< Kolosefo 2 >

1 Mepɛ sɛ mema mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea no ne wɔn a wonhuu me da no hu aperepere dennen a meredi wɔ wɔn ho.
Θέλω γὰρ ὑμᾶς εἰδέναι ἡλίκον ἀγῶνα ἔχω περὶ ὑμῶν καὶ τῶν ἐν Λαοδικείᾳ καὶ ὅσοι οὐχ ἑωράκασι τὸ πρόσωπόν μου ἐν σαρκί,
2 Me botae ne sɛ wobenya nkuranhyɛ wɔ wɔn koma mu, na wɔatena ase ɔdɔ mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya ntease a ewie pɛyɛ. Na wobehu Onyankopɔn ahintasɛm a ɛne Kristo no.
ἵνα παρακληθῶσιν αἱ καρδίαι αὐτῶν, συμβιβασθέντων ἐν ἀγάπῃ καὶ εἰς πάντα πλοῦτον τῆς πληροφορίας τῆς συνέσεως, εἰς ἐπίγνωσιν τοῦ μυστηρίου τοῦ Θεοῦ καὶ πατρὸς καὶ τοῦ Χριστοῦ,
3 Ɔno so na wɔnam hu Onyankopɔn nyansa ne nʼadwene.
ἐν ᾧ εἰσι πάντες οἱ θησαυροὶ τῆς σοφίας καὶ τῆς γνώσεως ἀπόκρυφοι.
4 Meka kyerɛ mo se mommma obiara mfa akyinnyehunu nnaadaa mo.
Τοῦτο δὲ λέγω ἵνα μή τις ὑμᾶς παραλογίζηται ἐν πιθανολογίᾳ·
5 Ɛwɔ mu sɛ minni mo nkyɛn wɔ ɔhonam fam de, nanso mewɔ mo nkyɛn wɔ honhom fam. Ɛyɛ me anigye nso sɛ monam Kristo mu gyidi so aka mo ho abɔ mu gyina hɔ pintinn.
εἰ γὰρ καὶ τῇ σαρκὶ ἄπειμι, ἀλλὰ τῷ πνεύματι σὺν ὑμῖν εἰμι, χαίρων καὶ βλέπων ὑμῶν τὴν τάξιν καὶ τὸ στερέωμα τῆς εἰς Χριστὸν πίστεως ὑμῶν.
6 Esiane sɛ moagye Kristo sɛ mo wura nti, mo ne no mmom ntena.
Ὡς οὖν παρελάβετε τὸν Χριστὸν Ἰησοῦν τὸν Κύριον, ἐν αὐτῷ περιπατεῖτε,
7 Munnye ntin na munyin wɔ ne mu; na mo gyidi mu nyɛ den daa, sɛnea wɔkyerɛɛ mo no, na monna no ase.
ἐρριζωμένοι καὶ ἐποικοδομούμενοι ἐν αὐτῷ καὶ βεβαιούμενοι ἐν τῇ πίστει καθὼς ἐδιδάχθητε, περισσεύοντες ἐν αὐτῇ ἐν εὐχαριστίᾳ.
8 Monhwɛ yiye na obi amfa ne nnaadaa a efi nnipa nkyerɛkyerɛ ne wiase ahonhom mu a emfi Kristo no amfa mo nnommum.
Βλέπετε μή τις ὑμᾶς ἔσται ὁ συλαγωγῶν διὰ τῆς φιλοσοφίας καὶ κενῆς ἀπάτης, κατὰ τὴν παράδοσιν τῶν ἀνθρώπων, κατὰ τὰ στοιχεῖα τοῦ κόσμου καὶ οὐ κατὰ Χριστόν·
9 Efisɛ Onyankopɔn tebea nyinaa ara te Kristo nipadua mu,
ὅτι ἐν αὐτῷ κατοικεῖ πᾶν τὸ πλήρωμα τῆς θεότητος σωματικῶς,
10 na mo nso Kristo ahyɛ mo ma, na tumidi ne mpanyinni biara hyɛ Kristo ase.
καὶ ἐστὲ ἐν αὐτῷ πεπληρωμένοι, ὅς ἐστιν ἡ κεφαλὴ πάσης ἀρχῆς καὶ ἐξουσίας,
11 Mo ne no ka bɔɔ mu no, wotwaa mo twetia a ɛnyɛ nnipa na wotwaa mo, na mmom ɛyɛ Kristo no ankasa na otwaa mo twetia de twee mo fii nipadua a ɛho ntew no tumi ase.
ἐν ᾧ καὶ περιετμήθητε περιτομῇ ἀχειροποιήτῳ ἐν τῇ ἀπεκδύσει τοῦ σώματος τῶν ἁμαρτιῶν τῆς σαρκός, ἐν τῇ περιτομῇ τοῦ Χριστοῦ,
12 Wɔbɔɔ mo asu no nso, wosiee mo ne Kristo. Afei wonyan mo ne no fii awufo mu, efisɛ na mowɔ gyidi wɔ Onyankopɔn tumi a enyan Kristo fii awufo mu no mu.
συνταφέντες αὐτῷ ἐν τῷ βαπτίσματι, ἐν ᾧ καὶ συνηγέρθητε διὰ τῆς πίστεως τῆς ἐνεργείας τοῦ Θεοῦ τοῦ ἐγείραντος αὐτὸν ἐκ τῶν νεκρῶν.
