< Kolosefo 4 >
1 Awuranom, momma mo asomfo nea ɛteɛ. Monkae sɛ mo nso mowɔ Owura wɔ ɔsoro.
你们作主人的要公平对待仆人,要知道你们也有一位天上的主人。
2 Mommɔ mpae daa. Monyɛ nnam wɔ mo mpaebɔ mu na monna Onyankopɔn ase.
记得始终要祷告,心存警醒和感恩的心祷告!
3 Mommɔ mpae mma yɛn nso wɔ bere koro no ara mu na Onyankopɔn ama yɛn mu kwan ama yɛatumi aka Asɛmpa no ne Kristo ho ahintasɛm. Efisɛ ɛno nti na meda afiase no.
也要为我们祷告,求上帝为我们打开传道之门,讲述基督所显化的奥秘,我也是因为这个原因,此刻被投入监牢。
4 Mommɔ mpae na matumi akasa ama ntease aba mu, sɛnea ɛsɛ sɛ mekasa.
祈祷我能像我说的那样,把事情说明白。
5 Bere biara a mubenya kwan ne wɔn a wɔnyɛ agyidifo ahyia no, mo ne wɔn nkasa nyansa mu.
你们要把握时机,聪明地与外人来往。
6 Daa, monka kasa pa a ɛyɛ anigye nkyerɛ wɔn na momma wɔn mu biara mmuae pa.
说话时始终要保持礼貌,要大方得体,要思考如何以最佳方式回答所有人。
7 Yɛn nuabarima pa Tihiko a ɔyɛ odwumayɛni pa na ɔsan yɛ Awurade adwumayɛ mu somfo no bɛka me ho asɛm akyerɛ mo.
关于我所发生的一切,推基古会告诉你们。他是我心爱的兄弟,是值得新来的神职者,是与主同在的工友。
8 Eyi nti na meresoma no mo nkyɛn, ama moahu sɛnea yɛn ho te, na wahyɛ mo nkuran nso.
我派他到你们那里去,就是为了一个理由:让你们知道我们的情况,让你们振作起来。
9 Onua Onesimo a ɔyɛ ɔdɔfo nokwafo na ɔsan fra mo kuw mu no ne no na ɛreba. Wɔbɛka biribiara a ɛrekɔ so wɔ ha akyerɛ mo.
与他同去的是欧尼西慕,这是一位值得信赖的亲爱兄弟,是你们的一份子。他们会把这里的一切告诉你们。
10 Me yɔnko Aristarko a ɔne me da afiase no kyia mo. Saa ara na Barnaba wɔfaase Marko nso kyia mo. Wɔaka akyerɛ mo se sɛ ɔba mo nkyɛn a munnye no fɛw so.
与我一起被投入监牢的还有亚里达古, 以及巴拿巴的表弟马可,他们也向你们问候。(正如之前告诉你们的,如果马克拜访你们,请接待他。)
11 Yesu a wɔfrɛ no Yusto no nso kyia mo. Saa nnipa baasa yi nko ara ne Yudafo agyidifo a me ne wɔn reyɛ Onyankopɔn Ahenni no ho adwuma a wɔaboa me yiye.
此外还有别号为优士都的耶稣,他们都是犹太的基督徒,在这里与我一起为上帝王国工作,对我的帮助很大。
12 Kristo Yesu somfo a wɔfrɛ no Epafra a ɔfra mo kuw mu no nso kyia mo. Daa ɔbɔ mpae dennen srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhyɛ mo den na ɔmma mo nyansa na mommrɛ mo ho ase mma nʼapɛde.
以巴弗也问候你们,他是你们那里的人,是基督耶稣的仆人。他祷告的时候,总是充满热情地为你们祈祷,希望你们作为成长的基督徒,可以稳稳站立,要对上帝希望我们所做的一切充满信念。
13 Metumi adi ne nsiyɛ ho adanse akyerɛ mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea ne Hierapoli no.
我可以作证,为了你们以及在老底嘉和希拉波立的人,他做了很多事情。
14 Luka a ɔyɛ yɛn yaresafo pa no ne Dema kyia mo.
亲爱的路加医生和底马也问候你们。
15 Yekyia anuanom a wɔwɔ Laodikea ne Nimfa ne asafo a wohyia wɔ ne fi no.
请问候在老底嘉的信徒和宁法,以及在她家家中聚会的教会。
16 Sɛ mokenkan saa nhoma yi wie a monhwɛ sɛ mobɛkenkan akyerɛ asafo a wɔwɔ Laodikea no. Saa ara nso na monkenkan nhoma a efi Laodikea no.
你们读完这封信以后,也要交给老底嘉的教会阅读;你们也要读老底嘉的那封信。
17 Monka nkyerɛ Arkipo se, “Bɔ mmɔden sɛ wubewie ɔsom a wɔde ahyɛ wo nsa wɔ Awurade din mu no.”
告诉亚基布:“要留心你在主那里领受的职务,好好把它完成。”
18 Me Paulo, me nsa ano nkyerɛw a mede kyia mo ni: Monkae me mpokyerɛ no. Onyankopɔn adom nka mo.
我是保罗,亲笔写下这封信向你们问候。记得我正在监牢之中。愿恩惠与你们同在。