< Daniel 10 >

1 Persiahene Kores adedi afe a ɛto so abiɛsa mu no, woyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel (a na wɔfrɛ no Beltesasar). Na nkra no yɛ nokware, na ɛfa ɔko kɛse bi ho. Onyaa nkra no nkyerɛase wɔ anisoadehu mu.
בשנת שלוש לכורש מלך פרס דבר נגלה לדניאל אשר נקרא שמו בלטאשצר ואמת הדבר וצבא גדול ובין את הדבר ובינה לו במראה
2 Saa bere no, me, Daniel, midii awerɛhow nnaawɔtwe abiɛsa.
בימים ההם--אני דניאל הייתי מתאבל שלשה שבעים ימים
3 Manni aduan pa biara. Nam anaa nsa biara anka mʼano, na mamfa sradehuam ansra kosii nnaawɔtwe abiɛsa no awiei.
לחם חמדות לא אכלתי ובשר ויין לא בא אל פי--וסוך לא סכתי עד מלאת שלשת שבעים ימים
4 Ɔsram a edi kan no, da a ɛto so aduonu anan, bere a migyina asubɔnten kɛse Tigris konkɔn so no,
וביום עשרים וארבעה לחדש הראשון ואני הייתי על יד הנהר הגדול--הוא חדקל
5 memaa mʼani so na mihuu ɔbarima bi a ofura nweratam. Na ɔbɔ sikakɔkɔɔ ankasa abɔso a efi Ufas wɔ nʼasen mu.
ואשא את עיני וארא והנה איש אחד לבוש בדים ומתניו חגרים בכתם אופז
6 Ne nipadua no te sɛ aboɔdemmo. Nʼanim te sɛ anyinam, nʼani te sɛ ogyatɛn a ɛredɛw, ne nsa ne nʼanan te sɛ ayowa a wɔabere ho hyerɛnn, na ne nne nso te sɛ nnipakuw nnyigyei.
וגויתו כתרשיש ופניו כמראה ברק ועיניו כלפידי אש וזרעתיו ומרגלתיו כעין נחשת קלל וקול דבריו כקול המון
7 Me, Daniel nko ara na minyaa saa anisoadehu no; nnipa a na wɔka me ho no anhu hwee. Ehu kɛse bi bɔɔ wɔn ma wuguan kohintawee.
וראיתי אני דניאל לבדי את המראה והאנשים אשר היו עמי לא ראו את המראה אבל חרדה גדלה נפלה עליהם ויברחו בהחבא
8 Enti ɛkaa me nko ara a merehwɛ anisoadehu kɛse yi. Na mʼahoɔden asa, mʼanim hoaee; afei na minni ɔboafo biara.
ואני נשארתי לבדי ואראה את המראה הגדלה הזאת ולא נשאר בי כח והודי נהפך עלי למשחית ולא עצרתי כח
9 Na metee sɛ ɔrekasa; na meretie no no, mefaa mu daa nnahɔɔ a mʼanim butuw fam.
ואשמע את קול דבריו וכשמעי את קול דבריו ואני הייתי נרדם על פני ופני ארצה
10 Nsa bi soo me mu, maa me a me nsa ne me kotodwe rewosow biribiribiri no so.
והנה יד נגעה בי ותניעני על ברכי וכפות ידי
11 Ɔkae se, “Daniel, wo a wobu wo yiye, dwene nsɛm a merebɛka akyerɛ wo yi ho. Gyina pintinn, na wɔasoma me wɔ wo nkyɛn.” Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ me no, mede ahopopo sɔree.
ויאמר אלי דניאל איש חמדות הבן בדברים אשר אנכי דבר אליך ועמד על עמדך--כי עתה שלחתי אליך ובדברו עמי את הדבר הזה עמדתי מרעיד
12 Afei ɔkɔɔ so kae se, “Nsuro, Daniel. Efi da a edi kan a wopɛɛ sɛ wote anisoadehu no ase na wobrɛɛ wo ho ase wɔ wo Nyankopɔn anim no, na ɔtee wo nsɛm, na ɛno nti na maba yi.
ויאמר אלי אל תירא דניאל--כי מן היום הראשון אשר נתת את לבך להבין ולהתענות לפני אלהיך נשמעו דבריך ואני באתי בדבריך
13 Nanso ɔhene babarima a ofi Persia ahenni mu siw me kwan nnafua aduonu baako. Afei, Mikael a ɔyɛ ahenemma atitiriw no mu baako bɛboaa me, efisɛ na wɔde me asie wɔ Persia hene nkyɛn.
ושר מלכות פרס עמד לנגדי עשרים ואחד יום והנה מיכאל אחד השרים הראשנים בא לעזרני ואני נותרתי שם אצל מלכי פרס
14 Mprempren, maba sɛ merebɛkyerɛkyerɛ wo nea ɛbɛba wo nkurɔfo so daakye, efisɛ saa anisoadehu yi fa bere bi a ɛrebɛba ho.”
ובאתי להבינך את אשר יקרה לעמך באחרית הימים כי עוד חזון לימים
15 Bere a ɔreka eyi akyerɛ me no, mebɔɔ me mu ase, na metɔɔ mum.
ובדברו עמי כדברים האלה--נתתי פני ארצה ונאלמתי
16 Afei obi a ɔte sɛ onipa de ne saa kaa mʼano, na mibuee mʼano, fii ase kasae. Meka kyerɛɛ nea ogyina mʼanim no se, “Anisoadehu no ama me ho adwiriw me, me wura, na minni ɔboafo biara.
והנה כדמות בני אדם נגע על שפתי ואפתח פי ואדברה ואמרה אל העמד לנגדי אדני במראה נהפכו צירי עלי ולא עצרתי כח
17 Ɛbɛyɛ dɛn na wʼakoa betumi ne wo akasa, me wura? Mʼahoɔden asa, na mintumi nhome.”
והיך יוכל עבד אדני זה לדבר עם אדני זה ואני מעתה לא יעמד בי כח ונשמה לא נשארה בי
18 Nea ɔte sɛ onipa no de ne nsa kaa me bio, na ɔmaa me ahoɔden.
ויסף ויגע בי כמראה אדם ויחזקני
19 Ɔka kyerɛɛ me se, “Nsuro, wo a wobu wo bebree. Asomdwoe nka wo. Hyɛ wo ho den. Yɛ den.” Ɔkasa kyerɛɛ me no, minyaa ahoɔden na mekae se, “Sɛ woama me ahoɔden yi, kasa, me wura.”
ויאמר אל תירא איש חמדות שלום לך--חזק וחזק וכדברו עמי התחזקתי ואמרה ידבר אדני כי חזקתני
20 Enti obisae se, “Wunim nea enti a maba wo nkyɛn? Ɛrenkyɛ, mɛsan akɔ na me ne Persia ɔhenebabarima akɔko, na sɛ mekɔ a, Hela ɔhenebabarima bɛba;
ויאמר הידעת למה באתי אליך ועתה אשוב להלחם עם שר פרס ואני יוצא והנה שר יון בא
21 nanso, medi kan aka nea wɔakyerɛw wɔ Nokware Nhoma no mu no akyerɛ wo. (Obiara nni mʼafa a ɔko tia wɔn, gye sɛ Mikael a ɔyɛ wo hene babarima no.
אבל אגיד לך את הרשום בכתב אמת ואין אחד מתחזק עמי על אלה כי אם מיכאל שרכם

< Daniel 10 >