< Daniel 11 >

1 Na Mediani Dario ahenni afe a edi kan no, misii gyinae sɛ megyina nʼakyi na mabɔ ne ho ban.)
"And as for me, in the first year of Daryavesh the Mede, I stood up to support and strengthen him.
2 “Na afei, mɛka mu nokware akyerɛ wo: ahemfo baasa bɛsɔre wɔ Persia, wɔn akyi no, nea ɔto so anan a obenya ne ho akyɛn nkae no bɛsɔre. Ɔde nʼahonya mu ahoɔden behwanyan obiara atia Hela ahenni.
And now what I show you is true. Look, there shall arise three more kings in Persia, and the fourth shall be far richer than all of them; and when he has grown strong through his riches, he shall stir up all the kingdom of Greece.
3 Afei ɔhene kɛse bi bɛsɔre wɔ tumi mu a ɔbɛyɛ nea ɔpɛ.
And a powerful king shall arise, who shall rule an extensive empire, and do as he pleases.
4 Ne ba no akyi, wɔbɛkyekyɛ nʼaheman no mu anan. Ɛrenkɔ nʼasefo nkyɛn, na ɔrennya tumi a na ɔwɔ no, efisɛ wobetutu nʼaheman no ase de ama afoforo.
When he shall arise, his kingdom shall be broken up, and shall be divided toward the four winds of heaven, but not to his posterity, nor according to his authority with which he ruled; for his kingdom shall be uprooted, and will go to others besides these.
5 “Ɔhene a ɔwɔ anafo fam no bɛyɛ den, nanso nʼasafohene no mu baako bɛyɛ den asen no na ɔde tumi a ɛyɛ den bedi ahemman no so.
The king of the south shall grow strong, and one of his officers shall grow more powerful, and shall have a greater kingdom than his.
6 Mfe bi akyi no, wɔbɛyɛ ayɔnko. Ɔhene a ɔwɔ anafo fam no babea bɛkɔ ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nkyɛn akɔyɛ nnamfofa apam; nanso ɔbabea no renkura ne tumi mu bio, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam ne ne tumi nso rennyina. Saa mmere no mu no, wobeyi ɔhene babea, adehye a wɔka ne ho, nʼagya ne nea ogyinaa nʼakyi nyinaa no ama.
At the end of years they shall join themselves together; and the daughter of the king of the south shall come to the king of the north to make an agreement: but she shall not retain her power; neither shall his strength endure; but she shall be surrendered, and her attendants, and he who became the father of her, and he who supported her in those times.
7 “Obi a ofi anafo fam babea abusua mu bɛsɔre asi nʼanan mu. Na ɔde dɔm bɛba abɛhyɛn ɔhene a ɔwɔ atifi fam aban no mu na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so nkonim.
But out of a shoot from her roots shall arise in his place, who shall come against the army, and shall enter into the fortress of the king of the north, and shall deal against them, and shall prevail.
8 Ɔbɛfa wɔn anyame, ahoni a wɔde dade ayɛ ne wɔn ademude a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ akɔ Misraim. Na mfe bi mu no, ɔbɛtwe ne ho afi ɔhene a ɔwɔ atifi fam no ho.
Also their gods, with their molten images, and with their precious vessels of silver and of gold, shall he carry captive into Egypt; and he shall withdraw for some years from the king of the north.
9 Afei ɔhene a ɔwɔ atifi fam no bɛtow ahyɛ ɔhene a ɔwɔ anafo fam no so, nanso ɔbɛsan nʼakyi akɔ nʼankasa asase so.
And he shall come into the realm of the king of the south, but he shall return into his own land.
10 Ne mmabarima besiesie wɔn ho ama ɔko na wɔde asraafo dɔm kɛse bɛkɔ te sɛ asu a ayiri, akɔko ara akodu atamfo no aban no ho.
And his sons shall wage war, and shall assemble a multitude of great forces, which shall advance and overflow and pass through, and they shall return and wage war, as far as his fortress.
11 “Afei ɔhene a ɔwɔ anafo fam no de abufuw kɛse bɛsɔre na wako atia ɔhene a ɔwɔ atifi fam a ɔno nso wɔ asraafo dɔm kɛse, na obedi wɔn so nkonim.
The king of the south shall be moved with rage and shall come forth and fight against him, even with the king of the north; and he shall raise a great multitude, and the multitude shall be given into his hand.
