< Amos 5 >

1 Tie asɛm yi, mo Israelfo, saa adwotwa yi fa mo ho:
Høyr dette ordet som eg syng yver dykk, ein syrgjesong yver Israels hus:
2 “Ɔbabun Israel ahwe ase a ɔrensɔre bio, wɔapo no wɔ nʼankasa asase so, na onni obi a ɔbɛma no so.”
«Ho falli er, ris aldri upp meir, den møy Israel; slengd til jord i sit eige land. Ingen reiser ho upp.»
3 Nea Otumfo Awurade se ni: “Kuropɔn a ɔde mmarima ahoɔdenfo apem ko ma Israel no, mu ɔha pɛ na wɔbɛka; Kurow a ɔde ahoɔdenfo ɔha no, mu du pɛ na wɔbɛka.”
For so segjer Herren, Herren: Ein by sender tusund ut, fær hundrad att, sender ho hundrad ut, fær tie att til Israels hus.
4 Nea Awurade ka kyerɛ Israelfo ni: “Monhwehwɛ me na munnya nkwa;
For so segjer Herren til Israels hus: Søk meg, so skal de liva!
5 Monnhwehwɛ Bet-El, monnkɔ Gilgal, na munntu kwan nkɔ Beer-Seba nso. Ampa ara Gilgal bɛkɔ nnommum mu na wɔbɛhwe Bet-El ase koraa.”
Men aldri de søkje til Betel, til Gilgal aldri kom, og gakk ikkje til Be’erseba! For Gilgal burt skal førast, og Betel vert upp i tjon.
6 Monhwehwɛ Awurade na munnya nkwa, anyɛ saa a ɔbɛpra Yosef fi te sɛ ogya; ɛbɛhyew, na Bet-El rennya obi anum no.
Søk Herren, so skal de liva! Elles kjem han som eld yver Josefs hus; det brenn, og ingen sløkkjer for Betel.
7 Mo a moma atemmu yɛ nwen na mototo trenee ase.
De som vender retten til malurt, og kastar rettferd til jord!
8 Nea ɔbɔɔ nsoromma, Akokɔbeatan ne ne mma, nea ɔdan sum yɛ no adekyee na ɔma awia dan adesae. Nea ɔboaboa po mu nsu ano na ohwie gu asase so, ne din ne Awurade.
Han som skapte Sjustjerna og Orion, og gjer kolmyrkret til morgon, gjer dagen til svarte natt, han som kallar på vatnet i havet og auser det ut yver jordi - Herren er hans namn.
9 Ɔsɛe abandennen ntɛm so na obubu kuropɔn a wɔabɔ ho ban nso,
Han øyder dei sterke med sitt ljon, han øyder borgi den faste!
10 motan nea ɔteɛteɛ wɔ asennii na mubu nea ɔka nokware animtiaa.
Dei hatar den som refser for retten, styggjest ved den som talar sanning.
11 Mutiatia ohiani so na mohyɛ no gye aduan fi ne nkyɛn. Enti ɛwɔ mu sɛ mode abo a wɔatwa asisi afi akɛse de, nanso morentena mu; ɛwɔ mu sɛ moayɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ de nanso morennom mu nsa.
Difor, då småfolk de trakkar ned og kornleiga driv av deim ut - vel hev de hogt stein og bygt hus, men de skal ikkje sjølv der bu. De hev fagre vinhagar stelt, men de skal ikkje drikka deira vin.
12 Na minim mo mmarato dodow ne mo bɔne akɛse no. Mohyɛ atreneefo so na mugye adanmude mubu ahiafo ntɛnkyew wɔ asennii.
For eg veit um synderne dykkar so mange og misgjerder utan tal; de trykkjer den skuldlause, tek imot mutor, ein arming for retten de svik.
13 Ɛno nti, onyansafo yɛ komm saa mmere yi mu, efisɛ ɛyɛ mmere bɔne.
Difor tegjer den kloke i denne tid, for ei vond tid er det.
