< Amos 2 >
1 Nea Awurade se ni: “Moab ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Ɔhyew Edomhene nnompe, maa ɛdan nsõ.
Så siger HERREN: for tre overtrædelser af Moab, ja fire jeg går ikke fra det, de brændte Edoms Konges Ben til kalk
2 Mede ogya bɛto Moab mu, na ahyew Keriot aban. Moab bɛhwe ase wɔ huuyɛ, ɔko nteɛteɛmu ne torobɛnto nnyigyei mu.
så sender jeg Ild mod Moab, den skal æde Herijots Borge; og Moab skal dø under kampgny, Krigsskrig og Hornets Klang.
3 Mɛsɛe ne hene na makunkum ne mmapɔmma aka ne ho,” sɛnea Awurade se ni.
Af hans Midte udrydder jeg Hersker og dræber alle hans Fyrster, siger HERREN.
4 Nea Awurade se ni: “Yuda ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Wɔapo Awurade mmara no na wɔanni nʼahyɛde so efisɛ atoro anyame no ama wɔafom ɔkwan no, anyame a wɔn nenanom dii akyi no.
Så siger HERREN: For tre Overtrædelser af Juda, ja fire, jeg går ikke fra det: de ringeagted HERRENs Lov og holdt ej hans Bud, ledet vild af deres Løgneguder, til hvilke deres Fædre holdt sig
5 Mede ogya bɛto Yuda mu na ahyew Yerusalem aban.”
så sender jeg Ild mod Juda, den skal æde Jerusalems Borge.
6 Nea Awurade se ni: “Israel ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Wɔtɔn atreneefo de gye dwetɛ, ne ahiafo de gye mpaboa.
Så siger HERREN: For tre Overtrædelser af Israel, ja fire, jeg går ikke fra det: de sælger retfærdig for Sølv og Fattigmand for et Par Sko,
7 Wotiatia ahiafo so te sɛnea wɔyɛ fam mfutuma na wɔma atɛntrenee bɔ mmɔborɔfo. Agya ne ne ba ne ɔbea baako da de gu me din kronkron no ho fi.
træder ringes Hoved i Støvet og trænger sagtmodige fra Vejen. Søn og Fader går sammen til Skøgen og søler således mit hellige Navn.
8 Wɔdeda afɔremuka biara ho wɔ wɔn awowa ntama so. Wɔn anyame fi mu no, wɔnom nsa a wɔagye sɛ mmaratode.
På pantede Kapper strækker de sig ved hvert et Alter, og i deres Guds Hus drikker de Vin, der er givet i Bøde.
9 “Mesɛee Amorifo no wɔ wɔn anim, ɛwɔ mu sɛ wɔwoware te sɛ sida. Wɔn ho nso yɛ den sɛ odum. Nanso mesɛee nʼaba wɔ ne soro, ne ne ntin wɔ nʼase.
Og dog var det mig, som udrydded Amoriterne foran eder, høje som Cedertræer, stærke som Egetræer, udrydded deres Frugt foroven som og deres Rødder forneden.
10 Miyii mo fii Misraim, na midii mo anim mfirihyia aduanan wɔ sare so sɛnea mede Amorifo asase bɛma mo.
Det var mig, som førte jer op fra Ægypten og lod eder vandre i Ørken i fyrretyve År, så I tog Amoriternes Land.
11 Miyiyii mo mmabarima no bi yɛɛ wɔn adiyifo, ne mo mmerante ebinom sɛ Naserefo. Na ɛnte saa ana, Israelfo?” Nea Awurade bisa ni.
Jeg tog blandt eders Sønner Profeter, Nasiræere blandt eders unge. Er det ej sandt, Israeliter? lyder det fra HERREN.
12 “Nanso momaa Naserefo no nom nsa na mohyɛɛ adiyifo no sɛ wɔnnhyɛ nkɔm.
Men I gav Nasiræerne Vin, og Profeterne bød I ej at profetere.
13 “Na afei, mɛdwerɛw mo sɛnea teaseɛnam a aduan ayɛ no ma mia asase no.
Se, jeg lader Grunden vakle under jer, ligesom Vognen vakler, når den er fuld af Neg.
14 Ahoɔharefo rentumi nguan. Ahoɔdenfo rennya ahoɔden, na ɔkofo rennya ne ti nnidi mu.
Den hurtige kan ikke undfly, den stærke ej bruge sin Kraft; ej redder Helten sit Liv,
15 Agyantowfo rentumi nnyina nea ogyina. Asraafo ahoɔharefo rentumi nguan, na ɔpɔnkɔsotefo rentumi mpere ne nkwa.
ej holder Bueskytten Stand; ej undslipper rapfodet Mand, ej bjærger nogen Rytter sit Liv;
16 Mpo akofo akokodurufo de adagyaw beguan wɔ saa da no,” sɛnea Awurade se ni.
den kækkeste Mand iblandt Helte skal den dag våbenløs fly, så lyder det fra HERREN.