12 Sɛ wɔde asraafo no kɔ a, ahantan bɛhyɛ anafo fam hene no ma, na obekunkum mpempem, nanso ne nkonimdi no renkyɛ.
The multitude shall be taken away, and his heart shall be exalted; and he shall cast down tens of thousands, but he shall not prevail.
13 Ɔhene a ɔwɔ atifi fam nso bɛboa asraafo afoforo a wɔdɔɔso sen kan de no, na mfirihyia bebree akyi no, ɔde asraafo dɔm kɛse a wɔwɔ akode betu ɔsa.
The king of the north shall return, and shall raise a multitude greater than the former; and he shall advance after some years with a great army and with abundant supplies.
14 “Saa mmere no mu, bebree bɛsɔre atia ɔhene a ɔwɔ anafo fam. Wɔn a wodi akakabensɛm wɔ wʼankasa wo nkurɔfo mu no bɛtew atua sɛnea ɛte wɔ anisoadehu no mu no, nanso wɔrenni nkonim.
And in those times many shall rise up against the king of the south: also the violent ones among your people shall rise up in confirmation of the vision; but they shall fail.
15 Afei ɔhene a ɔwɔ atifi fam no bɛba abesisi mpie na ɔbɛko agye kuropɔn a wɔagye ho ban no. Asraafo a wɔwɔ anafo fam no rennya ahoɔden nko, na wɔn a wɔyɛ den wɔ wɔn mu no mpo rentumi nnyina ɔko no ano.
So the king of the north shall come, and build up a siege mound and take a well-fortified city. And the forces of the south shall not prevail, neither his best troops, neither shall there be any strength to resist.
16 Ɔfowni no bɛyɛ nea ɔpɛ na obiara rentumi nnyina nʼanim. Obegye Asase Fɛɛfɛ no abɔ so, na obenya tumi a ɔde bɛsɛe no.
But he who comes against him shall do as he pleases, and no one shall be able to withstand him. And he shall stand in the beautiful land, and destruction will be within his power.
17 Ɔbɛyɛ nʼadwene sɛ ɔde ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼahenni no mu nyinaa bɛba, na afei ɔne ɔhene a ɔwɔ anafo fam no akɔyɛ nnamfofa apam. Ɔde ne babea bɛma no aware, na ɔnam so agu nʼahenni no, nanso nʼatirimpɔw yi renyɛ yiye na ɛremmoa no.
He shall set his face to come with the strength of his whole kingdom, and will reach an agreement with him which he shall put into effect. And he shall give him a daughter of women to send destruction on him; but it will not last or be to his advantage.
18 Afei ɔde nʼani bɛkyerɛ mpoano aman so, na wadi mu bebree so nkonim, nanso, ɔsahene bi de ɔhene yi ahomaso bɛba awiei na wadan abɔ no.
After this shall he turn his face to the coastal regions, and shall capture many. But a commander shall bring his insolence to an end. In addition, he shall repay him for his insolence.
19 Eyi akyi no, ɔde nʼani bɛkyerɛ aban a ɛwɔ nʼasase so no, nanso obehintiw ahwe ase, na wɔrenhu no bio.
Then he shall turn his attention toward the fortresses of his own land, but he shall stumble and fall, and shall not be found again.
20 “Nea obedi nʼade no bɛsoma towgyeni, sɛnea ɛbɛyɛ a obenya nea ɛbɛma nʼahenni no anuonyam atena hɔ. Mfirihyia kakra bi akyi no, wɔbɛsɛe no; nanso ɛremfi abufuw anaa ɔko mu.
Then shall arise in his place one who shall send an exactor of tribute to pass through the kingdom to maintain its glory; but within few days he shall be destroyed, though not in anger nor in battle.
21 “Obi a wommu no na ɔnyɛ ɔdehye na obedi nʼade. Ɔbɛtow ahyɛ ahenni no so bere a so nnipa no asom adwo wɔn, na ɔde nnaadaa agye.
In his place shall arise a despicable person, to whom the honor of kingship had not been given, but he shall come in a time of prosperity, and shall obtain the kingdom through deceit.
22 Afei ɔbɛtɔre asraafo dɔm a wontumi nkan wɔn dodow no ase. Wɔbɛsɛe asraafo no ne ɔhenebabarima a ɔhyɛ bɔhyɛ no ase no.
And large armies shall be swept away and shattered before him, as well as the prince of the covenant.
