< Asomafo 6 >
1 Bere bi akyi a na asuafo no redɔɔso no, akasakasa sii Hebrifo a wɔka Arameike ne Hebrifo a wɔka Hela kasa no ntam. Na Hebrifo a wɔka Hela no asɛm ne sɛ, Hebrifo a wɔka Arameike no nhwɛ wɔn akunafo yiye.
In those days, as the disciples increased in number, a complaint arose against the Hebrews on the part of the Hellenists that their widows were being overlooked in the daily distribution of food.
2 Enti asomafo dumien no frɛɛ asuafo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnsɛ sɛ yegyae Onyankopɔn asɛnka kɔkyɛ aduan.
So the twelve called the multitude of the disciples together and said, “It is not proper for us to neglect the word of God to wait on tables.
3 Enti anuanom, munyi mo mu nnipa baason a Honhom Kronkron ahyɛ wɔn ma na wonim nyansa na wɔahwɛ aka saa asɛm no.
Therefore, brothers, look for seven men among you who have a good reputation and are full of the Holy Spirit and wisdom, whom we can appoint for this need.
4 Yɛn ankasa de, yɛde yɛn adagyew nyinaa bɛbɔ mpae aka Asɛmpa no.”
But we will devote ourselves to prayer and to the ministry of the word.”
5 Nnipa no nyinaa penee adwene a asomafo no de bae no so. Enti, woyii Stefano a na gyidi ne Honhom Kronkron ahyɛ no ma no, ne Filipo, Prokoro, Nikanor, Timon, Pamina ne Nikolao a ofi Antiokia a na anka ɔwɔ Yudasom mu no.
This proposal pleased the whole multitude, so they chose Stephen, a man full of faith and the Holy Spirit, together with Philip, Prochorus, Nicanor, Timon, Parmenas, and Nicolaus, an Antiochean convert to Judaism.
6 Wɔde saa nnipa yi kyerɛɛ asuafo no ma wɔbɔɔ mpae de wɔn nsa guu wɔn so.
They set these men before the apostles, who then prayed and laid their hands on them.
7 Nnipa pii gyee asɛm no di maa wɔn mu dodow no ara bɛkaa wɔn ho. Yudafo no mu pii nso gyee wɔn nkyerɛkyerɛ no dii.
So the word of God continued to increase, and the number of disciples continued to multiply greatly in Jerusalem, and a large number of priests became obedient to the faith.
8 Stefano a Onyankopɔn adom ne tumi ahyɛ no ma no yɛɛ anwonwade ahorow bebree wɔ asafo no mu.
Now Stephen, a man full of faith and power, was performing great wonders and signs among the people.
9 Nanso da koro bi, nnipa bi a wofi Yudafo hyiadan bi a wɔfrɛ no “Ahofadifo Hyiadan” no mu a wɔyɛ Yudafo a wofi Kirene ne Aleksandria ne wɔn a wofi Kilikia ne Asia no ne Stefano gyee akyinnye.
But some men from the synagogue of the Freedmen (as it was called), along with some of the Cyrenians and Alexandrians, and some men from Cilicia and Asia, rose up and began to argue with Stephen.
10 Nanso Honhom no maa Stefano nyansa ma ɔde kasae a obiara antumi anka hwee.
But they were not able to resist the wisdom and the Spirit with which he was speaking.
11 Ɛno nti wɔka hyɛɛ nkurɔfo bi ano se, “Yɛtee sɛ ɔreka abususɛm atia Mose ne Onyankopɔn.”
Then they induced some men to say, “We heard Stephen speaking blasphemous words against Moses and against God.”
12 Wɔnam saa ɔkwan yi so maa nnipa no ne mpanyin no ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no sɔre tiaa Stefano. Wɔbɛkyeree Stefano de no kɔɔ baguafo anim.
They also stirred up the people, the elders, and the scribes. So they came up to Stephen, seized him, and brought him to the Sanhedrin.
13 Afei, wɔde nnipa ba bedii adansekurum tiaa Stefano se, “Saa onipa yi ka abususɛm tia yɛn asɔredan kronkron no ne Mose Mmara no daa.
Then they put forward false witnesses who said, “This man does not stop speaking blasphemous words against the holy place and against the law.
14 Yɛtee mpo sɛ ɔreka se, saa Yesu Nasareni no bedwiriw yɛn asɔredan no agu na wasesa yɛn amanne a Mose de gyaw yɛn no!”
For we heard him saying that this Jesus of Nazareth will destroy this place and change the customs that Moses handed down to us.”
15 Nnipa a na wɔte bagua mu hɔ no nyinaa hwɛɛ Stefano anim, na wohuu sɛ nʼanim ayɛ te sɛ ɔsoro ɔbɔfo anim.
And all who were sitting in the Sanhedrin stared at Stephen intently and saw that his face was like the face of an angel.