< Amos 9 >

1 Mihuu Awurade sɛ ogyina afɔremuka no ho, na ɔkae se, “Bɔ Asɔredan no afadum no atifi na mma ne fapem no nwosow. Munnwiriw ngu nnipa no nyinaa so; wɔn a aka no mede afoa bekunkum wɔn. Ɔbaako mpo rentumi nguan, obiara rennya ne ho sɔnn.
Then I saw the Lord standing beside the altar, and he said: Strike the tops of the Temple pillars so that the foundations shake, and shatter them on the heads of all the people below. Those who survive I will kill by the sword. None of them will escape, not a single one.
2 Mpo sɛ wotu fam kɔ ɔda mu a, hɔ na me nsa bɛtwe wɔn afi aba. Mpo sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a, hɔ na meyi wɔn afi aba fam. (Sheol h7585)
Even if they dig down into Sheol, I will catch them and pull them up. Even if they climb up to heaven, I will bring them down. (Sheol h7585)
3 Mpo sɛ wɔkɔtetɛw bepɔw Karmel atifi a, hɔ na metiw wɔn akɔkyere wɔn aba. Mpo sɛ wɔde wɔn ho sie me wɔ po ase a, hɔ na mɛhyɛ ɔwɔ no ama wakɔkeka wɔn.
Even if they hide themselves at the top of Mount Carmel, I will search for them and catch them. Even if they hide from me at the bottom of the sea, I will command the sea serpent to bite them.
4 Mpo sɛ wɔn atamfo de wɔn kɔ nnommum mu a, hɔ na mɛhyɛ afoa akunkum wɔn. “Megyen mʼani ahwɛ wɔn. Mede ɔsɛe bɛba wɔn so na meremmoa wɔn.”
Even if they are driven into exile by their enemies, I will order them put to death by the sword. I will watch them carefully—and for evil, not for good.
5 Awurade, Asafo Awurade, Ɔno na ɔde ne nsa ka asase ma ɛnan, ma wɔn a wɔte so nyinaa twa adwo. Asase no nyinaa ma ne ho so te sɛ Nil na ɛtwe te sɛ Misraim asubɔnten.
The Lord God of power touches the earth and it melts, and all who live there mourn. The earth rises up like the Nile river in flood, and then falls again.
6 Ɔno na osi nʼahemfi a ɛkorɔn wɔ ɔsoro na ɔto ne fapem wɔ asase so. Ɔno na ɔboaboa po mu nsu ano na ohwie gu asase so. Awurade ne ne din!
The Lord builds his upper rooms in heaven, and places the foundations on the earth. He calls for the water of the seas, and pours it down as rain upon the earth—the Lord is his name!
7 “Mo Israelfo, mo ho hia me sen Etiopiafo?” Sɛnea Awurade se ni. Manyi Israelfo amfi Misraim, ne Filistifo amfi Kaftor, ne Aramfo nso amfi Kir ana?
Aren't the Ethiopians as important to me as you, people of Israel? asks the Lord. Yes, I brought the Israelites out of the land of Egypt, but I also brought the Philistines from Caphtor, and the Syrians from Kir.
8 “Ampa ara Otumfo Awurade ani wɔ nnebɔne ahenni no so. Mɛpepa no afi asase ani, nanso merensɛe Yakobfi korakora,” sɛnea Awurade se ni.
Watch out! I'm watching this sinful kingdom. I will eradicate it from the face of the earth. Yet I will not completely destroy the descendants of Jacob.
9 “Na mɛhyɛ, na mɛwosow Israelfi, wɔ amanaman nyinaa mu, sɛnea wohuhuw atoko so wɔ huhuamoa mu na aba fua mpo ntɔ fam no.
See what I'm doing! I will give the command, and the people of Israel will be shaken among the nations like flour through a sieve, and nothing will fall to the ground.
10 Nnebɔneyɛfo a wɔwɔ me nkurɔfo mu nyinaa bɛtotɔ wɔ afoa ano, wɔn a wɔka se, ‘Amanehunu rento yɛn anaa ɛremma yɛn so da no.’
All the sinners of my people will be killed by the sword—all those who say, “Nothing bad is going to happen; no disaster will fall on us.”
11 “Saa da no, mɛsan aba abesi “Dawid fi a abubu no bio. Mesiesie ne mmeae a asɛesɛe no, na masi no sɛnea na ɛte no,
On that day I will restore the fallen kingdom of David; I will repair the broken walls, I will rebuild the ruins, and I will make it as it was in days of old.
12 na wɔafa Edom nkae no ne amanaman a me din da wɔn so.” Awurade a waka no, ɔno na ɔbɛyɛ eyinom nyinaa.
And they will possess what is left of Edom and all the nations that were once mine, declares the Lord. He will make this happen.
13 “Nna no reba,” sɛnea Awurade se ni, “A nnɔbae no bɛba ntɛm ama otwafo no, na bobe no abu so ama nea otiatia nsakyiamoa no so no. Nsa foforo bɛsosɔ afi mmepɔw no so na ateɛ afi nkoko no nyinaa so.
Look! The time is coming, says the Lord, when the reaper will overtake the plowman, and the one who treads the grapes will overtake the one who sows the seed. The mountains will drip with sweet wine, and flow from all the hills.
14 Mede me nkurɔfo Israel nnommum bɛsan aba. “Wɔbɛsan asiesie nkuropɔn a asɛe no na wɔatena mu. Wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔanom mu nsa; wɔbɛyɛ mfikyifuw na wɔadi so nnuaba.
I will bring my people back from captivity, and they will rebuild the ruined cities, and they shall live in them. They shall plant vineyards and drink their wine; they will plant gardens and eat the fruit they produce.
15 Mede Israelfo bedua wɔn ankasa asase so a wɔrentu bio da mfi asase a mede ama wɔn no so,” sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn se ni.
I will plant them in their own land, and they shall never be uprooted again from the land I have given them, declares the Lord your God.

< Amos 9 >