< Asomafo 8 >
1 Saulo penee kum a wokum Stefano no so. Saa da no ara, wɔtaa agyidifo a wɔwɔ Yerusalem no maa wɔn nyinaa bɔɔ ahwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so ma ɛkaa asomafo no nko ara.
Saulus aber hatte Wohlgefallen an seinem Tode. Es erhob sich aber zu der Zeit eine große Verfolgung über die Gemeinde zu Jerusalem; und sie zerstreuten sich alle in die Länder Judäa und Samarien, außer den Aposteln.
2 Onyamesurofo bi kɔfaa Stefano kosiee no. Wosuu no yiye.
Es bestatteten aber Stephanus gottesfürchtige Männer und hielten eine große Klage über ihn.
3 Esiane sɛ na Saulo pɛ sɛ ogu asafo no nti ɔkɔɔ afi mu kɔkyekyeree agyidifo mmarima ne mmea de wɔn guu afiase.
Saulus aber verstörte die Gemeinde, ging hin und her in die Häuser und zog hervor Männer und Weiber und überantwortete sie ins Gefängnis.
4 Agyidifo a na wɔabɔ ahwete no kaa asɛmpa no wɔ baabiara a wɔkɔe.
Die nun zerstreut waren, gingen um und predigten das Wort.
5 Filipo kɔɔ Samaria kurow bi mu kɔkaa Agyenkwa no ho asɛm kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no.
Philippus aber kam hinab in eine Stadt in Samarien und predigte ihnen von Christo.
6 Bere a nnipakuw no tee asɛm a Filipo reka na wohuu anwonwade a ɔyɛe no, wɔn nyinaa tiee no.
Das Volk aber hörte einmütig und fleißig zu, was Philippus sagte, und sah die Zeichen, die er tat.
7 Ahonhommɔne de nteɛteɛmu fii nnipa bebree mu. Saa ara na mmubuafo ne mpakye nso sɔre nantewee.
Denn die unsauberen Geister fuhren aus vielen Besessenen mit großem Geschrei; auch viele Gichtbrüchige und Lahme wurden gesund gemacht.
8 Eyi nti anigye baa Samaria.
Und es ward eine große Freude in derselben Stadt.
9 Na ɔbarima bi te saa kurow yi mu a wɔfrɛ no Simon a ɔyɛ nkonyaayifo a esiane ne nkonyaayi no nti Samariafo pii gye no di. Na ɔyɛ obi a ɔhoahoa ne ho sɛ odi mu.
Es war aber ein Mann, mit Namen Simon, der zuvor in der Stadt Zauberei trieb und bezauberte das samaritische Volk und gab vor, er wäre etwas Großes.
10 Eyi maa nnipa a wɔwɔ kurow no mu no nyinaa gyee no too mu kae se, “Saa onipa yi ne Onyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Ɔkɛse no.”
Und sie sahen alle auf ihn, beide, klein und groß, und sprachen: Der ist die Kraft Gottes, die da groß ist.
11 Esiane ne nkonyaa a na oyi no nti, ɛmaa nnipa no nyinaa tu dii nʼakyi.
Sie sahen aber darum auf ihn, daß er sie lange Zeit mit seiner Zauberei bezaubert hatte.
12 Bere a saa nnipa yi gyee asɛmpa a Filipo ka faa Onyankopɔn ahenni ne Yesu Kristo din no ho dii no, wɔbɔɔ mmarima ne mmea nyinaa asu.
Da sie aber den Predigten des Philippus glaubten vom Reich Gottes und von dem Namen Jesu Christi, ließen sich taufen Männer und Weiber.
13 Simon nso gye dii ma wɔbɔɔ no asu. Baabiara a Filipo kɔe no, Simon dii nʼakyi. Anwonwade a ohuu no maa ne ho dwiriw no.
Da ward auch Simon gläubig und ließ sich taufen und hielt sich zu Philippus. Und als er sah die Zeichen und Taten, die da geschahen, verwunderte er sich.
14 Bere a asomafo a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafo agye Onyankopɔn asɛm no adi no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn.
