< Kolosefo 1 >

1 Saa krataa yi fi Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so nti, ɔyɛ Kristo somafo no ne yɛn nua Timoteo nkyɛn,
מאת פולוס, שליחו של ישוע המשיח לפי רצון אלוהים, ומאת טימותיוס אחינו.
2 De rekɔma ahotefo a wɔwɔ Kolose a wɔyɛ Kristo mu agyidifo no: Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn nka mo.
אל כל האחים הנאמנים לישוע המשיח בעיר קוֹלוֹסָה. שלום רב ושפע ברכות מאת האלוהים אבינו וישוע המשיח אדוננו.
3 Bere biara a yɛbɔ mpae ma mo no, yɛda Onyankopɔn a ɔyɛ Awurade Yesu Kristo Agya no ase.
אנחנו תמיד מתפללים בעדכם ומודים לאלוהים, אבי אדוננו ישוע המשיח,
4 Efisɛ yɛate mo gyidi a mowɔ wɔ Kristo Yesu mu, ne dɔ a modɔ ahotefo no.
כי שמענו על אמונתכם החזקה במשיח ועל אהבתכם הנפלאה לכל המאמינים.
5 Da a edi kan a motee Asɛmpa no munyaa mu anidaso a ɛwɔ hɔ ma mo no. Enti mo gyidi ne mo dɔ a mowɔ no gyina mo anidaso a mowɔ a wɔakora no wɔ ɔsoro ama mo no so.
אנחנו יודעים כי אמונתכם החזקה ואהבתכם הגדולה נובעות מהעובדה שאתם מבינים את מהות התקווה השמורה לכם בשמים, אותה קיבלתם כאשר שמעתם לראשונה את בשורת האמת על המשיח.
6 Efi da a edi kan a motee Onyankopɔn adom na muhuu sɛnea ɛte no, Asɛmpa no de nhyira abrɛ wiase mmaa nyinaa, na trɛw ara na ɛretrɛw sɛnea muhu no wɔ mo mu no.
אותה בשורה נשמעת בכל העולם, ובכל מקום היא משנה את חיי שומעיה, כשם שחייכם השתנו מהיום שבו שמעתם ותפשתם מה רבה אהבת אלוהים.
7 Ɛnam Epafra a ɔyɛ yɛn nua somfo a ɔde gyidi yɛ Kristo adwuma ma yɛn no so na muhuu eyi.
אפפרס האהוב, חברי לעבודה, סיפר לכם לראשונה את הבשורה. הוא משרת נאמן של המשיח, ומלמד אתכם ועוזר לכם במקומנו.
8 Ɔkaa ɔdɔ a Honhom no de ama mo no kyerɛɛ yɛn.
הוא סיפר לנו גם על אהבתכם הנפלאה איש לרעהו, שהיא מתנה מרוח הקודש.
9 Esiane saa nti, efi bere a yɛtee mo nka no, yɛbɔ mpae ma mo daa. Yɛsrɛɛ Onyankopɔn sɛ omfi ne pɛ mu mma mo nyansa ne ntease a ne Honhom de ma no.
לכן לא חדלנו להתפלל בעדכם מאז היום הראשון ששמענו עליכם, וביקשנו מאלוהים שיעזור לכם להבין את רצונו, ושיעניק לכם חכמה להבין דברים רוחניים.
10 Ɛba saa a na mubetumi atena ase sɛnea Awurade hwehwɛ na bere biara nso, mobɛyɛ nea ɛsɔ nʼani. Dwuma biara a mubedi no, ɛbɛsow aba pa na mubenyin wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu.
ביקשנו גם שאורח־חייכם ימצא־חן תמיד בעיני האדון ויביא לו כבוד, שתמיד תעשו את הטוב ותעזרו לזולת, ושעל־ידי כך תלמדו להכיר את אלוהים טוב יותר.
11 Yɛrebɔ mpae nso sɛ ne tumi ne nʼahoɔden bɛhyɛ mo ma na moatumi de Awurade mu ahosɛpɛw ne boasetɔ agyina biribiara ano.
אנחנו מתפללים שאלוהים יחזק ויאמץ אתכם בכוחו וגבורתו, כדי שתוכלו לשאת כל צרה ובעיה בסבלנות ובשמחה,
12 Momfa ahosɛpɛw nna Agya no a ɛnam ne so nti moanya nea wakora so ama nʼahotewfo a wɔwɔ ne hann no mu no bi no ase.
וכדי שתודו לאבינו שבשמים, אשר העניק לנו חלק בכל הברכות הנפלאות שהן מנת חלקם של בני־אלוהים החיים בממלכת האור.
13 Ogyee yɛn fii sum tumi ase de yɛn baa ne Dɔba no Ahenni mu dwoodwoo.
אבינו הצילנו מהחשכה והקדרות של ממלכת השטן, והביא אותנו לממלכתו של בנו היקר והאהוב,
14 Ne mu na yenya ogye. Ne mu nso na yenya bɔnefakyɛ.
אשר קנה את חירותנו בדמו וסלח לכל חטאינו.
15 Kristo yɛ Onyankopɔn a wonhu no no sɛso. Ɔno ne abɔde nyinaa farebae.
המשיח בן־האלוהים הוא התגלמותו של האלוהים הבלתי־נראה. הוא קדם לכל בריאה,
16 Efisɛ ɛnam ne so na Onyankopɔn bɔɔ biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so, nea wohu ne nea wonhu, honhom mu atumfo, awuranom ne ahemfo. Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ wiase nyinaa na ɔbɔ maa no nso.
