼagyanom Nyankopɔn, efisɛ, woama me nyansa ne tumi, woaka nea yebisaa wo akyerɛ me, ada nea ɔhene bisae no adi akyerɛ yɛn.”
I thank thee, and praise thee, O thou God of my fathers, who hast given me wisdom and might, and hast made known unto me now what we desired of thee: for thou hast [now] made known unto us the king’s matter.
24 Afei Daniel kohuu Ariok a wɔahyɛ no sɛ onkunkum anyansafo a wɔwɔ Babilonia no, ka kyerɛɛ no se, “Nkunkum anyansafo a wɔwɔ Babilonia no. Fa me kɔ ɔhene no nkyɛn, na mɛkyerɛ no ne dae no ase.”
Therefore Daniel went in unto Arioch, whom the king had ordained to destroy the wise [men] of Babylon: he went and said thus unto him; Destroy not the wise [men] of Babylon: bring me in before the king, and I will shew unto the king the interpretation.
25 Na ntɛm ara, Ariok de Daniel kɔɔ ɔhene no anim kae se, “Mahu nnommum a wofi Yuda no mu baako a ɔbɛkyerɛ wo, Nana, dae no ase.”
Then Arioch brought in Daniel before the king in haste, and said thus unto him, I have found a man of the captives of Judah, that will make known unto the king the interpretation.
26 Ɔhene no bisaa Daniel (a wɔsan frɛ no Beltesasar) no se, “Ɛyɛ nokware? Wubetumi akyerɛ me nea mihuu wɔ me dae no mu na woakyerɛ me ase?”
The king answered and said to Daniel, whose name [was] Belteshazzar, Art thou able to make known unto me the dream which I have seen, and the interpretation thereof?
27 Daniel buae se, “Nana, anyansafo, pɛadeahufo, nkonyaayifo anaa ntafowayifo biara nni hɔ a wobetumi akyerɛ ahintasɛm a worebisa yi!
Daniel answered in the presence of the king, and said, The secret which the king hath demanded cannot the wise [men], the astrologers, the magicians, the soothsayers, shew unto the king;
28 Nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a ɔda kokoamsɛm adi, na wakyerɛ ɔhene Nebukadnessar asɛm a ebesi daakye. Wo dae no ne anisoadehu a bere a woda wo mpa so no wuhui ni:
But there is a God in heaven that revealeth secrets, and maketh known to the king Nebuchadnezzar what shall be in the latter days. Thy dream, and the visions of thy head upon thy bed, are these;
29 “Nana, bere a woreda no, wʼadwene kosisii nsɛm bi a ebesisi so. Nea ɔkyerɛ ahintasɛm mu no akyerɛ wo nea ɛrebɛba.
As for thee, O king, thy thoughts came [into thy mind] upon thy bed, what should come to pass hereafter: and he that revealeth secrets maketh known to thee what shall come to pass.
30 Na ɛnyɛ sɛ, Nana, minim nyansa kyɛn onipa teasefo biara nti, na mmom Onyankopɔn pɛ sɛ Nana nya ahintasɛm no nkyerɛase na ɔte nea ɛbaa nʼadwene mu no ase.
But as for me, this secret is not revealed to me for [any] wisdom that I have more than any living, but for [their] sakes that shall make known the interpretation to the king, and that thou mightest know the thoughts of thy heart.
31 “Nana, wʼanisoadehu no mu, wuhuu ohoni kɛse bi sɛ ogyina wʼanim a ɔso pa ara na ɛheran hyerɛnn, na ne ho yɛ hu yiye.
Thou, O king, sawest, and behold a great image. This great image, whose brightness [was] excellent, stood before thee; and the form thereof [was] terrible.
32 Sikakɔkɔɔ na wɔde yɛɛ ne ti; Dwetɛ na wɔde yɛɛ ne koko ne nʼabasa. Kɔbere na wɔde yɛɛ ne yafunu ne nʼasrɛ.
This image’s head [was] of fine gold, his breast and his arms of silver, his belly and his thighs of brass,
33 Dade na wɔde yɛɛ nʼanan, na wɔde dade ne dɔte a wɔde afra yɛɛ ne nansabon.
His legs of iron, his feet part of iron and part of clay.
34 Na, Nana, worehwɛ no, ɔbo bi a nsa biara nkura mu, tew bɛhwee dade ne dɔte nansabon no so, pɛtɛw no pasaa.
Thou sawest till that a stone was cut out without hands, which smote the image upon his feet [that were] of iron and clay, and brake them to pieces.
35 Afei Nana, ohoni mu no nyinaa, a ɛyɛ dade, dɔte, kɔbere, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no nyinaa yam fekɔfekɔ, maa ɛyɛɛ sɛ ahuhurubere mu awiporowbea so ntɛtɛ, maa mframa behuw ne nyinaa kɔe a, hwee anka hɔ. Nanso ɔbo a ɛpem ohoni no hwee fam no dan bepɔw kɛse a ɛkataa asase nyinaa so.
Then was the iron, the clay, the brass, the silver, and the gold, broken to pieces together, and became like the chaff of the summer threshingfloors; and the wind carried them away, that no place was found for them: and the stone that smote the image became a great mountain, and filled the whole earth.
36 “Nana, dae no ni o, afei, yɛrebɛkyerɛ wo ase.
This [is] the dream; and we will tell the interpretation thereof before the king.
37 Nana, woyɛ ahene bebree so hene. Ɔsoro Nyankopɔn ayɛ wo ahene mu hene, ama wo tumi, ahoɔden ne anuonyam.
Thou, O king, [art] a king of kings: for the God of heaven hath given thee a kingdom, power, and strength, and glory.