Da aber die Apostel hörten zu Jerusalem, daß Samarien das Wort Gottes angenommen hatte, sandten sie zu ihnen Petrus und Johannes,
15 Woduu hɔ no, wɔbɔɔ mpae maa agyidifo no sɛnea ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron bɛba wɔn so,
welche, da sie hinabkamen, beteten sie über sie, daß sie den Heiligen Geist empfingen.
16 efisɛ saa bere no na asu kɛkɛ na wɔnam Awurade Yesu din so abɔ. Na Honhom Kronkron nnya mmaa wɔn so ɛ.
(Denn er war noch auf keinen gefallen, sondern sie waren allein getauft auf den Namen Christi Jesu.)
17 Afei Petro ne Yohane de wɔn nsa guguu wɔn so maa Honhom Kronkron baa wɔn so.
Da legten sie die Hände auf sie, und sie empfingen den Heiligen Geist.
18 Simon huu sɛ asomafo no nsa a wɔde guguu wɔn so no na ɛma wonyaa Honhom Kronkron no, ɔmaa Petro ne Yohane sika srɛɛ sɛ,
Da aber Simon sah, daß der Heilige Geist gegeben ward, wenn die Apostel die Hände auflegten, bot er ihnen Geld an
19 “Momma me saa tumi yi bi na obiara a mede me nsa begu no so no anya Honhom Kronkron no bi.”
und sprach: Gebt mir auch die Macht, daß, so ich jemand die Hände auflege, derselbe den Heiligen Geist empfange.
20 Petro ka kyerɛɛ no se, “Nnome nka wo ne wo sika nyinaa, efisɛ wususuw sɛ wubetumi de sika atɔ Onyankopɔn akyɛde no.
Petrus aber sprach zu ihm: Daß du verdammt werdest mit deinem Gelde, darum daß du meinst, Gottes Gabe werde durch Geld erlangt!
21 Wunni kyɛfa biara wɔ yɛn dwumadi yi mu, efisɛ wo koma mu ntew wɔ Onyankopɔn anim.
Du wirst weder Teil noch Anfall haben an diesem Wort; denn dein Herz ist nicht rechtschaffen vor Gott.
22 Sakra wʼadwene fi wo bɔne yi ho na bɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo.
Darum tue Buße für diese deine Bosheit und bitte Gott, ob dir vergeben werden möchte die Tücke deines Herzens.
23 Mihu sɛ anibere bɔne ahyɛ wo koma mu ama bɔne afa wo nnommum.”
Denn ich sehe, du bist voll bitterer Galle und verknüpft mit Ungerechtigkeit.
24 Simon srɛɛ Petro ne Yohane se, “Mommɔ mpae mma me na saa nnome yi mu biara amma me so.”
Da antwortete Simon und sprach: Bittet ihr den HERRN für mich, daß der keines über mich komme, davon ihr gesagt habt.
25 Ansa na Petro ne Yohane redu Yerusalem no, wɔkaa asɛmpa no wɔ Samaria nkuraa bebree ase.
Sie aber, da sie bezeugt und geredet hatten das Wort des HERRN, wandten sich wieder um gen Jerusalem und predigten das Evangelium vielen samaritischen Flecken.
26 Awurade bɔfo ka kyerɛɛ Filipo se, “Sɔre siesie wo ho kɔ anafo kwan a efi Yerusalem kɔ Gasa no so.”
Aber der Engel des HERRN redete zu Philippus und sprach: Stehe auf und gehe gegen Mittag auf die Straße, die von Jerusalem geht hinab gen Gaza, die da wüst ist.
27 Bere a Filipo rekɔ no, ohyiaa Etiopiani piamni bi a ɔyɛ Etiopiahemmea Kandake dabeni. Na saa onipa yi akɔ asɔre wɔ Yerusalem,
Und er stand auf und ging hin. Und siehe, ein Mann aus Mohrenland, ein Kämmerer und Gewaltiger der Königin Kandaze in Mohrenland, welcher war über ihre ganze Schatzkammer, der war gekommen gen Jerusalem, anzubeten,
28 a na ɔte ne teaseɛnam mu resan akɔ fie. Na ɔrekenkan Odiyifo Yesaia nhoma no.
und zog wieder heim und saß auf seinem Wagen und las den Propheten Jesaja.