14 Monhwehwɛ papa, na moanya nkwa na ɛnyɛ bɔne. Na Asafo Awurade Nyankopɔn bɛka wo ho, sɛnea moka sɛ ɔyɛ no.
Legg vinn på godt og ikkje på vondt, so de kann liva. Då vera med dykk Herren, allhers Gud, som de hev sagt.
15 Munkyi bɔne, na monnɔ papa; Mummu atɛntrenee wɔ asennii. Ebia, Asafo Awurade Nyankopɔn benya ahummɔbɔ ama Yosef nkae no.
Hata vondt og elska godt, haldt retten uppe på tinget! Kann henda Herren, allhers Gud, då er nådig mot Josefs leivning.
16 Enti nea Awurade, Asafo Awurade Nyankopɔn se ni: “Adwotwa bɛba mmorɔn nyinaa so na ɔyaw ne apinisi bɛba mmɔnten so. Wɔbɛfrɛ akuafo ama wɔabesu na agyamfo abetwa adwo.
Difor, so segjer Herren, allhers Gud, Herren: Det er liksong på alle torg, og på alle gator dei ropar: «Ai, ai!» Bonden dei bed til gravøl, og til liksong deim som kann kveda.
17 Wobetwa adwo wɔ bobeturo nyinaa mu, efisɛ mɛnantew mo mu,” sɛnea Awurade se ni.
Frå kvar vinhage liksongar stig; for eg vil millom dykk ganga, segjer Herren.
18 Nnome nka wɔn a wɔpɛ sɛ Awurade da no ba! Dɛn nti na mopɛ sɛ Awurade da no ba? Saa da no bɛyɛ sum, na ɛnyɛ hann.
Ai dykk som trår etter Herrens dag! Kva er han for dykk, Herrens dag? Han er myrker og ikkje ljos.
19 Ɛbɛyɛ te sɛ onipa a oguan fi gyata anim na okohyia sisi, sɛnea owura ne fi de ne nsa to ɔfasu so, na ɔwɔ ka no.
Som når du undan ei løva spring og møter ein bjørn, du kjem heim og styd handi mot veggen, og so bit deg ein orm.
20 Na Awurade da no bɛyɛ sum; ɛrenyɛ hann, ɛbɛyɛ sum kabii a hann nsinsan biara nni mu.
Ja, ja, myrker er Herrens dag og ikkje ljos, dimleitt, han hev ingen glans.
21 “Mikyi na mepo mo nyamesom mu aponto; mʼani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho.
Eg hatar og vanvyrder dykkar høgtider, eg hev ingen hugnad i dykkar stemnor,
22 Ɛwɔ mu sɛ mode ɔhyew afɔre ne aduan afɔre brɛ me de, nanso merennye. Mode asomdwoe afɔre brɛ me nanso mʼani rensɔ.
ja, um de meg brennoffer gjev og grjonoffer, det hugar ikkje meg. Eg gjev ikkje på gjødkalve-offer gaum.
23 Momfa mo nnwonto gyegyeegye no mfi me so! Merentie mo asankuten so nnwom.
Lat meg vera i fred for din buldrande song, ditt harpespel lyder eg’kje på.
24 Mmom, momma atɛntrenee nteɛ sɛ asubɔnten, na trenee nyɛ sɛ asuten a ɛrenyow da!
Men lat rett velta fram som vatn, og rettferd som rennande bekk!
25 “Israelfo, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔde ne ayɛyɛde brɛɛ me mfe aduanan wɔ sare so ana?
Bar De slagtoffer, grjonoffer til meg dei fyrti åri i øydemarki, du Israels hus?
26 Mode mo ho nyinaa ato Molok nyame, ne mo honi Rɛfan so; wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn.
Og bar det då Sukkot, dykkar konge, og Kijun, dykkar bilæte, dykkar gudestjerna, som de hadde gjort dykk?
27 Ɛno nti, metwa mo asu akɔ Damasko nohɔ,” sɛnea Awurade a ne din ne Asafo Onyankopɔn se ni.
Eg vil føra dykk av burtanfor Damaskus, segjer han som heiter Herren, allhers Gud.

< Amos 5 >