23 Wɔne no yɛ apam wie a, ɔnam nnaadaa kwan so benya nnipa kakraa bi na wapere tumi.
And after an alliance is made with him he shall work deceitfully; for he shall become strong with a small force.
24 Sɛ amantam a wɔyɛ adefo no te nka sɛ wɔn asom adwo wɔn a, ɔbɛtow ahyɛ wɔn so, na nea nʼagyanom ne ne nenanom antumi anyɛ no, ɔbɛyɛ. Ɔbɛkyekyɛ asade ne ahonyade ama nʼakyidifo. Ɔbɛbɔ pɔw atu aban agu, nanso ɛbɛyɛ nna tiaa bi mu.
In a time of prosperity he shall come even on the richest places of the province; and he shall do that which his fathers have not done, nor their fathers; he shall distribute among them plunder, and spoil, and property. He shall devise plans against their strongholds, but only for a time.
25 “Obenya asraafo dɔm kɛse na wanya ahoɔden ne akokoduru asɔre atia ɔhene a ɔwɔ anafo fam. Ɔhene a ɔwɔ anafo fam no de asraafo a wɔdɔɔso na wɔyɛ den betu ɔsa, nanso ɔrentumi nnyina, esiane pɔw ahorow a wɔabɔ de atia no nti.
And he shall stir up his power and his courage against the king of the south with a great army; and the king of the south shall wage war in battle with an extremely large and powerful army; but he shall not stand; for they shall devise plans against him.
26 Wɔn a ɔhene bɔ wɔn akɔnhama no bɛbɔ mmɔden sɛ wobehuan nʼase antweri; wobetwiw afa ɔhene no asraafo no so, na bebree nso bɛtotɔ wɔ ɔko mu.
Yes, those who eat of his royal food shall seek to destroy him, and his army shall be swept away; and many shall fall slain.
27 Ahemfo baanu a bɔne adi wɔn ti mu dɛm bɛtena ɔpon baako ho, adi atoro akyerɛ wɔn ho wɔn ho, nanso ɛrenkosi hwee, efisɛ awiei no bɛba ne bere a wɔahyɛ no.
As for both these kings, their minds shall be fixed on evil, and they shall speak lies at the table; but it shall not succeed; for still the end shall be at the appointed time.
28 Ɔhene a ɔwɔ atifi fam no de ahonyade bebree bɛsan akɔ ne man mu, nanso ne koma rempɛ apam kronkron no. Ɔbɛyɛ biribi atia apam kronkron no na wasan akɔ ne man mu.
Then shall he return into his land with great property; and his mind shall be against the holy covenant. And he shall take action, and then return to his own land.
29 “Bere a wɔahyɛ no du a, ɔbɛtow ahyɛ anafo aman no so bio, nanso saa bere yi de, ɛrenyɛ yiye mma no sɛ kan no.
At the appointed time he shall return, and come into the south; but this time the outcome shall not be as it was before.
30 Ahyɛn a wofi aman a ɛwɔ mpoano wɔ atɔe fam no bɛko atia no, na nʼabasa mu bebu. Enti ɔbɛsan nʼakyi na ɔde nʼabufuw akowie apam kronkron no so, na ɔne wɔn a wɔpo apam kronkron no bɛyɛ baako.
For ships from Kittim shall come against him; therefore he shall be intimidated, and shall turn back, and be enraged against the holy covenant, and shall take action. He shall turn back, and show regard to those who forsake the holy covenant.
31 “Na nʼasraafo bɛsɔre. Wobegu asɔredan no aban ho fi, na wɔagu daa daa afɔrebɔ no. Wɔde abusude a ɛde ɔsɛe ba besi anan mu.
Forces shall come at his order, and they shall profane the sanctuary and the fortress, and shall take away the daily burnt offering, and they shall set up the abomination that causes desolation.
32 Ɔde nnaadaa bɛkɔ so asɛe wɔn a wobu apam no so, nanso wɔn a wonim wɔn Nyankopɔn no bɛsɔre atia no denneennen.
And those who act wickedly toward the covenant he shall corrupt by smooth words; but the people who know their God shall be strong, and take action.
33 “Anyansafo bɛkyerɛkyerɛ bebree, nanso bere bi mu no, wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano, wɔbɛhyew wɔn, wɔbɛfa wɔn nnommum anaa wɔbɛfom wɔn nneɛma.
And those who are wise among the people shall instruct many; yet they shall fall by the sword and by flame, by captivity and by plunder for some time.