38 Ɔde wiase nnipa, mmoa a wɔwɔ wuram ne nnomaa a wotu ahyɛ wo nsa. Baabiara a wɔwɔ no, wɔayɛ wo wɔn sodifo. Wo na woyɛ saa sikakɔkɔɔ ti no.
And wheresoever the children of men dwell, the beasts of the field and the fowls of the heaven hath he given into thine hand, and hath made thee ruler over them all. Thou [art] this head of gold.
39 “Na wʼahenni aba nʼawiei akyi no, ahemman a ɛnto wo de no bɛsɔre abesi wʼanan mu. Sɛ saa ahemman no gu a, ahemman kɛse foforo a ɛto so abiɛsa a kɔbere yafunu ne asrɛ no gyina hɔ ma no no bɛsɔre adi wiase so.
And after thee shall arise another kingdom inferior to thee, and another third kingdom of brass, which shall bear rule over all the earth.
40 Nea ebedi saa ahemman no akyi no, ɛbɛyɛ ahemman a ɛto so anan a so na ahoɔden wɔ te sɛ dade. Saa ahemman no bebubu, ayam aman a adi kan no nyinaa te sɛnea dade bubu yam biribiara a ɛne no hyia no.
And the fourth kingdom shall be strong as iron: forasmuch as iron breaketh in pieces and subdueth all [things: ] and as iron that breaketh all these, shall it break in pieces and bruise.
41 Nana, sɛnea wuhu sɛ nansabon ne nansoaa yɛ dade ne dɔte a adi afra no kyerɛ sɛ, saa ahemman yi mu bɛkyekyɛ.
And whereas thou sawest the feet and toes, part of potters’ clay, and part of iron, the kingdom shall be divided; but there shall be in it of the strength of the iron, forasmuch as thou sawest the iron mixed with miry clay.
42 Nʼafaafa bi bɛyɛ den sɛ dade, na bi ayɛ mmerɛw sɛ dɔte.
And [as] the toes of the feet [were] part of iron, and part of clay, [so] the kingdom shall be partly strong, and partly broken.
43 Saa dade ne dɔte mfrafrae no san kyerɛ sɛ, saa ahemman no bɛyɛ nnipa ahorow a wɔadi afra a wontumi nka wɔn ho mmɔ mu sɛnea dade ne dɔte ntumi nni afra no.
And whereas thou sawest iron mixed with miry clay, they shall mingle themselves with the seed of men: but they shall not cleave one to another, even as iron is not mixed with clay.
44 “Saa ahemfo no adedi mu no, Ɔsoro Nyankopɔn bɛbɔ ahemman bi atenase a ɛrensɛe da; na obiara renni so da. Ebedwiriw ahemman ahorow yi nyinaa de wɔn aba awiei, na ɛno de, ebegyina afebɔɔ.
And in the days of these kings shall the God of heaven set up a kingdom, which shall never be destroyed: and the kingdom shall not be left to other people, [but] it shall break in pieces and consume all these kingdoms, and it shall stand for ever.
45 Ɔbo no a nsa biara nkura mu na etwa fii bepɔw no so a ɛyam dade, kɔbere, dɔte, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mfrafrae ohoni no gyina hɔ ma saa ɔman no. “Onyankopɔn kɛse akyerɛ Nana, nea ɛbɛba daakye. Dae no yɛ nokware, na ne nkyerɛase yɛ kann.”
Forasmuch as thou sawest that the stone was cut out of the mountain without hands, and that it brake in pieces the iron, the brass, the clay, the silver, and the gold; the great God hath made known to the king what shall come to pass hereafter: and the dream [is] certain, and the interpretation thereof sure.
46 Ɔhene Nebukadnessar bɔɔ ne mu ase wɔ Daniel anim, som no, na ɔhyɛɛ ne manfo se, wɔmfa afɔrebɔde mmra, na wɔnhyew aduhuam wɔ nʼanim.
Then the king Nebuchadnezzar fell upon his face, and worshipped Daniel, and commanded that they should offer an oblation and sweet odours unto him.
47 Ɔhene no ka kyerɛɛ Daniel se, “Nokware, wo Nyankopɔn yɛ Nyankopɔn wɔ anyame mu; ɔyɛ Awurade wɔ ahene so ahintasɛm mu kyerɛfo, efisɛ wo na woatumi akyerɛ saa kokoamsɛm yi mu.”
The king answered unto Daniel, and said, Of a truth [it is], that your God [is] a God of gods, and a Lord of kings, and a revealer of secrets, seeing thou couldest reveal this secret.
48 Afei, ɔhene no maa Daniel dibea a ɛkorɔn yiye san yɛɛ no ayɛ a ɛsom bo yiye. Ɔmaa Daniel hwɛɛ Babilonia amantam no nyinaa so, na ɔde no sii nʼanyansafo no nyinaa so hene.
Then the king made Daniel a great man, and gave him many great gifts, and made him ruler over the whole province of Babylon, and chief of the governors over all the wise [men] of Babylon.
49 Daniel ka ma wɔyɛɛ Sadrak, Mesak ne Abednego, Babilonia asase no so ahwɛfo, na Daniel yɛɛ ɔsomfo wɔ ɔhene aban mu.
Then Daniel requested of the king, and he set Shadrach, Meshach, and Abed-nego, over the affairs of the province of Babylon: but Daniel [sat] in the gate of the king.

< Daniel 2 >