29 Honhom Kronkron ka kyerɛɛ Filipo se, “Twiw bɛn no.”
Der Geist aber sprach zu Philippus: Gehe hinzu und halte dich zu diesem Wagen!
30 Filipo yɛɛ ntɛm kɔɔ teaseɛnam no ho na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifo Yesaia nhoma no, obisaa se, “Wote nea worekenkan yi ase ana?”
Da lief Philippus hinzu und hörte, daß er den Propheten Jesaja las, und sprach: Verstehst du auch, was du liesest?
31 Piamni no buaa no se, “Mɛyɛ dɛn na mate ase? Gye sɛ obi kyerɛ me ase.” Afei ɔka kyerɛɛ Filipo se ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn wɔ ne teaseɛnam no mu.
Er aber sprach: Wie kann ich, so mich nicht jemand anleitet? Und ermahnte Philippus, daß er aufträte und setzte sich zu ihm.
32 Na piamni no rekenkan saa Kyerɛwsɛm yi: “Ɔte sɛ oguamma a wɔrekokum no. Sɛnea oguamma yɛ komm wɔ ne nwitwitwafo anim no, saa ara na wammue nʼano.
Der Inhalt aber der Schrift, die er las, war dieser: “Er ist wie ein Schaf zur Schlachtung geführt; und still wie ein Lamm vor seinem Scherer, also hat er nicht aufgetan seinen Mund.
33 Nʼanimguase mu, wannya odimafo. Na hena na ɔbɛka nʼasefo ho asɛm? Efisɛ woyii no fii asase yi so.”
In seiner Niedrigkeit ist sein Gericht aufgehoben. Wer wird aber seines Lebens Länge ausreden? denn sein Leben ist von der Erde weggenommen.”
34 Piamni no bisaa Filipo se, “Odiyifo no reka nʼankasa ho asɛm anaa obi foforo ho asɛm?”
Da antwortete der Kämmerer dem Philippus und sprach: Ich bitte dich, von wem redet der Prophet solches? von sich selber oder von jemand anders?
35 Filipo nam saa asɛm no so kaa nsɛmpa a ɛfa Yesu ho no kyerɛɛ no.
Philippus aber tat seinen Mund auf und fing von dieser Schrift an und predigte ihm das Evangelium von Jesu.
36 Wɔrekɔ no woduu asu bi ho. Piamni no ka kyerɛɛ Filipo se, “Nsu ni. Dɛn na esiw wo kwan sɛ wobɔ me asu?”
Und als sie zogen der Straße nach, kamen sie an ein Wasser. Und der Kämmerer sprach: Siehe, da ist Wasser; was hindert's, daß ich mich taufen lasse?
37 Filipo ka kyerɛ no se, “Sɛ wufi wo koma mu gye di a, mɛbɔ wo asu.” Piamni no buaa no se, “Migye di. Migye di sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba.”
Philippus aber sprach: Glaubst du von ganzem Herzen, so mag's wohl sein. Er antwortete und sprach: Ich glaube, daß Jesus Christus Gottes Sohn ist.
38 Piamni no hyɛ maa teaseɛnam no gyinae. Ɔne Filipo kɔɔ asu no ho ma ɔbɔɔ no asu.
Und er hieß den Wagen halten, und stiegen hinab in das Wasser beide, Philippus und der Kämmerer, und er taufte ihn.
39 Wofi nsu no mu no, Onyankopɔn Honhom hwim Filipo fii piamni no nkyɛn kɔe. Wanhu Filipo bio de, nanso ɔde anigye toaa nʼakwantu no so.
Da sie aber heraufstiegen aus dem Wasser, rückte der Geist des HERRN Philippus hinweg, und der Kämmerer sah ihn nicht mehr; er zog aber seine Straße fröhlich.
40 Filipo kopuee Asoto kɔɔ so kaa asɛmpa no wɔ nkurow no mu kosii sɛ okoduu Kaesarea.
Philippus aber ward gefunden zu Asdod und wandelte umher und predigte allen Städten das Evangelium, bis daß er kam gen Cäsarea.