13 Esiane mo bɔne nti, bere bi a atwam no na moyɛ honhom mu awufo ne amanamanmufo a munni Mmara. Nanso afei Onyankopɔn anyan yɛn ne Kristo. Onyankopɔn de yɛn nyinaa bɔne akyɛ yɛn.
καὶ ὑμᾶς, νεκροὺς ὄντας [ἐν] τοῖς παραπτώμασι καὶ τῇ ἀκροβυστίᾳ τῆς σαρκὸς ὑμῶν, συνεζωοποίησεν ὑμᾶς σὺν αὐτῷ, χαρισάμενος ἡμῖν πάντα τὰ παραπτώματα,
14 Onyankopɔn pepaa yɛn mmarato; na ɔde ne nyinaa kɔɔ asennua so kɔbɔɔ no asennua mu.
ἐξαλείψας τὸ καθ᾽ ἡμῶν χειρόγραφον τοῖς δόγμασιν ὃ ἦν ὑπεναντίον ἡμῖν, καὶ αὐτὸ ἦρεν ἐκ τοῦ μέσου προσηλώσας αὐτὸ τῷ σταυρῷ·
15 Ɛhɔ na Kristo dii mpanyinni ne tumidi nyinaa so. Ɔmaa wiase nyinaa huu sɛnea ɔfaa wɔn sɛ nneduafo, bere a ɔhyɛɛ ne nkonimdi ho fa no.
ἀπεκδυσάμενος τὰς ἀρχὰς καὶ τὰς ἐξουσίας ἐδειγμάτισεν ἐν παρρησίᾳ, θριαμβεύσας αὐτοὺς ἐν αὐτῷ.
16 Enti mommma obiara nhyehyɛ mmara a ɛfa nea mudi anaa nea monom, nna kronkron anaa ɔsram foforo afahyɛ anaa nea ɛfa homenna ho mmma mo.
Μὴ οὖν τις ὑμᾶς κρινέτω ἐν βρώσει ἢ ἐν πόσει ἢ ἐν μέρει ἑορτῆς ἢ νουμηνίας ἢ σαββάτων,
17 Saa nneɛma no nyinaa yɛ daakye mu nsɛm sunsuma. Kristo ne hann no.
ἅ ἐστι σκιὰ τῶν μελλόντων, τὸ δὲ σῶμα Χριστοῦ.
18 Mommma nnipa a wɔboa pa brɛ wɔn ho ase anaa wɔsom abɔfo nnaadaa mo; wɔhoahoa wɔn ho sɛ wɔanya anisoadehu. Saa ahantanfo yi wɔ anifere su.
μηδεὶς ὑμᾶς καταβραβευέτω θέλων ἐν ταπεινοφροσύνῃ καὶ θρησκείᾳ τῶν ἀγγέλων, ἃ μὴ ἑώρακεν ἐμβατεύων, εἰκῆ φυσιούμενος ὑπὸ τοῦ νοὸς τῆς σαρκὸς αὐτοῦ,
19 Saa nnipa yi nyɛ Kristo a ɔyɛ nipadua no nyinaa ti no de bio. Kristo na ɔma nipadua no ahoɔden na ɔka nipadua no akwaa nyinaa bɔ mu ma enyin sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ enyin no.
καὶ οὐ κρατῶν τὴν κεφαλήν, ἐξ οὗ πᾶν τὸ σῶμα διὰ τῶν ἁφῶν καὶ συνδέσμων ἐπιχορηγούμενον καὶ συμβιβαζόμενον αὔξει τὴν αὔξησιν τοῦ Θεοῦ.
20 Mo ne Kristo awu nti moatew mo ho afi ahonhom a wodi wiase so no ho. Adɛn nti na mobɔ mo bra sɛ nnipa a wɔhyɛ saa wiase no ase? Adɛn nti na mudi saa mmara a ese,
Εἰ οὖν ἀπεθάνετε σὺν τῷ Χριστῷ ἀπὸ τῶν στοιχείων τοῦ κόσμου, τί ὡς ζῶντες ἐν κόσμῳ δογματίζεσθε,
21 “Munnso eyi mu!” “Munnni eyi!” “Mommfa mo nsa nka!” no so?
μὴ ἅψῃ μηδὲ γεύσῃ μηδὲ θίγῃς —
22 Saa mmara ahorow yi a ne dwumadi bɛsɛe no nyinaa yɛ nea egyina nnipa ahyɛde ne ne nkyerɛkyerɛ huhuw bi so.
ἅ ἐστι πάντα εἰς φθορὰν τῇ ἀποχρήσει — κατὰ τὰ ἐντάλματα καὶ διδασκαλίας τῶν ἀνθρώπων;
23 Ayɛ sɛ saa Mmara yi sodi ye pa ara, na ɛma wodɔ Onyankopɔn, anaasɛ ɛma wobrɛ wo ho ase ma wohyɛ wo ho so. Nanso saa mmara yi nni tumi biara wɔ onipa akɔnnɔ bɔne so.
ἅτινά ἐστι λόγον μὲν ἔχοντα σοφίας ἐν ἐθελοθρησκίᾳ καὶ ταπεινοφροσύνῃ καὶ ἀφειδίᾳ σώματος, οὐκ ἐν τιμῇ τινι πρὸς πλησμονὴν τῆς σαρκός.

< Kolosefo 2 >