< Amos 3 >

1 Muntie saa asɛm a Awurade aka atia mo yi, Israelfo, nea etia abusua a miyii wɔn fii Misraim no nyinaa: 2 “Mo nko ara na mayi mo wɔ mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa mu; enti mɛtwe mo aso wɔ mo bɔne nyinaa ho.” 3 Nnipa baanu betumi abɔ mu anantew, wɔ bere a wɔnyɛɛ nokoro ana? 4 Gyata bobɔ mu wɔ ɔdɔtɔ ase wɔ bere a onhuu hanam biara ana? Ɔbobɔ mu wɔ ne tu mu wɔ bere a ɔnkyeree hanam biara ana? 5 Anomaa bɛtɔ afiri mu wɔ fam wɔ baabi a wonsum afiri ana? Afiri huan konkɔn hɔ wɔ bere a enyii aboa ana? 6 Sɛ wɔhyɛn torobɛnto wɔ kuropɔn mu a nnipa no ho mpopo ana? Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu a ɛnyɛ Awurade na ɔyɛe ana? 7 Ampa ara, Otumfo Awurade nyɛ biribi a ɔnna ne nhyehyɛe adi nkyerɛ nʼAsomafo adiyifo no. 8 Gyata no abobɔ mu, hena na onnsuro? Otumfo Awurade akasa, hena na ɔrenhyɛ ho nkɔm? 9 Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban ne Misraim aban: “Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔw so; hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ no so ne nhyɛso a ɛwɔ ne nkurɔfo mu.” 10 “Wonnim sɛnea wɔyɛ nea eye,” sɛnea Awurade se ni. “Wɔde nneɛma a wɔafow ne nea wɔawia sie wɔ wɔn aban mu.” 11 Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se, “Ɔtamfo bi betwiw afa mo asase no so; Obebubu mo bammɔ agu, na wɔafow mo aban.” 12 Nea Awurade se ni: “Sɛnea oguanhwɛfo gye anan abien nnompe anaa aso sin pɛ fi gyata anum no, saa ara na wobegye Israelfo nkwa, wɔn a wɔtete wɔn mpa ntwea so wɔ Samaria, ne wɔn a wɔdeda nkongua pa mu wɔ Damasko no.” 13 “Tie eyi, na di adanse tia Yakobfi,” sɛnea Awurade, Asafo Awurade Nyankopɔn se ni. 14 “Da a mɛtwe Israel aso wɔ ne nnebɔne ho no, mɛsɛe afɔremuka a ɛwɔ Bet-El; wobetwitwa afɔremuka no mmɛn na abu ahwe fam. 15 Medwiriw awɔwbere mu ofi ne ahuhurubere mu ofi agu; na afi a wɔde asonse adura ho no wɔbɛsɛe no na afi akɛse no nso wobebubu agu,” sɛnea Awurade se ni.

< Amos 3 >