< Amos 8 >

1 Afei nea Otumfo Awurade yi kyerɛɛ me ni: kɛntɛn a aduaba a abere wɔ mu.
כה הראני אדני יהוה והנה כלוב קיץ׃
2 Obisae se, “Dɛn na wuhu, Amos?” Mibuae se, “Kɛntɛn a wɔde nnuaba a abere ahyɛ no ma.” Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Me nkurɔfo Israelfo bere no aso; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio.”
ויאמר מה אתה ראה עמוס ואמר כלוב קיץ ויאמר יהוה אלי בא הקץ אל עמי ישראל לא אוסיף עוד עבור לו׃
3 Sɛnea Otumfo Awurade se ni, “Saa da no, hyiadan nnwonto bɛdan agyaadwotwa. Wɔbɛbɔ afunu bebree apete baabiara! Enti yɛ komm!”
והילילו שירות היכל ביום ההוא נאם אדני יהוה רב הפגר בכל מקום השליך הס׃
4 Muntie saa asɛm yi, mo a mutiatia mmɔborɔfo so, na mopam ahiafo fi wɔn asase so,
שמעו זאת השאפים אביון ולשבית ענוי ארץ׃
5 na moka se, “Bere bɛn na ɔsram foforo betwa mu ama yɛatɔn aduan, na Homeda bɛba awiei ama yɛadi awi gua?” Sɛ mobɛhyɛ susukoraa mu na moatoto ɔbo so na mode nsania a wɔamia mu asisi atɔfo,
לאמר מתי יעבר החדש ונשבירה שבר והשבת ונפתחה בר להקטין איפה ולהגדיל שקל ולעות מאזני מרמה׃
6 na mode dwetɛ atɔ ahiafo na mmɔborɔfo nso moatɔn wɔn agye mpaboa, na moapra awi ase afra awi mu atɔn.
לקנות בכסף דלים ואביון בעבור נעלים ומפל בר נשביר׃
7 Awurade de Yakob ahohoahoa aka ntam se: “Me werɛ remfi biribiara a wɔayɛ da.
נשבע יהוה בגאון יעקב אם אשכח לנצח כל מעשיהם׃
8 “Asase renwosow wɔ nea asi yi ho ana, na wɔn a wɔte mu nyinaa rentwa adwo ana? Asase no nyinaa bɛma ne ho so te sɛ Nil ebubu afa so, na asan atwe bio te sɛ Misraim asubɔnten.”
העל זאת לא תרגז הארץ ואבל כל יושב בה ועלתה כאר כלה ונגרשה ונשקה כיאור מצרים׃
9 Sɛnea Otumfo Awurade se ni, “Saa da no, mɛma owia atɔ owigyinae, na mama sum aduru asase so awia ketee.
והיה ביום ההוא נאם אדני יהוה והבאתי השמש בצהרים והחשכתי לארץ ביום אור׃
10 Mɛdan mo nyamesom aponto ama ayɛ awerɛhowdi na mo nnwonto nyinaa adan osu. Mɛma mo nyinaa afura atweaatam na mayi mo tinwi. Mɛyɛ saa da no te sɛ ɔba koro ho awerɛhowdida na awiei no ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwen.
והפכתי חגיכם לאבל וכל שיריכם לקינה והעליתי על כל מתנים שק ועל כל ראש קרחה ושמתיה כאבל יחיד ואחריתה כיום מר׃
11 “Nna no reba” sɛnea Otumfo Awurade se ni, “Mɛma ɔkɔm aba asase no so, ɛnyɛ aduankɔm anaa osukɔm, na mmom, Awurade asɛm ho kɔm.
הנה ימים באים נאם אדני יהוה והשלחתי רעב בארץ לא רעב ללחם ולא צמא למים כי אם לשמע את דברי יהוה׃
12 Nnipa bɛtɔ ntintan akyinkyin afi po so akɔ po so, na wɔakyinkyin afi atifi fam akɔ apuei fam, sɛ wɔrekɔhwehwɛ Awurade asɛm, nanso wɔrenhu.
ונעו מים עד ים ומצפון ועד מזרח ישוטטו לבקש את דבר יהוה ולא ימצאו׃
13 “Na saa da no “mmabaa ahoɔfɛfo ne mmarimaa ahoɔdenfo bɛtotɔ beraw esiane osukɔm nti.
ביום ההוא תתעלפנה הבתולת היפות והבחורים בצמא׃
14 Wɔn a wɔde Samaria aniwu abosom ka ntam, anaa wɔde Dan ne Beer-Seba abosom ka ntam no, wɔbɛhwehwe ase na wɔrensɔre bio.”
הנשבעים באשמת שמרון ואמרו חי אלהיך דן וחי דרך באר שבע ונפלו ולא יקומו עוד׃

< Amos 8 >