34 Sɛ wɔhwe ase a, wobenya mmoa kakra, na bebree a wonni nokware bɛkɔ akɔdɔm wɔn.
Now when they shall fall, they shall receive a little help. And many shall join with them insincerely.
35 Anyansafo no mu bi behintihintiw. Ɛnam so bɛma wɔasiesie wɔn, ahohoro wɔn ho fi na wɔayɛ wɔn a wɔn ho nni nkekae akosi awiei bere no, efisɛ ɛbɛba bere a wɔahyɛ no.
Some of those who are wise shall fall, to be refined, purified and cleansed until the time of the end; for the appointed time is still to come.
36 “Ɔhene no bɛyɛ nea ɔpɛ, ɔbɛma ne ho so, ayɛ ne ho ɔkɛse asen onyame biara, na waka nea obi ntee da afa anyame mu Nyame no ho. Obenya nkɔso akosi sɛ abufuw bere no bɛba awiei, efisɛ ɛsɛ sɛ nea wɔahyɛ ato hɔ no ba mu.
And the king shall do as he pleases. And he shall exalt and magnify himself above every god, and shall speak outrageous things against the God of gods. And he shall prosper until the indignation is accomplished; for that which is decreed shall be done.
37 Obebu nʼagyanom anyame animtiaa. Ɔremfa mmea no nyame a wɔdɔ no anaa onyame foforo biara nyɛ hwee, na mmom ɔbɛma ne ho so aboro wɔn nyinaa so.
Neither shall he regard the gods of his fathers, nor the one desired by women, nor show regard to any other god, because he shall magnify himself above all.
38 Ɔde aban no nyame, nyame a nʼagyanom nnim besi wɔn anan mu; ɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔdemmo ne akyɛde a ɛsom bo bedi no ni.
But instead he shall honor the god of fortresses; a god whom his fathers did not know shall he honor with gold and silver, and with valuable stones, and costly gifts.
39 Ɔde mmoa a onya fi ananafo nyame hɔ no bɛtow ahyɛ aban a ɛyɛ den pa ara so, na wɔn a wogye no to mu no, ɔbɛhyɛ wɔn anuonyam. Obedi nnipa bebree so, na ɔbɛkyekyɛ asase no mu de ayɛ akatua.
And he shall deal with the strongest fortresses with the help of a foreign god. Whoever acknowledges him he shall grant considerable honor; and he shall make them rulers over many, and shall divide the land for a price.
40 “Awiei no du a, ɔhene a ɔwɔ anafo fam no ne no bɛko, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nso de nteaseɛnam, apɔnkɔsotefo ne po so asraafo bebree behyia no. Ɔbɛtow ahyɛ aman bebree so na watwiw afa wɔn so te sɛ nsuyiri.
And at the time of the end shall the king of the south attack him. And the king of the north shall come against him like a whirlwind, with chariots, and with horsemen, and with many ships; and he shall invade countries, and pass through like a flood.
41 Ɔbɛtow ahyɛ Asase Fɛfɛ no so. Aman bebree bɛtotɔ ase, nanso wobegye Edom, Moab ne Amon mu fa kɛse afi ne nsam.
He shall enter also into the beautiful land, and many countries shall be overthrown; but these shall be delivered out of his hand: Edom, and Moab, and the foremost of the sons of Ammon.
42 Ɔde ne tumi bɛkɔ aman bebree so; na Misraim remfi mu tɔtrɔtɔɔ.
He shall reach out his hand also on other countries, and the land of Egypt shall not escape.
43 Ɔde ne nsa bɛto ademude a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne Misraim ahonyade nyinaa so, na Libiafo ne Etiopiafo ayɛ nʼasomfo.
But he shall have control over the treasures of gold and of silver, and over all the riches of Egypt; and the Libyans and the Ethiopians shall be at his feet.
44 Nanso amanneɛ a ɔbɛte afi apuei ne atifi fam bɛbɔ no hu, na ɔde abufuwhyew befi akɔ akɔsɛe bebree atɔre wɔn ase.
But news out of the east and out of the north shall trouble him; and he shall go out with tremendous rage to destroy and utterly sweep away many.
45 Ɔbɛhoro nʼadehye ntamadan wɔ po no ne bepɔw kronkron fɛɛfɛ no ntam. Na nʼawiei bɛba a ɔrennya mmoa biara.
And he shall pitch his royal tents between the sea and the beautiful holy mountain. Yet he shall come to his end, with no one to help him.

< Daniel 11 >