כי הוא למעשה ברא את הכול בשמים ובארץ, את הנראה והבלתי־נראה. מלכים, שליטים, ממלכות ורשויות – הכול נברא על־ידי המשיח ולמענו.
17 Na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrebɔ biribiara, na ne mu na biribiara nya nʼafa pɛpɛɛpɛ.
הוא היה לפני הכול, והוא זה שמלכד, מאחד ומפעיל את היקום!
18 Asafo no yɛ ne nipadua, na ɔno na ɔyɛ asafo no ti. Ɔno na nipadua no nkwa fi. Ɔno ne Abakan a wonyan no fii awufo mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔno nko ara bedi ade nyinaa mu kan.
המשיח הוא ראש הגוף המורכב מקהילת המאמינים שאותה ברא, והוא הראשון שקם מן המתים כדי שיהיה הראשון בכל דבר.
19 Efisɛ Onyankopɔn no ani gye sɛ Ɔba no wɔ ne su nyinaa wɔ ne mu.
אלוהים האב בחר לקבוע בו את מכלול התכונות האלוהיות.
20 Ɛnam ne Ba no so na Onyankopɔn fi ne pɛ mu de wiase nyinaa san bɛhyɛɛ ɔno ankasa ase. Onyankopɔn nam ne Ba no wu a owui wɔ asennua so no de asomdwoe bae, enti ɔde nneɛma a ɛwɔ asase so ne ɔsoro nyinaa ahyɛ nʼase.
בזכות דם המשיח שנצלב ריצה לעצמו אלוהים את כל אשר בשמים ובארץ,
21 Bere bi a atwam no, esiane sɛ na moyɛ bɔne na modwene bɔne ho nti, na mo ne Onyankopɔn ntam kwan ware a na moyɛ nʼatamfo nso.
כולל אתכם! גם אתם הייתם פעם רחוקים מאוד מאלוהים: הייתם אויביו במחשבותיכם ומעשיכם הרעים, אך הוא סלח לכם וקרב אתכם אליו.
22 Nanso ɛnam ne Ba no wu so nti Onyankopɔn afa mo nnamfo, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛyɛ kronkron a bɔne biara nni mo ho wɔ nʼanim.
על־ידי מותו על הצלב השכין המשיח שלום ביניכם לבין אלוהים, והביאכם לפניו נקיים מכל חטא ואשמה.
23 Ɛsɛ sɛ mokɔ so ma mo gyidi mu yɛ den. Mommma ho kwan mma mo anidaso a munyaa no da a edi kan a motee Asɛmpa no nhinhim. Saa Asɛmpa a wɔka kyerɛ nnipa nyinaa yi nti na me, Paulo, mebɛyɛɛ ɔsomfo no.
כל זאת בתנאי שתאמינו בדבר־אלוהים בכל לבכם, ושלא תחדלו להאמין בתקוות הבשורה אשר שמעתם ואשר הושמעה בכל העולם, ואשר לי, פולוס, יש את הכבוד והזכות לשרתה ולבשרה לאחרים.
24 Ɛyɛ me anigye sɛ merebrɛ mo ho. Menam me honam mu amane a merehu no so retoa Kristo amane a ohuu wɔ ne honam mu maa nʼasafo no so.
אני אמנם סובל כרגע למענכם, אך איני מתלונן, אלא להפך – אני שמח. כי בגופי אני עוזר להשלים את חלקנו החסר בסבלו של המשיח למען גופו, שהיא הקהילה.
25 Onyankopɔn a mo yiyedi nti ɔde saa dwuma yi hyɛɛ me nsa no ayɛ me asafo no somfo. Dwumadi no yɛ nʼasɛm no ka,
אלוהים מינה אותי לשרת את הקהילה, לעזור לה בכל הדרוש ולספר לבני־האדם את סודו.
26 a ɛyɛ ahintasɛm a mfe bebree a atwam no, ɔde hintaw adesamma, nanso afei de, wada no adi akyerɛ nʼahotewfo. (aiōn g165)
אלוהים שמר סוד זה במשך דורות רבים, אך עתה החליט לגלותו לאוהבים אותו ולחיים למענו. גם לגויים יש חלק בעושר ובכבוד הטמונים בסוד הנפלא הזה! היודעים אתם מהו הסוד? המשיח החי בלבכם! ופירושו של דבר שתיקחו חלק בכבודו הנצחי של אלוהים. (aiōn g165)
27 Onyankopɔn nhyehyɛe ne sɛ, ɔbɛda nʼahintasɛm a nnepa ne anuonyam wɔ mu no adi akyerɛ Amanamanmufo nso. Ahintasɛm no ne sɛ: Kristo te mo mu, a ne nkyerɛase ne sɛ, yɛwɔ anidaso sɛ yɛn nsa bɛka Onyankopɔn anuonyam no bi.
28 Ɛno nti yɛka Kristo ho asɛm kyerɛ nnipa nyinaa. Yɛnam adwene pa so bɔ obiara kɔkɔ, kyerɛkyerɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a yɛde no bɛhyɛ Onyankopɔn nsa no bɛyɛ pɛ wɔ Kristo mu.
אנו מספרים על אודות המשיח לכל מי שמוכן להקשיב לנו; אנו מזהירים ומלמדים כמיטב ידיעתנו, כי ברצוננו להציג כל אדם לפני המשיח נקי מחטא ואשמה, בזכות קורבנו של ישוע המשיח.
29 Ɛno nti na menam Kristo tumi sononko a ɔde ma me no so yɛ adwumaden.
זוהי עבודתי, ואני מסוגל לבצעה אך ורק בעזרת כוחו של המשיח שפועל בי בגבורה.

< Kolosefo 1 >