< Amos 4 >
1 Muntie asɛm yi, mo Basan “anantwi” a mowɔ Bepɔw Samaria so, mo mmea a mohyɛ ahiafo so, na moka mmɔborɔfo hyɛ na moka kyerɛ mo kununom se, “Mommrɛ yɛn nsa!”
你們這些欺壓弱小,虐待窮人,且對自己丈夫說:「拿酒來,我們暢飲」的撒馬黎雅山上巴商母牛,聽聽這話吧!
2 Otumfo Awurade de ne kronkronyɛ aka ntam se, “Ampa ara bere no bɛba a wɔde nkaa bɛtwe mo akɔ; mo mu nea otwa to no, wɔde nsumnam darewa bɛtwe no.
吾主上主指著的神聖起誓說:「看,對付你們的日子快到,人必用鉤子把你們鉤去;直到你們最後一個也必被人用魚鉤鉤去。
3 Mo mu biara bepue akɔ, na mobɛfa ɔfasu mu ntokuru mu, na wɔbɛtow mo akyene Harmon fam,” sɛnea Awurade se ni.
你們一個一個地經過城牆的裂口,被押到赫爾孟去」──上主的斷語。
4 “Monkɔ Bet-El nkɔyɛ bɔne na monkɔ Gilgal na monkɔyɛ bɔne ara. Momfa mo afɔrebɔde mmra anɔpa biara, na momfa mo ntotoso du du mmra mfe abiɛsa biara.
你們去貝特耳犯罪吧! 去基耳加耳罪上加罪吧! 每晨奉獻你們的犧牲,每三天奉獻你們的什一之物,
5 Monhyew mmɔkaw brodo sɛ aseda afɔre; Momfa ayɛyɛde a efi mo pɛ mu nhoahoa mo ho, na momfa ntu mo ho, mo Israelfo, na eyi ne nea mopɛ sɛ moyɛ,” sɛnea Otumfo Awurade se ni.
焚燒有酵供物當作感恩祭,高聲宣揚你們自願獻的祭獻! 以色列子民,你們原喜歡這樣──吾主上主的斷語──
6 “Memaa ɔyafunu daa mpan wɔ kuropɔn biara mu na aduan ho yɛɛ den wɔ nkurow so, nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” sɛnea Awurade se ni.
雖然我使你們一切城市饑荒,到處缺糧,但你們還是不歸向我──上主的斷語──
7 “Mesan de osu kamee mo, bere a aka asram abiɛsa na otwabere no adu. Memaa osu tɔɔ wɔ kurow baako so na mamma antɔ wɔ kurow foforo so. Afuw baako nyaa osu afuw foforo annya bi na hyewee.
收割前三個月,我就不給你們降雨,或者在這城下雨,在另一城卻不降雨;這塊地得了雨,而另一塊地沒有得雨,因而枯乾了;
8 Nnipa totɔɔ ntintan kyinii nkurow so pɛɛ nsu nanso wɔannya dodow a ɛbɛso wɔn nom, nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” sɛnea Awurade se ni.
兩三座城的人踉踉蹌蹌走到另一城去喝水,卻不能喝足;雖然如此,你們還是不歸向我──上主的斷語──
9 “Mpɛn pii no mede nnɔbae yare ba mo mfikyifuw ne mo bobefuw so. Mmoadabi sɛee mo borɔdɔma ne mo ngonnua, nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” sɛnea Awurade se ni.
我使熱風和霉爛襲擊你們,使你們的田園和葡萄園乾旱;蝗蟲又吃光了你們的無花果檥和橄欖樹,但你們還是不歸向我──上主的斷語──
10 “Mede ɔyaredɔm baa mo so sɛnea mede yɛɛ Misraimfo no, mede afoa kunkum mo mmerante ne apɔnkɔ a mofaa wɔn nnommum mede mo nsra mu hua a ɛbɔn hyɛn mo hwene mu, nanso, monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” sɛnea Awurade se ni.
我在你們中間下了瘟疫,如在埃及一樣,用刀劍殺了你們的精兵,令人擄掠你們的戰馬,使你們營中腥臭撲鼻,但你們還是不歸向我──上主的斷語─
11 “Mituu mo mu bi guu sɛnea metɔree Sodom ne Gomora ase no. Moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afi ogya mu. Nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” sɛnea Awurade se ni.
我傾覆了你們,像天主傾覆了索多瑪和哈摩辣,你們好似由火中抽出來的木柴,但你們還是不歸向我──上主的斷語──
12 “Enti afei, Israel, nea mede bɛyɛ wo ni, na esiane sɛ mede eyi bɛyɛ wo nti, siesie wo ho, Israel. Hyia wo Nyankopɔn.”
為此,以色列! 我必要這樣對待你。以色列! 因我要這樣對待你,你準備迎接你的天主吧!
13 Nea ɔyɛ mmepɔw na ɔbɔ mframa na ɔda nʼadwene adi kyerɛ nnipa, nea ɔma adekyee hann dan sum na ɔnantew asase sorɔnsorɔmmea so no. Asafo Awurade Nyankopɔn ne ne din.
看,是衪形成了山嶽,創造了風暴,向人宣示衪的旨意,造成黎明和黑暗,在大地高處巡行,衪的名字叫「雅威,」萬軍的天主。