< Kolosefo 3 >
1 Wɔanyan mo ne Kristo aba nkwa mu. Afei munnwen ɔsoro nneɛma ho, faako a Kristo te, Onyankopɔn nifa so, di hene no.
Naizvozvo kana makamutswa pamwe naKristu, tsvakai zvekumusoro, uko kuna Kristu agere kuruoko rwerudyi rwaMwari.
2 Saa nneɛma no na momma mo adwene nkɔ so, na ɛnyɛ asase yi so nneɛma.
Rangarirai zviri kumusoro, kwete zviri panyika.
3 Efisɛ moawu na wɔde mo nkwa ne Kristo ahintaw wɔ Onyankopɔn mu.
Nokuti makafa, uye upenyu hwenyu hwakavigwa pamwe naKristu muna Mwari.
4 Na sɛ Kristo a ɔyɛ mo nkwa no ba a, mo ne no bɛba wɔ nʼanuonyam mu.
Kana Kristu upenyu hwedu achionekwa, ipapo imwiwo muchaonekwa pamwe naye mukubwinya.
5 Munyi wiase akɔnnɔ te sɛ aguamammɔ, afideyɛ, bɔne, ne anibere a ɛyɛ abosonsom no mfi mo abrabɔ mu.
Naizvozvo urayai mitezo yenyu iri panyika, upombwe, tsvina, kushumba kwakaipa, kuda zvakaipa, uye kuchiva, kunova kunamata zvifananidzo.
6 Eyinom nti Onyankopɔn abufuw reba.
Nekuda kwezvinhu izvi, hasha dzaMwari dzinouya pavana vekusateerera;
7 Bere bi a atwam no, esiane mo akɔnnɔ nti na mobɔ saa bra yi.
imwiwo maimbofamba mazviri, pamairarama mazviri.
8 Afei munnyae saa nneyɛe yi nyinaa: abufuw, bɔnepɛ, ne ɔtan. Monnyeyaw obi anaa mommma kasa a ɛho ntew mmfi mo anom.
Asi ikozvino imwiwo bvisai zvese izvi, kutsamwa, hasha, uipi, kunyomba, nekutaura zvinonyadzisa kubva mumuromo wenyu;
9 Munnnidi atoro nkyerɛ mo ho mo ho, efisɛ moatow nipadua dedaw ne ne su no akyene
regai kureverana nhema, zvamakabvisa munhu wekare nemabasa ake,
10 de nipadua foforo asi anan mu. Moayɛ nnipa afoforo a daa Onyankopɔn a ɔbɔɔ mo no resakra mo wɔ ne suban so, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn ho nimdeɛ bɛhyɛ mo ma.
mukapfeka mutsva, anovandudzwa paruzivo semufananidzo wewakamusika;
11 Esiane saa nti, amanamanmufo ne Yudafo, twetiatwafo ne momonotoyɛ, awudifo, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho no nni hɔ bio. Kristo wɔ biribiara mu. Kristo te yɛn nyinaa mu.
apo pasina muGiriki uye muJudha, kudzingiswa uye kusadzingiswa, mutorwa, muSikitia, musungwa, wakasununguka; asi Kristu ndiye zvese, uye ari mune zvese.
12 Moyɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Ɔpɛ mo asɛm nti na oyii mo sɛ ne de, enti monyɛ timmɔbɔ, ayamye, mommrɛ mo ho ase, munnwo na monyɛ abodwokyɛre.
Naizvozvo pfekai sevasanangurwa vaMwari, vatsvene nevanodikanwa, moyo yetsitsi, moyo munyoro, kuzvininipisa, unyoro, nemoyo murefu;
13 Mommoaboa mo ho mo ho na momfa mo ho mo ho mfomso nkyekyɛ mo ho mo ho. Momfa nkyɛ sɛnea Awurade de kyɛ mo no.
muchiitirana moyo murefu, nekukanganwirana kana umwe ane mhosva neumwe; Kristu sezvaakakukanganwiraiwo, saizvozvowo imwi;
14 Eyi nyinaa akyi no, momfa ɔdɔ a ɛde koroyɛ ba no nka mo abrabɔ ho.
zvino pamusoro pezvinhu zvese izvi pfekai rudo, ndicho chisungo chekupedzeredza.
15 Momma Kristo asomdwoe no ntena mo koma mu. Saa asomdwoe yi ho na wɔafrɛ mo nyinaa aba Kristo nipadua koro mu. Monyɛ nnipa a wɔwɔ ayeyi.
Nerugare rwaMwari ngarwutonge mumoyo yenyu, ndirwo rwamakadanirwawo mumuviri mumwe; uye ivai vanovonga.
16 Kristo asɛm no ne mu nnepa nyinaa ntena mo koma mu. Momfa nyansa nkyerɛkyerɛ. Monto asanku so nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom. Mumfi mo koma mu nto aseda nnwom mma Onyankopɔn.
Shoko raKristu ngarigare mamuri neufumi muuchenjeri hwese; muchidzidzisana nekurairana mumapisarema, nenziyo, nenziyo dzemweya, muimbire Ishe nenyasha mumoyo wenyu;
17 Biribiara a moyɛ anaa moka no, monyɛ wɔ Awurade Yesu din mu na momfa ne so nna Agya Onyankopɔn ase.
uye zvese chero chipi chamunoita pashoko kana pachiito, itai zvese muzita raIshe Jesu, muchivonga Mwari naBaba kubudikidza naye.
18 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛnea ɛsɛ wɔ Awurade mu.
Vakadzi zviisei pasi pevarume venyu pachenyu, sezvo zvakafanira muna Ishe.
19 Okununom, monnodɔ mo yerenom na monnhyɛ wɔn ahometew.
Varume, idai vakadzi venyu, uye regai kuvavavira.
20 Mma, ade nyinaa mu, muntie mo awofo asɛm na eyi na ɛsɔ Onyankopɔn ani.
Vana, teererai vabereki pazvinhu zvese, nokuti izvi zvinofadza Ishe.
21 Agyanom, munnyi mo mma abufuw na ammu wɔn aba mu.
Madzibaba, musatsamwisa vana venyu, kuti varege kuora moyo.
22 Asomfo, muntie mo wuranom asɛm wɔ ade nyinaa mu. Ɛnyɛ sɛ wɔn ani tua mo nti na ɛsɛ sɛ moyɛ na wɔpene mo, na mmom esiane sɛ mudi Awurade ni no nti, momfa koma pa nyɛ.
Varanda, teererai pazvinhu zvese vari vatenzi venyu panyama; kwete nekushandira maziso sevafadzi vevanhu, asi nemoyo wakarurama, muchitya Mwari;
23 Biribiara a moyɛ no, momfa mo koma nyinaa nyɛ na momfa no sɛ moreyɛ ama Awurade na monnyɛ mma nnipa.
uye zvese kunyange chipi chamunoita, itai nemoyo, sekuna Ishe, uye kwete kuvanhu;
24 Monkae sɛ Awurade bɛkyɛ mo so ade. Mo nsa bɛka ade a ɔde asie ama ne nkurɔfo no bi. Kristo ne owura a mosom no.
muchiziva kuti kuna Ishe muchagamuchira mubairo wenhaka; nokuti munoshandira Ishe Kristu.
25 Na obiara a ɔyɛ nea ɛnteɛ no, bɔne a ɔyɛ no so akatua na obenya a nhwɛanim biara nni mu.
Asi anoita zvisakarurama achagamuchira zvisakarurama zvaakaita; uye hakuna kusarurwa kwavanhu.