< Daniel 12 >

1 “Saa bere no, Mikael, ɔhene babarima titiriw a ɔbɔ wo nkurɔfo ho ban no bɛsɔre. Ahohia bere bi bɛba a, efi aman no mfiase besi saa da no, biribi a ɛte saa nsii da. Nanso saa bere no, wo nkurɔfo no mu biara a wobehu sɛ wɔakyerɛw ne din wɔ nhoma no mu no, wobegye no nkwa.
At that time Michael the great prince, the protector of your people, will stand up and there will be a time of trouble like never before, since nations first existed. But at that time your people will be saved, all whose names are written in the book.
2 Nnipadɔm a wɔadeda fam wɔ dɔte mu no benyan: ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom nso akɔ aniwu ne daa ahohora mu.
Millions sleeping in the ground in death will awake, some to eternal life, and some to eternal shame and disgrace.
3 Wɔn a wɔyɛ anyansafo no bɛhyerɛn te sɛnea ɔsoro hyerɛn, na wɔn a wɔdan afoforo kɔɔ trenee mu no bɛhyerɛn sɛ nsoromma, daapem.
Those who are wise will shine as bright as the sky; those who have shown many the right way to live will shine as bright as the stars forever and ever.
4 Nanso wo Daniel, bobɔw na sɔw nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no ano kosi awiei bere no. Bebree bekyinkyin akɔpɛ nimdeɛ.”
But as for you, Daniel, keep this message secret, and seal the book closed until the time of the end. Many will search this way and that way, and knowledge will grow greater and greater.”
5 Afei, me Daniel, mehwɛ huu nnipa baanu bi wɔ mʼanim; ɔbaako gyina asubɔnten no konkɔn so, na ɔbaako nso gyina konkɔn a ɛhwɛ baako no anim no so.
Then I, Daniel, noticed two others, each standing on opposite sides of the river.
6 Wɔn mu baako bisaa ɔbarima a ofura nwera a ogyina asu no so no se, “Ebedi nnaahe ansa na anwonwade yi aba mu?”
One of then asked the man dressed in linen who was above the river's waters, “How long before these outrageous things come to an end?”
7 Ɔbarima no a ofura nwera na ɔwɔ asu no so no maa ne nsa nifa ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na metee sɛ ɔde nea ɔte hɔ daa no kaa ntam se, “Ɛbɛkɔ so saa ara akosi bere bi, mmere bi ne bere sin bi. Sɛ nnipa kronkron no tumisɛe no ba awiei koraa a, wobewie saa nneɛma yi nyinaa.”
The man dressed in linen, who was above the river's waters, lifted both hands to heaven made a solemn promise by the One who lives eternally. I heard him say, “It will last for a time, times, and half a time. When the scattering of the power of the holy people has come to an end, then all these things will also come to an end.”
8 Metee, nanso mante ase. Enti mibisae se, “Me Wura dɛn na ebefi eyinom nyinaa mu aba?”
I heard the answer, but I didn't understand it. So I asked, “My lord, what's the final result of all this?”
9 Na obuae se, “Daniel kɔ, efisɛ wɔabobɔ nsɛm no so, asɔw ano de akosi awiei mmere no.
“Daniel, you can go on your way now,” he replied, “for this message is secret and kept sealed until the time of the end.
10 Wɔbɛhohoro bebree ho a fi ne nkekae biara renka wɔn ho, nanso atirimɔdenfo bɛkɔ so ayɛ atirimɔden; wɔn mu biara rente ase, nanso anyansafo de wɔbɛte ase.
Many will be purified and cleansed and refined, but the wicked will go on being wicked. None of the wicked will understand, but the wise will understand.
11 “Efi da a wɔbɛbra daa afɔrebɔ na wɔde akyiwade a ɔsɛe nam ne so bɛba abesi hɔ no bɛyɛ nnafua apem ahannu aduɔkron.
From the time the continual ministry is stopped in order to set up the idolatry that causes devastation will be one thousand two hundred and ninety days.
12 Nhyira ne nea ɔtwɛn kosi nnafua apem ahaasa aduasa anum awiei no.
Blessed are those who patiently wait for and reach the one thousand three hundred and thirty-five days.
13 “Wo Daniel de, tintim kodu awiei. Wobɛhome, na nna no awiei no, wobɛsɔre na woakogye wo kyɛfa a ɛwɔ agyapade no mu.”
But as for you, go your way until your life ends, and then rest. You will rise to receive your reward at the end of time.”

< Daniel 12 >