< Amos 6 >

1 Nnome nka mo a mugye mo ho di wɔ Sion, ne mo a mo asom adwo mo wɔ Samaria bepɔw so, mo atitiriw a mowɔ ɔman a edi kan mu, a Israelfo ba mo nkyɛn!
¡Ay de los reposados en Sion, y de los confiados en el monte de Samaria, nombrados principales entre las mismas naciones, a cuales vendrán sobre ellos, oh casa de Israel!
2 Monkɔ Kalne nkɔhwɛ hɔ. Na mumfi hɔ nkɔ Hamat kɛse mu, munsian nkɔ Gat a ɛwɔ Filistia. Woye sen mo ahemman abien no? Wɔn asase no so sen mo de no ana?
Pasad a Calne, y mirad; y de allí id a la gran Hamat; descended luego a Gat de los palestinos; ved si son aquellos reinos mejores que estos reinos, si su término es mayor que vuestro término.
3 Mutu da bɔne hyɛ da na motwe atemmuda bɛn.
Los que dilatáis el día malo, y acercáis la silla de iniquidad;
4 Modeda asonse mpa so mugye mo ahome wɔ mo nnae mu, na mowe nguantenmma ne nantwimma a wɔadodɔ srade nam.
los que duermen en camas de marfil, y se extienden sobre sus lechos; y comen los corderos del rebaño, y los becerros de en medio del engordadero;
5 Mode mo sankuten to ahuhunnwom, na mobɔ mo tirim yɛ nnwom wɔ mo nnwontode so te sɛ Dawid.
los que gorjean al son de la flauta, e inventan instrumentos musicales, como David;
6 Monom nsa wɔ nkora mu na mode sradehuam papa yɛ mo ho, na munni awerɛhow wɔ Yosef sɛe ho.
los que beben vino en tazones, y se ungen con los ungüentos más preciosos; y no se afligen por el quebrantamiento de José.
7 Ɛno nti, mobɛka wɔn a wodi kan twa wɔn asu no ho; na mo aponto ne mo ahomegye to betwa.
Por tanto, ahora pasarán en el principio de los que a cautividad pasaren, y el banquete de los que se extienden sobre sus lechos será quitado.
8 Otumfo Awurade aka ne ho ntam na nea Asafo Awurade Nyankopɔn se ni: “Mikyi Yakob ahomaso na mempɛ nʼaban; mede kuropɔn no bɛma ne nea ɛwɔ mu nyinaa.”
El Señor DIOS juró por su alma, el SEÑOR Dios de los ejércitos dijo: Tengo en abominación la grandeza de Jacob, y aborrezco sus palacios; y la ciudad y su plenitud entregaré al enemigo.
9 Sɛ wogyaw nnipa du wɔ ofi baako mu a, wɔn nso bewuwu.
Y acontecerá que si diez hombres quedaren en una casa, morirán.
10 Na sɛ obusuani a ɔrebɛhyew awufo no ba sɛ ɔrebɛfa wɔn afi fie hɔ na obisa obi a wakɔtɛw se, “Obi ka wo ho ana?” Na obua se, “Dabi” a, afei ɔbɛka se, “Mua wʼano!” Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ Awurade din.
Y su tío tomará a cada uno, y le quemará para sacar los huesos de casa; y dirá al que estará en los rincones de la casa: ¿Hay aún alguno contigo? Y dirá: No. Y dirá aquél: Calla, que no conviene hacer memoria del nombre del SEÑOR.
11 Na Awurade ahyɛ mmara na obebubu afi akɛse no mu asinasin ne afi nketewa no nso mu nketenkete.
Porque he aquí, el SEÑOR mandará, y herirá con hendiduras la casa mayor, y la casa menor con aberturas.
12 Apɔnkɔ tu mmirika wɔ abotan a apaapae so ana? Na obi de nantwi funtum hɔ ana? Nanso moadan atɛntrenee ayɛ no awuduru. Na trenee nso ayɛ nwenweenwen.
¿Correrán los caballos por las piedras? ¿Ararán en ellas con vacas? ¿Por qué habéis vosotros tornado el juicio en veneno, y el fruto de justicia en ajenjo?
13 Mo a mo ani gye Lo-debar nkogu ho, na mubisa se, “Ɛnyɛ yɛn ahoɔden na yɛde dii Karnaim so ana?”
Los que os alegráis en nada; los que decís: ¿No nos hemos adquirido cuernos con nuestra fortaleza?
14 Nea Asafo Awurade Nyankopɔn se ni: “Mɛhwanyan ɔman bi abetia mo, Israelfo, nea ɔbɛhyɛ mo so afi Lebo Hamat akosi Araba bon mu.”
Pues he aquí, levantaré yo sobre vosotros, oh casa de Israel, dijo el SEÑOR Dios de los ejércitos, gentiles que os oprimirán desde la entrada de Hamat hasta el arroyo del desierto.

< Amos 6 >